Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 90

Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no So

Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no So

NA YESU akɔtra Samaria abura bi so rehome kakra. Na n’asuafo no kɔ kurom rekɔtɔ aduan. Na ɔbea a Yesu ne no rekasa no aba abura no so rebɛsaw nsu. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Ma me nsu no bi nnom.’

Eyi yɛɛ ɔbea no nwonwa. Wunim nea enti? Efisɛ na Yesu yɛ Yudani, na ɔbea no yɛ Samariani. Na na Yudafo pii mpɛ Samariafo asɛm. Na wɔne wɔn nkasa mpo! Nanso na Yesu dɔ nnipa nyinaa. Enti ɔkae sɛ: ‘Sɛ wunim onipa a ɔresrɛ wo nsu no a, anka wo nso wubebisa no na wama wo nkwa nsu.’

Ɔbea no kae sɛ: ‘Owura, abura yi mu dɔ, na wunni bokiti mpo. Ɛhe na wubenya nkwa nsu yi?’

Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Sɛ wonom abura yi mu nsu a, nsukɔm bɛde wo bio. Nanso nsu a mede mɛma wo no betumi ama obi atra ase daa.’

Ɔbea no kae sɛ: ‘Owura, ma me saa nsu no bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛsaw nsu bio.’

Ná ɔbea no susuw sɛ Yesu reka nsu paara ho asɛm. Nanso na ɔreka nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’ahenni ho no ho asɛm. Saa nokware yi te sɛ nsu a ɛma nkwa. Ebetumi ama obi anya daa nkwa.

Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Kɔfrɛ wo kunu bra.’

Ɔbea no buae sɛ: ‘Minni kunu.’

Yesu kae sɛ: ‘Woaka nokware. Nanso woaware kununom baanum, na nea wo ne no wɔ hɔ seesei no nyɛ wo kunu.’

Ɛyɛɛ ɔbea no nwonwa, efisɛ na ne nyinaa yɛ nokware. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu eyi? Efisɛ na Yesu ne Onii a Onyankopɔn Ahyɛ Ne Ho Bɔ sɛ ɔbɛsoma no aba no, na Onyankopɔn na ɔdaa nsɛm yi adi kyerɛɛ no. Saa bere yi Yesu asuafo no san bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ na ɔne Samariani bea rekasa.

Dɛn na yesua fi eyi nyinaa mu? Ɛkyerɛ sɛ Yesu yam ye ma nnipa nyinaa. Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ nnipa bi yɛ nnipa bɔne esiane sɛ wofi ɔman pɔtee bi so nti. Yesu hwehwɛ sɛ nnipa nyinaa hu nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu no. Na ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu nokware no.