Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 55

Abofra Ketewa Som Nyankopɔn

Abofra Ketewa Som Nyankopɔn

ABOFRA yi ho yɛ fɛ yiye, ɛnte saa anaa? Wɔfrɛ no Samuel. Na ɔbarima a ne nsa da Samuel atifi no yɛ Israel sɔfo panyin Eli. Samuel papa Elkana ne ne maame Hana na wɔde no rebrɛ Eli.

Samuel adi bɛyɛ mfe anan anaa anum pɛ. Nanso ɔne Eli ne asɔfo afoforo no bɛtra Yehowa ntamadan mu ha. Dɛn nti na Elkana ne Hana de obi a osua te sɛ Samuel bɛma ma wasom Yehowa wɔ ntamadan no mu? Ma yɛnhwɛ.

Mfe kakraa bi a atwam ni no Hana werɛ howee yiye. Nea enti a ne werɛ howee ne sɛ na ɔnwo, na na ɔpɛ ba. Enti da koro bere a Hana kɔɔ Yehowa ntamadan no mu no ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, mma wo werɛ mfi me! Sɛ woma me ɔbabarima a, mehyɛ bɔ sɛ mede no bɛma wo ma wasom wo ne nkwa nna nyinaa.’

Yehowa buaa Hana mpaebɔ no, na asram kakra akyi no ɔwoo Samuel. Ná Hana dɔ abofra ketewa no, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade bere a ɔda so sua koraa. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: ‘Sɛ Samuel nyin kakra pɛ a mede no bɛkɔ ntamadan no mu ma wakɔsom Yehowa wɔ hɔ.’

Eyi na yehu sɛ Hana ne Elkana reyɛ wɔ mfonini no mu. Na esiane sɛ Samuel awofo akyerɛkyerɛ no yiye nti, ɛyɛ no dɛ sɛ obetumi asom Yehowa wɔ Yehowa ntamadan no mu ha. Afe biara no Hana ne Elkana bɛsom wɔ ntamadan titiriw yi mu, na wɔbɛsra wɔn ba no. Na afe biara Hana de batakari foforo a wapam brɛ Samuel.

Bere a mfe no rekɔ so no, Samuel kɔɔ so somee wɔ Yehowa ntamadan mu, na Yehowa ne nkurɔfo no nyinaa ani gyee ne ho. Nanso na ɔsɔfo panyin Eli mmabarima Hofni ne Pinehas nye koraa. Wɔyɛɛ nneɛma bɔne pii, na wɔmaa afoforo yɛɛ Yehowa so asoɔden. Anka ɛsɛ sɛ Eli yi wɔn fi hɔ sɛ asɔfo, nanso wanyɛ saa.

Abofra Samuel amma nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ ntamadan no mu hɔ no biara amma wannyae Yehowa som. Nanso esiane sɛ na nnipa kakraa bi pɛ na wɔdɔ Yehowa ankasa nti, na Yehowa ne nnipa kasae akyɛ yiye. Bere a Samuel nyinii kakra no eyi na ɛbae:

Ná Samuel ada wɔ ntamadan no mu na nne bi nyan no. Ogyee so sɛ: ‘Mini.’ Ɔsɔre de mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: ‘Mini, wofrɛɛ me.’

Na Eli buae sɛ: ‘Memfrɛɛ wo. San kɔda.’ Enti Samuel san kɔdae.

Nne no frɛe bio: ‘Samuel!’ Enti Samuel sɔre san de mmirika kɔɔ Eli nkyɛn. Ɔkae sɛ: ‘Mini, wofrɛɛ me.’ Nanso Eli kae sɛ: ‘Me ba, memfrɛɛ wo. San kɔda bio.’ Enti Samuel san kɔdae.

Nne no frɛe nea ɛto so abiɛsa: ‘Samuel!’ Enti Samuel tuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn. Ɔkae sɛ: ‘Mini, na saa bere yi de migye di sɛ wofrɛɛ me.’ Afei Eli hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na ɔrefrɛ. Enti ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘San kɔda, na sɛ ɔfrɛ bio a, ka sɛ: “Yehowa kasa, na w’akoa retie.”’

Bere a Yehowa frɛe bio no saa na Samuel kae. Afei Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔde asotwe reba Eli ne ne mmabarima no so. Akyiri yi Hofni ne Pinehas wui wɔ wɔne Filistifo akodi mu, na bere a Eli tee nea aba no, ɔte hwee n’akyi buu ne kɔn mu, na ɔno nsu wui. Enti Yehowa asɛm no baa mu.

Samuel nyinii, na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo a odi akyiri. Bere a ɔbɔɔ akwakora no, ɔman no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Paw ɔhene ma onni yɛn so.’ Samuel ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na Yehowa ne wɔn hene ankasa. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ontie nkurɔfo no.