Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 27

Ɔhemmɔne Di Misraim So

Ɔhemmɔne Di Misraim So

MMARIMA a wɔwɔ ha yi rehyɛ nkurɔfo no ma wɔayɛ adwuma. Hwɛ ɔbarima a ɔde abaa rehwe adwumayɛfo no mu biako no. Adwumayɛfo no fi Yakob abusua mu, na wɔfrɛ wɔn Israelfo. Na mmarima a wɔrehyɛ wɔn ma wɔayɛ adwuma no yɛ Misrifo. Israelfo no abɛyɛ Misrifo nkoa. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae saa?

Mfe pii no Yakob abusua kɛse no traa asomdwoe mu wɔ Misraim. Yosef a na ɔne onipa titiriw a odi ɔhene Farao akyi wɔ Misraim no hwɛɛ wɔn. Nanso Yosef wui. Na Farao foforo a na ɔmpɛ Israelfo asɛm bedii hene wɔ Misraim.

Enti Farao a onye yi de Israelfo no yɛɛ nkoa. Na ɔde nnipa a wɔn tirim yɛ den sisii wɔn so. Wɔhyɛɛ Israelfo no ma wɔyɛɛ adwuma denneennen de kyekyee nkurow maa Farao. Nanso Israelfo no kɔɔ so dɔe. Bere bi akyi no ehu kaa Misrifo sɛ Israelfo no bɛdɔɔso dodo na wɔanya tumi kɛse.

Wunim nea Farao yɛe? Ɔkasa kyerɛɛ mmea a wogye Israelfo mmea awo no, sɛ: ‘Munkum ɔbabanin biara a wɔbɛwo no.’ Nanso na eyinom yɛ mmea pa, na na wɔrenkunkum mmofra no.

Enti Farao hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Momfa Israelfo mmabanin na munkunkum wɔn. Mmabea no nkutoo na momma wɔntra hɔ.’ So eyi nyɛ ahyɛde a enye koraa? Ma yɛnhwɛ sɛnea wogyee mmabanin no biako nkwa.