Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 100

Yesu Wɔ Turo no Mu

Yesu Wɔ Turo no Mu

BERE a wofii abansoro dan no mu no, Yesu ne n’asomafo no kɔɔ Getsemane turo no mu. Na wɔaba ha mpɛn pii. Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwɛn na wɔmmɔ mpae. Ɔtwee ne ho kɔɔ akyiri kakra, de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae.

Akyiri yi Yesu san baa baabi a n’asomafo no wɔ no. Dɛn na wususuw sɛ na wɔreyɛ? Na wɔadeda! Mprɛnsa no Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwɛn, nanso bere biara a ɔsan bae no obehui sɛ na wɔadeda. Nea edi akyiri a Yesu san bae no ɔkae sɛ: ‘Saa bere yi na moreda? Bere no adu sɛ wɔde me bɛhyɛ m’atamfo nsa.’

Saa bere no ara wofii ase tee nnipa dɔm bi nne. Hwɛ! Mmarima a wɔreba no kurakura nkrante ne mmaa! Ná wokurakura agyatɛn a ɛbɛma wɔn kwan so ayɛ hann. Bere a wɔbɛn hɔ no obi fi dɔm no mu kɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ. Ofew n’afono ho, sɛnea wutumi hu no. Ɔbarima no yɛ Yuda Iskariot! Dɛn nti na ofew Yesu afono ho?

Yesu bisae sɛ: ‘Yuda, eyi so na wonam yi me ma?’ Yiw, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne. Ɛmaa mmarima a wɔne Yuda nam no hui sɛ Yesu a wɔhwehwɛ no no ni. Enti Yesu atamfo no besoo no mu. Nanso na Petro remma wɔmfa Yesu nkɔ kwa. Ɔtwee ne nkrante a ɛhyɛ ne ho de bɔɔ onipa a ɔbɛn no no. Ne nkrante no anka ne ti, na etwaa n’asõ nifa. Nanso Yesu de ne nsa kaa ɔbarima no asõ ma ɛsan yɛɛ sɛnea na ɛte no.

Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Fa wo nkrante hyɛ baabi a na ɛhyɛ. Wunnye nni sɛ anka metumi aka akyerɛ m’Agya ma abɔfo mpempem abegye me anaa?’ Yiw, anka obetumi ayɛ! Nanso Yesu ansrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsoma abɔfo biara, efisɛ na onim sɛ bere adu sɛ wɔde no hyɛ n’atamfo nsa. Enti ɔma wɔde no kɔe. Ma yɛnhwɛ nea ɛbaa Yesu so afei.