Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 1

Onyankopɔn Fi Ase Yɛ Nneɛma

Onyankopɔn Fi Ase Yɛ Nneɛma

NNEƐMA pa a yɛwɔ nyinaa fi Nyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ owia na yɛanya hann adekyee, ne ɔsram ne nsoromma na yɛanya kanea anadwo. Na Onyankopɔn yɛɛ asase ma yɛatra so.

Owia, ɔsram, nsoromma ne asase nyɛ nneɛma a edi kan a Onyankopɔn yɛe. Wunim ade a odii kan yɛe? Onyankopɔn dii kan yɛɛ nnipa a wɔte sɛ ɔno ankasa. Yentumi nhu saa nnipa yi, sɛnea yentumi nhu Nyankopɔn no. Bible mu no, wɔfrɛ saa nnipa yi abɔfo. Onyankopɔn yɛɛ abɔfo no ma wɔne no atra ɔsoro.

Ɔbɔfo a odi kan a Onyankopɔn yɛɛ no no yɛ soronko. Ɔne Onyankopɔn Ba a odi kan, na ɔne n’Agya yɛɛ adwuma. Ɔboaa Onyankopɔn ma ɔyɛɛ nneɛma foforo a aka nyinaa. Ɔboaa Onyankopɔn ma ɔyɛɛ owia, ɔsram, nsoromma ne yɛn asase yi nso.

Ná asase no te dɛn? Mfiase no na obiara rentumi ntra asase so. Na nsu nkutoo na ɛwɔ asase ani. Nanso na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tra asase so. Enti ofii ase siesiee nneɛma maa yɛn. Dɛn na ɔyɛe?

Nea edi kan no, na asase hia hann. Enti Onyankopɔn maa owia hann hyerɛn baa asase so. Ɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na adesae ne adekyee aba. Akyiri yi Onyankopɔn maa asase kesee fii nsu no ase puei.

Mfiase no na hwee nni asase no so. Ná ɛte sɛ mfonini a wuhu wɔ ha yi. Ná nhwiren anaa nnua anaa mmoa biara nni hɔ. Na mpataa biara nni ɛpo no mu mpo. Na nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ na asase yi ayɛ baabi a ɛyɛ fɛ a mmoa ne nnipa bɛtra.