Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm

Nnianim Nsɛm

EYI yɛ nhoma a emu nsɛm yɛ nokware. Efi nhoma a ɛkyɛn biara wɔ wiase, a ɛne Bible, mu. Emu nsɛm no ka wiase abakɔsɛm fi bere a Onyankopɔn fii ase bɔɔ ade de besi yɛn bere so. Ɛka nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ daakye nso ho asɛm.

Saa nhoma yi ma wuhu nea Bible no ka ankasa. Ɛka nnipa a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible mu ne nea wɔyɛe ho asɛm. Ɛda daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso kɛse a Onyankopɔn de ama nnipa adi.

Nsɛm anaa adesua horow 116 na ɛwɔ nhoma yi mu. Wɔayɛ no afã awotwe. Ɔfã biara kratafa a edi kan no kyerɛ nsɛm a ɛwɔ saa fã no mu. Wɔahyehyɛ nsɛm no sɛnea esisii ankasa wɔ abakɔsɛm mu. Eyi boa ma wuhu bere a nneɛma sisii nnidiso nnidiso wɔ abakɔsɛm mu.

Wɔaka nsɛm no ma emu ada hɔ. Mo a moyɛ mmofra no pii betumi akenkan. Mo a moyɛ awofo no behu sɛ mo mma nkumaa ani begye sɛ mubetĩ mu akenkan akyerɛ wɔn. Mubehu sɛ mmofra ne mpanyin nyinaa ani begye ho yiye.

Wɔkyerɛ Bible no afã horow a nsɛm no fi wɔ adesua no biara awiei. Yɛhyɛ wo nkuran na woakenkan Bible no afã horow a nsɛm no fi.