Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Wɔde Sua Me Nhoma a ɛka Bible mu Nsɛm

Nsɛmmisa a Wɔde Sua Me Nhoma a ɛka Bible mu Nsɛm

Adesua 1

Onyankopɔn Fi Ase Yɛ Nneɛma

  1. Nneɛma pa nyinaa fi he, na nneɛma no bi ne dɛn?

  2. Dɛn na Onyankopɔn dii kan yɛe?

  3. Dɛn nti na na ɔbɔfo a odi kan no yɛ soronko?

  4. Ka sɛnea na asase te mfiase no? (Hwɛ mfonini no.)

  5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn fii ase siesiee asase ma ɛyɛɛ baabi a nnipa ne mmoa betumi atra?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yeremia 10:12.

    Onyankopɔn suban bɛn na nneɛma a wabɔ no ma yehu? (Yes. 40:26; Rom. 11:33)

  2. Kenkan Kolosefo 1:15-17.

    Dɛn na Yesu yɛe wɔ adebɔ no mu, na ɛsɛ sɛ eyi ka sɛnea yebu Yesu no dɛn? (Kol. 1:15-17)

  3. Kenkan Genesis 1:1-10.

    1. (a) Ɛyɛɛ dɛn na asase bae? (Gen. 1:1)

    2. (b) Adebɔ da a edi kan no, dɛn na ɛkɔɔ so? (Gen. 1:3-5)

    3. (d) Adebɔ da a ɛto so abien no, ka nea ɛkɔɔ so. (Gen. 1:7, 8)

Adesua 2

Turo Fɛfɛ

  1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn siesiee asase no na ama yɛatumi atra so?

  2. Bobɔ mmoa ahorow a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no din. (Hwɛ mfonini no.)

  3. Adɛn nti na na Eden turo no yɛ soronko?

  4. Dɛn na ná Onyankopɔn pɛ sɛ asase nyinaa yɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 1:11-25.

    1. (a) Da a ɛto so abiɛsa no, dɛn na Onyankopɔn bɔe? (Gen. 1:12)

    2. (b) Da a ɛto so anan no dɛn na ɛbae? (Gen. 1:16)

    3. (d) Da a ɛto so anum ne asia no, mmoa ahorow bɛn na Onyankopɔn bɔe? (Gen. 1:20, 21, 25)

  2. Kenkan Genesis 2:8, 9.

    Nnua atitiriw abien bɛn na Onyankopɔn duaa no wɔ turo no mu, na na ɛyɛ dɛn ho nsɛnkyerɛnne?

Adesua 3

Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan

  1. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ mfonini a ɛwɔ Adesua 3 no ne nea ɛwɔ Adesua 2 no mu?

  2. Hena na ɔbɔɔ ɔbarima a odi kan no, na dɛn ne ɔbarima no din?

  3. Adwuma bɛn na Onyankopɔn de maa Adam?

  4. Adɛn nti na Onyankopɔn maa Adam daa hatee?

  5. Anka Adam ne Hawa betumi atra ase akosi da bɛn, na adwuma bɛn na na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Dwom 83:18.

    Dɛn ne Onyankopɔn din, na dibea soronko bɛn na ɔwɔ wɔ asase no so? (Yer. 16:21; Dan. 4:17)

  2. Kenkan Genesis 1:26-31.

    1. (a) Da a ɛto so asia no, dɛn na Onyankopɔn bɔe a ɔde wiee n’adwuma, na ɔkwan bɛn so na saa abɔde yi yɛ soronko wɔ mmoa no ho? (Gen. 1:26)

    2. (b) Dɛn na Yehowa de maa onipa ne mmoa nyinaa sɛ wonni? (Gen. 1:30)

  3. Kenkan Genesis 2:7-25.

    1. (a) Ná dɛn na ehia na ama Adam atumi atoto mmoa no din? (Gen. 2:19)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Genesis 2:24 boa yɛn ma yɛte sɛnea Yehowa bu aware, ntetewmu, ne awaregyae no ase? (Mat. 19:4-6, 9)

Adesua 4

Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa

  1. Dɛn na ato Adam ne Hawa wɔ mfonini no mu?

  2. Adɛn nti na Yehowa twee wɔn aso?

  3. Dɛn na ɔwɔ bi ka kyerɛɛ Hawa?

  4. Hena na ɔmaa ɔwɔ no kasa kyerɛɛ Hawa?

  5. Ɛyɛɛ dɛn na Paradise fie no fii Adam ne Hawa nsa?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 2:16, 17 ne 3:1-13, 24.

    1. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asɛm a ɔwɔ no bisaa Hawa no kyerɛ sɛ ɔde asɛm reto Yehowa so? (Gen. 3:1-5; 1 Yoh. 5:3)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na nea ɛtoo Hawa no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? (Filip. 4:8; Yak. 1:14, 15; 1 Yoh. 2:16)

    3. (d) Dɛn na Adam ne Hawa yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔannye wɔn mfomso no antom? (Gen. 3:12, 13)

    4. (e) Ɔkwan bɛn so na Kerubim a wɔde wɔn gyinaa Eden turo no apuei fam no kyerɛe sɛ Yehowa ne amansan tumfoɔ no? (Gen. 3:24)

  2. Kenkan Adiyisɛm 12:9.

    Mmɔden a Satan rebɔ de atwe nnipa afi Onyankopɔn tumidi ho no akodu he? (1 Yoh. 5:19)

Adesua 5

Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase

  1. Asetra no bɛyɛɛ dɛn maa Adam ne Hawa wɔ Eden turo no akyi?

  2. Dɛn na efii ase baa Adam ne Hawa so, na dɛn ntia?

  3. Adɛn nti na na Adam ne Hawa mma no nso benyin abobɔ nkwakora ne mmerewa na wɔawuwu?

  4. Sɛ Adam ne Hawa tiee Yehowa a, anka asetra bɛyɛ dɛn ama wɔn ne wɔn mma?

  5. Hawa asoɔden no ma ɔtee yaw wɔ ɔkwan bɛn so?

  6. Dɛn ne Adam ne Hawa mmabarima baanu a wodi kan no din?

  7. Mmofra foforo a wɔwɔ mfonini no mu no nso yɛ henanom?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 3:16-23 ne 4:1, 2.

    1. (a) Dome a wɔdomee asase no kaa Adam asetra wɔ kwan bɛn so? (Gen. 3:17-19; Rom. 8:20, 22)

    2. (b) Adɛn nti na na Hawa din a ɛkyerɛ “Ɔteasefo” no fata? (Gen. 3:20)

    3. (d) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no mpo, dɛn na Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔdwene wɔn ho? (Gen. 3:7, 21)

  2. Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.

    “Kan nneɛma” bɛn na worehwɛ kwan sɛ ebetwam?

Adesua 6

Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne

  1. Na Kain ne Habel yɛ adwuma bɛn?

  2. Akyɛde bɛn na Kain ne Habel de brɛɛ Yehowa?

  3. Adɛn nti na Yehowa ani gyee Habel akyɛde no ho na n’ani annye Kain de no ho?

  4. Kain yɛ onipa bɛn, na dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ Kain sakra n’akwan?

  5. Dɛn na Kain yɛe bere a ɛkaa ɔne ne nuabarima no nkutoo wɔ afum no?

  6. Ka nea ɛtoo Kain bere a okum ne nua no.

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 4:2-26.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kaa tebea a ɛyɛ hu a Kain aba mu no ho asɛm? (Gen. 4:7)

    2. (b) Dɛn na Kain yɛe a ɛma yehu nea na ɛwɔ ne komam? (Gen. 4:9)

    3. (d) Yehowa bu obi a ne ho nni asɛm mogya a wohwie gu no dɛn? (Gen. 4:10; Yes. 26:21)

  2. Kenkan 1 Yohane 3:11, 12.

    1. (a) Adɛn nti na Kain bo fuwii pii, na ɔkwan bɛn so na eyi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn nnɛ? (Gen. 4:4, 5; Mmeb. 14:30; 28:22)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ sɛ yɛn abusuafo nyinaa sɔre tia Yehowa mpo a yebetumi akɔ so akura yɛn mudi mu? (Dw. 27:10; Mat. 10:21, 22)

  3. Kenkan Yohane 11:25.

    Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma wɔ wɔn a wowu wɔ trenee nti no ho? (Yoh. 5:24)

Adesua 7

Ɔbarima Kokodurufo

  1. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Henok?

  2. Adɛn nti na Henok bere so nnipa no yɛɛ nneɛma bɔne bebree saa?

  3. Nneɛma bɔne bɛn saa na nnipa no yɛe? (Hwɛ mfonini no.)

  4. Adɛn nti na na ehia sɛ Henok nya akokoduru?

  5. Ná saa bere no nnipa tumi tra ase di mfe ahe, nanso Henok dii mfe ahe?

  6. Henok wu akyi no dɛn na esii?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 5:21-24, 27.

    1. (a) Ayɔnkofa bɛn na na ɛwɔ Henok ne Yehowa ntam? (Gen. 5:24)

    2. (b) Sɛnea Bible kyerɛ no, onipa bɛn na ɔtraa ase kyɛe sen obiara, na odii mfe ahe ansa na ɔrewu? (Gen. 5:27)

  2. Kenkan Genesis 6:5.

    Henok wu akyi no, nsɛmmɔnedi kɔɔ so koduu he, na sɛ wode toto nnɛ mmere yi ho a ɛte dɛn? (2 Tim. 3:13)

  3. Kenkan Hebrifo 11:5.

    Henok su bɛn na ɛma “ɔsɔ Onyankopɔn ani,” na dɛn na efi mu bae? (Gen. 5:22)

  4. Kenkan Yuda 14, 15.

    Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ asuasua Henok akokoduru no bere a wɔrebɔ nnipa kɔkɔ sɛ Harmagedon ko no reba no? (2 Tim. 4:2; Heb. 13:6)

Adesua 8

Abran wɔ Asase So

  1. Bere a Onyankopɔn abɔfo no bi tiee Satan no, dɛn na ɛbae?

  2. Ɛyɛɛ dɛn na abɔfo no bi gyaee adwuma a na wɔyɛ wɔ soro no baa asase so?

  3. Adɛn nti na ɛyɛ bɔne sɛ abɔfo no baa asase so bɛyɛɛ wɔn ho te sɛ nnipa?

  4. Dɛn na ɛmaa abɔfo mma no yɛɛ soronko?

  5. Sɛnea wutumi hu wɔ mfonini no mu no, dɛn na abɔfo mma no yɛe bere a wɔbɛyɛɛ abran no?

  6. Henok wu akyi no, onipa pa bɛn na ɔtraa asase so, na adɛn nti na Onyankopɔn pɛɛ n’asɛm?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 6:1-8.

    Dɛn na Genesis 6:6 da no adi fa sɛnea yɛn abrabɔ betumi ama Yehowa ani gye anaa ne werɛ ahow ho? (Dw. 78:40, 41; Mmeb. 27:11)

  2. Kenkan Yuda 6.

    Ɔkwan bɛn so na abɔfo a “wɔankora wɔn panyinni” wɔ Noa bere so no ma yehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye nnɛ? (1 Kor. 3:5-9; 2 Pet. 2:4, 9, 10)

Adesua 9

Noa Pam Adaka

  1. Nnipa baahe na na wɔwɔ Noa abusua mu, na dɛn ne ne mmabarima baasa no din?

  2. Ade a na Noa nyɛɛ bi da bɛn na Onyankopɔn kaa sɛ ɔnyɛ, na dɛn ntia?

  3. Noa nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a ɔkaa adaka no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no?

  4. Dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ mmoa no?

  5. Bere a Onyankopɔn too adaka no mu no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Noa ne ne fifo yɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 6:9-22.

    1. (a) Dɛn na ɛmaa Noa yɛɛ nokware Onyankopɔn no somfo a ɔda nsow? (Gen. 6:9, 22)

    2. (b) Yehowa te nka dɛn wɔ nsɛmmɔnedi ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka anigyede a yɛpaw? (Gen. 6:11, 12; Dw. 11:5)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Noa wɔ bere a wɔnam Yehowa ahyehyɛde no so ama yɛn akwankyerɛ no? (Gen. 6:22; 1 Yoh. 5:3)

  2. Kenkan Genesis 7:1-9.

    Ɛsɛ sɛ sɛnea Yehowa buu Noa a ɔnyɛ pɛ no sɛ treneeni no hyɛ yɛn nkuran wɔ ɔkwan bɛn so nnɛ? (Gen. 7:1; Mmeb. 10:16; Yes. 26:7)

Adesua 10

Nsuyiri Kɛse No

  1. Bere a nsu fii ase tɔe no, adɛn nti na obiara antumi ankɔ adaka no mu bio?

  2. Nna dodow ahe na Yehowa maa nsu no tɔe awia ne anadwo, na eyiri koduu he?

  3. Bere a nsu no fii ase kataa asase so no, dɛn na adaka no yɛe?

  4. So abran no nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, na wɔn papanom nso ɛ?

  5. Asram anum akyi no, adaka no yɛɛ dɛn?

  6. Adɛn nti na Noa maa kwaakwaadabi pue fii adaka no mu?

  7. Ɛyɛɛ dɛn na Noa hui sɛ nsu a ɛwɔ asase so no atwetwe?

  8. Noa ne n’abusua no traa adaka no mu bɛboro afe biako no, asɛm bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 7:10-24.

    1. (a) So nnipa ne mmoa bi kaa asase so wɔ ɔsɛe no akyi? (Gen. 7:23)

    2. (b) Nna ahe na edii ansa na Nsuyiri no nsu retwetwe? (Gen. 7:24)

  2. Kenkan Genesis 8:1-17.

    Dɛn na ɛwɔ Genesis 8:17 a ɛma yehu sɛ adwene a Yehowa de bɔɔ asase no ansesa? (Gen. 1:22)

  3. Kenkan 1 Petro 3:19, 20.

    1. (a) Bere a abɔfo bɔne no san kɔɔ soro no, atemmu bɛn na wonyae? (Yuda 6)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Noa ne n’abusua ho asɛm yi ma yenya awerɛhyem kɛse sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo? (2 Pet. 2:9)

Adesua 11

Nyankontɔn a Edi Kan

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, bere a Noa fii adaka no mu bae no, dɛn na odii kan yɛe?

  2. Nsuyiri no akyi no, dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne fifo no sɛ wɔnyɛ?

  3. Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛe?

  4. Sɛ yehu nyankontɔn a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkae yɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 8:18-22.

    1. (a) Yɛbɛyɛ dɛn abɔ afɔre a ‘ɛyɛ huam’ ama Yehowa nnɛ? (Gen. 8:21; Heb. 13:15, 16)

    2. (b) Dɛn na Yehowa ka faa onipa koma ho, enti ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Gen. 8:21; Mat. 15:18, 19)

  2. Kenkan Genesis 9:9-17.

    1. (a) Apam bɛn na Yehowa ne asase so abɔde nyinaa yɛe? (Gen. 9:10, 11)

    2. (b) Bere tenten ahe na Nyankontɔn apam no bɛtra hɔ? (Gen. 9:16)

Adesua 12

Nnipa To Aban Kɛse

  1. Hena ne Nimrod, na Onyankopɔn tee nka dɛn wɔ ne ho?

  2. Sɛ wohwɛ mfonini no a, adɛn nti na na nkurɔfo no reyɛ ntayaa no?

  3. Adɛn nti na Yehowa ani annye dan a na wɔresi no ho?

  4. Dɛn na Nyankopɔn yɛe a ɛma wogyaee aban no to?

  5. Dɛn ne kurow no din, na na edin no kyerɛ dɛn?

  6. Onyankopɔn yɛɛ wɔn kasa basabasa wiei no, dɛn na nkurɔfo no yɛe?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 10:1, 8-10.

    Suban horow bɛn na Nimrod yi no adi, na asuade bɛn na yenya fi mu? (Mmeb. 3:31)

  2. Kenkan Genesis 11:1-9.

    Adwene bɛn na wɔde too abantenten no, na ɛyɛɛ dɛn na adansi no anyɛ yiye? (Gen. 11:4; Mmeb. 16:18; Yoh. 5:44)

Adesua 13

Abraham—Onyankopɔn Adamfo

  1. Nnipa bɛn na wɔtraa Ur kurow no mu?

  2. Hena ne ɔbarima a ɔwɔ mfonini no mu no, wɔwoo no bere bɛn, na ɛhe na na ɔte?

  3. Dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ?

  4. Adɛn nti na wɔfrɛɛ Abraham Onyankopɔn adamfo?

  5. Bere a Abraham refi Ur no, henanom na wɔne no kɔe?

  6. Abraham duu Kanaan no, asɛm bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no?

  7. Bere a Abraham dii mfe 99 no, dɛn na Onyankopɔn de hyɛɛ no bɔ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 11:27-32.

    1. (a) Abusuabɔ bɛn na ná ɛda Abraham ne Lot ntam? (Gen. 11:27)

    2. (b) Ɛwom sɛ wɔka no sɛ Tera na ɔne n’abusuafo tu kɔtraa Kanaan fam de, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ Abraham na ɔde adwene bae sɛ wontu, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa? (Gen. 11:31; Aso. 7:2-4)

  2. Kenkan Genesis 12:1-7.

    Bere a Abraham duu Kanaan asase so no, Yehowa trɛw ɔne Abraham apam no mu koduu he? (Gen. 12:7)

  3. Kenkan Genesis 17:1-8, 15-17.

    1. (a) Abram din sesã yɛɛ dɛn wɔ bere a odii mfe 99 no, na dɛn ntia? (Gen. 17:5)

    2. (b) Nhyira bɛn na Yehowa hyɛɛ Sara bɔ sɛ ɔde bɛma no daakye? (Gen. 17:15, 16)

  4. Kenkan Genesis 18:9-19.

    1. (a) Agyanom asɛyɛde bɛn na ɛda adi wɔ Genesis 18:19? (Deut. 6:6, 7; Efe. 6:4)

    2. (b) Dɛn na ɛtoo Sara a ɛkyerɛ sɛ yentumi mfa biribiara nsuma Yehowa? (Gen. 18:12, 15; Dw. 44:21)

Adesua 14

Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ

  1. Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so?

  2. Sɛnea mfonini no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn sɔɔ Abraham gyidi hwɛe?

  3. Ɛwom sɛ Abraham ante nea Onyankopɔn se ɔnyɛ no ase de, nanso dɛn na ɔyɛe?

  4. Bere a Abraham twee sekan no sɛ ɔrebekum ne ba no, dɛn na esii?

  5. Ná Abraham gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu yɛ den kodu he?

  6. Dɛn na Onyankopɔn de maa Abraham sɛ ɔmfa mmɔ afɔre no, na ɔkwan bɛn so na ɔnam yɛɛ saa?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 21:1-7.

    Adɛn nti na Abraham twaa ne ba no twetia da a ɛto so awotwe no? (Gen. 17:10-12; 21:4)

  2. Kenkan Genesis 22:1-18.

    Ɔkwan bɛn so na Isak brɛɛ ne ho ase maa ne papa Abraham, na ɔkwan bɛn so na na ɛyɛ ade kɛse bi a ɛbɛba daakye ho sɛnkyerɛnne? (Gen. 22:7-9; 1 Kor. 5:7; Filip. 2:8, 9)

Adesua 15

Lot Yere Hwɛɛ N’akyi

  1. Ɛyɛɛ dɛn na Abraham ne Lot tetew mu?

  2. Adɛn nti na Lot paw sɛ ɔbɛtra Sodom?

  3. Ná Sodomfo suban te dɛn?

  4. Kɔkɔbɔ bɛn na abɔfo baanu de maa Lot?

  5. Ɛyɛɛ dɛn na Lot yere danee nkyene siw?

  6. Dɛn na yebetumi asua afi Lot yere asɛm no mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 13:5-13.

    Sɛ yɛresiesie yɛne obi ntam asɛm a, dɛn na yebetumi asua afi Abraham hɔ? (Gen. 13:8, 9; Rom. 12:10; Filip. 2:3, 4)

  2. Kenkan Genesis 18:20-33.

    Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa ne Abraham dii no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa ne Yesu bebu atɛntrenee? (Gen. 18:25, 26; Mat. 25:31-33)

  3. Kenkan Genesis 19:1-29.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛwtohɔ yi da sɛnea Onyankopɔn bu mmarima a wɔne mmarima da no fa? (Gen. 19:5, 13; Lev. 20:13)

    2. (b) Sɛ wohwɛ Lot ne Abraham a, ahokeka bɛn na wɔn mu biara de dii Onyankopɔn akwankyerɛ so, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Gen. 19:15, 16, 19, 20; 22:3)

  4. Kenkan Luka 17:28-32.

    Adwene bɛn na na Lot yere wɔ wɔ ahode ho, na ɔkwan bɛn so na eyi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? (Luka 12:15; 17:31, 32; Mat. 6:19-21, 25)

  5. Kenkan 2 Petro 2:6-8.

    Sɛ yebesuasua Lot a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ amumɔyɛfo wiase yi ho? (Hes. 9:4; 1 Yoh. 2:15-17)

Adesua 16

Isak Nya Ɔyere Pa

  1. Ɔbarima ne ɔbea bɛn na wɔwɔ mfonini no mu no?

