Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 109

Petro Kɔsra Kornelio

Petro Kɔsra Kornelio

ƆSOMAFO Petro na ogyina hɔ no, na ne nnamfonom no bi na wogyina n’akyi no. Nanso dɛn nti na ɔbarima no rekotow Petro? So ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa? Wunim nipa ko?

Ɔbarima no yɛ Kornelio. Ɔyɛ Roma sraani panyin. Kornelio nnim Petro, nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔfa no mmra ne fie. Ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a ɛbaa saa.

Na Yesu akyidifo a wodi kan no yɛ Yudafo, nanso na Kornelio nyɛ Yudani. Na ɔdɔ Onyankopɔn, ɔbɔ no mpae, na ɔyɛ nneɛma pa pii ma nkurɔfo. Da koro awia ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no kae sɛ: ‘Onyankopɔn ani agye wo ho, na ɔrebɛma wo mpaebɔ ho mmuae. Soma ma wɔnkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Petro mmra. Ɔte Yopa wɔ Simon a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn.’

Ɛhɔ ara Kornelio somaa nnipa sɛ wɔnkɔhwehwɛ Petro. Ade kyee a na mmarima no rebɛn Yopa no, na Petro wɔ Simon dan no atifi. Ɛhɔ no Onyankopɔn ma ɛyɛɛ sɛnea Petro rehu ntama kɛse bi a wɔakyekyere a efi soro resian. Ná mmoa ahorow nyinaa bi wɔ ntama no mu. Sɛnea Onyankopɔn mmara te no, na mmoa yi nyɛ nea ɛho tew sɛ wodi, nanso nne bi kae sɛ: ‘Petro, sɔre kum na di.’

Petro buae sɛ: ‘Dabi! Minnii biribi a ɛho ntew da.’ Nanso nne no ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Mfrɛ biribi a afei Onyankopɔn se ɛho tew no sɛ ɛho ntew.’ Eyi bae mprɛnsa. Na bere a na Petro nhu nea eyi nyinaa kyerɛ no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu fie hɔ, na wobisaa Petro ase.

Petro sian kɔɔ fam na ɔkae sɛ: ‘Me na mohwehwɛ. Na mo amanneɛ?’ Bere a mmarima no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Kornelio sɛ ɔnkɔfa Petro mmra ne fie no, Petro penee so sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Ade kyee no Petro ne ne nnamfo siim sɛ wɔkɔsra Kornelio wɔ Kaesarea.

Na Kornelio aboaboa n’abusuafo ne ne nnamfo ano. Bere a Petro bedui no, Kornelio behyiaa no. Ɔbɔɔ ne mu ase kotow Petro nan ase, sɛnea wuhu wɔ ha no. Petro kae sɛ: ‘Sɔre; me nso meyɛ nipa ara kwa.’ Yiw, Bible kyerɛ sɛ enye sɛ yɛbɛkotow asɔre onipa. Yehowa nko na ɛsɛ sɛ yɛsɔre no.

Afei Petro kasa kyerɛɛ wɔn a wɔahyiam no. Ɔkae sɛ: ‘Mahu sɛ Onyankopɔn gye nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom no nyinaa.’ Na bere a ɔrekasa no, Onyankopɔn maa ne honhom baa wɔn so, na nkurɔfo no fii ase kaa kasa foforo. Eyi yɛɛ asuafo a wɔyɛ Yudafo a wɔne Petro bae no nwonwa, efisɛ wosusuwii sɛ Yudafo nkutoo na Onyankopɔn ani gye wɔn ho. Enti eyi ma wohui sɛ Onyankopɔn mmu nnipa a wofi ɔman bi so sɛ wɔn ho hia Onyankopɔn sen nnipa foforo bi. So ɛnyɛ ade pa a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae anaa?