Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 58

Dawid ne Goliat

Dawid ne Goliat

FILISTIFO san bae bio sɛ wɔne Israel rebɛko. Afei de na Dawid nuanom mpanyimfo no baasa wɔ Saul dɔm no mu. Enti da koro Yese ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Fa nkyewe ne abodoo yi kɔma wo nuanom, na hwɛ sɛnea wɔn ho te.’

Bere a Dawid koduu hɔ no ɔkɔɔ akono hɔ kɔhwehwɛɛ ne nuanom no. Ná Filistini Goliat ɔbran no redi Israelfo ho fɛw. Na wayɛ eyi adaduanan, anɔpa ne anwummere. Ɔteɛm sɛ: ‘Munyi mo mu nipa biako na ɔne me mmɛko. Sɛ odi nkonim kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ midi nkonim kum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa. Mo de mompaw obi na ɔne me mmɛko nhwɛ.’

Dawid bisaa ɔsraani bi sɛ: ‘Dɛn na onipa a obekum Filistini yi na obegye Israel afi animguase yi mu no benya?’

Ɔsraani no kae sɛ: ‘Saul bɛma no ahonyade pii. Na ɔde ne babea bɛma no aware.’

Nanso na Israelfo nyinaa suro efisɛ na Goliat sõ yiye. Ná ne tenten boro anammɔn 9 (bɛyɛ sɛ mita 3), na na ɔsraani foforo kura ne kyɛm.

Asraafo bi kɔka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ Dawid pɛ sɛ ɔne Goliat ko. Nanso Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Wuntumi ne Filistini yi nko. Woyɛ abofra koraa, na ɔno ayɛ ɔsraani fi ne mmofraase.’ Dawid buae sɛ: ‘Mikum osisi ne gyata bere a wɔkyeree me papa nguan no bi no. Na Filistini yi bɛyɛ sɛ wɔn mu biako. Yehowa bɛboa me.’ Enti Saul kae sɛ: ‘Kɔ, na Yehowa nni w’akyi.’

Dawid kɔɔ asuten bi ho kɔtasee mmoba anum, na ɔde guu ne kotoku mu. Afei ɔfaa n’ataabo na osiim sɛ ɔrekohyia ɔbran no. Bere a Goliat huu no no na ontumi nnye nni. Osusuwii sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obekum Dawid.

Goliat kae sɛ: ‘Wo de bra, na mede wo nam bɛma nnomaa ne mmoa ma wɔadi.’ Nanso Dawid kae sɛ: ‘Nkrante, peaw ne pɛmɛ na wode reba me nkyɛn, nanso me de, mede Yehowa din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa na mabɔ wo ato fam.’

Ɛnna Dawid de mmirika kohyiaa Goliat. Oyii ɔbo fii ne kotoku mu de hyɛɛ n’ataabo no mu na ɔde n’ahoɔden nyinaa towee. Ɔbo no kɔbɔɔ Goliat ti, na ɔhwee ase wui! Bere a Filistifo no hui sɛ wɔn katakyie no ahwe ase no, wɔn nyinaa guanee. Israelfo no de mmirika dii wɔn akyi na wodii nkonim.