Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 11

Nyankontɔn a Edi Kan

Nyankontɔn a Edi Kan

WUNIM ade a edi kan a Noa yɛe bere a ɔne n’abusua fii adaka no mu bae no? Ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Wutumi hu sɛ ɔreyɛ eyi wɔ mfonini a ɛwɔ ase ha no mu. Noa de mmoa bɔɔ afɔre de daa Onyankopɔn ase sɛ wagye n’abusua afi nsuyiri kɛse no mu.

Wugye di sɛ Yehowa ani gyee akyɛde no ho? Yiw. Enti ɔhyɛɛ Noa bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe wiase bio.

Ankyɛ na asase no so nyinaa woe, na Noa ne ne fifo fii asetra ase foforo wɔ adaka no akyi. Onyankopɔn hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo mma pii. Momma nnipa nnɔɔso nkosi sɛ nnipa bɛba asase so nyinaa.’

Nanso akyiri yi, sɛ nnipa te nsuyiri kɛse no ho asɛm a, wobesuro sɛ ebia nsuyiri a ɛte saa bɛba bio. Enti Onyankopɔn maa wɔn biribi a ɛbɛma wɔakae ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔremfa nsuyiri mma asase nyinaa so bio no. Wunim ade a ɔde mae na akae wɔn? Ɛyɛ nyankontɔn.

Yɛtaa hu nyankontɔn wɔ wim bere a nsu atɔ na owia apue akyi no. Nyankontɔn yɛ fɛ yiye. Woahu bi pɛn? Wuhu nea ɛwɔ mfonini yi mu no?

Nea Onyankopɔn kae ni: ‘Mehyɛ bɔ sɛ nsuyiri rensɛe nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa bio da. Mede me nyankontɔn resi omununkum mu. Na sɛ nyankontɔn no pue a, mehu na makae me bɔhyɛ yi.’

Enti sɛ wuhu nyankontɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkae wo? Yiw, Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔremfa nsuyiri kɛse nsɛe wiase bio no.