Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 50

Mmea Akokodurufo Baanu

Mmea Akokodurufo Baanu

SƐ ASƐM to Israelfo a, wosu frɛ Yehowa. Na Yehowa tie wɔn denam akwankyerɛfo akokodurufo a ɔde ma ma wɔboa wɔn no so. Bible frɛ saa akwankyerɛfo yi atemmufo. Yosua ne ɔtemmufo a odi kan, na atemmufo a wodii n’akyi no mu binom ne Otniel, Ehud ne Samgar. Nanso wɔn a wɔboaa Israel no mu baanu yɛ mmea a wɔfrɛ wɔn Debora ne Yael.

Ná Debora yɛ odiyifobea. Yehowa kaa nea ɛbɛba ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔno nso kaa nea Yehowa aka no kyerɛɛ nkurɔfo no. Ná Debora yɛ ɔtemmufo nso. Ná ɔtra nkyeresia dua bi ase wɔ mmepɔw no so, na nkurɔfo ba ne nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa.

Saa bere yi na Yabin ne Kanaan hene. Na ɔwɔ akodi nteaseɛnam 900. Na n’akofo dɔm no yɛ den araa ma na Israelfo pii abɛyɛ nkoa ama Yabin. Na wɔfrɛ Ɔhene Yabin safohene no Sisera.

Da koro, Debora soma ma wɔfrɛɛ Ɔtemmufo Barak, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yehowa se: “Fa mmarima 10,000 kɔ Bepɔw Tabor so. Mede Sisera bɛbrɛ wo wɔ hɔ. Na mama woadi ɔne ne dɔm so nkonim.”’

Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ: ‘Mɛkɔ, sɛ wobɛka me ho a.’ Debora ne no kɔe, nanso ɔka kyerɛɛ Barak sɛ: ‘Nkonimdi no ho anuonyam renyɛ wo de, efisɛ Yehowa bɛma Sisera atɔ ɔbea bi nsam.’ Na saa na ɛbae.

Barak kɔɔ Bepɔw Tabor so kohyiaa Sisera dɔm. Mpofirim ara Yehowa maa nsuyiri bae, na ɛfaa Sisera asraafo no pii. Na Sisera fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.

Bere bi akyi no Sisera beduu Yael ntamadan ho. Ɔfrɛɛ no baa mu na ɔmaa no nufusu nomee. Eyi maa n’ani kumii, na ankyɛ na ɔdaa hatee. Afei Yael faa duasin bi a wɔasen ano feafeaa de wɔɔ onipa bɔne yi tirim. Akyiri yi, bere a Barak bae no, ɔkyerɛɛ no Sisera a wawu da hɔ. Enti wutumi hu sɛ nea Debora kae no baa mu.

Akyiri yi, wokum Yabin nso, na Israelfo no asom dwoo wɔn kakra.