Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 2

Turo Fɛfɛ

Turo Fɛfɛ

HWƐ asase no wɔ ha! Biribiara yɛ fɛfɛɛfɛ! Hwɛ wura ne nnua akɛse no, nhwiren ne mmoa no nyinaa. Wutumi hu ɛsono ne agyata no?

Ɛyɛɛ dɛn na turo fɛfɛ yi bae? Ma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn siesiee asase no maa yɛn.

Nea edi kan no, Onyankopɔn maa asase fuw wura. Na ɔyɛɛ afifide akɛse ne nketewa ne nnua ahorow. Saa afifide yi ma asase ani yɛ fɛ. Nanso ɛyɛ nea ɛsen saa. Emu pii nso ma yɛn aduan a ɛyɛ dɛ.

Akyiri yi Onyankopɔn maa mpataa baa nsu mu na nnomaa tu faa wim. Ɔyɛɛ akraman, nnyinamoa ne apɔnkɔ; mmoa akɛse ne nketewa. Mmoa bɛn na wɔbɛn mo fie? So ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Onyankopɔn yɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa yɛn anaa?

Awiei koraa no, Onyankopɔn hyɛɛ da siesiee asase yi fã bi. Ɔfrɛɛ ɛhɔ Eden turo. Ná edi mu. Na biribiara yɛ fɛ. Na na Onyankopɔn pɛ sɛ asase nyinaa bɛyɛ te sɛ saa turo fɛfɛ a wayɛ no.

Nanso hwɛ turo yi mfonini no bio. Wunim ade a Onyankopɔn hui sɛ enni hɔ? Ma yɛnhwɛ.