Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 9

Noa Pam Adaka

Noa Pam Adaka

NA NOA wɔ yere ne mmabarima baasa. Na wɔfrɛ ne mma no Sem, Ham ne Yafet. Na wɔn mu biara wɔ yere. Enti na nnipa baawɔtwe na wɔwɔ Noa abusua mu.

Afei Onyankopɔn maa Noa yɛɛ biribi a ɔnyɛɛ bi da. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmpam adaka. Na adaka no te sɛ ɛhyɛn kɛse, nanso na ɛsɛ adaka a ɛsõ na ɛware. Onyankopɔn kae sɛ, ‘Yɛ no nsɛmso abiɛsa, na yɛ mpia wɔ mu.’ Ná mpia no yɛ Noa ne ne fifo dea, ne baabi a wɔde mmoa ne aduan a ebehia wɔn nyinaa no begu.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no sɛnea nsu ntumi nkɔ mu. Onyankopɔn kae sɛ: ‘Mede nsuyiri kɛse rebɛsɛe wiase nyinaa. Obiara a onni adaka no mu no bewu.’

Noa ne ne mma tiee Yehowa na wofii ase pam adaka no. Nanso nnipa a aka no serewee ara kwa. Wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne. Bere a Noa kaa nea Nyankopɔn bɛyɛ kyerɛɛ wɔn no, wɔn mu biara annye anni.

Adaka no pam gyee bere tenten efisɛ na ɛsõ. Nanso, mfe pii akyi no, wowiei. Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa no mmra adaka no mu. Onyankopɔn kae sɛ ɔmfa mmoa no mu binom abien abien, onini ne ɔbere. Na ebinom de, ɔkae sɛ ɔmfa ason ason. Afei nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa nnomaa no nyinaa bi mmra adaka no mu. Noa yɛɛ nea Onyankopɔn kae no pɛpɛɛpɛ.

Akyiri yi, Noa ne ne fifo nso kɔɔ adaka no mu. Afei Onyankopɔn too pon no mu. Noa ne ne fifo twɛnee wɔ mu. Fa no sɛ woka wɔn ho wɔ adaka no mu retwɛn. So nsuyiri bɛba ampa sɛnea Onyankopɔn kae no?