Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 32

Ahaw 10 No

Ahaw 10 No

HWƐ mfonini ahorow no. Ebiara kyerɛ ɔhaw a Yehowa de baa Misraim so. Nea edi kan no mu no wuhu Aaron a ɔde ne poma rebɔ Asubɔnten Nil mu. Bere a ɔyɛɛ saa no nsu a ɛwɔ mu no dan mogya. Mpataa no wuwui, na nsu no fii ase bɔnee.

Nea edi hɔ no, Yehowa maa mpɔtorɔ fii Asubɔnten Nil mu bae. Na wɔwɔ baabiara—fononoo mu, nkyɛnsee a wɔde noa aduan mu, nkurɔfo mpa so—baabiara. Bere a mpɔtorɔ no wuwui no, Misrifo no boaboaa wɔn ano, na wɔbɔnee kɛse wɔ asase no so.

Afei Aaron de ne poma no bɔɔ fam, na mfutuma no dan ntontom. Ntontom no ne ɔhaw a ɛto so abiɛsa a ɛbaa Misraim asase no so.

Ahaw a aka no kaa Misrifo nkutoo, anka Israelfo. Nea ɛto so anan no yɛ nwansena akɛse pii a ɛbaa Misrifo nyinaa fie. Nea ɛto so anum baa mmoa so. Misrifo anantwi ne wɔn nguan ne mpapo fã kɛse no ara wuwui.

Nea edi hɔ no, Mose ne Aaron faa nsõ tow petee ahunum. Ɛmaa mpɔmpɔ bɔne bi bobɔɔ nnipa ne mmoa. Eyi ne ɔhaw a ɛto so asia.

Eyi akyi no Mose maa ne nsa so kɔɔ soro, na Yehowa maa aprannaa ne amparubo bae. Ná ɛno ne amparubo a enye koraa a aba Misraim asase so.

Ɔhaw a ɛto so awotwe no yɛ mmoadabi pii a wɔbae. Ná mmoadabi pii mmae saa da, na ɛno akyi no ebi mmae saa da nso. Wodii biribiara a amparubo no ansɛe no.

Ɔhaw a ɛto so akron no yɛ esum. Esum kabii baa asase no so nnansa, nanso na hann wɔ baabi a Israelfo te.

Awiei koraa no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmfa ɔpapo ba anaa oguammaa mogya mpetepete wɔn apongua ho. Afei Onyankopɔn bɔfo twaam wɔ Misraim. Bere a ɔbɔfo no huu mogya no, wankum obi wɔ fie hɔ. Nanso afie a wanhu mogya wɔ apongua no ano no, Onyankopɔn bɔfo kum mmakan a wɔwɔ fie hɔ no, nnipa ne mmoa nyinaa. Eyi ne ɔhaw a ɛto so 10 no.

Ɔhaw a etwa to yi akyi no, Farao ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnkɔ. Ná Onyankopɔn nkurɔfo asiesie wɔn ho dedaw, na saa anadwo no ara wosiim fii Misraim.