  2. Dɛn na Abraham yɛe de nyaa ɔyere maa ne ba, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa?

  3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn tiee Abraham akoa no mpaebɔ?

  4. Bere a wobisaa Rebeka sɛ ɔbɛware Isak anaa no, dɛn na ɔkae?

  5. Dɛn na ɛmaa Isak ani gyee bio?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 24:1-67.

    1. (a) Suban pa bɛn na Rebeka daa no adi bere a ohyiaa Abraham akoa no wɔ abura no ho no? (Gen. 24:17-20; Mmeb. 31:17, 31)

    2. (b) Adepa bɛn na Kristofo betumi asua afi nhyehyɛe a Abraham yɛ maa Isak no mu nnɛ? (Gen. 24:37, 38; 1 Kor. 7:39; 2 Kor. 6:14)

    3. (d) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de dwennwen nsɛm ho sɛnea Isak yɛe no? (Gen. 24:63; Dw. 77:12; Filip. 4:8)

Adesua 17

Ntafo a Ɛsono Wɔn

  1. Esau ne Yakob yɛ henanom, na ɔkwan bɛn so na ɛsono wɔn mu biara?

  2. Ná mfe ahe na Esau ne Yakob adi wɔ bere a wɔn nana Abraham wui no?

  3. Dɛn na Esau yɛe a ɛmaa ne maame ne ne papa werɛ howee pii?

  4. Adɛn nti na Esau bo fuw ne nua Yakob kɛse?

  5. Asɛm bɛn na Isak ka kyerɛɛ ne ba Yakob?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 25:5-11, 20-34.

    1. (a) Nkɔm bɛn na Yehowa hyɛe wɔ Rebeka mmabarima baanu no ho? (Gen. 25:23)

    2. (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yakob ne Esau su wɔ abakan hokwan no ho? (Gen. 25:31-34)

  2. Kenkan Genesis 26:34, 35; 27:1-46; ne 28:1-5.

    1. (a) Dɛn na Esau yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ommu akronkronne? (Gen. 26:34, 35; 27:46)

    2. (b) Sɛnea ɛbɛyɛ a Yakob benya Onyankopɔn nhyira no, dɛn na Isak ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ? (Gen. 28:1-4)

  3. Kenkan Hebrifo 12:16, 17.

    Ɔkwan bɛn so na Esau nhwɛso no da nea ɛbɛto wɔn a wobu akronkronne animtiaa no adi?

Adesua 18

Yakob Kɔ Haran

  1. Ababaa a ɔwɔ mfonini no mu no yɛ hena, na dɛn na Yakob yɛ maa no?

  2. Dɛn na Yakob pɛe sɛ ɔbɛyɛ na ama wanya Rahel aware?

  3. Bere duu sɛ Yakob bɛware Rahel no, dɛn na Laban yɛe?

  4. Dɛn na Yakob penee so sɛ ɔbɛyɛ na wanya Rahel aware?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 29:1-30.

    1. (a) Bere a Laban daadaa Yakob mpo no, ɔkwan bɛn so na Yakob kyerɛe sɛ ɔmpɛ basabasa, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Gen. 25:27; 29:26-28; Mat. 5:37)

    2. (b) Dɛn na ɛwɔ nea Yakob yɛe no mu a ɛma yehu sɛ ɛsono ɔdɔ pa na ɛsono ahoɔfɛ dɔ? (Gen. 29:18, 20, 30; Nmd. 8:6)

    3. (d) Mmea baanan bɛn na wɔbɛkaa Yakob fifo ho a akyiri yi wɔwoo mmabarima maa no? (Gen. 29:23, 24, 28, 29)

Adesua 19

Yakob wɔ Abusua Kɛse

  1. Dɛn ne Yakob mmabarima baasia a ɔne ne yere a odi kan, Lea, woe no din?

  2. Mmabarima baanu bɛn na Lea abaawa Silpa wo maa Yakob?

  3. Dɛn ne mmabarima baanu a Rahel abaawa Bilha wo maa Yakob no din?

  4. Mmabarima baanu bɛn na Rahel woe, na bere a ɔwoo nea ɔto so abien no dɛn na esii?

  5. Sɛ wohwɛ mfonini no a, Yakob mmabarima no yɛ ahe, na dɛn na efi wɔn mu bae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 29:32-35; 30:1-26; ne 35:16-19.

    Sɛnea Yakob mmabarima 12 no din kyerɛ no, dɛn na na Hebrifo gyina so to wɔn mma din wɔ tete mmere no mu?

  2. Kenkan Genesis 37:35.

    Ɛwom sɛ Dina nkoaa na ne din wɔ Bible mu de, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yakob wɔ mmabea binom nso? (Gen. 37:34, 35)

Adesua 20

Asɛm to Dina

  1. Adɛn nti na Abraham ne Isak ampɛ sɛ wɔn mma ware Kanaanfo?

  2. So Yakob ani gyee ho sɛ ne babea ne Kanaanfo mmabea bɛfa nnamfo?

  3. Ɔbarima bɛn na ɔrehwɛ Dina wɔ mfonini no mu no, na adebɔne bɛn na ɔyɛe?

  4. Bere a Dina nuanom Simeon ne Lewi tee nea aba no, dɛn na wɔyɛe?

  5. So Yakob ani gyee ade a Simeon ne Lewi yɛe yi ho?

  6. Ɛyɛɛ dɛn na abusua no mu haw nyinaa fii ase?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 34:1-31.

    1. (a) Da koro pɛ na Dina kɔɔ Kanaanfo mmabea no nkyɛn anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Gen. 34:1, NW)

    2. (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Dina ka ho bi na ɔhweree ne baabunyɛ? (Gal. 6:7)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi akyerɛ sɛ wɔasua biribi afi Dina kɔkɔbɔ nhwɛso no mu? (Mmeb. 13:20; 1 Kor. 15:33; 1 Yoh. 5:19)

Adesua 21

Yosef Nuanom Tan No

  1. Adɛn nti na na Yosef nuanom ani bere no, na dɛn na wɔyɛe?

  2. Yosef nuanom no pɛe sɛ wɔyɛ no dɛn, na dɛn na Ruben kae?

  3. Bere a Ismaelfo aguadifo bi bae no, dɛn na esii?

  4. Dɛn na Yosef nuanom no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn papa besusuw sɛ Yosef awu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 37:1-35.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi asuasua Yosef na wɔn nso aka bɔne a ɛrekɔ so wɔ asafo no mu akyerɛ mpanyimfo no? (Gen. 37:2; Lev. 5:1; 1 Kor. 1:11)

    2. (b) Dɛn na ɛmaa Yosef nuanom yɛɛ no bɔne saa? (Gen. 37:11, 18; Mmeb. 27:4; Yak. 3:14-16)

    3. (d) Bere a Yakob werɛ howee no, dɛn na ɔyɛe a ɛnyɛ nwonwa? (Gen. 37:35)

Adesua 22

Wɔde Yosef Kɔto Afiase

  1. Bere a wɔde Yosef kɔɔ Misraim no, na wadi mfe ahe, na ɔkɔɔ hɔ no dɛn na ɛbae?

  2. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef kɔdaa afiase?

  3. Adwuma bɛn na wɔde maa Yosef wɔ afiase hɔ?

  4. Bere a Yosef da afiase hɔ no, dɛn na ɔyɛ maa Farao nsahyɛfo ne n’abodootofo no?

  5. Bere a woyii nsahyɛfo no fii afiase hɔ no, dɛn na ɛbae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 39:1-23.

    Ɛwom sɛ Yosef bere so no na Nyankopɔn mmara a wɔakyerɛw biara nni hɔ a ɛbara awaresɛe de, nanso dɛn na ɛkaa no ma oguan fii Potifar yere no nsam? (Gen. 2:24; 20:3; 39:9)

  2. Kenkan Genesis 40:1-23.

    1. (a) Ka nsahyɛfo no dae no ne sɛnea Yehowa maa Yosef kyerɛɛ ase no ho asɛm tiawa. (Gen. 40:9-13)

    2. (b) Dae bɛn na abodootofo no soe, na na ɛkyerɛ dɛn? (Gen. 40:16-19)

    3. (d) Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no asuasua Yosef wɔ ɔkwan bɛn so? (Gen. 40:8; Dw. 36:9; Yoh. 17:17; Aso. 17:2, 3)

    4. (e) Dɛn na ɛwɔ Genesis 40:20 a ɛma Kristofo hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ awodadi ho? (Ɔsɛnk. 7:1; Mar. 6:21-28)

Adesua 23

Farao Dae Ahorow

  1. Dɛn na ɛtoo Farao da koro anadwo bi?

  2. Ɛyɛɛ dɛn na afei de nsahyɛfo no kaee Yosef?

  3. Sɛ wohwɛ mfonini no a, adae abien bɛn na Farao soe?

  4. Yosef kae sɛ adae no kyerɛ dɛn?

  5. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef bɛyɛɛ onipa titiriw a odi Farao akyi pɛɛ wɔ Misraim?

  6. Adɛn nti na Yosef nuanom no kɔɔ Misraim, na adɛn nti na wɔanhu no?

  7. Dae bɛn na Yosef kaee, na ɛboa no ma ɔtee dɛn ase?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 41:1-57.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yosef de anuonyam maa Yehowa, na Kristofo bɛyɛ dɛn asuasua nea ɔyɛe no nnɛ? (Gen. 41:16, 25, 28; Mat. 5:16; 1 Pet. 2:12)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na aduan a ebuu so wɔ Misraim ne ɔkɔm mmere a edii hɔ no ma nsonsonoe a ɛwɔ honhom fam tebea a Yehowa nkurɔfo wom nnɛ no ne Kristoman de ntam no da adi? (Gen. 41:29, 30; Amos 8:11, 12)

  2. Kenkan Genesis 42:1-8 ne 50:20.

    Sɛ ɛyɛ amanne sɛ obi dibea nti wɔkotow no de kyerɛ obu ne nidi a, ɛyɛ bɔne ma Yehowa asomfo sɛ wɔbɛyɛ saa anaa? (Gen. 42:6)

Adesua 24

Yosef Sɔ Ne Nuanom Hwɛ

  1. Adɛn nti na Yosef kae sɛ ne nuanom yɛ akwansrafo?

  2. Ɛyɛɛ dɛn na Yakob maa ne kaakyire, Benyamin, kɔɔ Misraim?

  3. Ɛyɛɛ dɛn na Yosef dwetɛ kuruwa no kɔhyɛɛ Benyamin kotoku mu?

  4. Dɛn na Yuda kae sɛ ɔbɛyɛ na ama Benyamin atumi akɔ fie?

  5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yosef nuanom no asakra?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 42:9-38.

    Ɔkwan bɛn so na asɛm a Yosef kae wɔ Genesis 42:18 no boa wɔn a dwumadi hyehyɛ wɔn nsa wɔ Yehowa asafo mu no nnɛ? (Neh. 5:15; 2 Kor. 7:1, 2)

  2. Kenkan Genesis 43:1-34.

    1. (a) Ɛwom sɛ Ruben ne abakan de, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ Yuda na ogyinaa ne nuanom ananmu kasae? (Gen. 43:3, 8, 9; 44:14, 18; 1 Be. 5:2)

    2. (b) Dɛn na Yosef yɛe a ɛdaa adi pefee sɛ na ɔresɔ ne nuanom no ahwɛ, na adɛn nti na ɔyɛɛ saa? (Gen. 43:33, 34)

  3. Kenkan Genesis 44:1-34.

    1. (a) Esiane sɛ na Yosef mpɛ sɛ oyi ne ho adi kyerɛ ne nuanom nti, eduu baabi no ɔyɛɛ n’ade dɛn? (Gen. 44:5, 15; Lev. 19:26)

    2. (b) Dɛn na Yosef nuanom no yɛe a ɛkyerɛe sɛ wɔn ani mmere no bio? (Gen. 44:13, 33, 34)

Adesua 25

Abusua no Tu Kɔ Misraim

  1. Bere a Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, dɛn na esii?

  2. Dɛn na Yosef de ayamye ka kyerɛɛ ne nuanom no?

  3. Bere a Farao tee sɛ Yosef nuanom aba no, dɛn na ɔkae?

  4. Na Yakob abusua kɛse te dɛn wɔ bere a wotu kɔɔ Misraim no?

  5. Dɛn na wɔbɛfrɛɛ Yakob abusua no, na dɛn ntia?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Genesis 45:1-28.

    Ɔkwan bɛn so na Yosef ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Yehowa betumi adan adebɔne a wɔde ba ne nkoa so ayɛ no adepa? (Gen. 45:5-8; Yes. 8:10; Filip. 1:12-14)

  2. Kenkan Genesis 46:1-27.

    Awerɛhyem bɛn na Yehowa maa Yakob nyae bere a ɔnam kwan so rekɔ Misraim no? (Gen. 46:1-4)

Adesua 26

Hiob Di Nyankopɔn Nokware

  1. Ná Hiob yɛ onipa bɛn?

  2. Dɛn na Satan pɛe sɛ ɔyɛ, na otumi yɛɛ saa?

  3. Yehowa maa Satan kwan sɛ ɔnyɛ dɛn, na dɛn ntia?

  4. Adɛn nti na Hiob yere ka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔnnome Nyankopɔn na onwu’? (Hwɛ mfonini no.)

  5. Sɛ wohwɛ mfonini a ɛto so abien no a, ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Hiob, na dɛn ntia?

  6. Sɛ yɛn nso yedi nokware ma Yehowa te sɛ Hiob a, nhyira bɛn na yebenya?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Hiob 1:1-22.

    Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn atumi asuasua Hiob? (Hiob 1:1; Filip. 2:15; 2 Pet. 3:14)

  2. Kenkan Hiob 2:1-13.

    Akwan horow abien a nsonsonoe wom bɛn na Hiob ne ne yere yɛɛ wɔn ade wɔ sɔhwɛ a Satan de bae no ho? (Hiob 2:9, 10; Mmeb. 19:3; Mika 7:7; Mal. 3:14)

  3. Kenkan Hiob 42:10-17.

    1. (a) Esiane sɛ Hiob ne Yesu nyinaa dii Onyankopɔn nokware nti, nhyira bɛn na wonyae a na edi nsɛ? (Hiob 42:12; Filip. 2:9-11)

    2. (b) Sɛnea Hiob gyinaa pintinn maa Nyankopɔn na onyaa nhyira no hyɛ yɛn nkuran wɔ kwan bɛn so? (Hiob 42:10, 12; Heb. 6:10; Yak. 1:2-4, 12; 5:11)

Adesua 27

Ɔhemmɔne Di Misraim So

  1. Hena ne ɔbarima a okura abaa wɔ mfonini no mu no, na hena na ɔrehwe no no?

  2. Bere a Yosef wui no, dɛn na ɛtoo Israelfo no?

  3. Adɛn nti na Israelfo no ho yɛɛ Misrifo no hu?

  4. Dɛn na Farao ka kyerɛɛ mmea a wogyee Israelfo mmea awo no sɛ wɔnyɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 1:6-22.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa fii ase maa bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no baa mu? (Ex. 1:7; Gen. 12:2; Aso. 7:17)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Hebrifo mmea no kyerɛe sɛ wobu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron? (Ex. 1:17; Gen. 9:6)

    3. (d) Esiane sɛ awogyefo no dii nokware maa Yehowa nti, akatua bɛn na ɔde maa wɔn? (Ex. 1:20, 21; Mmeb. 19:17)

    4. (e) Ɔkwan bɛn na Satan faa so sɛ ɔbɛsɛe Yehowa atirimpɔw a ɛfa Abraham Aseni no ho? (Ex. 1:22; Mat. 2:16)

Adesua 28

Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa

  1. Abofra ketewa bɛn na ɔwɔ mfonini no mu no, na hena nsam na okura no?

  2. Dɛn na Mose maame yɛe a enti wɔankum Mose?

  3. Abeawa ketewa a ɔwɔ mfonini no mu no yɛ hena, na dɛn na ɔyɛe?

  4. Bere a Farao babea no huu abofra no, asɛm bɛn na Miriam kae?

  5. Asɛm bɛn na ɔhene babea no ka kyerɛɛ Mose maame?

Asɛmmisa a ɛka ho:

  1. Kenkan Exodus 2:1-10.

    Hokwan bɛn na Mose maame nyae a ɔde tetee ne ba no wɔ ne mmofraberem, na dɛn na awofo betumi asua afi mu nnɛ? (Ex. 2:9, 10; Deut. 6:6-9; Mmeb. 22:6; Efe. 6:4; 2 Tim. 3:15)

Adesua 29

Nea Enti a Mose Guanee

  1. Mose nyinii wɔ he, nanso dɛn na na onim wɔ n’awofo ho?

  2. Bere a Mose dii mfe 40 no, dɛn na ɔyɛe?

  3. Dɛn na Mose bisaa Israelni barima bi a na ɔreko, na mmuae bɛn na ɔbarima no de maa no?

  4. Adɛn nti na Mose guan fii Misraim?

  5. Ɛhe na Mose guan kɔe, na hena na ɔkɔtoo no wɔ hɔ?

  6. Mose guan fii Misraim no, dɛn na ɔde mfe 40 a edi hɔ no yɛe?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 2:11-25.

    Ɛwom sɛ wɔde mfe pii kyerɛkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa de, nanso dɛn na Mose de kyerɛe sɛ odii nokware maa Yehowa ne ne nkurɔfo? (Ex. 2:11, 12; Heb. 11:24)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 7:22-29.

    Asuade bɛn na yenya fi Mose mmɔden a ɔbɔe sɛ nankasa begye Israel afi Misraim nkoasom mu no mu? (Aso. 7:23-25; 1 Pet. 5:6, 10)

Adesua 30

Wura a Ɛredɛw

  1. Dɛn ne bepɔw a ɛwɔ mfonini no mu no din?

  2. Ka nea Mose hui a na ɛyɛ nwonwa bere a ɔde ne nguan kɔɔ adidi wɔ bepɔw no ho no.

  3. Dɛn na ɛnne bi fi wura a ɛredɛw no mu kae, na na ɛyɛ hena nne?

  4. Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔno na obedi Onyankopɔn nkurɔfo anim ayi wɔn afi Misraim no, dɛn na Mose kae?

  5. Dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ sɛ nkurɔfo no bisa no sɛ hena na ɔsomaa no a, ɔnka?

  6. Dɛn na na Mose bɛyɛ de akyerɛ sɛ Onyankopɔn na asoma no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 3:1-22.

    Ɔkwan bɛn so na Mose suahu no ma yenya awerɛhyem sɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata dwumadi bi a efi Nyankopɔn hɔ mpo a Yehowa bɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ? (Ex. 3:11, 13; 2 Kor. 3:5, 6)

  2. Kenkan Exodus 4:1-20.

    1. (a) Nsakrae bɛn na ɛbaa Mose suban mu bere a ɔtraa Midian mfe 40 no, na asuade bɛn na wɔn a wɔpɛ sɛ wonya dwumadi wɔ asafo no mu no betumi asua afi mu? (Ex. 2:11, 12; 4:10, 13; Mika 6:8; 1 Tim. 3:1, 6, 10)

    2. (b) Sɛ Yehowa nam n’asafo no so twe yɛn aso mpo a, awerɛhyem bɛn na Mose asɛm yi betumi ama yɛanya? (Ex. 4:12-14; Dw. 103:14; Heb. 12:4-11)

Adesua 31

Mose ne Aaron Hu Farao

  1. Anwonwade a Mose ne Aaron yɛe no kaa Israelfo no dɛn?

  2. Asɛm bɛn na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Farao, na mmuae bɛn na Farao de maa wɔn?

  3. Sɛ wohwɛ mfonini no a, bere a Aaron de ne poma no too fam no, dɛn na esii?

  4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛɛ Farao nyansa, na Farao yɛɛ dɛn wɔ ho?

  5. Ɔhaw a ɛto so du no akyi no dɛn na ɛbae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 4:27-31 ne 5:1-23.

