Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 7

Ɔbarima Kokodurufo

Ɔbarima Kokodurufo

BERE a nnipa fii ase dɔɔso wɔ asase so no, wɔn mu pii yɛɛ nneɛma bɔne te sɛ Kain. Nanso onipa biako de na ɛsono no. Ɔne ɔbarima a wɔfrɛ no Henok yi. Na Henok yɛ ɔbarima kokodurufo. Na nnipa a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa reyɛ nneɛma bɔne, nanso Henok kɔɔ so som Nyankopɔn.

Wunim nea enti a nnipa a wɔtraa ase saa bere no yɛɛ nneɛma bɔne saa anaa? Susuw ho hwɛ, Hena na ɔmaa Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na wodii duaba a Onyankopɔn kae sɛ mma wonni no? Yiw, ɛyɛ ɔbɔfo bɔne bi. Bible frɛ no Satan. Ná ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma obiara ayɛ bɔne.

Da koro Yehowa maa Henok kaa biribi kyerɛɛ nkurɔfo no a wɔampɛ sɛ wotie. Ɛno ni: ‘Onyankopɔn bɛsɛe nnipa bɔne nyinaa da bi.’ Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ nkurɔfo no abufuw sɛ wɔtee eyi. Ebetumi aba sɛ wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wobekum Henok. Enti na ebehia sɛ Henok nya akokoduru kɛse na watumi aka nea Onyankopɔn bɛyɛ no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no.

Onyankopɔn amma Henok antra saa nnipa bɔne no mfinimfini bere tenten. Henok dii mfe 365 pɛ. Dɛn nti na yɛka sɛ “mfe 365 pɛ”? Efisɛ saa bere no na nnipa wɔ ahoɔden kɛse na wɔtra ase kyɛ sen nnɛ. Yiw, Henok ba Metusela traa ase dii mfe 969!

Na, Henok wu akyi no, nkurɔfo no kɔɔ so dii nsɛmmɔne. Bible se ‘adwene biara a ɛbaa wɔn tirim no yɛ bɔne bere nyinaa,’ na ‘bɔne hyɛɛ asase so ma.’

Wunim nneɛma a ɛmaa nsɛmmɔnedi kɔɔ so kɛse wɔ asase so saa bere no mu biako? Satan de ade foforo a ɛbɛma nnipa ayɛ bɔne bae. Yebehu eyi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.