Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 6

Yesu Awo Besi Ne Wu

Yesu Awo Besi Ne Wu

Wɔsomaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ ababaa fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Maria nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ba a obedi hene daa. Wɔwoo abofra yi, a ɔne Yesu, wɔ mmoa adididan mu, faako a nguanhwɛfo kɔsraa no. Akyiri yi nsoromma bi kyerɛɛ mmarima a wofi Apueifam kwan kɔɔ abofra no nkyɛn. Yehu onii a ɔma wohuu saa nsoromma no, ne sɛnea wogyee Yesu fii mmɔden a wɔbɔe sɛ wobekum no no mu.

Afei, yehu Yesu bere a wadi mfe 12 sɛ ɔne akyerɛkyerɛfo rekasa wɔ asɔrefi hɔ. Mfe dunwɔtwe akyi no wɔbɔɔ no asu, na afei ofii Ahenni ho asɛnka ne kyerɛkyerɛ adwuma a Onyankopɔn somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no ase. Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa no wɔ saa adwuma yi mu no, Yesu paw mmarima 12 yɛɛ wɔn n’asomafo.

Yesu yɛɛ anwonwade pii nso. Ɔde mpataa ne abodoo kakraa bi maa nnipa mpempem ma wodi mẽe. Ɔsaa ayarefo yare na onyan awufo mpo. Na afei yɛte nneɛma pii a ɛbaa Yesu so wɔ n’asetra nna a edi akyiri no mu, ne sɛnea wokum no. Yesu kaa asɛm bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã, enti ƆFA 6 ka bere tenten a ɛboro bɛyɛ mfe 34 kakra mu nsɛm.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 84

Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn

Ɔde nkrasɛm fi Onyankopɔn rebrɛ Maria. Ɛne sɛ, Maria bɛwo abofra bi, na ɔbɛba abɛyɛ ɔhene afebɔɔ.

ASƐM 85

Wɔwo Yesu Mmoadan Mu

Adɛn nti na wɔwoo daakye hene bi too mmoa adididaka mu?

ASƐM 86

Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan

Hena na ɔkyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan kɔɔ baabi a na Yesu wɔ no? Wuhu mmuae no a, ɛbɛyɛ wo nwonwa.

ASƐM 87

Abofra Yesu wɔ Asɔrefi Hɔ

Ná Yesu ho yɛ mpanyimfo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no nwonwa.

ASƐM 88

Yohane Bɔ Yesu Asu

Ná Yohane rebɔ abɔnefo asu, nanso Yesu anyɛ bɔne da. Enti adɛn nti na Yohane bɔɔ no asu?

STORY 89

Yesu Tew Asɔrefi Hɔ

Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma Yehowa nti, ne bo fuu nkurɔfo bi.

ASƐM 90

Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no So

Yesu kaa sɛ ɔbɛma ɔbea no nsu bi a sɛ ɔnom a, nsukɔm renne no bio. Ná ɛyɛ nsu bɛn?

ASƐM 91

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw So

Afotusɛm a Yesu de mae wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu no, nnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛso da so ara wɔ mfaso. Kenkan saa asɛm yi na wubehu afotusɛm yi bi.

ASƐM 92

Yesu Nyan Awufo

Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde nyan Yairo babea no. Nsɛm mmienu pɛ na ɔkae na abofra no sɔree.

ASƐM 93

Yesu Ma Nnipa Pii Aduan

Yesu maa nnipadɔm bi aduan dii de kyerɛɛ biribi titiriw bi a ɔbɛyɛ daakye. Ɛyɛ dɛn?

ASƐM 94

Ɔdɔ Mmofra Nkumaa

Yesu maa n’asuafo no huu sɛ, nneɛma pii wɔ hɔ wobetumi asua afa mmofra ho, nanso ɛno da nkyɛn a, wobetumi nso asua biribi afi wɔn hɔ.

ASƐM 95

Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ

Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, na ɔtaa de mfatoho yɛ adwuma. Emu baako ne nea ɛfa Samariani yamyefo no ho no.

ASƐM 96

Yesu Sa Ayarefo Yare

Anwonwade a Yesu yɛe nyinaa, na ɔde rekyerɛ sɛn?

ASƐM 97

Yesu Ba sɛ Ɔhene

Bere a Yesu duu Yerusalem no, nnipadɔm bɔ gyee ne so, nanso na ɛnyɛ ebinom dɛ.

ASƐM 98

Ngo Bepɔw no So

Nneɛma a ɛresisi nnɛ no, Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ n’asomafo nnan bi.

ASƐM 99

Abansoro Dan Bi Mu

Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, afe biara wonni saa afahyɛ yi?

ASƐM 100

Yesu Wɔ Turo no Mu

Adɛn nti na Yuda de mfewano yii Yesu mae?

ASƐM 101

Wokum Yesu

Bere a na Yesu sɛn dua no so, ɔhyɛɛ obi bɔ sɛ obehyia no wɔ paradise.