    Bere a Farao kae sɛ: “Minnim Yehowa” no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ dɛn? (Ex. 5:2, NW; 1 Sam. 2:12; Rom. 1:21)

  2. Kenkan Exodus 6:1-13, 26-30.

    1. (a) Hu a Yehowa kae sɛ wamma Abraham, Isak, ne Yakob anhu no no kyerɛ dɛn? (Ex. 3:13, 14; 6:3; Gen. 12:8)

    2. (b) Yɛte nka dɛn wɔ dwuma a Yehowa kɔɔ so de Mose dii no ho, ɛwom mpo sɛ Mose tee nka sɛ ɔmfata adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no? (Ex. 6:12, 30; Luka 21:13-15)

  3. Kenkan Exodus 7:1-13.

    1. Bere a Mose ne Aaron de akokoduru kaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ Farao no, ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ nhwɛsode maa Onyankopɔn asomfo nnɛ? (Ex. 7:2, 3, 6; Aso. 4:29-31)

    2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ ɔkorɔn koraa sen Misraim anyame no? (Ex. 7:12; 1 Be. 29:12)

Adesua 32

Ahaw Du No

  1. Hwɛ mfonini a ɛwɔ ha no na ka ahaw abiɛsa a edi kan a Yehowa de baa Misrifo so no ho asɛm.

  2. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ahaw abiɛsa a edi kan no ne nea aka no mu?

  3. Ɔhaw a ɛto so anan, anum, ne asia no yɛ ɔhaw bɛn?

  4. Ka ɔhaw a ɛto so ason, awotwe, ne akron no ho asɛm.

  5. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnyɛ dɛn ansa na ɔde ɔhaw a ɛto so du no aba?

  6. Dɛn ne ɔhaw a ɛto so du no, na ɛno akyi no dɛn na ɛbae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 7:19–8:23.

    1. (a) Ɛwom mpo sɛ ahaw abien a edi kan a Yehowa de bae no Misraim nkonyaayifo tumi yɛɛ bi de, nanso dɛn na ɛhyɛɛ wɔn ma wogye toom wɔ ɔhaw a ɛto so abiɛsa no akyi? (Ex. 8:18, 19; Mat. 12:24-28)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na ɔhaw a ɛto so anan no daa no adi sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban, na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo te nka dɛn bere a “ahohia kɛse” a wɔahyɛ ho nkɔm no reba no? (Ex. 8:22, 23; Adi. 7:13, 14; 2 Be. 16:9)

  2. Kenkan Exodus 8:24; 9:3, 6, 10, 11, 14, 16, 23-25; ne 10:13-15, 21-23.

    1. (a) Ahaw Du no ma yehu nnipakuw abien bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛka sɛnea yehu akuw abien no nnɛ? (Ex. 8:10, 18, 19; 9:14)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Exodus 9:16 boa yɛn ma yehu nea enti a Yehowa ama Satan atra hɔ abedu nnɛ? (Rom. 9:21, 22)

  3. Kenkan Exodus 12:21-32.

    Ɔkwan bɛn so na Twam no buee nkwagye kwan maa nnipa pii, na na Twam no yɛ dɛn ho mfonini? (Ex. 12:21-23; Yoh. 1:29; Rom. 5:18, 19, 21; 1 Kor. 5:7)

Adesua 33

Ɛpo Kɔkɔɔ no Twa

  1. Israelfo mmarima, mmea ne mmofra baahe na wofii Misraim, na henanom na wɔne wɔn kɔe?

  2. Farao tee nka dɛn bere a ɔmaa Israelfo no kɔe no akyi, na dɛn na ɔyɛe?

  3. Dɛn na Yehowa yɛe a enti Misrifo no antumi antow anhyɛ ne nkurɔfo no so?

  4. Bere a Mose de ne poma no kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no, dɛn na esii, na Israelfo no yɛɛ dɛn?

  5. Dɛn na esii wɔ bere a Misrifo no de mmirika tiw Israelfo no wɔ po no mu no?

  6. Dɛn na Israelfo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔn ani agye na wɔn ani asɔ sɛ Yehowa agye wɔn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 12:33-36.

    Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne nkurɔfo nyaa mfe pii a wɔde yɛɛ nkoa wɔ Misraim no so akatua pa? (Ex. 3:21, 22; 12:35, 36)

  2. Kenkan Exodus 14:1-31.

    Mose nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Exodus 14:13, 14 no ka Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ no dɛn bere a Harmagedon ko reba no? (2 Be. 20:17; Dw. 91:8)

  3. Kenkan Exodus 15:1-8, 20, 21.

    1. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo to ayeyi dwom ma no? (Ex. 15:1, 2; Dw. 105:2, 3; Adi. 15:3, 4)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Miriam ne mmea a na wɔwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho too dwom yii Yehowa ayɛ de yɛɛ nhwɛso maa Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ? (Ex. 15:20, 21; Dw. 68:11)

Adesua 34

Aduan Foforo

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na nkurɔfo no retase wɔ fam hɔ no, na wɔfrɛ no dɛn?

  2. Akwankyerɛ bɛn na Mose de maa nkurɔfo no fa mana a na wɔbɛtase no ho?

  3. Yehowa kae sɛ da a ɛto so asia no nkurɔfo no nyɛ dɛn, na dɛn nti na ɔkaa saa?

  4. Anwonwade bɛn na Yehowa yɛe bere a wɔde mana no bi sie maa da a ɛto so ason no?

  5. Yehowa maa nkurɔfo no mana kosii bere bɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 16:1-36 ne Numeri 11:7-9.

    1. (a) Dɛn na ɛwɔ Exodus 16:8 a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde obu ma wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn wɔ Kristofo asafo no mu no? (Heb. 13:17)

    2. (b) Bere a Israelfo no nam sare so no, ɔkwan bɛn so na Yehowa kaee wɔn da biara sɛ ɔno na ɔhwɛ wɔn? (Ex. 16:14-16, 35; Deut. 8:2, 3)

    3. (d) Yesu kyerɛe sɛ mana no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne, na yɛyɛ dɛn nya ‘abodoo a efi soro’ no so mfaso? (Yoh. 6:31-35, 40)

  2. Kenkan Yosua 5:10-12.

    Mfe dodow ahe na Israelfo no dii mana; ɔkwan bɛn so na ɛsɔɔ wɔn hwɛe, na dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? (Ex. 16:35; Num. 11:4-6; 1 Kor. 10:10, 11)

Adesua 35

Yehowa De Ne Mmara Ma

  1. Israelfo fii Misraim no akyi asram abien no, ɛhe na wɔbɛsoɛe?

  2. Yehowa kae sɛ ɔpɛ sɛ nkurɔfo no yɛ dɛn, na mmuae bɛn na wɔde mae?

  3. Adɛn nti na Yehowa de abopon abien maa Mose?

  4. Sɛ Mmara Nsɛm Du no da nkyɛn a mmara bɛn bio na Yehowa de maa Israelfo?

  5. Mmara abien bɛn na Yesu Kristo kae sɛ ɛyɛ mmara no mu akɛse?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 19:1-25; 20:1-21; 24:12-18; ne 31:18.

    Dɛn na ɛwɔ Exodus 19:8 a ɛma yehu nea Kristofo ahosohyira kyerɛ? (Mat. 16:24; 1 Pet. 4:1-3)

  2. Kenkan Deuteronomium 6:4-6; Leviticus 19:18; ne Mateo 22:36-40.

    Dɛn na Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko? (Mar. 6:34; Aso. 4:20; Rom. 15:2)

Adesua 36

Sika Nantwi Ba No

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na nkurɔfo no reyɛ, na adɛn nti na wɔreyɛ saa?

  2. Adɛn nti na Yehowa bo fuwii, na bere a Mose behuu nea nkurɔfo no reyɛ no, dɛn na ɔyɛe?

  3. Mose ka kyerɛɛ mmarima no binom sɛ wɔnyɛ dɛn?

  4. Asuade bɛn na ɛsɛ sɛ yenya fi asɛm yi mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 32:1-35.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi ma yehu sɛnea Yehowa te nka bere a yɛde atoro som fra nokware som no? (Ex. 32:4-6, 10; 1 Kor. 10:7, 11)

    2. (b) Sɛ Kristofo repɛ biribi agye wɔn ani, te sɛ ebia nnwonto ne asaw a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? (Ex. 32:18, 19; Efe. 5:15, 16; 1 Yoh. 2:15-17)

    3. (d) Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Lewifo no de gyaw yɛn bere a wogyinaa pintinn yɛɛ adetrenee no? (Ex. 32:25-28; Dw. 18:25)

Adesua 37

Ɔsom Ntamadan

  1. Ɔdan bɛn na ɛwɔ mfonini no mu no, na dɛn na wɔde yɛ?

  2. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no ɔkwan bi so a ɛnyɛ den sɛ wobetutu?

  3. Adaka bɛn na ɛwɔ dan ketewa bi mu wɔ ntamadan no benkum fam no, na dɛn na ɛwɔ adaka no mu?

  4. Hena na Yehowa paw no sɛ ɔsɔfo panyin, na ɔsɔfo panyin adwuma ne dɛn?

  5. Bobɔ nneɛma abiɛsa a ɛwɔ ntamadan no mfinimfini no din.

  6. Nneɛma abien bɛn na ɛwɔ ntamadan no adiwo, na wɔde yɛ dɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Exodus 25:8-40; 26:1-37; 27:1-8; ne 28:1.

    Kerubim a na wɔwɔ “Adanse adaka” no so no kyerɛ dɛn? (Ex. 25:20, 22; Num. 7:89; 2 Ahe. 19:15)

  2. Kenkan Exodus 30:1-10, 17-21; 34:1, 2; ne Hebrifo 9:1-5.

    1. (a) Adɛn nti na Yehowa sii so dua sɛ ehia sɛ asɔfo a wɔsom wɔ ntamadan no mu no nipadua ho tew, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn nnɛ? (Ex. 30:18-21; 40:30, 31; Heb. 10:22)

    2. (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw krataa akɔma Hebrifo Kristofo no ɔkyerɛe sɛ ntamadan no ne Mmara apam no atwam? (Heb. 9:1, 9; 10:1)

Adesua 38

Akwansrafo 12 No

  1. Dɛn na wuhu wɔ bobe a ɛwɔ mfonini no mu no ho, na ɛhe na efi?

  2. Adɛn nti na Mose somaa akwansrafo 12 kɔɔ Kanaan asase so?

  3. Amanneɛ bɛn na akwansrafo no mu du de bɛbɔɔ Mose?

  4. Ɔkwan bɛn so na akwansrafo no mu baanu kyerɛe sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi, na wɔn din de dɛn?

  5. Adɛn nti na Yehowa bo fuwii, na dɛn na ɔka kyerɛɛ Mose?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 13:1-33.

    1. (a) Nnipa bɛn na woyii wɔn sɛ wɔnkɔsra asase no, na hokwan kɛse bɛn na wonyae? (Num. 13:2, 3, 18-20)

    2. (b) Adɛn nti na na Yosua ne Kaleb adwene nte sɛ akwansrafo a aka no, na eyi kyerɛ yɛn dɛn? (Num. 13:28-30; Mat. 17:20; 2 Kor. 5:7)

  2. Kenkan Numeri 14:1-38.

    1. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie na yɛanwiinwii antia Yehowa ananmusifo a wɔwɔ asase so no? (Num. 14:2, 3, 27; Mat. 25:40, 45; 1 Kor. 10:10)

    2. (b) Dɛn na ɛwɔ Numeri 14:24 a ɛma yehu sɛ Yehowa susuw ne somfo biara ho? (1 Ahe. 19:18; Mmeb. 15:3)

Adesua 39

Aaron Poma Gu Nhwiren

  1. Henanom na wɔsɔre tiaa Mose ne Aaron tumidi, na dɛn na wɔka kyerɛɛ Mose?

  2. Dɛn na Mose ka kyerɛɛ Kora ne n’akyidifo 250 no sɛ wɔnyɛ?

  3. Dɛn na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no, na n’ano sii ara pɛ no, dɛn na esii?

  4. Dɛn na ɛtoo Kora ne n’akyidifo 250 no?

  5. Dɛn na Aaron ba Eleasar de nnipa a wɔawuwu no aduhuam nkuruwa no yɛe, na dɛn ntia?

  6. Adɛn nti na Yehowa maa Aaron poma guu nhwiren? (Hwɛ mfonini no.)

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 16:1-49.

    1. (a) Dɛn na Kora ne n’akyidifo no yɛe, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa na wɔyɛ tiaa no? (Num. 16:9, 10, 18; Lev. 10:1, 2; Mmeb. 11:2)

    2. (b) Adwene a akyea bɛn na Kora ne “asafo no mu mmapɔmma” 250 no de hyɛɛ wɔn komam? (Num. 16:1-3; Mmeb. 15:33; Yes. 49:7)

  2. Kenkan Numeri 17:1-11 ne 26:10.

    1. (a) Aaron poma a ɛfefɛwee no kyerɛ dɛn, na adɛn nti na Yehowa kae sɛ wɔmfa nto adaka no mu? (Num. 17:5, 8, 10)

    2. (b) Asuade a ehia bɛn na yebetumi anya afi Aaron poma no sɛnkyerɛnne no mu? (Num. 17:10; Aso. 20:28; Filip. 2:14; Heb. 13:17)

Adesua 40

Mose Bɔ Ɔbotan No

  1. Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so hwɛɛ Israelfo no bere a na wɔnam sare so no?

  2. Bere a Israelfo no bɛtraa Kades no, dɛn ho na wɔkasakasae?

  3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa nkurɔfo no ne wɔn mmoa nsu?

  4. Sɛ wohwɛ mfonini no a, ɔbarima bɛn na ɔde ne nsa asi ne koko no, na adɛn nti na ɔreyɛ saa?

  5. Adɛn nti na Yehowa bo fuw Mose ne Aaron, na dɛn na ɔde twee wɔn aso?

  6. Dɛn na esii wɔ Hor Bepɔw so, na hena na ɔbɛyɛɛ Israel sɔfo panyin?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 20:1-13, 22-29 ne Deuteronomium 29:5.

    1. (a) Dɛn na yesua fi ɔkwan a Yehowa nam so hwɛɛ Israelfo no wɔ sare no so no mu? (Deut. 29:5; Mat. 6:31; Heb. 13:5; Yak. 1:17)

    2. (b) Yehowa buu kronkron a Mose ne Aaron anyɛ no wɔ Israelfo no anim no dɛn? (Num. 20:12; 1 Kor. 10:12; Adi. 4:11)

    3. (d) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Mose gyee Yehowa asotwe toom no mu? (Num. 12:3; 20:12, 27, 28; Deut. 32:4; Heb. 12:7-11)

Adesua 41

Kɔbere Wɔ No

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na ɛbebare dua no ho no, na adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no saa?

  2. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no ani ansɔ nea Onyankopɔn yɛ maa wɔn nyinaa?

  3. Bere a Yehowa somaa awɔ bɔne bɛkekaa nkurɔfo no, dɛn na afei wɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ?

  4. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ kɔbere wɔ no?

  5. Asuade bɛn na yebetumi anya afi asɛm yi mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 21:4-9.

    1. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ma yɛn wɔ sɛnea Israelfo no nwiinwii wɔ nneɛma a Yehowa de maa wɔn no ho? (Num. 21:5, 6; Rom. 2:4)

    2. (b) Akyiri yi nna mu no, Israelfo no de kɔbere wɔ no yɛɛ dɛn, na dɛn na Ɔhene Hesekia yɛe wɔ ho? (Num. 21:9; 2 Ahe. 18:1-4)

  2. Kenkan Yohane 3:14, 15.

    Kɔbere wɔ a wɔde no sɛn dua so no ne Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu no di nsɛ wɔ kwan bɛn so? (Gal. 3:13; 1 Pet. 2:24)

Adesua 42

Afurum Kasa

  1. Hena ne Balak, na adɛn nti na ɔsoma kɔfrɛɛ Bileam?

  2. Adɛn nti na Bileam afurum no daa fam wɔ kwan so?

  3. Asɛm bɛn na afurum no ka kyerɛɛ Bileam?

  4. Asɛm bɛn na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Bileam?

  5. Bere a Bileam yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdome Israel no, dɛn na esii?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 21:21-35.

    Ɛyɛɛ dɛn na Israel tumi dii Amorifo hene Sihon ne Basan hene Og so nkonim? (Num. 21:21, 23, 33, 34)

  2. Kenkan Numeri 22:1-40.

    Adwene bɛn na Bileam de domee Israel, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Num. 22:16, 17; Mmeb. 6:16, 18; 2 Pet. 2:15; Yuda 11)

  3. Kenkan Numeri 23:1-30.

    Ɛwom sɛ Bileam kasae te sɛ obi a ɔsom Yehowa de, nanso ɔkwan bɛn so na ne nneyɛe ankyerɛ saa? (Num. 23:3, 11-14; 1 Sam. 15:22)

  4. Kenkan Numeri 24:1-25.

    Ɔkwan bɛn so na Bible mu asɛm yi ma yenya gyidi kɛse sɛ nea Yehowa abɔ ne tirim biara ɔbɛyɛ? (Num. 24:10; Yes. 54:17)

Adesua 43

Yosua Bɛyɛ Kannifo

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, mmarima baanu bɛn na wɔne Mose gyina hɔ no?

  2. Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua?

  3. Ɛyɛɛ dɛn na Mose foro kɔɔ Bepɔw Nebo so, na dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

  4. Mose dii mfe ahe ansa na ɔrewu?

  5. Adɛn nti na nkurɔfo no werɛ howee, nanso dɛn na ɛmaa wɔn ani gyei?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Numeri 27:12-23.

    Dwumadi kɛse bɛn na Yehowa de hyɛɛ Yosua nsa, na dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdwene ne nkurɔfo ho nnɛ? (Num. 27:15-19; Aso. 20:28; Heb. 13:7)

  2. Kenkan Deuteronomium 3:23-29.

    Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa amma Mose ne Aaron antwa Yordan no ankɔ bɔhyɛ asase no so, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Deut. 3:25-27; Num. 20:12, 13)

  3. Kenkan Deuteronomium 31:1-8, 14-23.

    Ɔkwan bɛn so na nsɛm a Mose ne Israelfo de dii nkra no da no adi sɛ ɔde ahobrɛase gyee asotwe a Yehowa de maa no no toom? (Deut. 31:6-8, 23)

  4. Kenkan Deuteronomium 32:45-52.

    Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm ka yɛn abrabɔ wɔ kwan bɛn so? (Deut. 32:47; Lev. 18:5; Heb. 4:12)

  5. Kenkan Deuteronomium 34:1-12.

    Dɛn na Deuteronomium 34:10 ka de fa Yehowa ne Mose ntam ayɔnkofa ho ɛwom sɛ wamfa n’ani anhu Yehowa ankasa no? (Ex. 33:11, 20; Num. 12:8)

Adesua 44

Rahab De Akwansrafo Hintaw

  1. Ɛhe na Rahab te?

  2. Mmarima baanu bɛn na wɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn nti na wɔwɔ Yeriko?

  3. Dɛn na Yeriko hene hyɛɛ Rahab sɛ ɔnyɛ, na mmuae bɛn na ɔde maa ɔhene no?

  4. Ɔkwan bɛn so na Rahab boaa mmarima baanu no, na dɛn na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ mma no?

  5. Dɛn na mmarima baanu no hyɛɛ Rahab bɔ sɛ wɔbɛyɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 2:1-24.

    Bere a Israelfo baa Yeriko so no, ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Exodus 23:28 no baa mu? (Yos. 2:9-11)

  2. Kenkan Hebrifo 11:31.

    Ɔkwan bɛn so na Rahab nhwɛso no ma yehu sɛnea gyidi ho hia? (Rom. 1:17; Heb. 10:39; Yak. 2:25)

Adesua 45

Yordan Asubɔnten no Twa

  1. Anwonwade bɛn na Yehowa yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no betumi atwa Yordan Asubɔnten no?

  2. Ade a egye gyidi bɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ ansa na wɔatumi atwa Yordan Asubɔnten no?

  3. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ wɔntase abo 12 mfi nsubon no mu?

