Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 99

Abansoro Dan Bi Mu

Abansoro Dan Bi Mu

AFEI ɛyɛ Yawda anwummere, nnanu akyi. Ná Yesu ne n’asomafo 12 no aba abansoro dan kɛse yi mu rebedi Twam aduan no. Ɔbarima a wuhu sɛ ɔrefi adi akɔ no yɛ Yuda Iskariot. Ɔrekɔkyerɛ asɔfo no ɔkwan a wobetumi afa so anya Yesu.

Da a edi eyi anim ara no Yuda kɔɔ wɔn nkyɛn kobisae sɛ: ‘Sɛ meboa mo ma mokyere Yesu a, dɛn na mobɛma me?’ Wɔkae sɛ: ‘Nnwetɛbona aduasa.’ Enti afei na Yuda rekohyia saa mmarima no de wɔn aba Yesu nkyɛn. So eyi nyɛ bɔne kɛse?

Wɔawie Twam adidi no. Nanso afei na Yesu refi adidi titiriw bi nso ase. Ɔde abodoo maa n’asomafo no na ɔkae sɛ: ‘Munni, efisɛ eyi gyina hɔ ma me nipadua a wɔde bɛma mo no.’ Afei ɔde kuruwa a bobesa wom maa wɔn, na ɔkae sɛ: ‘Monnom, efisɛ eyi gyina hɔ ma me mogya, a wobehwie agu ama mo.’ Bible no frɛ eyi ‘Awurade anwummeduan,’ anaa ‘Awurade adidi.’

Israelfo no dii Twam afahyɛ no ma ɛkaee wɔn bere a Onyankopɔn bɔfo ‘twaa’ wɔn afie ho wɔ Misraim, na okunkum mmakan a wɔwɔ Misrifo no afie mu no. Nanso afei na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo kae no ne sɛnea ɔde ne nkwa too hɔ maa wɔn. Ɛno nti na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni aduan titiriw yi afe biara.

Wodii Awurade Anwummeduan no wiei no, Yesu ka kyerɛ n’asomafo no sɛ wonnya akokoduru na wɔnyɛ den wɔ gyidi mu. Afei wɔtoo nnwom yii Onyankopɔn ayɛ na wofii adi. Ná ade asa, ebia na anadwo dumien atwam. Ma yɛnhwɛ baabi a wɔkɔe.