Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 47

Owifo wɔ Israel

Owifo wɔ Israel

HWƐ ade a ɔbarima yi de resie ne ntamadan mu no! Atade nguguso fɛfɛ bi, sika nnaame biako ne nnwetɛbona dodow bi. Ɔfa fii Yeriko kurow no mu. Nanso na anka ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yeriko kurow no mu nneɛma dɛn? Wokae?

Na anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe ne nyinaa, na na ɛsɛ sɛ wɔde sika ne dwetɛ kɔ Yehowa ahyiae ntamadan adekorabea hɔ. Enti saa nkurɔfo yi antie Onyankopɔn. Wɔawia ade a ɛyɛ Onyankopɔn dea. Wɔfrɛ ɔbarima no Akan, na wɔn a wɔka ne ho no yɛ ne yere ne ne mma. Ma yɛnhwɛ nea ɛbae.

Akan wiaa nneɛma yi akyi no, Yosua somaa nnipa kɔko tiaa Ai kurow no. Nanso wodii nkogu. Wokunkum ebinom, na wɔn a aka no guanee. Yosua werɛ howee pii. Ɔde n’anim butuw fam bɔɔ Yehowa mpae sɛ: ‘Dɛn nti na woama eyi ato yɛn?’

Yehowa buae sɛ: ‘Sɔre! Israel ayɛ bɔne. Wɔafa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no anaasɛ wɔde kɔ Yehowa ntamadan mu no bi. Wɔawia atade nguguso fɛfɛ bi de asie. Merenhyira mo kosi sɛ mobɛsɛe no, ne onii a ɔfaa saa nneɛma no.’ Yehowa kae sɛ ɔbɛkyerɛ Yosua saa nipa bɔne no.

Enti Yosua boaa ɔman no nyinaa ano, na Yehowa maa onipa bɔne Akan ho daa hɔ. Akan kae sɛ: ‘Mayɛ bɔne. Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi, ne sika nnaame biako ne nnwetɛbona. M’ani beree, enti mefae. Ɛhyɛ fam wɔ me ntamadan mu.’

Bere a wohuu saa nneɛma no na wɔde brɛɛ Yosua no, ɔka kyerɛɛ Akan sɛ: ‘Dɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so? Afei Yehowa de ɔhaw bɛba wo so!’ Ɛnna nnipa no nyinaa siw Akan ne n’abusua no abo kum wɔn. So ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛfa biribiara a ɛnyɛ yɛn de anaa?

Ɛno akyi no Israel san kɔko tiaa Ai. Saa bere yi de Yehowa boaa ne nkurɔfo, na wodii nkonim.