  4. Bere a asɔfo no fii Yordan mu ara pɛ no, dɛn na esii?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 3:1-17.

    1. (a) Sɛnea asɛm yi kyerɛ no, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ ansa na Yehowa aboa yɛn ahyira yɛn? (Yos. 3:13, 15; Mmeb. 3:5; Yak. 2:22, 26)

    2. (b) Ná Yordan Asubɔnten no te dɛn bere a Israelfo no twa kɔɔ Bɔhyɛ Asase so no, na ɔkwan bɛn so na ɛmaa Yehowa din so? (Yos. 3:15; 4:18; Dw. 66:5-7)

  2. Kenkan Yosua 4:1-18.

    Atirimpɔw bɛn ho dwuma na abo 12 a wɔtase fii Yordan mu de koguu Gilgal no dii? (Yos. 4:4-7)

Adesua 46

Yeriko Afasu No

  1. Dɛn na Yehowa kae sɛ akofofo no ne asɔfo no nyɛ nnansia?

  2. Dɛn na na ɛsɛ sɛ mmarima no yɛ da a ɛto so ason no?

  3. Sɛ wohwɛ mfonini no a, Yeriko afasu no reyɛ dɛn?

  4. Adɛn nti na hama kɔkɔɔ bi sɛn mfɛnsere no mu?

  5. Yosua ka kyerɛɛ akofofo no sɛ wɔnyɛ nkurɔfo no ne kurow no dɛn, na dwetɛ, sika, kɔbere ne dade no nso ɛ?

  6. Dɛn na wɔka kyerɛɛ akwansrafo baanu no sɛ wɔnyɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 6:1-25.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Israelfo twaa Yeriko ho hyiae da a ɛto so ason no ne sɛnea Yehowa Adansefo yɛ asɛnka adwuma no wɔ nna a edi akyiri yi mu no di nsɛ? (Yos. 6:15, 16; Yes. 60:22; Mat. 24:14; 1 Kor. 9:16)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yosua 6:26 no baa mu wɔ mfe 500 akyi, na dɛn na ɛkyerɛ yɛn wɔ Yehowa anom asɛm ho? (1 Ahe. 16:34; Yes. 55:11)

Adesua 47

Owifo wɔ Israel

  1. Ɔbarima bɛn na ɔwɔ mfonini no mu a ɔde nneɛma a ɔfa fii Yeriko resie fam no, na henanom na wɔreboa no no?

  2. Adɛn nti na ade a Akan ne n’abusuafo yɛe no yɛ aniberesɛm saa?

  3. Bere a Yosua bisaa Yehowa nea enti a Aifo no dii wɔn so nkonim no, dɛn na Yehowa kae?

  4. Bere a wɔde Akan ne n’abusuafo baa Yosua anim no, dɛn na ɛtoo wɔn?

  5. Asuade a ɛho hia bɛn na Akan asotwe no kyerɛ yɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 7:1-26.

    1. (a) Dɛn na Yosua mpae a ɔbɔe no da no adi wɔ n’abusuabɔ a ɛda ɔne ne Bɔfo no ntam ho? (Yos. 7:7-9; Dw. 119:145; 1 Yoh. 5:14)

    2. (b) Dɛn na Akan nhwɛso no da no adi, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? (Yos. 7:11, 14, 15; Mmeb. 15:3; 1 Tim. 5:24; Heb. 4:13)

  2. Kenkan Yosua 8:1-29.

    Ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ ɔyɛ dɛn wɔ Kristofo asafo no ho nnɛ? (Yos. 7:13; Lev. 5:1; Mmeb. 28:13)

Adesua 48

Gibeonfo a Wonim Nyansa

  1. Ɔkwan bɛn so na Gibeonfo no yɛ soronko wɔ Kanaanfo a wɔwɔ nkurow a ɛbemmɛn wɔn no ho?

  2. Sɛnea mfonini no ma yehu no, dɛn na Gibeonfo no yɛe, na dɛn nti na wɔyɛɛ saa?

  3. Bɔ bɛn na Yosua ne Israel mpanyimfo hyɛɛ Gibeonfo no, nanso nnansa akyi no, dɛn na ɛdaa adi?

  4. Bere a ahene a wɔwɔ nkurow foforo mu tee sɛ Gibeonfo ne Israel ayɛ asomdwoe apam no, dɛn na wɔyɛe?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 9:1-27.

    1. (a) Esiane sɛ na Yehowa ahyɛ Israelfo no sɛ ‘wɔnsɛe asase no sofo nyinaa’ nti, suban bɛn na Gibeonfo a wɔansɛe wɔn no ma yehu wɔ ne ho? (Yos. 9:22, 24; Mat. 9:13; Aso. 10:34, 35; 2 Pet. 3:9)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yosua yɛɛ nhwɛso maa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ denam apam a wɔne Gibeonfo no yɛe a odii so no mu? (Yos. 9:18, 19; Mat. 5:37; Efe. 4:25)

  2. Kenkan Yosua 10:1-5.

    Nnipakuw kɛse no suasua Gibeonfo no wɔ kwan bɛn so, na ɛma nkurɔfo yɛ wɔn dɛn? (Yos. 10:4; Sak. 8:23; Mat. 25:35-40; Adi. 12:17)

Adesua 49

Owia no Gyina Faako

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na Yosua reka, na dɛn nti na ɔreka saa?

  2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa boaa Yosua ne ne dɔm no?

  3. Ahene baahe na Yosua dii wɔn so nkonim na egyee bere tenten ahe?

  4. Adɛn nti na Yosua kyekyɛɛ Kanaan asase no mu?

  5. Yosua dii mfe ahe ansa ɔrewu, na dɛn na ɛbaa nkurɔfo no so wɔ ne wu akyi?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yosua 10:6-15.

    Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa maa owia ne ɔsram gyina maa Israelfo nti, awerɛhyem bɛn na yɛwɔ nnɛ? (Yos. 10:8, 10, 12, 13; Dw. 18:3; Mmeb. 18:10)

  2. Kenkan Yosua 12:7-24.

    Hena ankasa na Kanaan ahene 31 no so nkonim a wodii no ho anuonyam yɛ ne de, na dɛn nti na eyi ho hia yɛn nnɛ? (Yos. 12:7; 24:11-13; Deut. 31:8; Luka 21:9, 25-28)

  3. Kenkan Yosua 14:1-5.

    Ɔkwan bɛn na wɔnam so kyɛɛ asase no maa Israel mmusuakuw no, na ɛma yehu sɛ Paradise asase no kyɛ nso bɛyɛ dɛn? (Yos. 14:2; Yes. 65:21; Hes. 47:21-23; 1 Kor. 14:33)

  4. Kenkan Atemmufo 2:8-13.

    Henanom na wɔko tia ɔwae nnɛ te sɛ Yosua a na ɔwɔ Israel no? (Atem. 2:8, 10, 11; Mat. 24:45-47; 2 Tes. 2:3-6; Tito 1:7-9; Adi. 1:1; 2:1, 2)

Adesua 50

Mmea Akokodurufo Baanu

  1. Atemmufo no yɛ nnipa bɛn, na dɛn ne ebinom din?

  2. Dibea soronko bɛn na na Debora wɔ, na na n’adwuma no fa dɛn ho?

  3. Bere a Ɔhene Yabin ne ne sahene Sisera tuu n’ani sii Israelfo so no, Yehowa anom asɛm bɛn na Debora ka kyerɛɛ Ɔtemmufo Barak, na hena na Debora kae sɛ obenya nkonimdi no ho anuonyam?

  4. Ɔkwan bɛn so na Yael kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbea kokodurufo?

  5. Ɔhene Yabin wu akyi no, dɛn na ɛbae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Atemmufo 2:14-22.

    Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no maa Yehowa bo fuw wɔn, na asuade bɛn na yebetumi anya afi mu? (Atem. 2:20; Mmeb. 3:1, 2; Hes. 18:21-23)

  2. Kenkan Atemmufo 4:1-24.

    Gyidi ne akokoduru ho asuade bɛn na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya afi nea Debora ne Yael yɛe no mu? (Atem. 4:4, 8, 9, 14, 21, 22; Mmeb. 31:30; 1 Kor. 16:13)

  3. Kenkan Atemmufo 5:1-31.

    Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa nkonimdi dwom a Barak ne Debora toe no sɛ mpaebɔ a ɛfa Harmagedon ko a ɛreba no ho? (Atem. 5:3, 31; 1 Be. 16:8-10; Adi. 7:9, 10; 16:16; 19:19-21)

Adesua 51

Rut ne Naomi

  1. Ɛyɛɛ dɛn na Naomi bepuee Moab asase so?

  2. Rut ne Orpa yɛ henanom?

  3. Bere a Naomi ka kyerɛɛ Rut ne Orpa sɛ wɔnsan nkɔ wɔn nkurɔfo nkyɛn no, dɛn na wɔn mu biara yɛe?

  4. Boas yɛ onipa bɛn, na ɔkwan bɛn so na ɔboaa Rut ne Naomi?

  5. Dɛn ne Boas ne Rut ba no din, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Rut 1:1-17.

    1. (a) Nsɛm bɛn na Rut kae a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a edi mu? (Rut 1:16, 17)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na adwene a na Rut wɔ no te sɛ adwene a “nguan foforo” no wɔ wɔ wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no ho? (Yoh. 10:16; Sak. 8:23)

  2. Kenkan Rut 2:1-23.

    Ɔkwan bɛn so na mmabaa betumi asuasua Rut nhwɛso pa no nnɛ? (Rut 2:17, 18; Mmeb. 23:22; 31:15)

  3. Kenkan Rut 3:5-13.

    1. (a) Boas buu ɔpɛ a Rut nyae sɛ ɔbɛware no mmom sen sɛ ɔbɛware aberante no dɛn?

    2. (b) Dɛn na Rut suban ma yehu wɔ ɔdɔ a edi mu ho? (Rut 3:10; 1 Kor. 13:4, 5)

  4. Kenkan Rut 4:7-17.

    Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmarima a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ te sɛ Boas? (Rut 4:9, 10; 1 Tim. 3:1, 12, 13; 5:8)

Adesua 52

Gideon ne Ne Mmarima 300 No

  1. Ɛyɛɛ dɛn na amanehunu bebree aba Israelfo so?

  2. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ mmarima a ɔde wɔn rekɔ ko no dɔɔso dodo?

  3. Bere a Gideon kaa sɛ wɔn a wosuro no nsan nkɔ fie no, mmarima baahe na ɛkae?

  4. Hwɛ mfonini no na ka ɔkwan a Yehowa nam so tew Gideon mmarima no so maa wɔkaa 300 pɛ no.

  5. Ɔkwan bɛn so na Gideon kyekyɛɛ mmarima 300 no mu, na ɛyɛɛ dɛn na Israel dii nkonim?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Atemmufo 6:36-40.

    1. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Gideon huu nea Yehowa pɛ?

    2. (b) Yɛyɛ dɛn hu Yehowa apɛde nnɛ? (Mmeb. 2:3-6; Mat. 7:7-11; 2 Tim. 3:16, 17)

  2. Kenkan Atemmufo 7:1-25.

    1. (a) Dɛn na yebetumi asua afi nnipa 300 a wɔmaa wɔn ani daa hɔ ne wɔn a wɔamma wɔn ani anna hɔ no hɔ? (Atem. 7:3, 6; Rom. 13:11, 12; Efe. 5:15-17)

    2. (b) Sɛnea nnipa 300 no hwɛɛ Gideon suaa no no, ɔkwan bɛn so na yɛhwɛ Gideon Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo sua no? (Atem. 7:17; Mat. 11:29, 30; 28:19, 20; 1 Pet. 2:21)

    3. (d) Dɛn na ɛwɔ Atemmufo 7:21 a ɛboa ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ baabiara a yɛsom wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? (1 Kor. 4:2; 12:14-18; Yak. 4:10)

  3. Kenkan Atemmufo 8:1-3.

    Sɛ asɛm bi ba yɛne yɛn nua bi ntam a, dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Gideon ne Efraimfo siesiee wɔn ntam no mu? (Mmeb. 15:1; Mat. 5:23, 24; Luka 9:48)

Adesua 53

Yefta Bɔhyɛ No

  1. Hena ne Yefta, na bere bɛn na ɔtraa ase?

  2. Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛɛ Yehowa?

  3. Bere a Yefta kodii Amonfo so nkonim wiei a ɔbaa fie no, adɛn nti na ne werɛ howee?

  4. Bere a Yefta babea no tee nea ne papa aka akyerɛ Yehowa no, dɛn na ɔkae?

  5. Adɛn nti na na nkurɔfo no pɛ Yefta babea no asɛm?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Atemmufo 10:6-18.

    Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya fi asoɔden a Israel yɛɛ tiaa Yehowa no mu? (Atem. 10:6, 15, 16; Rom. 15:4; Adi. 2:10)

  2. Kenkan Atemmufo 11:1-11, 29-40.

    1. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ka a Yefta kae sɛ ɔde ne babea no bɛbɔ “afɔre mũ” no nkyerɛ sɛ ɔhyew no sɛnea wɔbɔ ɔhyew afɔre? (Atem. 11:31; Lev. 16:24; Deut. 18:10, 12)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yefta de ne babea no bɔɔ afɔre?

    3. (d) Dɛn na yebetumi asua afi nea Yefta yɛe wɔ ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no ho? (Atem. 11:35, 39; Ɔsɛnk. 5:4, 5; Mat. 16:24)

    4. (e) Ɔkwan bɛn so na Yefta babea no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo mmabun sɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɛsom? (Atem. 11:36; Mat. 6:33; Filip. 3:8)

Adesua 54

Onipa Hoɔdenfo a Ɔsen Biara

  1. Dɛn ne onipa a ɔwɔ ahoɔden sen biara a watra ase pɛn no din, na hena na ɔmaa no ahoɔden no?

  2. Sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no, dɛn na da koro bi Simson de yɛɛ gyata kɛse bi?

  3. Sɛ wohwɛ mfonini no a, asomusɛm bɛn na Simson reka akyerɛ Delila no, na ɛyɛɛ dɛn na saa asɛm no maa Filistifo tumi kyeree Simson?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na Simson tumi kunkum Filistifo 3,000 da a owui no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Atemmufo 13:1-14.

    Dɛn na Manoa ne ne yere yɛe a awofo betumi asua de atete wɔn mma? (Atem. 13:8; Dw. 127:3; Efe. 6:4)

  2. Kenkan Atemmufo 14:5-9 ne 15:9-16.

    1. (a) Sɛnea Simson kum gyata no tetew ntampehama foforo mu san de afurum abogye kunkum mmarima 1,000 no kyerɛ yɛn dɛn fa Yehowa honhom kronkron no dwumadi ho?

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron boa yɛn nnɛ? (Atem. 14:6; 15:14; Sak. 4:6; Aso. 4:31)

  3. Kenkan Atemmufo 16:18-31.

    Fekubɔne kaa Simson dɛn, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Atem. 16:18, 19; 1 Kor. 15:33)

Adesua 55

Abofra Ketewa Som Nyankopɔn

  1. Dɛn ne abofra ketewa a ɔwɔ mfonini no mu no din, na wɔn a wɔka ne ho no yɛ henanom?

  2. Mpae bɛn na Hana bɔe da koro bi bere a ɔkɔɔ Yehowa ntamadan mu no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa tiee ne mpaebɔ no?

  3. Bere a wɔde Samuel kɔɔ sɛ ɔnkɔsom wɔ Yehowa ntamadan mu no na wadi mfe ahe, na dɛn na na ne maame yɛ ma no afe biara?

  4. Dɛn ne Eli mmabarima no din, na na wɔyɛ nnipa bɛn?

  5. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so frɛɛ Samuel, na asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

  6. Bere a Samuel nyinii no adwuma bɛn na ɔbɛyɛe, na bere a ɔbɔɔ akwakora no dɛn na esii?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 1:1-28.

    1. (a) Nhwɛso fɛfɛɛfɛ bɛn na Elkana yɛ ma mmusua ti a wodi wɔn fiefo anim wɔ nokware som mu no? (1 Sam. 1:3, 21; Mat. 6:33; Filip. 1:10)

    2. (b) Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Hana dii nneɛma ho dwuma bere a na asɛm bi reteetee no no mu? (1 Sam. 1:10, 11; Dw. 55:22; Rom. 12:12)

  2. Kenkan 1 Samuel 2:11-36.

    Ɔkwan bɛn so na Eli de nidi maa ne mma sen Yehowa, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn? (1 Sam. 2:22-24, 27, 29; Deut. 21:18-21; Mat. 10:36, 37)

  3. Kenkan 1 Samuel 4:16-18.

    Awerɛhosɛm anan bɛn na efi akono bae, na ɛkaa Eli dɛn?

  4. Kenkan 1 Samuel 8:4-9.

    Ɔkwan bɛn so na Israel yɛɛ bɔne kɛse paa tiaa Yehowa, na yɛbɛyɛ dɛn agyina n’Ahenni no akyi pintinn nnɛ? (1 Sam. 8:5, 7; Yoh. 17:16; Yak. 4:4)

Adesua 56

Saul—Israel Hene a Odi Kan

  1. Dɛn na Samuel reyɛ wɔ mfonini no mu, na dɛn nti na ɔreyɛ saa?

  2. Adɛn nti na Yehowa pɛ Saul asɛm, na na Saul yɛ onipa bɛn?

  3. Dɛn ne Saul babarima no din, na ne babarima no yɛɛ dɛn?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na Saul bɔɔ afɔre na wantwɛn amma Samuel ammɛbɔ?

  5. Asuade bɛn na yebetumi anya afi Saul ho asɛm no mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 9:15-21 ne 10:17-27.

    Ɔkwan bɛn so na Saul ahobrɛase no boaa no ma enti bere a nkurɔfo bi kasa tiaa no no onyaa ntoboase? (1 Sam. 9:21; 10:21, 22, 27; Mmeb. 17:27)

  2. Kenkan 1 Samuel 13:5-14.

    Bɔne bɛn na Saul yɛe wɔ Gilgal? (1 Sam. 10:8; 13:8, 9, 13)

  3. Kenkan 1 Samuel 15:1-35.

    1. (a) Bɔne kɛse bɛn na Saul yɛe wɔ Amalek hene Agag ho? (1 Sam. 15:2, 3, 8, 9, 22)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Saul yii ne ho ano na ɔkyerɛe sɛ mfomso no mfi no? (1 Sam. 15:24)

    3. (d) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie nnɛ bere a wɔde afotu rema yɛn no? (1 Sam. 15:19-21; Dw. 141:5; Mmeb. 9:8, 9; 11:2)

Adesua 57

Onyankopɔn Paw Dawid

  1. Dɛn ne abofra a ɔwɔ mfonini no mu no din, na yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔwɔ akokoduru?

  2. Ɛhe na Dawid te, na dɛn ne ne papa ne ne nana din?

  3. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnkɔ Yisai fie wɔ Betlehem?

  4. Bere a Yisai de ne mmabarima baason no bɛkyerɛɛ Samuel no, dɛn na esii?

  5. Bere a wɔde Dawid bae no, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 17:34, 35.

    Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm a esisii yi si so dua sɛ na Dawid wɔ akokoduru na na ɔde ne ho to Yehowa so? (1 Sam. 17:37)

  2. Kenkan 1 Samuel 16:1-14.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa anom asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 16:7 no boa yɛn ma yɛkwati nnipa animhwɛ ne obi ho a wɔhwɛ nya ne ho adwemmɔne? (Aso. 10:34, 35; 1 Tim. 2:4)

    2. (b) Ɛdɛn na ɛwɔ Saul asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ sɛ Yehowa yi ne honhom fi obi so a honhommɔne tumi ba ne so anaa onya atenka bi wɔ ne mu sɛ ɔnyɛ bɔne? (1 Sam. 16:14; Mat. 12:43-45; Gal. 5:16)

Adesua 58

Dawid ne Goliat

  1. Mpoa bɛn na Goliat twaa Israelfo asraafo no?

  2. Goliat tenten ne ne kɛse te dɛn, na akyɛde bɛn na Ɔhene Saul kae sɛ ɔde bɛma obi a obetumi akum Goliat?

  3. Bere a Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔyɛ abofra nti ontumi ne Goliat nko no, dɛn na Dawid kae?

  4. Bere a Dawid rema Goliat mmuae no, dɛn na Dawid kae a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne werɛ ahyɛ Yehowa mu?

  5. Sɛnea wutumi hu wɔ mfonini no mu no, dɛn na Dawid de kum Goliat, na ɛno akyi no, Filistifo no yɛɛ dɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 17:1-54.

    1. (a) Dɛn nti na Dawid ammɔ hu, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua n’akokoduru no? (1 Sam. 17:37, 45; Efe. 6:10, 11)

    2. (b) Sɛ Kristofo redi agoru anaa wɔregye wɔn ani a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkwati akansi honhom a Goliat daa no adi no? (1 Sam. 17:8; Gal. 5:26; 1 Tim. 4:8)

    3. (d) Dɛn na ɛwɔ nsɛm a Dawid kae no mu a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn gyina n’akyi? (1 Sam. 17:45-47; 2 Be. 20:15)

    4. (e) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔko no yɛ nokware Nyankopɔn Yehowa ne abosom ntam ko ankasa na ɛnyɛ asraafo dɔm abien bi ntam ko? (1 Sam. 17:43, 46, 47)

    5. (ɛ) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no mufo a wɔaka no suasua Dawid de wɔn ho to Yehowa so? (1 Sam. 17:37; Yer. 1:17-19; Adi. 12:17)

Adesua 59

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan

  1. Ɛyɛɛ dɛn na Saul ani beree Dawid, nanso ɔkwan bɛn so na ɛsono Saul ba Yonatan?

  2. Ɛda bi, bere a Dawid rebɔ sanku ama Saul no, dɛn na esii?

