Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 80

Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Babilon

Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Babilon

MFE bɛyɛ abien atwam fi bere a Mediafo ne Persiafo faa Babilon. Na hwɛ nea ɛrekɔ so afei! Yiw, Israelfo refi Babilon. Ɛyɛɛ dɛn na wɔdee wɔn ho? Hena na ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ?

Persia hene Kores na ɔmaa wɔn kwan. Bere tenteenten ansa na wɔrewo Kores no Yehowa maa ne diyifo Yesaia kyerɛwee wɔ ne ho sɛ: ‘Wobɛyɛ nea mepɛ sɛ woyɛ. Wobegyaw aponkɛse no ano ato hɔ ma woafa kurow no.’ Na Kores na odii anim ma wɔfaa Babilon dommum. Mediafo ne Persiafo no faa aponkɛse a na wɔagyaw ano ato hɔ no mu baa kurow no mu anadwo.

Nanso Yehowa diyifo Yesaia kae nso sɛ Kores de ahyɛde bɛma sɛ wɔnkyekye Yerusalem na wonsi asɔredan no bio. So Kores de ahyɛde yi mae anaa? Yiw. Nea Kores ka kyerɛɛ Israelfo no ni: ‘Afei monkɔ Yerusalem, na munkosi Yehowa, mo Nyankopɔn, asɔrefi.’ Na eyi ara na Israelfo yi rekɔyɛ.

Nanso na ɛnyɛ Israelfo a wɔwɔ Babilon no nyinaa na wobetumi atwa kwan tenten no asan akɔ Yerusalem. Ná ɔkwan no ware yiye, bɛyɛ akwansin 500 (kilomita 800), na na ebinom nni ahoɔden sɛ wobetwa kwan tenten a ɛte saa. Na nneɛma afoforo bi nso nti ebinom ankɔ. Nanso Kores ka kyerɛɛ wɔn a na wɔrenkɔ no sɛ: ‘Momfa dwetɛ ne sika ne akyɛde afoforo mma wɔn a wɔresan akɔkyekye Yerusalem na wɔasi n’asɔrefi no.’

Enti wɔde akyɛde pii maa Israelfo a wɔrekɔ Yerusalem no. Na Kores de nkuruwa ne nnwinne ahorow a Ɔhene Nebukadnesar fa fii Yehowa asɔrefi hɔ bere a ɔsɛee Yerusalem no maa wɔn. Ná nneɛma a ɛsɛ sɛ nkurɔfo no san de kɔ no dɔɔso.

Bere a wotuu kwan bɛyɛ asram anan no, Israelfo no san koduu Yerusalem bere ano pɛpɛɛpɛ. Na adi mfe 70 pɛpɛɛpɛ fi bere a wɔsɛee kurow no, na na obiara nte asase no so koraa. Enti ɛwom sɛ na Israelfo no asan aba wɔn kurom de, nanso na wobehyia mmere a emu yɛ den, sɛnea yebehu no.