Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 54

Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara

Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara

WUNIM onipa a ɔwɔ ahoɔden sen biara a watra ase pɛn no din? Ɔne ɔtemmufo a wɔfrɛ no Simson. Yehowa na ɔmaa Simson ahoɔden saa. Ansa na wɔrewo Simson mpo no, Yehowa ka kyerɛɛ ne maame sɛ: ‘Ɛrenkyɛ wobɛwo ba. Obedi anim agye Israel afi Filistifo nsam.’

Na Filistifo no yɛ nnipa bɔne a wɔte Kanaan asase so. Na wɔwɔ akofofo pii, na wɔhaw Israelfo kɛse. Da koro, bere a Simson rekɔ baabi a Filistifo te no, gyata kɛse bi a ɔrebobom behyiaa no. Nanso Simson de nsapan kum gyata no. Okunkum Filistifo nnipa bɔne no ɔhaha pii nso.

Akyiri yi Simson nyaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Delila ho dɔ. Filistifo mpanyimfo no hyɛɛ Delila bɔ sɛ sɛ ɔka dekode a ɛma Simson ho yɛ den saa no kyerɛ wɔn a wɔn mu biara bɛma no nnwetɛbona 1,100. Delila ani gyee saa sika no ho. Na ɔnyɛ Simson anaa Onyankopɔn nkurɔfo adamfo ankasa. Enti ɔkɔɔ so bisaa Simson dekode a ɛma no ho yɛ den saa.

Awiei no, Simson kaa nea ɛma ne ho yɛ den no kyerɛɛ Delila. Ɔkae sɛ: ‘Wonyii me ti nhwi da. Fi bere a wɔwoo me no, Onyankopɔn paw me sɛ menyɛ ne somfo titiriw a wɔfrɛ no Nasirini. Sɛ woyi me ti nhwi a, m’ahoɔden no bɛkɔ.’

Bere a Delila tee eyi no, ɔmaa Simson daa ne nan so. Afei ɔfrɛɛ obi ma obeyii ne ti nhwi. Bere a Simson sɔree no, na n’ahoɔden no kɔ. Afei Filistifo bɛkyeree no na wɔde no kɔe. Wotutuu n’aniwa, na wɔde no yɛɛ wɔn akoa.

Da koro Filistifo no too pon kɛse bi de som wɔn nyame Dagon, na woyii Simson fii afiase a ɔda no de no bae sɛ wobedi ne ho fɛw. Saa bere yi na Simson ti nhwi no afuw bio. Simson ka kyerɛɛ abofra a okura ne nsa no sɛ: ‘Ma me nsó adum abien a ɔdan no si so titiriw no mu.’ Afei Simson bɔɔ Yehowa mpae srɛɛ ahoɔden, na osusoo adum no mu. Ɔteɛɛm sɛ: ‘Ma me ne Filistifo no nwu.’ Na Filistifo 3,000 wɔ apontow no ase, na bere a Simson sum adum no, ɔdan no dwiriw guu nnipa bɔne no nyinaa so kunkum wɔn.