  3. Saul kaa sɛ Dawid nyɛ dɛn ansa na ɔde ne ba Mikal ama no aware, na adɛn nti na Saul kaa saa?

  4. Sɛnea wuhu wɔ mfonini no mu no, dɛn na esii mprɛnsa bere a Dawid rebɔ sanku ama Saul no?

  5. Dɛn na Mikal yɛe de bɔɔ Dawid nkwa ho ban, na na ɛsɛ sɛ Dawid yɛ dɛn mfe ason?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 18:1-30.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ kɛse a na ɛwɔ Dawid ne Yonatan ntam no ma yehu ɔdɔ a ɛwɔ “nguan foforo” no ne “kuw ketewa” no ntam? (1 Sam. 18:1; Yoh. 10:16; Luka 12:32; Sak. 8:23)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na 1 Samuel 18:4 da Yonatan ahobrɛase a ɛda nsow ma nea Yehowa ayi no sɛ ɔmmɛyɛ ɔhene no adi, ɛmfa ho nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔno na anka ɛsɛ sɛ odi Saul ade no?

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na nea Saul yɛe no ma yehu sɛ nitan betumi ama yɛayɛ bɔne a ɛsõ, na kɔkɔbɔ bɛn na ɛde ma yɛn? (1 Sam. 18:7-9, 25; Yak. 3:14-16)

  2. Kenkan 1 Samuel 19:1-17.

    Ɔkwan bɛn so na Yonatan de ɔno ara nso kra too ne nsam bere a ɔkaa nsɛm a ɛwɔ 1 Samuel 19:4, 5 no? (1 Sam. 19:1, 6)

Adesua 60

Abigail ne Dawid

  1. Dɛn ne ɔbea a ɔwɔ mfonini no mu a ɔrebehyia Dawid no din, na ɔyɛ onipa bɛn?

  2. Nabal yɛ onipa bɛn?

  3. Adɛn nti na Dawid somaa ne mmarima no bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ mmoa mfi Nabal nkyɛn?

  4. Asɛm bɛn na Nabal ka kyerɛɛ Dawid mmarima no, na dɛn na Dawid yɛɛ wɔ ho?

  5. Dɛn na Abigail yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbea nyansafo?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 22:1-4.

    Dɛn na ɛwɔ Dawid abusuafo ho a ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛboaboa yɛn ho wɔ Kristofo asafo no mu? (Mmeb. 17:17; 1 Tes. 5:14)

  2. Kenkan 1 Samuel 25:1-43.

    1. (a) Adɛn nti na wɔka Nabal ho asɛm sɛ onipa huhuni? (1 Sam. 25:2-5, 10, 14, 21, 25)

    2. (b) Dɛn na Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi nea Abigail yɛe no mu? (1 Sam. 25:32, 33; Mmeb. 31:26; Efe. 5:24)

    3. (d) Nneɛma bɔne abien bɛn na Abigail sianka Dawid fii ho? (1 Sam. 25:31, 33; Rom. 12:19; Efe. 4:26)

    4. (e) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Dawid tiee Abigail asɛm no betumi aboa mmarima a wɔwɔ hɔ nnɛ ama wɔanya sɛnea Yehowa bu mmea no ho adwene? (Aso. 21:8, 9; Rom. 2:11; 1 Pet. 3:7)

Adesua 61

Wɔde Dawid Si Hene

  1. Bere a na Saul ada wɔ ne nsra mu no, dɛn na Dawid ne Abisai yɛe?

  2. Nsɛm bɛn na Dawid bisaa Saul?

  3. Bere a Dawid gyaw Saul hɔ no, ɛhe na Dawid kɔe?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na Dawid werɛ how kɛse a enti ɔkyerɛw dwom dɛdɛ bi no?

  5. Bere a wɔde Dawid sii hene wɔ Hebron no na wadi mfe ahe, na dɛn ne ne mma mmarima no binom din?

  6. Ɛhe na Dawid dii hene akyiri yi?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Samuel 26:1-25.

    1. (a) Dawid anom asɛm a wɔakyerɛw wɔ 1 Samuel 26:11 no ma yenya Onyankopɔn nhyehyɛe ho adwene bɛn? (Dw. 37:7; Rom. 13:2)

    2. (b) Sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ obi papa na wankyerɛ ho anisɔ a, ɔkwan bɛn so na Dawid nsɛm a ɛwɔ 1 Samuel 26:23 bɛboa yɛn ama yɛanya adwempa? (1 Ahe. 8:32; Dw. 18:20)

  2. Kenkan 2 Samuel 1:26.

    Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ atumi anya “ɔdɔ a emu yɛ den” a na Dawid ne Yonatan wɔ no bi ama wɔn ho? (1 Pet. 4:8; Kol. 3:14; 1 Yoh. 4:12)

  3. Kenkan 2 Samuel 5:1-10.

    1. (a) Dawid dii ade mfe ahe, na ɔkwan bɛn so na wɔkyekyɛɛ mfe no mu? (2 Sam. 5:4, 5)

    2. (b) Hena na ɔmaa Dawid yɛɛ onipa titiriw, na ɔkwan bɛn so na ɛbɔ yɛn nkae nnɛ? (2 Sam. 5:10; 1 Sam. 16:13; 1 Kor. 1:31; Filip. 4:13)

Adesua 62

Ɔhaw Wɔ Dawid Fie

  1. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, dɛn na awiei koraa no ɛbaa Kanaan asase no so?

  2. Dɛn na esii da koro anwummere a Dawid wɔ n’ahemfie dan atifi no?

  3. Adɛn nti na Yehowa bo fuw Dawid kɛse?

  4. Sɛ wohwɛ mfonini no a, hena na Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔka Dawid bɔne no ho asɛm nkyerɛ no, na ɔbarima no kaa sɛ dɛn na ɛbɛto Dawid?

  5. Ɔhaw bɛn na Dawid hyiae?

  6. Dawid wui no, hena na obedii hene wɔ Israel?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Samuel 11:1-27.

    1. (a) Sɛ yɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu a, ɛbɔ yɛn ho ban ɔkwan bɛn so?

    2. (b) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid kɔyɛɛ bɔne, na kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya fi mu? (2 Sam. 11:2; Mat. 5:27-29; 1 Kor. 10:12; Yak. 1:14, 15)

  2. Kenkan 2 Samuel 12:1-18.

    1. (a) Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne awofo betumi asua afi ɔkwan a Natan faa so ne Dawid kasae no mu? (2 Sam. 12:1-4; Mmeb. 12:18; Mat. 13:34)

    2. (b) Adɛn nti na Yehowa huu Dawid mmɔbɔ? (2 Sam. 12:13; Dw. 32:5; 2 Kor. 7:9, 10)

Adesua 63

Ɔhene Salomo Nyansafo

  1. Dɛn na Yehowa bisaa Salomo, na mmuae bɛn na ɔde mae?

  2. Esiane sɛ Yehowa ani gyee Salomo abisade no ho nti, dɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no?

  3. Asɛm a emu yɛ den bɛn na mmea baanu bi de bɛtoo Salomo anim?

  4. Sɛnea mfonini no kyerɛ no, ɔkwan bɛn na Salomo faa so dii asɛm no ho dwuma?

  5. Salomo ahenni no te sɛ dɛn, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Ahene 3:3-28.

    1. (a) Dɛn na mmarima a wɔwɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu nnɛ no betumi asua afi Salomo komam asɛm a ɛwɔ 1 Ahene 3:7 no mu? (Dw. 119:105; Mmeb. 3:5, 6)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Salomo abisade no ma yehu nneɛma a ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae? (1 Ahe. 3:9, 11; Mmeb. 30:8, 9; 1 Yoh. 5:14)

    3. (d) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Salomo dii mmea baanu no asɛm no a, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya wɔ Salomo Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo a obedi hene daakye no mu? (1 Ahe. 3:28; Yes. 9:6, 7; 11:2-4)

  2. Kenkan 1 Ahene 4:29-34.

    1. (a) Yehowa buaa Salomo abisade a ɔde too n’anim sɛ ɔmma no ahobrɛase koma no dɛn? (1 Ahe. 4:29)

    2. (b) Sɛ wohwɛ sɛnea nkurɔfo bɔɔ mmɔden betiee Salomo nyansa no a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yenya de sua Onyankopɔn Asɛm? (1 Ahe. 4:29, 34; Yoh. 17:3; 2 Tim. 3:16)

Adesua 64

Salomo Si Asɔredan

  1. Bere tenten bɛn na Salomo de sii Yehowa asɔredan no wiei, na dɛn nti na egyee sika pii saa?

  2. Asɔredan no wɔ afã atitiriw ahe, na dɛn na wɔde sii piam hɔ?

  3. Bere a wosii asɔredan no wiei no, mpae bɛn na Salomo bɔe?

  4. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛɛ sɛ n’ani asɔ Salomo mpaebɔ no?

  5. Salomo yerenom nyaa no ma ɔyɛɛ dɛn, na dɛn na ɛtoo no?

  6. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa bo fuw Salomo, na dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Beresosɛm 28:9, 10.

    Sɛnea Dawid nsɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 28:9, 10 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ wɔ da biara da asetra mu? (Dw. 19:14; Filip. 4:8, 9)

  2. Kenkan 2 Beresosɛm 6:12-21, 32-42.

    1. (a) Dɛn na Salomo kae a ɛkyerɛ sɛ ɔdan a onipa asi biara ntumi nkora Ɔsorosoroni Nyankopɔn no? (2 Be. 6:18; Aso. 17:24, 25)

    2. (b) Salomo nsɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 6:32, 33 no ma yehu dɛn wɔ Yehowa ho? (Aso. 10:34, 35; Gal. 2:6)

  3. Kenkan 2 Beresosɛm 7:1-5.

    Te sɛ Israelfo no a wɔn koma kaa wɔn ma wɔkamfoo Yehowa bere a wohuu n’anuonyam no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn nnɛ wɔ bere a yesusuw nhyira a Yehowa de ahyira ne nkurɔfo no ho? (2 Be. 7:3; Dw. 22:22; 34:1; 96:2)

  4. Kenkan 1 Ahene 11:9-13.

    Sɛ yɛhwɛ Salomo asetra a, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu hia a ehia sɛ yedi nokware kodu awiei? (1 Ahe. 11:4, 9; Mat. 10:22; Adi. 2:10)

Adesua 65

Wɔpae Ahenni no Mu

  1. Dɛn ne mmarima baanu a wɔwɔ mfonini no mu no din, na wɔyɛ nnipa bɛn?

  2. Dɛn na Ahia yɛɛ n’atade nguguso a na ɛhyɛ no no, na saa ade a ɔyɛe no kyerɛ dɛn?

  3. Salomo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ Yerobeam dɛn?

  4. Adɛn nti na nkurɔfo no de Yerobeam sii mmusuakuw du so hene?

  5. Adɛn nti na Yerobeam yɛɛ sika nantwi mma abien no, na dɛn na afei ɛhyɛɛ asase no so ma?

  6. Dɛn na ɛbaa mmusuakuw abien ahemman no ne Yehowa asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no so?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Ahene 11:26-43.

    Ná Yerobeam yɛ onipa bɛn, na bɔ bɛn na Yehowa hyɛe no sɛ sɛ odi ne mmara so a ɔde bɛma no? (1 Ahe. 11:28, 38)

  2. Kenkan 1 Ahene 12:1-33.

    1. (a) Dɛn na awofo ne asafo mu mpanyimfo betumi asua afi Rehabeam nhwɛso bɔne no mu na wɔamfa tumi anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so? (1 Ahe. 12:13; Ɔsɛnk. 7:7; 1 Pet. 5:2, 3)

    2. (b) Sɛ mmabun pɛ sɛ wosi wɔn adwene pi wɔ abrabɔ mu nsɛm a emu yɛ duru ho a, henanom nkyɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔpɛ akwankyerɛ? (1 Ahe. 12:6, 7; Mmeb. 1:8, 9; 2 Tim. 3:16, 17; Heb. 13:7)

    3. (d) Dɛn na ɛkaa Yerobeam maa no yɛɛ mmeae abien a wɔde som nantwi mma no, na ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛɛ gyidi a na wonni wɔ Yehowa mu koraa? (1 Ahe. 11:37; 12:26-28)

    4. (e) Hena na odii mmusuakuw du no anim maa wɔsɔre tiaa nokware som? (1 Ahe. 12:32, 33)

Adesua 66

Yesebel—Ɔhemmaa Tirimɔdenfo

  1. Hena ne Yesebel?

  2. Dɛn na ɛmaa Ɔhene Ahab werɛ howee da koro bi?

  3. Dɛn na Yesebel yɛe de gyee Nabot bobeturo no maa ne kunu Ahab?

  4. Hena na Yehowa somaa no maa no kɔtwee Yesebel aso?

  5. Sɛnea mfonini no ma yehu no, bere a Yehu duu Yesebel ahemfie hɔ no, dɛn na esii?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Ahene 16:29-33 ne 18:3, 4.

    Bere a Ɔhene Ahab di ade wɔ Israel no, na nneɛma asɛe akodu he? (1 Ahe. 14:9)

  2. Kenkan 1 Ahene 21:1-16.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Nabot kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru na odi nokware ma Yehowa? (1 Ahe. 21:1-3; Lev. 25:23-28)

    2. (b) Sɛ yɛhwɛ nea Ahab yɛe no a, asuade bɛn na ɛde ma yɛn bere a biribi ankɔ yiye no? (1 Ahe. 21:4; Rom. 5:3-5)

  3. Kenkan 2 Ahene 9:30-37.

    Dɛn na yebetumi asua afi ahokeka a Yehu de yɛɛ Yehowa apɛde no mu? (2 Ahe. 9:4-10; 2 Kor. 9:1, 2; 2 Tim. 4:2)

Adesua 67

Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So

  1. Hena ne Yehosafat, na bere bɛn mu na ɔtraa ase?

  2. Adɛn nti na ehu aka Israelfo no, na dɛn na wɔn mu pii yɛe?

  3. Dɛn mmuae na Yehowa de maa Yehosafat wɔ ne mpaebɔ no ho?

  4. Dɛn na Yehowa ma esii ansa na ɔko no reba so?

  5. Asuade bɛn na yebetumi anya afi Yehosafat hɔ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Beresosɛm 20:1-30.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehosafat kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo yɛ bere a wɔahyia tebea a ɛyɛ hu no? (2 Be. 20:12; Dw. 25:15; 62:1)

    2. (b) Esiane sɛ bere nyinaa no Yehowa nam n’ahyehyɛde so na ɔne ne nkurɔfo di nkitaho nti, ahyehyɛde bɛn na ɔde di dwuma nnɛ? (2 Be. 20:14, 15; Mat. 24:45-47; Yoh. 15:15)

    3. (d) Sɛ Onyankopɔn fi “ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” ase a, ɔkwan bɛn so na yɛn tebea no bɛyɛ te sɛ Yehosafat de no? (2 Be. 20:15, 17; 32:8; Adi. 16:14, 16)

    4. (e) Kyɛfa bɛn na akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo renya wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu nnɛ de suasua Lewifo no? (2 Be. 20:19; Rom. 10:13-15; 2 Tim. 4:2)

Adesua 68

Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio

  1. Henanom ne nnipa baasa a wɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn na ɛtoo abofra no?

  2. Mpae bɛn na Elia bɔ faa abofra no ho, na dɛn na afei esii?

  3. Dɛn ne Elia boafo no din?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na wɔfrɛɛ Elisa kɔɔ ɔbea bi a ofi Sunem fie?

  5. Dɛn na Elisa yɛe, na dɛn na ɛbaa abofra a wawu no so?

  6. Tumi bɛn na Yehowa wɔ, sɛnea ɔnam Elia ne Elisa so daa no adi no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Ahene 17:8-24.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Elia setie ne ne gyidi hwɛe? (1 Ahe. 17:9; 19:1-4, 10)

    2. (b) Dɛn na ɛma okunafo a ofi Sarefat no gyidi da nsow? (1 Ahe. 17:12-16; Luka 4:25, 26)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na okunafo a ofi Sarefat no asɛm no di adanse sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:41, 42 no yɛ nokware? (1 Ahe. 17:10-12, 17, 23, 24)

  2. Kenkan 2 Ahene 4:8-37.

    1. (a) Dɛn na ɔbea a ofi Sunem no kyerɛ yɛn fa ahɔhoyɛ ho? (2 Ahe. 4:8; Luka 6:38; Rom. 12:13; 1 Yoh. 3:17)

    2. (b) Akwan bɛn so na yebetumi ayi ayamye adi akyerɛ Onyankopɔn asomfo nnɛ? (Aso. 20:35; 28:1, 2; Gal. 6:9, 10; Heb. 6:10)

Adesua 69

Abeawa Boa Otumfoɔ Bi

  1. Wɔ mfonini no mu no, dɛn na abeawa ketewa no reka akyerɛ awuraa no?

  2. Hena ne awuraa a ɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn na abeawa ketewa yi reyɛ wɔ awuraa no fie?

  3. Dɛn na Elisa maa n’akoa kɔka kyerɛɛ Naaman, na dɛn nti na Naaman bo fuwii?

  4. Dɛn na esii bere a Naaman tiee ne nkoa no?

  5. Dɛn nti na Elisa annye Naaman akyɛde no, na dɛn na Gehasi yɛe?

  6. Dɛn na ɛbaa Gehasi so, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Ahene 5:1-27.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Israelni abeawa ketewa no yɛe no betumi ahyɛ mmofra nkumaa nkuran nnɛ? (2 Ahe. 5:3; Dw. 8:2; 148:12, 13)

    2. (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Naaman nhwɛso no bere a wofi Kyerɛwnsɛm mu tu yɛn fo no? (2 Ahe. 5:15; Heb. 12:5, 6; Yak. 4:6)

    3. (d) Dɛn na yebetumi asua afi Elisa nhwɛso no a yɛde bɛtoto Gehasi de ho no mu? (2 Ahe. 5:9, 10, 14-16, 20; Mat. 10:8; Aso. 5:1-5; 2 Kor. 2:17)

Adesua 70

Yona ne Apataa Kɛse no

  1. Hena ne Yona, na dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ?

  2. Esiane sɛ na Yona mpɛ sɛ ɔkɔ baabi a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no nti, dɛn na ɔyɛe?

  3. Dɛn na Yona ka kyerɛɛ hyɛn no mufo sɛ wɔnyɛ na ahum no agyae?

  4. Sɛnea wutumi hu wɔ mfonini no mu no, dɛn na esii bere a Yona rekɔ nsu no ase no?

  5. Yona dii nna ahe wɔ apataa kɛse no yam, na dɛn na ɔyɛɛ wɔ hɔ?

  6. Bere a Yona fii apataa kɛse no yam no, ɛhefa na ɔkɔe, na dɛn na eyi kyerɛ yɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yona 1:1-17.

    Sɛnea ɛda adi no, Yona tee nka dɛn wɔ ne dwumadi a ɛne sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ Niniwefo no ho? (Yona 1:2, 3; Mmeb. 3:7; Ɔsɛnk. 8:12)

  2. Kenkan Yona 2:1, 2, 10.

    Ɔkwan bɛn so na Yona asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma yɛn mpaebɔ ho mmuae? (Dw. 22:24; 34:6; 1 Yoh. 5:14)

  3. Kenkan Yona 3:1-10.

    1. (a) Nkuranhyɛ bɛn na yenya fi kɔ a Yehowa kɔɔ so de Yona dii dwuma ɛmfa ho sɛ mfiase no wanyɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no mu? (Dw. 103:14; 1 Pet. 5:10)

    2. (b) Dɛn na Yona suahu a onyae wɔ Niniwefo ho no kyerɛ yɛn fa nnipa a yebedi kan abu wɔn atɛn wɔ yɛn asasesin mu no ho? (Yona 3:6-9; Ɔsɛnk. 11:6; Aso. 13:48)

Adesua 71

Onyankopɔn Hyɛ Paradise Ho Bɔ

  1. Ná hena ne Yesaia, ɔtraa ase bere bɛn, na dɛn na Yehowa de kyerɛɛ no?

  2. Dɛn na asɛm “paradise” no kyerɛ, na dɛn na ɛkae wo?

  3. Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ ɔnkyerɛw mfa Paradise foforo no ho?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na Adam ne Hawa fie fɛfɛ no bɔɔ wɔn?

