Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 4

Efi Israel Hene a Odi Kan So Besi Babilon Nnommumfa So

Efi Israel Hene a Odi Kan So Besi Babilon Nnommumfa So

Saul bɛyɛɛ Israel hene a odi kan. Nanso Yehowa pow no, na wɔpaw Dawid sɛ ɔhene sii n’ananmu. Yehu nneɛma pii wɔ Dawid ho. Sɛ́ aberante no, ɔne ɔbran Goliat koe. Akyiri yi oguan fii Ɔhene Saul ɔhoɔyawfo no anim. Afei Abigail a ne ho yɛ fɛ siw no kwan wɔ ade bɔne bi a anka ɔrekɔyɛ ho.

Nea edi hɔ no, yesua Dawid ba Salomo a odii Dawid ade sɛ Israel hene no ho nneɛma pii. Israel ahene baasa a wodi kan no mu biara dii hene mfe 40. Salomo wu akyi no Israel mu pae bɛyɛɛ nhemman abien, kusuu fam de ne kesee fam de.

Kusuu fam mmusua 10 ahemman no traa hɔ mfe 257 ansa na Asiriafo sɛee no. Mfe 133 akyi no wɔsɛee kesee fam mmusua abien ahemman no nso. Saa bere yi wɔde Israelfo no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Enti Ɔfa a Ɛto so ANAN yi ka mfe 510 a nsɛm a ɛyɛ nwonwa pii sisii wɔ mu mu abakɔsɛm.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 56

Saul—Israel Hene a Odi Kan

Onyankopɔn yii Saul sɛ Israel hene a odi kan, nanso akyiri yi, ɔpoo no. Yebetumi asua biribi a ɛho hia afi Saul asɛm no mu.

ASƐM 57

Onyankopɔn Paw Dawid

Dɛn na Onyankopɔn hui wɔ Dawid ho a na odiyifo Samuel nhu?

ASƐM 58

Dawid ne Goliat

Ɛwom, bere a Dawid ne Goliat rekodi ako no, na n’ataabo nko ara na ekura no, nanso na obi a ɔwɔ tumi paa taa n’akyi.

ASƐM 59

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan

Kan no, na Saul pɛ Dawid asɛm. Nanso akyiri yi, obenyaa ne ho tan ara ma na ɔpɛ sɛ okum no. Adɛn ntia?

ASƐM 60

Abigail ne Dawid

Abigail kaa sɛ ne kunu Nabal nnim nyansa. Saa asɛm a ɔkae no gyee Nabal nkwa, nanso akyiri yi Onyankopɔn kum no.

ASƐM 61

Wɔde Dawid Si Hene

Dawid de ne nneyɛe kyerɛɛ sɛ ɔfata sɛ odi Israelfo no so.

ASƐM 62

Ɔhaw wɔ Dawid Fie

Mfomso baako a Dawid dii nti, ɔne n’abusua huu amane mfe pii.

ASƐM 63

Ɔhene Salomo Nyansafo

Wugye di sɛ na obetwa abofra no mu?

ASƐM 64

Salomo Si Asɔredan

Ɛwom sɛ na Salomo wɔ nyansa paa, nanso ɔmaa ebinom daadaa no ma ɔyɛɛ biribi a nyansa nnim, na ɔyɛɛ bɔne tiaa Yehowa.

ASƐM 65

Wɔpae Ahenni no Mu

Bere a Yerobeam fii ase dii ade no, ɔmaa Onyankopɔn nkurɔfo buu ne mmara so.

ASƐM 66

Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo

Sɛ ɔpɛ biribi a, ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka.

ASƐM 67

Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So

Adɛn nti na asraafo rekɔ ɔko na nnwontofo a wonkura akode biara di wɔn anim?

ASƐM 68

Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio

Wohwɛ a, obi a wawu no betumi asan aba nkwa mu bio? Nea ɛte ne sɛ, biribi saa asi pɛn!

ASƐM 69

Abeawa Boa Otumfoɔ Bi

Esiane sɛ onyaa akokoduru kasae nti, ne wura nyaa ayaresa anwonwakwan so.

ASƐM 70

Yona ne Apataa Kɛse No

Asɛm bi a ɛtoo Yona ma ohui sɛ, nea Yehowa bɛka biara, ɛsɛ sɛ otie.

ASƐM 71

Onyankopɔn Hyɛ Paradise ho Bɔ

Ná paradise a edi kan no sua, nanso wei de, emu bɛtrɛw akɔ asase so baabiara.

ASƐM 72

Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia

Anadwo baako pɛ, ɔbɔfo bi kunkum Asiria asraafo 185,000.

ASƐM 73

Israel Hempa a Odi Akyiri

Bere a Yosia yɛ aberantewa no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru.

ASƐM 74

Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo

Bere a Yehowa repaw Yeremia sɛ odiyifo no, na Yeremia adwene yɛ no sɛ osua, nanso na Onyankopɔn nim sɛ obetumi ayɛ.

ASƐM 75

Mmerantewa Baanan wɔ Babilon

Ɛwom, na wɔn abusuafo nni wɔn nkyɛn, nanso wotumi dii nokware.

ASƐM 76

Wɔsɛe Yerusalem

Ná Babilonfo yɛ Israelfo atamfo, enti adɛn nti na Onyankopɔn ma wɔsɛee Yerusalem?