Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 14

Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ

Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ

WUTUMI hu nea Abraham reyɛ wɔ ha no? Okura sekan, na ɛte sɛ nea obekum ne ba no. Dɛn nti na ɔbɛyɛ saa? Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ sɛnea Abraham ne Sara nyaa wɔn ba no.

Kae, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wobenya ɔba. Nanso na ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ na Abraham ne Sara anyin dodo. Nanso Abraham gye dii sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ. Enti dɛn na ɛbae?

Onyankopɔn de ne bɔhyɛ no mae no, afe twaam. Na, bere a Abraham dii mfe 100 na Sara dii mfe 90 no, wɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Isak. Na Onyankopɔn adi ne bɔhyɛ so!

Nanso bere a Isak nyinii no, Yehowa sɔɔ Abraham gyidi hwɛe. Ɔfrɛe: ‘Abraham!’ Na Abraham gyee so: ‘Mini!’ Afei Onyankopɔn kae sɛ: ‘Fa wo ba no, wo ba koro no, Isak, na kɔ bepɔw a mɛkyerɛ wo no so. Kum wo ba no wɔ hɔ na fa no bɔ afɔre.’

Hwɛ sɛnea saa asɛm no maa Abraham werɛ howee, efisɛ na ɔdɔ ne ba no yiye. Na kae, na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ Abraham mma bɛtra Kanaan asase so. Na sɛ Isak wu a ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Abraham ante ase, nanso otiee Onyankopɔn.

Bere a okoduu bepɔw no so no, Abraham kyekyeree Isak de no too afɔremuka a osii no so. Afei ɔtwee sekan no sɛ obekum ne ba no. Nanso ɛhɔ ara na Onyankopɔn bɔfo teɛɛm sɛ: ‘Abraham, Abraham!’ Na Abraham buae sɛ: ‘Mini!’

Onyankopɔn kae sɛ: ‘Mfa wo nsa nka abofra no na nyɛ no hwee. Afei mahu sɛ wowɔ me mu gyidi, efisɛ woamfa wo ba no, wo ba koro no, ankame me.’

Hwɛ gyidi ara a na Abraham wɔ wɔ Onyankopɔn mu! Ogye dii sɛ biribiara nsõ Yehowa yɛ, ne sɛ Yehowa betumi anyan Isak mpo afi owu mu. Nanso na ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ Abraham bekum Isak. Enti Onyankopɔn maa oguan bi bɛkaa wura bi a ɛwɔ hɔ mu, na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa no mmɔ afɔre mmom.