  5. Dɛn na Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yesaia 11:6-9.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm da asomdwoe a ɛbɛtra nnipa ne mmoa ntam wɔ wiase foforo no mu no adi? (Dw. 148:10, 13; Yes. 65:25; Hes. 34:25)

    2. (b) Honhom fam mmamu bɛn na Yesaia nsɛm no renya wɔ Yehowa nkurɔfo mu nnɛ? (Rom. 12:2; Efe. 4:23, 24)

    3. (d) Hena na ɛsɛ sɛ yɛde nsakrae a nnipa reyɛ wɔ wɔn suban mu nnɛ ne nea wɔbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no ho nkamfo ma? (Yes. 48:17, 18; Gal. 5:22, 23; Filip. 4:7)

  2. Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ Onyankopɔn ne adesamma bɛtra wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na ɛnyɛ sɛ ɔne wɔn bɛtra nipaduam wɔ asase so? (Lev. 26:11, 12; 2 Be. 6:18; Yes. 66:1; Adi. 21:2, 3, 22-24)

    2. (b) Nusu ne yaw bɛn na wobeyi afi hɔ? (Luka 8:49-52; Rom. 8:21, 22; Adi. 21:4)

Adesua 72

Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia

  1. Hena ne ɔbarima a ɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn nti na ne ho akyere no pii?

  2. Nkrataa bɛn na Hesekia atrɛtrɛw mu agu Onyankopɔn anim no, na mpae bɛn na Hesekia bɔ?

  3. Hesekia yɛ ɔhene bɛn, na asɛm bɛn na Yehowa nam Yesaia so de brɛɛ no?

  4. Dɛn na Yehowa bɔfo yɛɛ Asiriafo no, sɛnea yehu wɔ mfonini no mu no?

  5. Ɛwom sɛ mmusuakuw abien ahemman no nyaa asomdwoe kakra de, nanso dɛn na ɛbae wɔ Hesekia wu akyi?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Ahene 18:1-36.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Asiriafo kasamafo Rabsake fae sɛ ɔde bɛbrɛ Israelfo gyidi ase? (2 Ahe. 18:19, 21; Ex. 5:2; Dw. 64:3)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo di Hesekia nhwɛso no akyi bere a wɔne asɔretiafo redi no? (2 Ahe. 18:36; Dw. 39:1; Mmeb. 26:4; 2 Tim. 2:24)

  2. Kenkan 2 Ahene 19:1-37.

    1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Hesekia bere a wɔwɔ ahokyere mu? (2 Ahe. 19:1, 2; Mmeb. 3:5, 6; Heb. 10:24, 25; Yak. 5:14, 15)

    2. Nkogudi a ɛbɔ ho abiɛsa bɛn na ɛbaa Ɔhene Sanaherib so, na ogyina hɔ ma hena wɔ nkɔmhyɛ kwan so? (2 Ahe. 19:32, 35, 37; Adi. 20:2, 3)

  3. Kenkan 2 Ahene 21:1-6, 16.

    Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Manase yɛ ahemfo bɔne a wɔsen biara a wodii Yerusalem so no mu biako? (2 Be. 33:4-6, 9)

Adesua 73

Israel Hempa a Odi Akyiri

  1. Yosia bedii hene no na wadi mfe ahe, na dɛn na ofii ase yɛe bere a odii hene mfe ason no?

  2. Dɛn na wuhu sɛ Yosia reyɛ wɔ mfonini a edi kan no mu?

  3. Dɛn na ɔsɔfo panyin no hui bere a wɔresiesie asɔredan no?

  4. Adɛn nti na Yosia tetew n’atade mu?

  5. Asɛm a efi Yehowa hɔ bɛn na odiyifobea Hulda de maa Yosia?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Beresosɛm 34:1-28.

    1. (a) Nhwɛso bɛn na Yosia yɛ ma wɔn a wohyia nsɛnnennen wɔn mmofrabere mu no? (2 Be. 33:21-25; 34:1, 2; Dw. 27:10)

    2. (b) Adeyɛ a etu mpɔn kɛse bɛn na Yosia yɛe de maa nokware som nyaa nkɔso wɔ n’ahenni mfe a ɛtɔ so 8, 12, ne 18 no mu? (2 Be. 34:3, 8)

    3. (d) Faako a yehyiam som a yɛbɛkɔ so asiesie ho ade bɛn na yesua fi nhwɛso a Ɔhene Yosia ne Ɔsɔfo Panyin Hilkia yɛe no mu? (2 Be. 34:9-13; Mmeb. 11:14; 1 Kor. 10:31)

Adesua 74

Ɔbarima a Ɔnyɛ Ohufo

  1. Hena ne aberante a ɔwɔ mfonini no mu no?

  2. Dɛn na Yeremia susuwii wɔ odiyifo a na ɔbɛyɛ no ho, nanso dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

  3. Nsɛm bɛn na Yeremia kɔɔ so ka kyerɛɛ nkurɔfo no?

  4. Ɔkwan bɛn so na asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Yeremia kwan, nanso ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ onsuro?

  5. Dɛn na ɛbae bere a Israelfo no ansakra wɔn nneyɛe bɔne no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yeremia 1:1-8.

    1. (a) Sɛnea Yeremia nhwɛso no da no adi no, dɛn na ɛma obi fata ma Yehowa som? (2 Kor. 3:5, 6)

    2. (b) Nkuranhyɛ bɛn na nnɛ Kristofo mmabun betumi anya afi Yeremia nhwɛso no mu? (Ɔsɛnk. 12:1; 1 Tim. 4:12)

  2. Kenkan Yeremia 10:1-5.

    Mfatoho a tumi wom bɛn na Yeremia de kyerɛe sɛ mfaso nni so sɛ obi de ne ho bɛto ahoni so? (Yer. 10:5; Yes. 46:7; Hab. 2:19)

  3. Kenkan Yeremia 26:1-16.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na nkaefo a wɔasra wɔn no de ahyɛde a Yehowa de maa Yeremia sɛ “nyi mu asɛm biara” no ato wɔn koma so bere a wɔbɔ kɔkɔ nnɛ no? (Yer. 26:2; Deut. 4:2; Aso. 20:27)

    2. (b) Nhwɛso pa bɛn na Yeremia yɛe de ma Yehowa Adansefo nnɛ wɔ Yehowa kɔkɔbɔ a wɔda no adi kyerɛ amanaman no ho? (Yer. 26:8, 12, 14, 15; 2 Tim. 4:1-5)

  4. Kenkan 2 Ahene 24:1-17.

    Dɛn ne awerɛhosɛm a efii nokware a Yuda anni Yehowa no mu bae? (2 Ahe. 24:2-4, 14)

Adesua 75

Mmerantewa Baanan wɔ Babilon

  1. Henanom ne mmerantewa baanan a wɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn nti na wɔwɔ Babilon?

  2. Adwene bɛn na na Nebukadnesar afa wɔ mmerantewa baanan no ho, na ahyɛde bɛn na ɔde maa ne nkoa?

  3. Ɛdefa aduan ne anonne ho no, dɛn na Daniel bisae de maa ɔne ne nnamfo baasa no?

  4. Sɛ wɔde Daniel ne ne nnamfo baasa no a wodii afumduan dadu no toto mmerantewa afoforo no ho a, na wɔte dɛn?

  5. Ɛyɛɛ dɛn na Daniel ne ne nnamfo baasa no bepuee ahemfie hɔ, na ɔkwan bɛn so na wɔbɔ mmɔden sen asɔfo ne anyansafo no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Daniel 1:1-21.

    1. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ yetumi ko tia sɔhwɛ ne mmerɛwyɛ ahorow a, mmɔdenbɔ bɛn na ɛho hia? (Dan. 1:8; Gen. 39:7, 10; Gal. 6:9)

    2. (b) Akwan bɛn so na ebia nnɛ wɔbɛsɔ mmabun ahwɛ anaa wɔbɛhyɛ sɛ wonni nea ebinom bu no sɛ ‘ahennuan’ no bi? (Dan. 1:8; Mmeb. 20:1; 2 Kor. 6:17–7:1)

    3. (d) Ntease bɛn na Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Hebrifo mmerantewa baanan no ho no boa yɛn ma yenya wɔ wiase nimdeɛ a yebenya ho? (Dan. 1:20; Yes. 54:13; 1 Kor. 3:18-20)

Adesua 76

Wɔsɛe Yerusalem

  1. Dɛn na aba Yerusalem ne Israelfo a wɔwɔ mfonini no mu no so?

  2. Hena ne Hesekiel, na nneɛma a ɛyɛ hu bɛn na Yehowa de kyerɛɛ no?

  3. Esiane sɛ Israelfo no mmu Yehowa nti, dɛn na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ?

  4. Bere a Israelfo tew atua tiaa Ɔhene Nebukadnesar no dɛn na ɔyɛe?

  5. Adɛn nti na Yehowa maa ɔsɛe a ɛyɛ hu yi baa Israelfo so?

  6. Ɔkwan bɛn so na Israel asase no bɛyɛɛ nea nnipa biara nni so, na ɛyɛɛ saa bere tenten ahe?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 2 Ahene 25:1-26.

    1. (a) Hena ne Sedekia, dɛn na ɛtoo no, na ɔkwan bɛn so na eyi maa Bible nkɔmhyɛ nyaa mmamu? (2 Ahe. 25:5-7; Hes. 12:13-15)

    2. (b) Hena na Yehowa de Israelfo mmarato nyinaa ho asodi too no so? (2 Ahe. 25:9, 11, 12, 18, 19; 2 Be. 36:14, 17)

  2. Kenkan Hesekiel 8:1-18.

    Ɔkwan bɛn so na Kristoman asuasua Israelfo awaefo a wɔsom owia no? (Hes. 8:16; Yes. 5:20, 21; Yoh. 3:19-21; 2 Tim. 4:3)

Adesua 77

Ná Wɔrenkotow

  1. Ahyɛde bɛn na Babilon hene Nebukadnesar de ama ɔman no?

  2. Adɛn nti na Daniel nnamfo baasa no ankotow sika honi no?

  3. Bere a Nebukadnesar maa Hebrifo baasa no kwan bio sɛ wɔnkotow no, ɔkwan bɛn so na wɔdaa Yehowa mu ahotoso a wɔwɔ no adi?

  4. Dɛn na Nebukadnesar maa ne mmarima no yɛɛ Sadrak, Mesak, ne Abednego?

  5. Dɛn na Nebukadnesar hui bere a ɔhwɛɛ fononoo no mu no?

  6. Adɛn nti na ɔhene no yii Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no ayɛ, na nhwɛso bɛn na wɔyɛ ma yɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Daniel 3:1-30.

    1. (a) Su bɛn na Hebrifo mmerante baasa no daa no adi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa suasua bere a wɔahyia gyidi ho sɔhwɛ no? (Dan. 3:17, 18; Mat. 10:28; Rom. 14:7, 8)

    2. (b) Asuade a ɛho hia bɛn na Yehowa Nyankopɔn maa Nebukadnesar nyae? (Dan. 3:28, 29; 4:34, 35)

Adesua 78

Nsaano Nkyerɛwee wɔ Fasu Ho

  1. Dɛn na esii bere a Babilon hene tow pon kɛse na ɔnom nkuruwa a wɔfa fii Yehowa asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem no mu no?

  2. Dɛn na Belsasar ka kyerɛɛ ne mmarima a wonim nyansa no, nanso dɛn na wɔantumi anyɛ?

  3. Dɛn na ɔhene no maame ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ?

  4. Adɛn nti na Onyankopɔn somaa nsa sɛ ɛmmɛkyerɛw fasu no ho, sɛnea Daniel ka kyerɛɛ ɔhene no?

  5. Ɔkwan bɛn so na Daniel kyerɛkyerɛɛ nkyerɛwee a ɛwɔ fasu no ho no ase?

  6. Dɛn na esii bere a Daniel gu so rekasa no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Daniel 5:1-31.

    1. (a) Fa Onyankopɔn ho suro toto ehu a ɛkaa Belsasar bere a ohuu nkyerɛwee wɔ fasu ho no ho. (Dan. 5:6, 7; Dw. 19:9; Rom. 8:35-39)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel daa akokoduru kɛse adi bere a ɔrekasa akyerɛ Belsasar ne n’abirɛmpɔn no? (Dan. 5:17, 18, 22, 26-28; Aso. 4:29)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na Daniel ti 5 si Yehowa amansan tumidi so dua? (Dan. 4:17, 25; 5:21)

Adesua 79

Daniel wɔ Agyata Amoa no Mu

  1. Hena ne Dario, na na ɔte nka dɛn wɔ Daniel ho?

  2. Dɛn na mmarima bi a wɔyɛ aniberefo maa Dario yɛe?

  3. Dɛn na Daniel yɛe bere a ɔtee sɛ wɔahyɛ mmara foforo no?

  4. Dɛn na ɛhaw Dario araa ma wantumi anna, na adekyee no dɛn na ɔyɛe?

  5. Mmuae bɛn na Daniel de maa Dario?

  6. Dɛn na ɛbaa nnipa bɔne a wɔpɛe sɛ wokum Daniel no so, na dɛn na Dario kyerɛw kɔmaa n’ahemman no mufo nyinaa?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Daniel 6:1-28.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Daniel ho pɔ a wɔbɔe no kae yɛn nea asɔretiafo ayɛ de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Yehowa Adansefo adwuma no ahyɛ wɔ nnɛ mmere yi mu no ho? (Dan. 6:7; Dw. 94:20; Yes. 10:1; Rom. 8:31)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na nnɛ Onyankopɔn asomfo betumi asuasua Daniel na wɔabrɛ wɔn ho ase ahyɛ ‘atumfo a wɔkorɔn’ no ase? (Dan. 6:5, 10; Rom. 13:1; Aso. 5:29)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Daniel nhwɛso no na yɛasom Yehowa “daa” a yennyae? (Dan. 6:16, 20; Filip. 3:16; Adi. 7:15)

Adesua 80

Onyankopɔn Nkurɔfo Fi Babilon

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na Israelfo no reyɛ?

  2. Ɔkwan bɛn so na nkɔm a Yehowa nam Yesaia so hyɛe no nyaa mmamu wɔ Kores so?

  3. Dɛn na Kores ka kyerɛɛ Israelfo a wɔrentumi nsan nkɔ Yerusalem no?

  4. Dɛn na Kores de maa nkurɔfo no sɛ wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem?

  5. Bere tenten ahe na egyee Israelfo no ansa na wokodu Yerusalem?

  6. Ná mfe dodow ahe na atwam a asase no ada hɔ a nnipa nte so?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yesaia 44:28 ne 45:1-4.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa sii so dua sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kores ho no bɛbam ɔkwan biara so? (Yes. 55:10, 11; Rom. 4:17)

    2. (b) Dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Kores ho no da no adi wɔ tumi a Yehowa Nyankopɔn wɔ sɛ ɔka nea ɛbɛba daakye no ho? (Yes. 42:9; 45:21; 46:10, 11; 2 Pet. 1:20)

  2. Kenkan Esra 1:1-11.

    Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahyɛ’ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma mu no ‘abasam den’ nnɛ de adi wɔn a wɔantumi ansan ankɔ Yerusalem no nhwɛso akyi? (Esra 1:4, 6; Rom. 12:13; Kol. 4:12)

Adesua 81

Onyankopɔn Mmoa mu Ahotoso

  1. Nnipa baahe na wotwaa kwan tenten no fii Babilon kɔɔ Yerusalem, nanso wokodui no, dɛn na wohui?

  2. Bere a Israelfo no kodui no, dɛn na wofii ase sɛ wɔresi, nanso dɛn na wɔn atamfo yɛe?

  3. Hena ne Hagai ne Sakaria, na dɛn na wɔka kyerɛɛ nkurɔfo no?

  4. Adɛn nti na Tatenai de krataa kɔɔ Babilon, na mmuae bɛn na onyae?

  5. Dɛn na Esra yɛe bere a ɔtee sɛ ehia sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔrefi no?

  6. Sɛ wohwɛ mfonini no a, dɛn na Esra rebɔ ho mpae no, na ɔkwan bɛn so na onyaa ne mpaebɔ no ho mmuae, na dɛn na eyi kyerɛ yɛn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Esra 3:1-13.

    Sɛ ɛba sɛ yekopue baabi a Onyankopɔn nkurɔfo asafo nni hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ? (Esra 3:3, 6; Aso. 17:16, 17; Heb. 13:15)

  2. Kenkan Esra 4:1-7.

    Ɛdefa gyidi afrafra ho no, nhwɛso bɛn na Serubabel yɛ maa Yehowa nkurɔfo? (Ex. 34:12; 1 Kor. 15:33; 2 Kor. 6:14-17)

  3. Kenkan Esra 5:1-5, 17 ne 6:1-22.

    1. (a) Dɛn nti na asɔretiafo no antumi ansiw asɔredan adansi adwuma no ano? (Esra 5:5; Yes. 54:17)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na nea Yudafo mpanyimfo yɛe no hyɛ Kristofo mpanyimfo nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ bere a nkurɔfo sɔre tia wɔn no? (Esra 6:14; Dw. 32:8; Rom. 8:31; Yak. 1:5)

  4. Kenkan Esra 8:21-23, 28-36.

    Nhwɛso bɛn na Esra yɛe a ɛbɛyɛ papa sɛ yesuasua ansa na yɛatu anammɔn bi? (Esra 8:23; Dw. 127:1; Mmeb. 10:22; Yak. 4:13-15)

Adesua 82

Mordekai ne Ester

  1. Henanom ne Mordekai ne Ester?

  2. Adɛn nti na na Ɔhene Ahasweros pɛ ɔyere foforo, na hena na ɔpaw no?

  3. Hena ne Haman, na dɛn na ɛhyɛɛ no abufuw kɛse?

  4. Mmara bɛn na wɔhyɛe, na dɛn na Esther yɛe bere a ne nsa kaa nkra fii Mordekai hɔ no?

  5. Dɛn na ɛtoo Haman, na dɛn na wɔyɛɛ Mordekai?

  6. Ɔkwan bɛn so na wogyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Ester 2:12-18.

    Ɔkwan bɛn so na Ester kyerɛe sɛ mfaso wɔ so sɛ yebenya “honhom a edwo na ɛyɛ komm”? (Ester 2:15; 1 Pet. 3:1-5)

  2. Kenkan Ester 4:1-17.

    Wɔ sɛnea wɔmaa Ester hokwan ma ɔde gyinaa nokware som akyi no ho no, hokwan bɛn na wɔde ama yɛn nnɛ sɛ yɛmfa nna yɛn ho a yɛatu ama ne nokware a yedi ma Yehowa no adi? (Ester 4:13, 14; Mat. 5:14-16; 24:14)

  3. Kenkan Ester 7:1-6.

    Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ansuro ɔtaa a ebetumi aba wɔn so te sɛ Ester? (Ester 7:4; Mat. 10:16-22; 1 Pet. 2:12)

Adesua 83

Yerusalem Afasu no

  1. Bere a Israelfo no te wɔn Yerusalem kurow a afasu biara nni ho no mu no, wɔtee nka dɛn?

  2. Hena ne Nehemia?

  3. Adwuma bɛn na na Nehemia yɛ, na adɛn nti na na ɛho hia?

  4. Asɛm bɛn na Nehemia tee a ɛyɛɛ no awerɛhow, na dɛn na ɔyɛe?

  5. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Artasasta yii ayamye adi kyerɛɛ Nehemia?

  6. Ɔkwan bɛn so na Nehemia hyehyɛɛ afasu to adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo atamfo ntumi nsiw no kwan?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Nehemia 1:4-6 ne 2:1-20.

    Ɔkwan bɛn na Nehemia faa so hwehwɛɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ? (Neh. 2:4, 5; Rom. 12:12; 1 Pet. 4:7)

  2. Kenkan Nehemia 3:3-5.

    Dɛn na mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi asua afi nsonsonoe a ɛda Tekoafo ne wɔn “abirɛmpɔn” no ntam no mu? (Neh. 3:5, 27; 2 Tes. 3:7-10; 1 Pet. 5:5)

  3. Kenkan Nehemia 4:1-23.

    1. (a) Dɛn na ɛkanyan Israelfo no ma wɔkɔɔ so sii ɔfasu no ɛmfa ho sɛ wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den? (Neh. 4:6, 8, 9; Dw. 50:15; Yes. 65:13, 14)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Israelfo nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran nnɛ?

  4. Kenkan Nehemia 6:15.

    Yerusalem afasu no a wowiee to wɔ asram abien mu no da sɛnea gyidi tumi hyɛ den no adi wɔ ɔkwan bɛn so? (Dw. 56:3, 4; Mat. 17:20; 19:26)

Adesua 84

Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn

  1. Hena ne ɔbea a ɔwɔ mfonini no mu no?

  2. Dɛn na Gabriel ka kyerɛɛ Maria?

  3. Nsɛm bɛn na Gabriel ka de kyerɛɛ Maria sɛ ɔbɛwo ba bere a ɔne ɔbarima ntrae da no?

  4. Dɛn na esii bere a Maria kɔsraa ne busuani Elisabet no?

  5. Adwene bɛn na Yosef nyae bere a ohui sɛ Maria anyinsɛn no, nanso dɛn nti na ɔsesaa n’adwene?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Luka 1:26-56.

