Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 20

Asɛm to Dina

Asɛm to Dina

WUHU wɔn a Dina rekɔsra wɔn no? Ɔrekɔ mmea a wɔwɔ Kanaan asase so no binom nkyɛn. So ne papa Yakob ani begye ho? Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi abua asɛm yi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkae nea na Abraham ne Isak susuw wɔ Kanaanfo mmea ho.

So Abraham pɛe sɛ ne ba Isak ware Kanaan babea? Dabi. So na Isak ne Rebeka pɛ sɛ wɔn ba Yakob ware Kanaan babea? Dabi. Wunim nea enti?

Efisɛ na Kanaanfo yi som abosom. Na wɔnyɛ nnipa pa a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn tra sɛ okununom anaa yerenom, na na wɔnyɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ sɛ nnamfo. Enti yebetumi ahu sɛ na Yakob ani rennye sɛ ne babea ne Kanaan mmabea yi refa yɔnko.

Na ampa nso asɛm too Dina. Wuhu Kanaanni barima a ɔwɔ mfonini no mu a ɔrehwɛ Dina no? Wɔfrɛ no Sekem. Da koro a Dina baa ha no, Sekem kyeree Dina na ɔhyɛɛ no ne no dae. Na eyi yɛ bɔne. Efisɛ awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho da. Saa bɔne a Sekem yɛɛ Dina no de ɔhaw pii bae.

Bere a Dina nuanom tee nea aba no, wɔn bo fuwii kɛse. Wɔn mu baanu, Simeon ne Lewi, bo fuwii araa ma wɔfaa nkrante kɔɔ kurow no mu kopuee mmarima no so mpofirim. Wɔne wɔn nuanom kokum Sekem ne mmarima a aka no nyinaa. Yakob bo fuwii sɛ ne mma no yɛɛ adebɔne a ɛte saa.

Ɛyɛɛ dɛn na saa bɔne yi nyinaa fii ase? Efisɛ Dina ne nnipa a wonni Onyankopɔn mmara so yɛɛ nnamfo. Yɛrempɛ sɛ yɛfa nnamfo bi a wɔte saa, ɛnte saa anaa?