Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 34

Aduan Foforo

Aduan Foforo

WUBETUMI akyerɛ ade a nkurɔfo no retase wɔ fam hɔ no? Ɛte sɛ fam bosu a akyen. Ɛyɛ fitaa, ntrantraa. Nanso ɛnyɛ bosu a akyen ankasa; ɛyɛ biribi a wodi.

Na bɛyɛ ɔsram biako pɛ ni fi bere a Israelfo fii Misraim. Wɔwɔ sare so. Aduan titiriw biara nni ha, enti nkurɔfo no fii ase nwiinwii sɛ: ‘Yɛn yam a anka Yehowa kunkum yɛn wɔ Misraim mmom. Anyɛ yiye koraa no ɛhɔ de na yɛwɔ aduan a yɛpɛ nyinaa.’

Enti Yehowa kae sɛ: ‘Mɛma aduan fi soro atɔ ama mo.’ Na eyi na Yehowa yɛe. Ade kyee a Israelfo no huu saa ade fitaa a atɔ yi, wobisabisaa wɔn ho sɛ: ‘Ɛdɛn ni?’

Mose kae sɛ: ‘Eyi ne aduan a Yehowa de ama mo sɛ munni.’ Nkurɔfo no frɛɛ no MANA. Na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wom.

Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Montase nea onipa biako betumi adi.’ Enti anɔpa biara wɔyɛɛ eyi. Na sɛ owia no bɔ a, mana a aka fam hɔ no nan.

Mose kae nso sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de mana no bi sie ma ade kyẽ so.’ Nanso ebinom antie. Wunim nea ɛbae? Ade kyee no, na mana a wɔde asie no adɔ mmoa, na efii ase bɔnee!

Nanso dapɛn no mu da koro wɔ hɔ a Yehowa ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔntase mana no mmɔho. Eyi ne da a ɛto so asia no. Na Yehowa kae sɛ wɔmfa bi nsie mma da a edi hɔ no, efisɛ ɔremma ebi ntɔ da a ɛto so ason no. Na sɛ wɔde sie ma da a ɛto so ason no a, ɛnnɔ mmoa na ɛmmɔn! Eyi yɛ anwonwade foforo!

Mfe a na Israelfo wɔ sare no so nyinaa mu no, Yehowa maa wɔn mana.