Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 73

Israel Hempa a Odi Akyiri

Israel Hempa a Odi Akyiri

NA YOSIA adi mfe awotwe pɛ bere a obedii kesee fam Israel mmusuakuw abien ahemman no so hene no. Na osua dodo sɛ obedi hene. Enti mfiase no mpanyimfo bi boaa no ma ɔhwɛɛ ɔman no so.

Bere a Yosia dii hene mfe ason no ofii ase hwehwɛɛ Yehowa. Odii ahempa te sɛ Dawid, Yehosafat ne Hesekia nhwɛso akyi. Afei, bere a onnya nnii mfe aduonu no, Yosia yɛɛ biribi a egye akokoduru.

Bere tenteenten no na Israelfo no binom afa ɔkwammɔne so. Na wɔsom abosom. Wɔkotow ahoni. Enti Yosia ne ne mmarima fii ase sɛ wobegu atoro som ase afi asase no so. Ná ɛyɛ adwuma kɛse efisɛ na nnipa pii som abosom. Wutumi hu Yosia ne ne mmarima no sɛ wɔrebubu ahoni no.

Akyiri yi, Yosia paw nnipa baasa sɛ wɔnhwɛ mma wonsiesie Yehowa asɔrefi no. Wogyigyee sika fii nkurɔfo no nkyɛn na wɔde maa saa nnipa yi sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no. Bere a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no, ɔsɔfo panyin Hilkia huu biribi a ɛho hia wɔ hɔ. Ɛyɛ mmara nhoma a Yehowa maa Mose kyerɛw no bere tenten a atwam no. Ná ayera mfe pii.

Wɔde nhoma no kɔmaa Yosia, na ɔkae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. Bere a otiei no Yosia hui sɛ nkurɔfo no nni Yehowa mmara so. Ne werɛ how eyi ho, enti ɔtetew n’atade mu, sɛnea wuhu wɔ ha no. Ɔkae sɛ: ‘Yehowa bo afuw yɛn kɛse, efisɛ yɛn agyanom anni mmara a ɛwɔ nhoma yi mu no so.’

Yosia hyɛɛ ɔsɔfo panyin Hilkia sɛ ɔnhwehwɛ nea Yehowa de bɛyɛ wɔn. Hilkia kɔɔ odiyifobea Hulda nkyɛn kobisaa no. Ɔde Yehowa asɛm yi maa no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Yosia: ‘Wɔbɛtwe Yerusalem ne ɔman no nyinaa aso esiane sɛ wɔasom abosom na wɔde bɔne ahyɛ asase no so ma nti. Nanso esiane sɛ wo, Yosia, woayɛ ade pa nti, asotwe yi bɛba wo wu akyi.’