    1. (a) Dɛn na Luka 1:35 ka de kyerɛ sɛ bere a woyii Onyankopɔn Ba no nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu no, Onyankopɔn bɔɔ ho ban fii sintɔ a Adam de awo yɛn mu? (Hag. 2:11-13; Yoh. 6:69; Heb. 7:26; 10:5)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Yesu anuonyam mpo ansa na wɔrewo no? (Luka 1:41-43)

    3. (d) Nhwɛso pa bɛn na Maria yɛ maa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔn nsa ka ɔsom mu hokwan soronko no? (Luka 1:38, 46-49; 17:10; Mmeb. 11:2)

  2. Kenkan Mateo 1:18-25.

    Ɛwom sɛ wɔanhyɛ da amfa edin Imanuel amma Yesu de, nanso ɔkwan bɛn so na dwuma a odii sɛ onipa no ma nea ɛkyerɛ no nyaa mmamu? (Mat. 1:22, 23; Yoh. 14:8-10; Heb. 1:1-3)

Adesua 85

Wɔwo Yesu Mmoadan mu

  1. Hena ne abofra ketewa a ɔwɔ mfonini no mu no, na hefa na Maria de no reto no?

  2. Ɛyɛɛ dɛn na wɔwoo Yesu wɔ mmoadan a mmoa wom mu?

  3. Sɛ wohwɛ mfonini no a, henanom ne mmarima a wɔreba mmoadan no mu no, na dɛn na na ɔbɔfo bi aka akyerɛ wɔn?

  4. Dɛn na ɛma Yesu yɛ soronko?

  5. Adɛn nti na wobetumi afrɛ Yesu sɛ Onyankopɔn Ba?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Luka 2:1-20.

    1. (a) Dɛn na Kaesare Augusto yɛ maa nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu awo ho no nyaa mmamu? (Luka 2:1-4; Mika 5:2)

    2. (b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɛka wɔn a wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘nnipa a wɔsɔ ani’ no ho? (Luka 2:14; Mat. 16:24; Yoh. 17:3; Aso. 3:19; Heb. 11:6)

    3. (d) Sɛ Yudea nguanhwɛfo ahobrɛasefo no mpo dii ahurusi wɔ Agyenkwa no awo ho a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ nnɛ Onyankopɔn asomfo di ahurusi kyɛn saa? (Luka 2:10, 11; Efe. 3:8, 9; Adi. 11:15; 14:6)

Adesua 86

Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan

  1. Henanom ne mmarima a wɔwɔ mfonini no mu no, na adɛn nti na wɔn mu biako de ne nsa akyerɛ nsoromma kɛse bi so?

  2. Dɛn na Ɔhene Herode tee a ɛhaw no, na dɛn na ɔyɛe?

  3. Ɛhefa na nsoromma kɛse no dii mmarima no anim de wɔn kɔe, na adɛn nti na wɔfaa ɔkwan foforo so san kɔɔ wɔn kurom?

  4. Ahyɛde bɛn na Herode de mae, na dɛn ntia?

  5. Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yosef sɛ ɔnyɛ?

  6. Hena na ɔmaa nsoromma foforo no hyerɛnee, na dɛn ntia?

Asɛmmisa a ɛka ho:

  1. Kenkan Mateo 2:1-23.

    Bere a nsoromma mu ahwɛfo no bɛhwɛɛ Yesu no na wadi mfe ahe, na ɛhefa na na ɔwɔ? (Mat. 2:1, 11, 16)

Adesua 87

Abofra Yesu Wɔ Asɔrefi Hɔ

  1. Mfe ahe na Yesu adi wɔ mfonini no mu, na ɛhe na ɔwɔ yi?

  2. Dɛn na Yosef ne n’abusua yɛ afe biara?

  3. Adɛn nti na Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔɔ Yerusalem bio bere a wɔatwa dakoro kwan no?

  4. Ɛhefa na Yosef ne Maria huu Yesu, na adɛn nti na na nnipa a wɔwɔ hɔ no ho adwiriw wɔn saa?

  5. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ ne maame Maria?

  6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua Onyankopɔn ho ade te sɛ Yesu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Luka 2:41-52.

    1. (a) Ɛwom sɛ mmarima nkutoo na Mmara no kae sɛ wɔnkɔ afe afe afahyɛ ahorow no de, nanso nhwɛso fɛfɛ bɛn na Yosef ne Maria yɛe de maa awofo nnɛ? (Luka 2:41; Deut. 16:16; 31:12; Mmeb. 22:6)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso pa de kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ mmofra brɛ wɔn ho ase ma wɔn awofo nnɛ? (Luka 2:51; Deut. 5:16; Mmeb. 23:22; Kol. 3:20)

  2. Kenkan Mateo 13:53-56.

    Yesu honam fam anuanom baanan bɛn na Bible bɔ wɔn din, na ɔkwan bɛn so na wɔde wɔn mu baanu dii dwuma akyiri wɔ Kristofo asafo no mu? (Mat. 13:55; Aso. 12:17; 15:6, 13; 21:18; Gal. 1:19; Yak. 1:1; Yuda 1)

Adesua 88

Yohane Bɔ Yesu Asu

  1. Henanom ne mmarima baanu a wɔwɔ mfonini no mu no?

  2. Ɔkwan bɛn na wɔfa so bɔ obi asu?

  3. Nnipa bɛn na na Yohane taa bɔ wɔn asu?

  4. Ade titiriw bɛn nti na Yesu kae sɛ Yohane mmɔ no asu?

  5. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛe sɛ N’ani gyei sɛ Yesu gyee asubɔ?

  6. Dɛn na esii bere a Yesu nkutoo kɔhyɛɛ baabi nnafua 40 no?

  7. Henanom ne Yesu akyidifo anaa asuafo a wodi kan no binom, na dɛn ne n’anwonwade a edi kan?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 3:13-17.

    Asubɔ ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe de maa n’asuafo no? (Dw. 40:7, 8; Mat. 28:19, 20; Luka 3:21, 22)

  2. Kenkan Mateo 4:1-11.

    Ɔkwan bɛn so na ahokokwaw so a Yesu de Kyerɛwsɛm no dii dwuma no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensua Bible no daa? (Mat. 4:5-7; 2 Pet. 3:17, 18; 1 Yoh. 4:1)

  3. Kenkan Yohane 1:29-51.

    Yohane Osuboni kyerɛɛ n’asuafo no kwan kɔɔ hena nkyɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no nnɛ? (Yoh. 1:29, 35, 36; 3:30; Mat. 23:10)

  4. Kenkan Yohane 2:1-12.

    Ɔkwan bɛn so na Yesu anwonwade a edi kan no daa no adi sɛ Yehowa mmfa biribi pa biara nkame N’asomfo? (Yoh. 2:9, 10; Dw. 84:11; Yak. 1:17)

Adesua 89

Yesu Tew Asɔrefi Hɔ

  1. Adɛn nti na wɔretɔn mmoa wɔ asɔrefi hɔ?

  2. Dɛn na ɛhyɛɛ Yesu abufuw?

  3. Sɛnea wutumi hu wɔ mfonini no mu no, dɛn na Yesu yɛe, na dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ wɔnyɛ?

  4. Bere a Yesu akyidifo no huu nea ɔreyɛ no, dɛn na ɛkaee wɔn?

  5. Bere a Yesu resan akɔ Galilea no ɔkɔfaa ɔmantam bɛn mu?

Asɛmmisa a ɛka ho:

  1. Kenkan Yohane 2:13-25.

    Sɛ yesusuw sɛnea Yesu bo fuw sikasesafo a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no ho a, adwene a ɛteɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ gua a wodi wɔ Ahenni Asa so no ho? (Yoh. 2:15, 16; 1 Kor. 10:24, 31-33)

Adesua 90

Ɔne Ɔbea no wɔ Abura no so

  1. Adɛn nti na Yesu kɔtraa Samaria abura bi ho, na dɛn na na ɔreka akyerɛ ɔbea bi wɔ hɔ?

  2. Dɛn na ɛyɛɛ ɔbea no nwonwa, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ no, na adɛn ntia?

  3. Nsu bɛn na na ɔbea no susuw sɛ Yesu reka ho asɛm, nanso na ɔreka nsu bɛn ho asɛm ankasa?

  4. Adɛn nti na ɛyɛ ɔbea no nwonwa sɛ Yesu nim no ho asɛm, na ɛyɛɛ dɛn na Yesu hui?

  5. Nneɛma bɛn na yebetumi asua afi ɔbea a na ɔwɔ abura no ho no asɛm no mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yohane 4:5-43.

    1. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ nnipa a wofi aman foforo anaa tebea soronko mu de suasua Yesu nhwɛso no? (Yoh. 4:9; 1 Kor. 9:22; 1 Tim. 2:3, 4; Tito 2:11)

    2. (b) Sɛ obi bɛyɛ Yesu suani a, nhyira bɛn na onya? (Yoh. 4:14; Yes. 58:11; 2 Kor. 4:16)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ anisɔ te sɛ Samariani bea no a na ne ho pere no sɛ ɔbɛka nea wasua ho asɛm akyerɛ afoforo no? (Yoh. 4:7, 28; Mat. 6:33; Luka 10:40-42)

Adesua 91

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Bepɔw so

  1. Sɛ wohwɛ mfonini no a, ɛhefa na Yesu rekyerɛkyerɛ no, na henanom na wɔte ne nkyɛn pɛɛ no?

  2. Dɛn ne asomafo 12 no din?

  3. Ahenni bɛn na na Yesu reka ho asɛm no?

  4. Dɛn na Yesu kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmmɔ ho mpae?

  5. Dɛn na Yesu ka faa ɔkwan a ɛsɛ sɛ nnipa ne wɔn ho wɔn ho di ho?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 5:1-12.

    Akwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ honhom fam nneɛma ho hia yɛn? (Mat. 5:3; Rom. 10:13-15; 1 Tim. 4:13, 15, 16)

  2. Kenkan Mateo 5:21-26.

    Ɔkwan bɛn so na Mateo 5:23, 24 si so dua sɛ yɛne yɛn nuanom ntam abusuabɔ tumi ka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ? (Mat. 6:14, 15; Dw. 133:1; Kol. 3:13; 1 Yoh. 4:20)

  3. Kenkan Mateo 6:1-8.

    Dɛn ne su a ɛma obi bu ne ho treneeni a ɛsɛ sɛ Kristofo kwati no bi? (Luka 18:11, 12; 1 Kor. 4:6, 7; 2 Kor. 9:7)

  4. Kenkan Mateo 6:25-34.

    Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛe de fa hia a ehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so wɔ yɛn honam fam ahiade ho? (Ex. 16:4; Dw. 37:25; Filip. 4:6)

  5. Kenkan Mateo 7:1-11.

    Dɛn na mfatoho a emu da hɔ fann a ɛwɔ Mateo 7:5 no kyerɛ yɛn? (Mmeb. 26:12; Rom. 2:1; 14:10; Yak. 4:11, 12)

Adesua 92

Yesu Nyan Awufo

  1. Abeawa a ɔwɔ mfonini no mu no papa ne hena, na dɛn na ama ɔne ne yere ahaw?

  2. Dɛn na Yairo yɛe bere a ohuu Yesu no?

  3. Dɛn na esii bere a Yesu rekɔ Yairo fie no, na nkra bɛn na Yairo nsa kae wɔ ɔkwan so?

  4. Adɛn nti na nnipa a wɔwɔ Yairo fie no serew Yesu?

  5. Bere a Yesu de n’asomafo baasa ne abeawa no papa ne ne maame kaa ne ho kɔɔ abeawa no dan mu no, dɛn na Yesu yɛe?

  6. Hena bio na na Yesu anyan no afi awufo mu, na dɛn na eyi kyerɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Luka 8:40-56.

    Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ayamhyehye ne ntease adi kyerɛɛ ɔbea a na mogya retu no no, na dɛn na Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi mu? (Luka 8:43, 44, 47, 48; Lev. 15:25-27; Mat. 9:12, 13; Kol. 3:12-14)

  2. Kenkan Luka 7:11-17.

    Adɛn nti na wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo wɔ owu mu no betumi anya awerɛkyekye kɛse afi nea Yesu yɛ maa okunafo a ofi Nain no mu? (Luka 7:13; 2 Kor. 1:3, 4; Heb. 4:15)

  3. Kenkan Yohane 11:17-44.

    Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ mfomso nni ho sɛ yebedi awerɛhow bere a yɛn dɔfo bi awu no? (Yoh. 11:33-36, 38; 2 Sam. 18:33; 19:1-4)

Adesua 93

Yesu Ma Nnipa Pii Aduan

  1. Asɛm bɔne bɛn na ɛtoo Yohane Osuboni, na ɛmaa Yesu tee nka dɛn?

  2. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nnipadɔm a wodi n’akyi no aduan, na aduan ahe na ɛkae?

  3. Dɛn na ɛmaa ehu kaa asuafo no anadwo no, na dɛn na ɛtoo Petro?

  4. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nnipa mpempem aduan ne mprenu so?

  5. Adɛn nti na ɛbɛyɛ anigye bere a Yesu di asase so sɛ Onyankopɔn Hene no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 14:1-32.

    1. (a) Dɛn na kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo 14:23-32 no ma yehu wɔ Petro suban ho?

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no da no adi sɛ Petro ho kokwawee ma odii n’ahopere su no so? (Mat. 14:27-30; Yoh. 18:10; 21:7; Aso. 2:14, 37-40; 1 Pet. 5:6, 10)

  2. Kenkan Mateo 15:29-38.

    Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ honam fam nneɛma a N’agya de maa no ho anisɔ? (Mat. 15:37; Yoh. 6:12; Kol. 3:15)

  3. Kenkan Yohane 6:1-21.

    Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn atumi adi Yesu nhwɛso a ɛfa nniso ho no akyi? (Yoh. 6:15; Mat. 22:21; Rom. 12:2; 13:1-4)

Adesua 94

Ɔdɔ Mmofra Nkumaa

  1. Dɛn na asomafo no regye ho akyinnye bere a wofi wɔn kwan tenteenten no reba no?

  2. Adɛn nti na Yesu frɛ abofra kumaa de no gyina asomafo no anim?

  3. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ asomafo no sua sɛ wɔbɛyɛ te sɛ mmofra?

  4. Ɔkwan bɛn so na asram kakraa bi akyi no Yesu kyerɛe sɛ ɔdɔ mmofra?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 18:1-4.

    Adɛn nti na Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛe? (Mat. 13:34, 36; Mar. 4:33, 34)

  2. Kenkan Mateo 19:13-15.

    Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Ahenni nhyira no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesua wɔ mmofra nkumaa ho? (Dw. 25:9; 138:6; 1 Kor. 14:20)

  3. Kenkan Marko 9:33-37.

    Dɛn na Yesu kyerɛɛ n’asuafo no faa dibea akɛse a wɔbɛpere ho? (Mar. 9:35; Mat. 20:25, 26; Gal. 6:3; Filip. 2:5-8)

  4. Kenkan Marko 10:13-16.

    Na henanom na wotumi bɛn Yesu, na dɛn na Kristofo mpanyimfo betumi asua afi ne nhwɛso yi mu? (Mar. 6:30-34; Filip. 2:1-4; 1 Tim. 4:12)

Adesua 95

Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛ

  1. Asɛm bɛn na ɔbarima bi bisaa Yesu, na dɛn ntia?

  2. Dɛn na ɛtɔ mmere bi a Yesu nam so kyerɛkyerɛ, na dɛn na yɛadi kan asua afa Yudafo ne Samariafo ho?

  3. Wɔ asɛm a Yesu kae no mu no, dɛn na ɛtoo Yudani bi a na ɔnam kwan so rekɔ Yeriko no?

  4. Dɛn na esii bere a Yudani sɔfo ne Lewini bi bɛfaa kwan no so no?

  5. Wohwɛ mfonini no a, hena na ɔreboa Yudani a wapira no?

  6. Bere a Yesu kaa asɛm no wiei no, asɛm bɛn na obisae, na mmuae bɛn na ɔbarima no de mmae?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Luka 10:25-37.

    1. (a) Sɛ anka Yesu bɛma mmuae tẽẽ no, ɔkwan bɛn so na ɔboaa obi a onim mmara no ma osusuw asɛm bi ho? (Luka 10:26; Mat. 16:13-16)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de mfatoho boaa n’atiefo ma wodii adwemmɔne a wɔwɔ so? (Luka 10:36, 37; 18:9-14; Tito 1:9)

Adesua 96

Yesu Sa Ayarefo Yare

  1. Dɛn na Yesu yɛe bere a otutuu akwan wɔ ɔman no mu no?

  2. Yesu asubɔ akyi mfe abiɛsa no, dɛn na ɔka kyerɛ n’asomafo no?

  3. Henanom ne nkurɔfo a wɔwɔ mfonini no mu no, na dɛn na Yesu yɛ maa ɔbea no?

  4. Adɛn nti na mmuae a Yesu de mae wɔ nyamesom mpanyimfo no kasatia ho no maa wɔn ani wui?

  5. Bere a Yesu ne n’asomafo no bɛn Yeriko no, dɛn na Yesu yɛ maa anifuraefo baanu a wɔsrɛsrɛ ade no?

  6. Adɛn nti na Yesu yɛɛ anwonwade ahorow?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 15:30, 31.

    Yehowa tumi a ɔde yɛ ade anwonwa kwan so bɛn na wɔnam Yesu so daa no adi, na ɛsɛ sɛ ɛka ntease a yɛwɔ wɔ wiase foforo ho bɔ a Yehowa ahyɛ no wɔ ɔkwan bɛn so? (Dw. 37:29; Yes. 33:24)

  2. Kenkan Luka 13:10-17.

    Ɔkwan bɛn so na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu yɛɛ n’anwonwade ahorow a ɛsen biara no bi Homeda no ma yehu ogye ko a ɔde bɛbrɛ adesamma wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu? (Luka 13:10-13; Dw. 46:9; Mat. 12:8; Kol. 2:16, 17; Adi. 21:1-4)

  3. Kenkan Mateo 20:29-34.

    Ɔkwan bɛn so na saa kyerɛwtohɔ yi da no adi sɛ Yesu nyɛ obi a onni adagyew sɛ ɔbɛboa nnipa, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? (Deut. 15:7; Yak. 2:15, 16; 1 Yoh. 3:17)

Adesua 97

Yesu Ba sɛ Ɔhene

  1. Bere a Yesu beduu akuraa ketewa bi a ɛbɛn Yerusalem ase no, dɛn na ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ?

  2. Wohwɛ mfonini no a, dɛn na esii bere a Yesu bɛn Yerusalem kurow no?

  3. Bere a mmofra nkumaa no hui sɛ Yesu resa anifuraefo ne mpakye yare no, dɛn na wɔyɛe?

  4. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ asɔfo a na wɔn bo afuw no?

  5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ mmofra a woyii Yesu ayɛ no?

  6. Dɛn na asuafo no pɛe sɛ wohu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 21:1-17.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu hyɛn Yerusalem sɛ Ɔhene no nyɛ te sɛ Roma mmere mu ahempɔn a wɔadi nkonim no de no? (Mat. 21:4, 5; Sak. 9:9; Filip. 2:5-8; Kol. 2:15)

    2. (b) Asuade bɛn na mmofra nkumaa betumi anya afi Israelfo mmarimaa a wɔfaa Dwom 118 no mu asɛm kae bere a Yesu rehyɛn asɔrefie hɔ no hɔ? (Mat. 21:9, 15; Dw. 118:25, 26; 2 Tim. 3:15; 2 Pet. 3:18)

  2. Kenkan Yohane 12:12-16.

    Berɛw a nkurɔfo a woyii Yesu ayɛ no de dii dwuma no gyina hɔ ma dɛn? (Yoh. 12:13; Filip. 2:10; Adi. 7:9, 10)

Adesua 98

Ngo Bepɔw no So

  1. Wɔ mfonini no mu no, mmarima yi mu hena ne Yesu, na henanom na wɔka ne ho no?

  2. Dɛn na asɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Yesu wɔ asɔrefi hɔ, na dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn?

  3. Dɛn na asomafo no bisaa Yesu?

  4. Adɛn nti na Yesu kaa nneɛma bi a ebesisi asase so bere a ɔredi tumi sɛ Ɔhene wɔ soro no ho asɛm kyerɛɛ n’asomafo no?

  5. Dɛn na Yesu kae sɛ ebesisi ansa na wayi bɔne nyinaa afi asase so?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 23:1-39.

