Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 108

Wɔ Damasko Kwan So

Wɔ Damasko Kwan So

WUNIM nipa a ɔda fam hɔ no? Ɛyɛ Saul. Kae sɛ ɔno na ɔhwɛɛ mmarima a wosiw Stefano abo no ntade nguguso so no. Hwɛ saa hann a ano yɛ den no! Dɛn na ɛrekɔ so?

Wokum Stefano akyi no, Saul dii anim ma wɔhwehwɛɛ Yesu akyidifo sɛ wɔbɛhaw wɔn. Ɔkɔɔ afie afie kɔkyekyeree wɔn ma wɔde wɔn koguu afiase. Asuafo no pii guan kɔɔ nkurow afoforo so kɔkaa “asɛmpa” no wɔ hɔ. Nanso Saul kɔɔ nkurow afoforo so kɔhwehwɛɛ Yesu asuafo no. Na ɔrekɔ Damasko. Nanso ɔkwan so no asɛm a ɛyɛ nwonwa a esii ni:

Mpofirim no hann bi a efi soro tɔɔ Saul so. Ɔhwee ase, sɛnea yehu wɔ ha no. Afei nne bi kae sɛ: ‘Saul, Saul! Dɛn nti na wohaw me?’ Mmarima a wɔne Saul nam no huu hann no, na wɔtee nne no, nanso na wɔnte nea onii no reka ase.

Saul bisae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’

Ɛnne no kae sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu, a wotaa no no.’ Nea enti a Yesu kaa saa ne sɛ, sɛ Saul taa Yesu akyidifo a, Yesu te nka te sɛ n’ankasa na ɔretaa no.

Afei Saul bisae sɛ: ‘Awurade, menyɛ dɛn?’

Yesu kae sɛ: ‘Sɔre kɔ Damasko, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.’ Bere a Saul sɔree na obuee n’ani no na onhu hwee. N’ani afura! Enti mmarima a wɔne no nam no susoo ne nsam de no kɔɔ Damasko.

Afei Yesu kasa kyerɛɛ asuafo no mu biako wɔ Damasko, sɛ: ‘Anania, sɔre. Kɔ borɔn a wɔfrɛ no Tẽe no so. Kɔ Yuda fie kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul ase. Mapaw no sɛ me somfo titiriw.’

Anania tiei. Bere a ohyiaa Saul no, ɔde ne nsa too no so kae sɛ: ‘Awurade asoma me wo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ na woasan ahu ade bio na honhom kronkron ahyɛ wo ma.’ Amonom hɔ ara biribi te sɛ abon fii Saul ani so guu fam, na ohuu ade bio.

Wɔde Saul dii dwuma kɛse ma ɔkaa asɛm kyerɛɛ nnipa a wofi aman pii so. Wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo, a yebesua ne ho ade pii. Nanso nea edi kan no, ma yɛnhwɛ nea Onyankopɔn somaa Petro sɛ ɔnkɔyɛ.