Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 1

Adebɔ De Besi Nsuyiri No So

Adebɔ De Besi Nsuyiri No So

Ɛhe na ɔsoro ne asase fi bae? Ɛyɛɛ dɛn na owia, ɔsram, nsoromma, ne nneɛma pii a ɛwɔ asase so no bae? Bible ma mmuae a ɛyɛ nokware bere a ɛka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔe no. Enti yɛn nhoma no de Bible mu nsɛm a ɛfa adebɔ ho na efi ase.

Wɔkyerɛ sɛ na Onyankopɔn abɔde a wodi kan no yɛ ahonhom, te sɛ ɔno ankasa. Na wɔyɛ abɔfo. Nanso wɔbɔɔ asase no maa nnipa te sɛ yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔfrɛ wɔn Adam ne Hawa, na ɔde wɔn traa turo fɛfɛ bi mu. Nanso wɔantie Onyankopɔn na wɔn nkwa bɔɔ wɔn.

Ne nyinaa mu no, efi bere a ɔbɔɔ Adam besi Nsuyiri kɛse no so no yɛ mfe 1,656. Saa bere yi mu no nnipa bɔne pii traa ase. Ɔsoro no, na honhom abɔde a aniwa nhu wɔn, Satan ne n’abɔfo bɔne no wɔ hɔ. Asase so no, na Kain ne nnipa bɔne afoforo pii wɔ hɔ, a na nnipa bi a wɔwɔ ahoɔden soronko bi ka ho. Nanso na nnipa pa bi nso wɔ asase so—Habel, Henok ne Noa. Ɔfã a EDI KAN yi mu no, yɛbɛkenkan saa nnipa yi ne nneɛma yi nyinaa ho nsɛm.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 1

Onyankopɔn Fi Ase Yɛ Nneɛma

Nea Genesis nhoma no ka fa adebɔ ho no, asete nyɛ den, ɛyɛ anika, na mmofra mpo betumi ate ase.

ASƐM 2

Turo Fɛfɛ

Genesis nhoma no ma yehu sɛ Onyankopɔn hyɛɛ da siesiee Eden turo no. Onyankopɔn pɛ sɛ asase nyinaa yɛ te sɛ saa turo fɛfɛɛfɛ no.

ASƐM 3

Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan

Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa, na ɔde wɔn kɔtenaa Eden turom hɔ. Wɔn na wɔyɛ awarefo a wodi kan.

ASƐM 4

Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa

Genesis nhoma no ma yehu nea ɛyɛe a Paradise fii Adam ne Hawa nsa.

ASƐM 5

Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase

Bere a wɔpam Adam ne Hawa fii Eden turo no mu akyi no, wohyiaa ɔhaw pii. Sɛ Adam ne Hawa tiee Onyankopɔn a, anka wɔne wɔn mma nyinaa ani begye wɔ asetena mu.

ASƐM 6

Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne

Kain ne Habel ho asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu no ma yehu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Ɛsan ma yehu suban ahorow bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho.

ASƐM 7

Ɔbarima Kokodurufo

Henok asɛm no ma yehu sɛ, sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia reyɛ nneɛma bɔne mpo a, yebetumi abɔ bra pa.

ASƐM 8

Abran wɔ Asase So

Genesis ti 6 ka abran bi a na wɔhaw nkurɔfo ho asɛm. Ná wɔfrɛ saa abran yi Nefilim. Abɔfo asoɔdenfo a wofii soro baa asase so bɛdan nnipa no na ɛwoo wɔn.

ASƐM 9

Noa Pam Adaka

Bere a Nsuyiri no bae no, Noa ne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu efisɛ wotiee Onyankopɔn ɛmfa ho sɛ afoforo anyɛ saa no.

ASƐM 10

Nsuyiri Kɛse No

Bere a Noa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ nsuyiri kɛse bi reba no, wɔserew no. Nanso bere a nsu no fii ase sɛ ɛretɔ no, serew no tetew wɔn ani so. Kenkan asɛm yi, na wubehu sɛnea Noa adaka no gyee Noa ne n’abusua ne mmoa pii nkwa.