Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 40

Mose Bɔ Ɔbotan No

Mose Bɔ Ɔbotan No

MFE pii twaam—mfe 10, mfe 20, mfe 30, mfe 39! Ná Israelfo da so wɔ sare no so. Nanso Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo saa bere yi nyinaa mu. Ɔmaa wɔn mana dii. Ɔmaa omununkum dum dii wɔn anim adekyee, na ogya dum dii wɔn anim anadwo. Saa bere yi nyinaa mu no wɔn ntade antetew na wɔn anan nso anyɛ wɔn yaw.

Ɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ afe a ɛto so 40 fi bere a wofii Misraim no. Ná Israelfo no abɛtra Kades bio. Ɛha na wɔwɔ a wɔsomaa akwansrafo 12 ma wɔkɔhwɛɛ Kanaan asase no bɛyɛ mfe 40 a atwam no. Mose nuabea Miriam wui wɔ Kades. Na te sɛ bere a atwam no, ɔhaw bi baa ha.

Nkurɔfo no nnya nsu. Wɔkasa tiaa Mose sɛ: ‘Sɛ yewuwui mmom a anka eye. Dɛn nti na wode yɛn fi Misraim baa asase bɔne a ɛte sɛɛ a biribiara mfifi wɔ so yi so? Awi, borɔdɔma, bobe, ne ateaa nni ha. Nsu a wɔnom mpo nni ha.’

Bere a Mose ne Aaron kɔbɔɔ mpae wɔ ahyiae ntamadan no mu no, Yehowa see Mose sɛ: ‘Boa ɔman no ano. Na wɔn nyinaa anim no kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ hɔ no. Nsu a ɛdɔɔso befi mu ama ɔman no ne wɔn mmoa nyinaa.’

Enti Mose boaa nkurɔfo no ano, na ɔkae sɛ: ‘Muntie, mo a munni Onyankopɔn mu awerɛhyem! So me ne Aaron bɛma nsu afi ɔbotan yi mu aba ama mo anaa?’ Afei Mose de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu na nsu pii tue fii ɔbotan no mu bae. Ɔman no ne wɔn mmoa nyinaa nyaa nsu nomee.

Nanso Yehowa bo fuw Mose ne Aaron. Wunim nea enti? Efisɛ Mose ne Aaron kae sɛ wɔn na wɔbɛma nsu afi ɔbotan no mu aba. Nanso na ɛyɛ Yehowa. Na esiane sɛ Mose ne Aaron anka nokware a ɛwɔ mu no nti, Yehowa kae sɛ ɔbɛtwe wɔn aso. Ɔkae sɛ: ‘Moremfa me man nkɔ Kanaan.’

Ankyɛ na Israelfo fii Kades. Bere tiaa akyi no wobeduu Hor Bepɔw ho. Ɛha, wɔ bepɔw yi so, na Aaron wui. Na wadi mfe 123. Israelfo werɛ howee pii, enti ɔman no nyinaa suu Aaron adaduasa. Ne ba Eleasar bɛyɛɛ Israel man no sɔfo panyin.