Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 7

Yesu Wusɔre Besi Paulo Afiasenna So

Yesu Wusɔre Besi Paulo Afiasenna So

Yesu wu akyi da a ɛto so abiɛsa no, wonyan no. Saa da no oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo mmere horow anum. Yesu kɔɔ so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn adaduanan. Afei, bere a na n’asuafo no binom rehwɛ no, Yesu foro kɔɔ soro. Dadu akyi no Onyankopɔn hwiee honhom kronkron guu Yesu akyidifo a na wɔretwɛn wɔ Yerusalem no so.

Akyiri yi, Onyankopɔn atamfo ma wɔkyekyeree asomafo no guu afiase, nanso ɔbɔfo bi koyii wɔn. Wɔn a wɔsɔre tia siw osuani Stefano abo kum no. Nanso yehu sɛnea Yesu paw wɔn a wɔsɔre tia no mu biako ma ɔbɛyɛɛ ne somfo titiriw, na ɔno na ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo. Afei Yesu wu akyi mfe abiɛsa ne fã no, Onyankopɔn somaa ɔsomafo Petro sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ Kornelio a na ɔnyɛ Yudani no ne ne fifo.

Bɛyɛ mfe 13 akyi no Paulo fii n’asɛnka akwantu a edi kan no ase. Timoteo bɛkaa Paulo ho wɔ n’akwantu a ɛto so abien no mu. Yehu sɛnea Paulo ne n’akwantu mu ahokafo no nyaa anigye wɔ Onyankopɔn som mu. Awiei no, wɔde Paulo kɔtoo afiase wɔ Roma. Mfe abien akyi no wogyaa no, nanso akyiri yi wɔde no kɔtoo afiase bio na wokum no. ƆFA 7 yi mu nsɛm no gyee bɛyɛ mfe 32.

 

IN THIS SECTION

ASƐM 102

Yesu Te Ase

Bere a ɔbɔfo no yii ɔbo a ɛda ɔbodan no ano fii hɔ no, asraafo no hui sɛ hwee nni ɔbodan no mu. Wei maa wɔn ho dwiriw wɔn.

ASƐM 103

Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu

Bere a wonyanee Yesu akyi na oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, adɛn na wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno a?

ASƐM 104

Yesu San Kɔ Soro

Ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔde ahyɛde a etwa to maa n’asuafo no.

ASƐM 105

Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem

Adɛn nti na Yesu hwiee honhom kronkron no guu n’asuafo no so wɔ Pentekoste afahyɛ no ase?

ASƐM 106

Woyi Wɔn Fi Afiase

Yudafo nyamesom akannifo no de asomafo no guu afiase sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyae asɛnka adwuma no. Nanso na Onyankopɔn afa wɔn ho adwene dedaadaw.

ASƐM 107

Wosiw Stefano Abo

Bere a wɔresiw Stefano abo akum no no, ɔbɔɔ mpae soronko bi.

ASƐM 108

Wɔ Damasko Kwan So

Hann bi tɔɔ Saul so ma n’ani furae, na ɔtee nne bi fii soro. Nea ɛtoo Saul no sesaa n’abrabɔ.

ASƐM 109

Petro Kɔsra Kornelio

Wohwɛ a, Onyankopɔn bu ɔman bi sɛ ɛsom bo sen aman afoforo anaa?

ASƐM 110

Timoteo—Paulo Boafo Foforo

Timoteo fii fie kɔkaa Paulo ho ma wotutuu akwan kɔkaa asɛmpa no.

ASƐM 111

Abofra a Ɔdae

Bere a Paulo kɔɔ Troa no, ɔmaa ɔkasa mmienu. Nea edi kan no, Eutiko dae, nanso nea ɛto so mmienu no de, wanna. Ansa na ɔrema ne kasa a ɛto so mmienu no, biribi sii a na ɛyɛ nwonwa.

ASƐM 112

Hyɛn no Bɔ Supɔw Bi So

Bere a na ɛte sɛ nea anidaso nyinaa asa no, Paulo nyaa nkra bi fii Onyankopɔn hɔ. Asɛm a ɔtee no ma onyaa anidaso.

ASƐM 113

Paulo wɔ Roma

Ná Paulo adwuma ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Enti ɔda afiase yi, ɔbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ?