Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 30

Wura a Ɛredɛw

Wura a Ɛredɛw

NA MOSE aba Horeb Bepɔw ho tɔnn rebɛhwehwɛ wura ama ne nguan. Ɛha no ohuu wura a ɛredɛw, nanso na ɛnhyew!

Mose kae wɔ ne tirim sɛ: ‘Ɛyɛ nwonwa. Mɛbɛn hɔ makɔhwɛ.’ Bere a ɔyɛɛ saa no, nne bi fi wura no mu kae sɛ: ‘Mma w’anim bio. Yi wo mpaboa, efisɛ wugyina asase kronkron so.’ Onyankopɔn na na ɔnam ɔbɔfo so rekasa, enti Mose kataa n’anim.

Afei Onyankopɔn kae sɛ: ‘Mahu me nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no amanehunu. Enti mikogye wɔn, na wo na meresoma wo ma woakodi wɔn anim afi Misraim.’ Ná Yehowa de ne nkurɔfo rebɛba Kanaan asase fɛfɛ no so.

Nanso Mose kae sɛ: ‘Menyɛ nipa titiriw biara. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ eyi? Na sɛ mekɔ a, Israelfo bebisa me sɛ: “Hena na ɔsomaa wo?” Ɛnde dɛn na mɛka?’

Onyankopɔn buae sɛ: ‘Nea ɛsɛ sɛ woka ni. “YEHOWA, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no na ɔsomaa me mo nkyɛn.”’ Na Yehowa de kaa ho sɛ: ‘Eyi ne me din de kosi daa.’

Mose buae sɛ: ‘Na sɛ meka sɛ wo na wosomaa me na wɔannye anni ɛ?’

Onyankopɔn bisae sɛ: ‘Dɛn na ekura wo yi?’

Mose buae sɛ: ‘Poma.’

Onyankopɔn kae sɛ: ‘Fa to fam.’ Na bere a Mose yɛe no, poma no dan ɔwɔ. Yehowa kyerɛɛ Mose anwonwade foforo. Ɔkae sɛ: ‘Fa wo nsa hyɛ wo kokom.’ Mose yɛɛ saa, na bere a oyii ne nsa no, na ɛho ayɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma! Na ayɛ te sɛ nea kwata ayɛ no. Ɛno akyi no Yehowa maa Mose tumi ma ɔyɛɛ anwonwade a ɛto so abiɛsa. Awiei no ɔkae sɛ: ‘Sɛ woyɛ anwonwade yi a Israelfo no begye adi sɛ me na mesomaa wo.’

Ɛno akyi no Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ Yetro sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma menkɔ me nkurɔfo nkyɛn wɔ Misraim nkɔhwɛ sɛnea wɔn ho te.’ Enti Yetro ne Mose dii nkra, na Mose siim kɔɔ Misraim..