Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 3

Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan

Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan

DƐN na ɛyɛ soronko wɔ saa mfonini yi mu? Yiw, ɛyɛ nnipa a wɔwom no. Wɔne ɔbarima ne ɔbea a wodi kan. Hena na ɔyɛɛ wɔn? Onyankopɔn. Wunim ne din? Ɛyɛ Yehowa. Na wɔfrɛɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no Adam ne Hawa.

Sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛɛ Adam ni. Ɔfaa fam dɔte na ɔde nwenee nipadua a ɛyɛ pɛ, ɔbarima nipadua. Ohuw mframa guu ne hwene mu, na Adam baa nkwa mu.

Ná Yehowa Nyankopɔn wɔ adwuma ma Adam. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ ɔntoto mmoa ahorow no nyinaa din. Ebetumi aba sɛ Adam hwɛɛ mmoa no kyɛe kakra na watumi apaw din a ɛfata ama wɔn mu biara. Bere a Adam retoto mmoa no din no ofii ase huu biribi. Wunim ade ko?

Na mmoa no nyinaa wɔ ahokafo. Na papa ɛsono ne maame ɛsono wɔ hɔ, na na papa gyata ne maame gyata nso wɔ hɔ. Nanso na Adam nni ɔhokafo. Enti Yehowa maa Adam daa hatee, na oyii ne mfẽ dompe biako. Yehowa de eyi yɛɛ ɔbea maa Adam, na ɔbɛyɛɛ ne yere.

Hwɛ anigye ara a Adam nyae afei! Na hwɛ anigye ara a ebetumi aba sɛ Hawa nyae sɛ wɔde no too turo fɛfɛ a ɛte saa mu ma watra mu! Na wobetumi awo mma na wɔabom atra anigye mu.

Ná Yehowa pɛ sɛ Adam ne Hawa tra ase daa. Na ɔpɛ sɛ wɔma asase yi nyinaa ani yɛ fɛfɛɛfɛ te sɛ Eden turo no. Hwɛ anigye ara a ebetumi aba sɛ Adam ne Hawa nyae bere a wosusuw eyi ho no! So anka w’ani begye sɛ wobɛboa ma asase nyinaa adan turo fɛfɛ? Nanso Adam ne Hawa anigye no ankyɛ. Ma yɛnhwɛ nea enti.