Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 116

Sɛnea Yɛbɛyɛ Atra Ase Daa

Sɛnea Yɛbɛyɛ Atra Ase Daa

WUBETUMI akyerɛ nea abeawa ketewa yi ne ne nnamfonom rekenkan no? Yiw, ɛyɛ saa nhoma a worekenkan yi—Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. Na wɔrekenkan asɛm a worekenkan yi ara—“Sɛnea Yɛbɛyɛ Atra Ase Daa.”

Wunim nea wɔresua? Nea edi kan ne sɛ, sɛ yɛbɛtra ase daa a, ɛho hia sɛ yenya Yehowa ne ne Ba Yesu ho nimdeɛ. Bible se: ‘Eyi ne ɔkwan a wɔfa so tra ase daa. Sua nokware Nyankopɔn koro no ne ne Ba a ɔsomaa no baa asase so, Yesu Kristo, ho ade.’

Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu ho ade? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛkenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm yi fi mfiase akosi awiei. Ɛka Yehowa ne Yesu ho nsɛm pii, anaa ɛnte saa? Na ɛka nneɛma a wɔayɛ dedaw ne nea wɔbɛyɛ afei ho nsɛm pii. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen nhoma yi ara a yɛbɛkenkan.

Wuhu nhoma foforo a ɛda fam hɔ no? Ɛyɛ Bible. Ma obi nkenkan Bible no afã horow a nhoma yi mu nsɛm no gyina so no nkyerɛ wo. Bible no ma yenya nsɛm a ɛho hia na yɛn nyinaa atumi asom Yehowa ɔkwan pa so na yɛanya daa nkwa no nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ yesua Bible no daa.

Nanso Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nsɛm a yɛkenkan nkutoo nnɔɔso. Yebetumi anya wɔn ne wɔn nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ pii, nanso ebetumi aba sɛ yɛrennya daa nkwa. Wunim ade foforo a ɛho hia?

Ɛho hia sɛ yɛde nneɛma a yesua no nso bɔ yɛn bra. Wokae Yuda Iskariot? Na ɔyɛ asomafo 12 a Yesu paw wɔn no mu biako. Ná Yuda wɔ Yehowa ne Yesu ho nimdeɛ pii. Nanso dɛn na ɛbaa no so? Bere bi akyi no ɔbɛyɛɛ pɛsɛmenkominya, na oyii Yesu maa n’atamfo gyee nnwetɛbona 30. Enti Yuda rennya daa nkwa.

Wokae Gehasi, ɔbarima a yesuaa ne ho ade wɔ Adesua 69 mu no? Ɔpɛe sɛ onya ntade ne sika bi a ɛnyɛ ne de. Enti odii atoro na ne nsa aka saa nneɛma no. Nanso Yehowa twee n’aso. Enti sɛ yɛanni ne mmara so a, ɔbɛtwe yɛn nso aso.

Nanso nnipa pa pii wɔ hɔ a wɔsom Yehowa nokware mu daa. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wɔn, ɛnte saa anaa? Abofra Samuel yɛɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesua. Kae sɛ, sɛnea yehui wɔ Adesua 55 mu no, na wadi mfe anan anaa anum pɛ bere a ofii ase som Yehowa wɔ ne ntamadan mu. Enti sɛ wusua dɛn ara a, wunsua dodo sɛ wobɛsom Yehowa.

Nanso, onipa a yɛn nyinaa pɛ sɛ yesua no ne Yesu Kristo. Bere a ɔyɛ abofra mpo, sɛnea yehui wɔ Adesua 87 mu no, na ɔwɔ asɔrefi hɔ reka ne soro Agya ho asɛm akyerɛ afoforo. Momma yenni ne nhwɛso akyi. Momma yɛnka Yehowa yɛn Nyankopɔn a ne ho yɛ nwonwa, ne ne Ba, Yesu Kristo, ho asɛm nkyerɛ nnipa dodow a yebetumi nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ɛnde yebetumi atra ase daa wɔ Onyankopɔn paradise foforo no mu wɔ asase so.