Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 43

Yosua Bɛyɛ Kannifo

Yosua Bɛyɛ Kannifo

MOSE pɛe sɛ ɔne Israelfo no kɔ Kanaan. Enti ɔsrɛe sɛ: ‘Yehowa, ma mintwa Yordan Asubɔnten no, na minkohu asase pa no.’ Nanso Yehowa kae sɛ: ‘Ayɛ yiye! Mmɔ eyi so bio!’ Wunim nea enti a Yehowa kae saa?

Ɛyɛ nea ɛbae bere a Mose de poma bɔɔ ɔbotan no nti. Kae sɛ ɔne Aaron anhyɛ Yehowa anuonyam. Wɔanka ankyerɛ nkurɔfo no sɛ Yehowa na ɔbɛma wɔn nsu afi ɔbotan no mu. Ne saa nti Yehowa kae sɛ ɔremma wɔnkɔ Kanaan asase no so.

Aaron wui no akyi asram kakra no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Fa Yosua gyina Eleasar ne ɔman no nyinaa anim. Na wɔn nyinaa anim no ka kyerɛ obiara sɛ Yosua ne wɔn kannifo foforo.’ Mose yɛɛ nea Yehowa kae no ara, sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no.

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: ‘Yɛ den, na nsuro. Wubedi Israel anim akɔ Kanaan asase a mede ahyɛ wɔn bɔ no so, na mɛka wo ho.’

Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmforo nkɔ Bepɔw Nebo so wɔ Moab asase so. Ná Mose betumi afi hɔ ahu Kanaan asase fɛfɛ no wɔ Yordan Asubɔnten no agya. Yehowa kae sɛ: ‘Eyi ne asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob asefo no. Mama woahu, na meremma wonkɔ so.’

Mose wui wɔ Bepɔw Nebo so. Ná wadi mfe 120. Ná ɔda so wɔ ahoɔden, na na n’ani tumi hu ade yiye. Nkurɔfo no werɛ howee na wosui esiane Mose wu no nti. Nanso wɔn ani gyei sɛ Yosua bɛyɛɛ wɔn kannifo foforo.