Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 114

Bɔne Nyinaa Awiei

Bɔne Nyinaa Awiei

DƐN na wuhu wɔ ha? Yiw, ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ fitaa so. Nanso hyɛ baabi a wofi ba no nsow. Apɔnkɔ no fi soro nam amununkum mu! So apɔnkɔ ankasa wɔ soro?

Dabi, eyinom nyɛ apɔnkɔ paara. Yenim saa efisɛ apɔnkɔ ntumi ntu mmirika wɔ amununkum mu, ɛnte saa anaa? Nanso Bible no ka apɔnkɔ a wɔwɔ soro ho asɛm. Wunim nea enti a ɛyɛ saa?

Efisɛ bere bi a atwam no wɔde apɔnkɔ dii dwuma pii wɔ akodi mu. Enti Bible no ka nnipa a wofi soro tete apɔnkɔ so reba ho asɛm de kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne nnipa a wɔwɔ asase so wɔ akodi bi. Wunim sɛnea wɔfrɛ baabi a wɔbɛko saa ko yi no? Harmagedon. Saa ko no beyi bɔne nyinaa afi asase so.

Yesu ne Nea obedi anim ako saa ko yi wɔ Harmagedon. Kae sɛ Yesu na Yehowa paw no sɛ onni hene wɔ N’ahenni mu. Ɛno nti na Yesu hyɛ ahenkyɛw. Na afoa no kyerɛ sɛ obekum Onyankopɔn atamfo nyinaa. So ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Onyankopɔn bekum abɔnefo nyinaa anaa?

San kɔhwɛ Adesua 10. Dɛn na wuhu wɔ hɔ? Yiw, Nsuyiri kɛse a ɛsɛee abɔnefo no. Hena na ɔde saa Nsuyiri no bae? Yehowa Nyankopɔn. Afei hwɛ Adesua 15. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ hɔ? Ogya a Yehowa de bae resɛe Sodom ne Gomora.

Dan kɔ Adesua 33 so. Hwɛ nea ɛreba Misrifo apɔnkɔ ne akodi nteaseɛnam no so. Hena na ɔmaa nsu no faa wɔn? Yehowa. Ɔyɛɛ saa de bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Hwɛ Adesua 76. Wubehu wɔ hɔ sɛ Yehowa ma wɔsɛee ne nkurɔfo Israelfo mpo esiane wɔn bɔne nti.

Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa bɛsoma ne soro dɔm ma wɔabeyi bɔne nyinaa afi asase so. Nanso susuw nea ɛno bɛkyerɛ no ho hwɛ! Dan kɔ kratafa a edi hɔ ma yɛnhwɛ.