Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 48

Gibeonfo a Wonim Nyansa

Gibeonfo a Wonim Nyansa

AFEI Kanaan asase no so nkurow pii siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛko atia Israel. Wosusuwii sɛ wobetumi adi nkonim. Nanso Gibeon kurow a na ɛbɛn hɔ no mufo ansusuw saa. Wogye dii sɛ na Onyankopɔn reboa Israelfo, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛko atia Onyankopɔn. Enti wunim nea Gibeonfo no yɛe?

Wɔyɛe sɛ wɔbɛma ayɛ sɛ nea wofi akyirikyiri baabi. Enti mmarima no binom hyehyɛɛ ntade a atetew ne mpaboa a asɛɛsɛe. Wɔhyehyɛɛ nneɛma wɔ nkotoku a asunsuan mu de sii wɔn mfurum so, na wɔfaa abodoo a akyenkyen agye ntuw. Afei wɔkɔɔ Yosua nkyɛn kɔkae sɛ: ‘Yefi akyirikyiri na yɛaba, efisɛ yɛate Yehowa, mo Nyankopɔn kɛse, no ho asɛm. Yɛate nneɛma a ɔyɛ maa mo wɔ Misraim no nyinaa. Enti yɛn mpanyimfo kae sɛ yɛmfa aduan bi mmehyia mo, na yɛnka nkyerɛ mo sɛ: “Mo nkoa ne yɛn. Monhyɛ yɛn bɔ sɛ mo ne yɛn renko.” Mutumi hu sɛ yɛn ntade atetew esiane kwan no tenten nti, na yɛn abodoo akyenkyen agye ntuw.’

Yosua ne mpanyinfo a aka no gyee Gibeonfo no dii. Enti wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔne wɔn renko. Nanso nnansa akyi no wohui sɛ Gibeonfo no wɔ mpɔtam hɔ ara.

Yosua bisaa wɔn sɛ: ‘Dɛn nti na moka kyerɛɛ yɛn sɛ mufi akyirikyiri?’

Gibeonfo no buae sɛ: ‘Yɛyɛɛ saa efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Yehowa mo Nyankopɔn no ahyɛ bɔ sɛ ɔde Kanaan asase yi nyinaa bɛma mo. Enti na yesuro sɛ mubekunkum yɛn.’ Nanso Israelfo no dii wɔn bɔhyɛ so, na wɔankunkum Gibeonfo no. Mmom no wɔde wɔn yɛɛ nkoa.

Yerusalem hene no bo fuwii sɛ Gibeonfo no ne Israel yɛɛ asomdwoe apam. Enti ɔka kyerɛɛ ahene baanan foforo sɛ: ‘Mommɛboa me mma yɛne Gibeonfo nko.’ Na saa na ahene baanum no yɛe. So na nyansa wom sɛ Gibeonfo ne Israel yɛɛ asomdwoe apam, a ɛmaa ahene yi de ɔko bɛtoaa wɔn anaa? Yebehu.