Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 76

Wɔsɛe Yerusalem

Wɔsɛe Yerusalem

BƐBORO mfe 10 ni a Ɔhene Nebukadnesar de Israelfo a wonim nhoma yiye nyinaa kɔɔ Babilon. Afei hwɛ nea ɛrekɔ so! Wɔrehyew Yerusalem. Na wɔafa Israelfo a wɔankunkum wɔn no nnommum de wɔn rekɔ Babilon.

Kae sɛ eyi na Yehowa adiyifo bɔɔ kɔkɔ sɛ sɛ nkurɔfo no ansakra wɔn nneyɛe bɔne no a ɛbɛba. Nanso Israelfo antie adiyifo no. Wɔkɔɔ so som abosom mmom sen Yehowa. Enti na ɛfata sɛ wɔtwe wɔn aso. Yenim eyi efisɛ Onyankopɔn diyifo Hesekiel ka nneɛma bɔne a na Israelfo reyɛ no ho asɛm kyerɛ yɛn.

Wunim nipa ko a Hesekiel yɛ? Ɔka mmerante a Ɔhene Nebukadnesar de wɔn kɔɔ Babilon bɛyɛ mfe 10 ansa na Yerusalem sɛe kɛse yi reba no ho. Wɔde Daniel ne ne nnamfo baasa, Sadrak, Mesak ne Abednego nso kɔɔ Babilon saa bere no.

Bere a Hesekiel da so wɔ Babilon no, Yehowa kyerɛɛ no nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no. Yehowa yɛɛ eyi anwonwa kwan so. Na Hesekiel da so wɔ Babilon, nanso Yehowa ma ohuu biribiara a ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ. Na nneɛma a Hesekiel hui no yɛ hu!

Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: ‘Hwɛ nneɛma a ɛyɛ tan a nkurɔfo no reyɛ wɔ asɔrefi ha. Hwɛ awɔ ne mmoa afoforo mfonini a wɔayeyɛ wɔ afasu no nyinaa ho. Na hwɛ sɛnea Israelfo no resom wɔn!’ Na Hesekiel tumi hu saa nneɛma yi, na ɔkyerɛw nea ɛrekɔ so no.

Yehowa bisaa Hesekiel sɛ: ‘Wuhu nea Israelfo mpanyimfo reyɛ kokoam?’ Yiw, na otumi hu nso. Na wɔyɛ nnipa 70, na wɔn nyinaa som atoro anyame. Wɔka sɛ: ‘Yehowa nhu yɛn. Wafi asase no so.’

Afei Yehowa kyerɛɛ Hesekiel mmea bi a wɔwɔ asɔredan ponkɛse a ɛwɔ benkum fam no ano. Wɔtete hɔ resom atoro nyame a wɔfrɛ no Tamus. Na hwɛ mmarima a wɔtete Yehowa asɔrefi no anim! Wɔbɛyɛ 25. Hesekiel hu wɔn. Wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔkotow sɔre owia!

Yehowa kae sɛ: ‘Saa nnipa yi mmu me. Ɛnyɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bɔne nko, na mmom wɔyɛ no wɔ m’asɔrefi ankasa!’ Enti Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: ‘Wɔbɛte m’abufuhyew nka. Na sɛ wɔsɛe wɔn a ɛrenyɛ me yaw.’

Yehowa daa saa nneɛma yi adi kyerɛɛ Hesekiel no akyi bɛyɛ mfe abiɛsa pɛ no Israelfo tew atua tiaa Ɔhene Nebukadnesar. Ɔne wɔn bɛkoe. Afe biako ne fã akyi no Babilonfo bubuu Yerusalem afasu na wɔhyew kurow no. Wokunkum nnipa no fã kɛse no ara anaasɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon.

Dɛn nti na Yehowa maa ɔsɛe a ɛte saa baa Israelfo so? Efisɛ wɔantie Yehowa na wɔanni ne mmara so. Eyi ma yehu hia a ehia sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn ka no bere nyinaa.

Mfiase no nnipa kakraa bi na wɔmaa kwan ma wɔtraa Israel asase no so. Ɔhene Nebukadnesar maa Yudani bi a wɔfrɛ no Gedalia hwɛɛ nnipa yi so. Nanso Israelfo no binom kum Gedalia. Afei na wosuro sɛ Babilonfo bɛba abɛsɛe wɔn nyinaa esiane ade bɔne a wɔayɛ yi nti. Enti woguan kɔɔ Misraim, na wɔhyɛɛ Yeremia de no kaa wɔn ho.

Eyi maa Israel asase no bɛyɛɛ nea nnipa biara nni so. Obiara antra so mfe 70. Ɛdaa hɔ kwa. Nanso Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de wɔn aba asase no so mfe 70 akyi. Saa bere no mu no na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no asetra te dɛn? Ma yɛnhwɛ.