Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 111

Abofra a Ɔdae

Abofra a Ɔdae

AO! AO! Dɛn na ɛrekɔ so wɔ ha? Abofra a ɔda fam hɔ no apira kɛse anaa? Hwɛ! mmarima a wofi dan no mu reba no mu biako yɛ Paulo! Wuhu Timoteo nso wɔ hɔ? Abofra no fi mfɛnsere no mu bɛhwee fam anaa?

Yiw, saa na ɛbae. Na Paulo rekasa akyerɛ anuanom a wɔwɔ Troa no. Na onim sɛ ɛbɛkyɛ ansa na wahu wɔn bio efisɛ na ade kye a ɔbɛfa hyɛn akɔ. Enti ɔkasae kosii ɔdasum.

Na abofra yi a wɔfrɛ no Eutiko no te mfɛnsere ano, na ɔdae. Ofi aban a ɛto so abiɛsa no mfɛnsere mu bɛhwee fam! Enti wutumi hu nea enti a nkurɔfo no koma atu. Bere a wɔmaa abofra no so no, na wawu ampa!

Paulo hui sɛ abofra no awu no, obutuw no so de no fam ne ho. Afei ɔkae sɛ: ‘Mommma mo koma nntu. Ne ho ye!’ Na ɛyɛ ampa! Ɛyɛ anwonwade! Paulo anyan no! Nnipa no nyinaa ani gyei.

Wɔn nyinaa san kɔɔ abansoro hɔ kodidii. Paulo kɔɔ so kasae kosii adekyee. Na ɛda adi sɛ Eutiko anna bio! Afei Paulo, Timoteo ne wɔn a wɔne no nam no foroo hyɛn sɛ wɔrekɔ. Wunim faako a na wɔrekɔ?

Ná Paulo de n’asɛnka akwantu a ɛto so abiɛsa no aba awiei, na ɔresan akɔ fie. Saa akwantu yi mu no Paulo dii mfe abiɛsa wɔ Efeso kurom nkutoo. Enti akwantu yi gyee bere tenten mpo sen nea etia abien no.

Wofi Troa no, hyɛn no gyinae kakra wɔ Mileto. Esiane sɛ na Efeso bɛn hɔ ara nti, Paulo soma ma wɔkɔfrɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no baa Mileto na watumi ne wɔn akasa nea edi akyiri. Na akyiri yi, bere a edui sɛ hyɛn no betu no, hwɛ awerɛhow ara a ɛkaa wɔn sɛ na Paulo rekɔ!

Awiei no hyɛn no san baa Kaesarea. Bere a na Paulo te osuani Filipo fie wɔ ha no, odiyifo Agabo bɔɔ Paulo kɔkɔ. Ɔkae sɛ sɛ Paulo kɔ Yerusalem a wɔbɛkyere no. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Bere a wɔde no kɔtoo afiase mfe abien wɔ Kaesarea no, wɔde Paulo kɔɔ Roma a na wɔrekodi n’asɛm wɔ Roma hempɔn Kaesare anim. Ma yɛnhwɛ nea esii bere a wɔrekɔ Roma no.