    1. (a) Ɛwom, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wiase abodin a wɔde bedi dwuma no betumi afata, nanso dɛn na Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 23:8-11 da no adi wɔ abodin a wɔde hoahoa obi wɔ Kristofo asafo no mu no ho? (Aso. 26:25; Rom. 13:7; 1 Pet. 2:13, 14)

    2. (b) Dɛn na Farisifo no de dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde besiw nkurɔfo kwan na wɔammɛyɛ Kristofo, na ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo de akwan a ɛtete saa ara adi dwuma wɔ nnɛ mmere yi mu? (Mat. 23:13; Luka 11:52; Yoh. 9:22; 12:42; 1 Tes. 2:16)

  2. Kenkan Mateo 24:1-14.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔasi hia a boasetɔ ho hia no so dua wɔ Mateo 24:13?

    2. (b) Dɛn na asɛm “awiei no” a ɛwɔ Mateo 24:13 no kyerɛ? (Mat. 16:27; Rom. 14:10-12; 2 Kor. 5:10)

  3. Kenkan Marko 13:3-10.

    Dɛn asɛm na ɛwɔ Marko 13:10 a ɛkyerɛ sɛnea ahenni ho asɛmpaka adwuma no gye ntɛmpɛ, na ɛsɛ sɛ Yesu nsɛm no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? (Rom. 13:11, 12; 1 Kor. 7:29-31; 2 Tim. 4:2)

Adesua 99

Abansoro Dan Bi mu

  1. Sɛnea yehu wɔ mfonini no mu no, adɛn nti na Yesu ne n’asomafo 12 no aba abansoro dan kɛse bi mu?

  2. Ɔbarima a ɔrefi adi akɔ no yɛ hena, na ɔrekɔyɛ dɛn?

  3. Wowiee Twam adidi no, adidi titiriw bɛn na Yesu fii ase?

  4. Twam afahyɛ no maa Israelfo no kaee adeyɛ bɛn, na dɛn na saa aduan titiriw yi kae Yesu akyidifo?

  5. Wɔ Awurade Anwummeduan no akyi no, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no, na dɛn na wɔyɛe?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 26:14-30.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Mateo 26:15 da no adi sɛ yi a Yuda yii Yesu mae no yɛ boapayɛ?

    2. (b) Atirimpɔw abien bɛn na Yesu mogya a wohwie gui no di ho dwuma? (Mat. 26:27, 28; Yer. 31:31-33; Efe. 1:7; Heb. 9:19, 20)

  2. Kenkan Luka 22:1-39.

    Ɔkwan bɛn so na Satan hyɛn Yuda mu? (Luka 22:3; Yoh. 13:2; Aso. 1:24, 25)

  3. Kenkan Yohane 13:1-20.

    1. (a) Esiane asɛm a ɛwɔ Yohane 13:2 no nti, so wobetumi de asodi ato Yuda so wɔ nea ɔyɛe no ho, na dɛn na Onyankopɔn asomfo betumi asua afi eyi mu? (Gen. 4:7; 2 Kor. 2:11; Gal. 6:1; Yak. 1:13, 14)

    2. (b) Nhwɛsode a asuade wom bɛn na Yesu de mae? (Yoh. 13:15; Mat. 23:11; 1 Pet. 2:21)

  4. Kenkan Yohane 17:1-26.

    Bere a Yesu bɔɔ mpae sɛ n’akyidifo “nyɛ biako” no, na dɛn na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? (Yoh. 17:11, 21-23; Rom. 13:8; 14:19; Kol. 3:14)

Adesua 100

Yesu wɔ Turo no Mu

  1. Ɛhefa na Yesu ne n’asomafo no kɔe bere a wofii abansoro dan no mu no, na dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ?

  2. Dɛn na Yesu hui bere a ɔsan baa baabi a n’asomafo no wɔ no, na mpɛn ahe na eyi kɔɔ so?

  3. Henanom na wɔbaa turom hɔ, na dɛn na Yuda Iskariot yɛe sɛnea mfonini no kyerɛ no?

  4. Adɛn nti na Yuda few Yesu afono ho, na dɛn na Petro yɛe?

  5. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Petro, na adɛn nti na Yesu anka ankyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsoma abɔfo bi mmra?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 26:36-56.

    1. (a) Adɛn nti na sɛnea Yesu tuu n’asuafo no fo no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo mpanyimfo nnɛ? (Mat. 20:25-28; 26:40, 41; Gal. 5:17; Efe. 4:29, 31, 32)

    2. (b) Yesu buu honam fam akode a obi de di dwuma tia ne yɔnko no dɛn? (Mat. 26:52; Luka 6:27, 28; Yoh. 18:36)

  2. Kenkan Luka 22:39-53.

    Bere a ɔbɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ Yesu wɔ Getsemane turom hyɛɛ no den no, so na ɛkyerɛ sɛ Yesu gyidi rehinhim? Kyerɛkyerɛ mu. (Luka 22:41-43; Yes. 49:8; Mat. 4:10, 11; Heb. 5:7)

  3. Kenkan Yohane 18:1-12.

    Ɔkwan bɛn na Yesu faa so bɔɔ n’asuafo ho ban fii n’asɔretiafo ho, na dɛn na yebetumi asua afi saa nhwɛso yi mu? (Yoh. 10:11, 12; 18:1, 6-9; Heb. 13:6; Yak. 2:25)

Adesua 101

Wokum Yesu

  1. Hena titiriw na ɔma wokum Yesu?

  2. Dɛn na asomafo no yɛe bere a nyamesom mpanyimfo no faa Yesu kɔe no?

  3. Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa fie hɔ?

  4. Ɛyɛɛ dɛn na Petro fii adi kosui?

  5. Bere a wɔde Yesu san baa Pilato nkyɛn no, nsɛm bɛn na asɔfo mpanyin no teɛteɛɛm kae?

  6. Dɛn na ɛtoo Yesu Fida awiabere, na bɔ bɛn na ɔhyɛɛ nsɛmmɔnedifo a wɔasɛn wɔn ne nkyɛn no mu biako?

  7. Ɛhefa na Paradise a Yesu kaa ho asɛm no bɛba?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 26:57-75.

    Ɔkwan bɛn so na Yudafo asɛnnibea kɛse mufo no daa no adi sɛ bɔne na ɛwɔ wɔn komam? (Mat. 26:59, 67, 68)

  2. Kenkan Mateo 27:1-50.

    Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nu a Yuda nuu ne ho no nyɛ ahonu papa? (Mat. 27:3, 4; Mar. 3:29; 14:21; 2 Kor. 7:10, 11)

  3. Kenkan Luka 22:54-71.

    Dɛn na yebetumi asua afi pa a Petro paa Yesu anadwo a woyii no mae na wɔkyeree no no mu? (Luka 22:60-62; Mat. 26:31-35; 1 Kor. 10:12)

  4. Kenkan Luka 23:1-49.

    Dɛn na Yesu yɛe wɔ atɛnkyea a wobuu no no ho, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Luka 23:33, 34; Rom. 12:17-19; 1 Pet. 2:23)

  5. Kenkan Yohane 18:12-40.

    Dɛn na nnipa ho suro a Petro ma enyaa ne so tumi nanso odii so ma ɔbɛyɛɛ ɔsomafo a ɔda nsow no kyerɛ? (Yoh. 18:25-27; 1 Kor. 4:2; 1 Pet. 3:14, 15; 5:8, 9)

  6. Kenkan Yohane 19:1-30.

    1. (a) Honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na na Yesu wɔ? (Yoh. 2:1, 2, 9, 10; 19:23, 24; Mat. 6:31, 32; 8:20)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a ɔkae bere a ɔrewu no yɛ nkonimdi mpaemuka a ɛkyerɛ sɛ wagyina Yehowa tumidi akyi? (Yoh. 16:33; 19:30; 2 Pet. 3:14; 1 Yoh. 5:4)

Adesua 102

Yesu Te Ase

  1. Hena ne ɔbea a ɔwɔ mfonini no mu no, henanom ne mmarima baanu no, na hefa na wɔwɔ no?

  2. Adɛn nti na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ wɔnsoma asraafo ma wɔnkɔwɛn Yesu damoa no?

  3. Yesu wu akyi no, dɛn na ɔbɔfo bi yɛe ne nnansa so anɔpatutuutu, nanso dɛn na asɔfo no yɛe?

  4. Adɛn nti na mmea bi a wɔkɔɔ ɔda no so no ho dwiriw wɔn?

  5. Dɛn na ɛmaa Petro ne Yohane tuu mmirika kɔɔ Yesu ɔda no so, na dɛn na wohui?

  6. Dɛn na ɛbaa Yesu amũ no so, nanso dɛn na ɔyɛe de kyerɛɛ asuafo no sɛ ɔte ase?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Mateo 27:62-66 ne 28:1-15.

    Bere a Yesu nyanee no, dɛn na asɔfo mpanyin, Farisifo, ne mpanyimfo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia honhom kronkron no? (Mat. 12:24, 31, 32; 28:11-15)

  2. Kenkan Luka 24:1-12.

    Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛfa Yesu wusɔre no ho no kyerɛ sɛ Yehowa bu mmea sɛ adansefo anokwafo? (Luka 24:4, 9, 10; Mat. 28:1-7)

  3. Kenkan Yohane 20:1-12.

    Ɔkwan bɛn so na Yohane 20:8, 9 boa ma yehu sɛ boasetɔ ho hia bere a yɛnte Bible nkɔmhyɛ bi mmamu ase nwie no? (Mmeb. 4:18; Mat. 17:22, 23; Luka 24:5-8; Yoh. 16:12)

Adesua 103

Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu

  1. Dɛn na Maria ka kyerɛɛ ɔbarima bi a osusuwii sɛ ɔyɛ turom hɔ hwɛfo no, nanso dɛn na ɛma ohui sɛ ɛyɛ Yesu ankasa?

  2. Dɛn na asuafo baanu a wɔnam rekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus no hui?

  3. Anwonwade bɛn na esii bere a asuafo baanu no reka akyerɛ asomafo no sɛ wɔahu Yesu no?

  4. Mpɛn ahe na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ n’akyidifo no?

  5. Dɛn na Toma kae bere a ɔtee sɛ asuafo no ahu Awurade no, nanso dɛn na esii wɔ nnawɔtwe akyi?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yohane 20:11-29.

    So na Yesu reka wɔ Yohane 20:23 sɛ wɔama nnipa tumi sɛ wɔmfa bɔne nkyɛ? Kyerɛkyerɛ mu. (Dw. 49:2, 7; Yes. 55:7; 1 Tim. 2:5, 6; 1 Yoh. 2:1, 2)

  2. Kenkan Luka 24:13-43.

    Yɛbɛyɛ dɛn atumi asiesie yɛn koma ma agye Bible mu nokware atom? (Luka 24:32, 33; Esra 7:10; Mat. 5:3; Aso. 16:14; Heb. 5:11-14)

Adesua 104

Yesu San Kɔ Soro

  1. Asuafo baahe na wohuu Yesu da koro, na dɛn asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn?

  2. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na asase so asetra bɛyɛ dɛn bere a Yesu di so sɛ Ɔhene mfirihyia apem no?

  3. Nna ahe na Yesu de ayi ne ho adi akyerɛ n’asuafo no, nanso dɛn na bere adu afei sɛ ɔyɛ?

  4. Ansa na Yesu refi n’asuafo no nkyɛn no, dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ?

  5. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ mfonini no mu, na dɛn na amma wɔanhu Yesu bio?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan 1 Korintofo 15:3-8.

    Dɛn na ɛmaa ɔsomafo Paulo tumi de ahotoso kaa Yesu wusɔre no ho asɛm, na nneɛma bɛn na nnɛ Kristofo betumi de ahotoso aka ho asɛm? (1 Kor. 15:4, 7, 8; Yes. 2:2, 3; Mat. 24:14; 2 Tim. 3:1-5)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 1:1-11.

    Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Asomafo Nnwuma 1:8 no, asɛnka adwuma no trɛw koduu he? (Aso. 6:7; 9:31; 11:19-21; Kol. 1:23)

Adesua 105

Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem

  1. Sɛnea mfonini no kyerɛ no, dɛn na ɛbaa Yesu akyidifo a na wɔretwɛn wɔ Yerusalem no so?

  2. Dɛn na ɛmaa ahɔho a wɔaba Yerusalem no ho dwiriw wɔn?

  3. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na Petro de maa nnipa no?

  4. Nnipa no tiee Petro wiei no wɔtee nka dɛn, na dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ?

  5. Nnipa baahe na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste, 33 Y.B. mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 2:1-47.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 2:23, 36 no kyerɛ sɛ Yuda ɔman mũ no dii Yesu wu ho fɔ? (1 Tes. 2:14, 15)

    2. (b) Nhwɛso pa bɛn na Petro fi Kyerɛwnsɛm mu a wɔne nkurɔfo susuw nneɛma ho yɛe? (Aso. 2:16, 17, 29, 31, 36, 39; Kol. 4:6)

    3. (d) Ɔkwan bɛn so na Petro de “ɔsoro ahenni ano nsafe,” no mu nea edi kan a Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no no dii dwuma? (Aso. 2:14, 22-24, 37, 38; Mat. 16:19)

Adesua 106

Woyi Wɔn Fi Afiase

  1. Asɛm bɛn na ɛtoo Petro ne Yohane da koro awia bi a wɔrekɔ asɔrefi hɔ no?

  2. Asɛm bɛn na Petro ka kyerɛɛ obubuafo bi, na dɛn na Petro de maa no a ɛsom bo koraa sen sika?

  3. Adɛn nti na nyamesom mpanyimfo no bo fuwii, na dɛn na wɔyɛɛ Petro ne Yohane?

  4. Dɛn na Petro ka kyerɛɛ nyamesom mpanyimfo no, na dɛn na wɔbɔɔ asomafo no kɔkɔ sɛ mma wɔnnyɛ?

  5. Dɛn na ɛhyɛɛ nyamesom mpanyimfo no anibere, nanso bere a wɔde asomafo no koguu afiase ne mprenu so no, dɛn na esii?

  6. Mmuae bɛn na asomafo no de mae bere a wɔde wɔn baa Sanhedrin asa so no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 3:1-10.

    Ɛwom sɛ wɔmmaa yɛn tumi a yetumi de yɛ anwonwade nnɛ de, nanso ɔkwan bɛn so na Petro nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 3:6 no boa yɛn ma yehu bo a Ahenni nkrasɛm no som? (Yoh. 17:3; 2 Kor. 5:18-20; Filip. 3:8)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 4:1-31.

    Sɛ yehyia ɔsɔretia wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesuasua yɛn nuanom Kristofo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no? (Aso. 4:29, 31; Efe. 6:18-20; 1 Tes. 2:2)

  3. Kenkan Asomafo Nnwuma 5:17-42.

    Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔnyɛ Adansefo binom ada ntease adi wɔ asɛmpaka adwuma no ho wɔ tete ne nnɛ mmere mu? (Aso. 5:34-39)

Adesua 107

Wosiw Stefano Abo

  1. Hena ne Stefano, na dɛn na na Onyankopɔn boa no ma ɔyɛ?

  2. Dɛn na Stefano kae a ɛmaa nyamesom mpanyimfo no bo fuwii kɛse?

  3. Bere a mmarima no twee Stefano kɔɔ kurow no fasu akyi no, dɛn na wɔyɛɛ no?

  4. Wohwɛ mfonini no a, hena ne aberante a ogyina ntade nguguso no ho no?

  5. Mpae bɛn na Stefano bɔɔ Yehowa ansa na ɔrewu?

  6. Sɛ obi yɛ yɛn bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de suasua Stefano?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 6:8-15.

    Nnaadaa akwan bɛn na nyamesom mpanyimfo de Yehowa Adansefo afa so de abɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn asɛnka adwuma no kwan? (Aso. 6:9, 11, 13)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 7:1-60.

    1. (a) Dɛn na ɛboaa Stefano ma otumi gyinaa Sanhedrin no anim kaa asɛmpa no wɔ nam so, na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? (Aso. 7:51-53; Rom. 15:4; 2 Tim. 3:14-17; 1 Pet. 3:15)

    2. (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ wɔn a wɔsɔre tia yɛn adwuma no ho? (Aso. 7:58-60; Mat. 5:44; Luka 23:33, 34)

Adesua 108

Wɔ Damasko Kwan So

  1. Wokum Stefano akyi no, dɛn na Saul yɛe?

  2. Bere a Saul nam kwan so rekɔ Damasko no anwonwasɛm bɛn na esii?

  3. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔnyɛ?

  4. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Anania sɛ ɔnyɛ, na ɛyɛɛ dɛn na Saul tumi huu ade bio?

  5. Edin bɛn na wɔde frɛɛ Saul, na ɔkwan bɛn so na wɔde no dii dwuma?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 8:1-4.

    Ɔkwan bɛn so na ɔtaa a ɛbaa Kristofo asafo a na wɔatew no foforo no so maa Kristofo nkyerɛkyerɛ no trɛwee, na ade a ɛte saa ara bɛn na akɔ so nnɛ mmere yi mu? (Aso. 8:4; Yes. 54:17)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 9:1-20

    Dwumadi abiɛsa bɛn na Yesu daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ Saul yɛ? (Aso. 9:15; 13:5; 26:1; 27:24; Rom. 11:13)

  3. Kenkan Asomafo Nnwuma 22:6-16.

    Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ Anania, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa? (Aso. 22:12; 1 Tim. 3:7; 1 Pet. 1:14-16; 2:12)

  4. Kenkan Asomafo Nnwuma 26:8-20.

    Ɔkwan bɛn so na Kristosom mu a Saul sakra bae no yɛ nkuranhyɛ ma wɔn a nnɛ wɔn ahokafo nnye nni no? (Aso. 26:11; 1 Tim. 1:14-16; 2 Tim. 4:2; 1 Pet. 3:1-3)

Adesua 109

Petro Kɔsra Kornelio

  1. Hena ne ɔbarima a ɔrekotow wɔ mfonini no mu no?

  2. Dɛn na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Kornelio?

  3. Dɛn na Onyankopɔn maa Petro hui bere a ɔwɔ Simon dan atifi wɔ Yopa no?

  4. Adɛn nti na Petro ka kyerɛɛ Kornelio sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkotow sɔre no?

  5. Dɛn na esii a ɛyɛɛ asuafo a wɔyɛ Yudafo a wɔka Petro ho no nwonwa?

  6. Ade titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi kɔ a Petro kɔsraa Kornelio no mu?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 10:1-48.

    Dɛn na Petro nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 10:42 no ma ɛda adi wɔ Ahenni asɛmpaka adwuma no ho? (Mat. 28:19; Mar. 13:10; Aso. 1:8)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 11:1-18.

    Dɛn na Petro yɛe bere a Yehowa akwankyerɛ a ɛfa Amanaman mufo ho no mu daa hɔ fann no, na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? (Aso. 11:17, 18; 2 Kor. 10:5; Efe. 5:17)

Adesua 110

Timoteo—Paulo Boafo Foforo

  1. Hena ne aberante a ɔwɔ mfonini no mu no, ɛhefa na ɔte, na dɛn ne ne maame ne ne nana din?

  2. Dɛn na Timoteo kae bere a Paulo bisaa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔka Paulo ne Silas ho ma wɔka asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ akyirikyiri no?

  3. Ɛhefa na wodii kan frɛɛ Yesu asuafo Kristofo?

  4. Bere a Paulo ne Barnaba fii Antiokia no, nkurow binom bɛn na wɔkɔɔ so?

  5. Ɔkwan bɛn so na Timoteo boaa Paulo, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ bisa wɔn ho?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 9:19-30.

    Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo yɛɛ anifere bere a ohyiaa ɔsɔretia wɔ asɛmpa no ho no? (Aso. 9:22-25, 29, 30; Mat. 10:16)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 11:19-26.

    Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 11:19-21, 26 no da no adi sɛ Yehowa honhom na ɛbɔ asɛnka adwuma no ho ban na ɛkyerɛ no kwan?

  3. Kenkan Asomafo Nnwuma 13:13-16, 42-52.

    Ɔkwan bɛn so na Asomafo Nnwuma 13:51, 52 no da no adi sɛ asuafo no amma ɔsɔretia ammu wɔn aba mu? (Mat. 10:14; Aso. 18:6; 1 Pet. 4:14)

  4. Kenkan Asomafo Nnwuma 14:1-6, 19-28.

    Ɔkwan bɛn so na asɛm ‘wɔde wɔn hyɛɛ Yehowa nsa’ no boa ma eyi dadwen a ɛho nhia fi yɛn so bere a yɛreboa wɔn a wɔyɛ afoforo no? (Aso. 14:21-23; 20:32; Yoh. 6:44)

  5. Kenkan Asomafo Nnwuma 16:1-5.

    Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ mu a Timoteo fi ma wotwaa no twetia no si so dua sɛ biribiara a yɛyɛ no ehia sɛ ‘asɛmpa no nti na yɛyɛ’? (Aso. 16:3; 1 Kor. 9:23; 1 Tes. 2:8)

  6. Kenkan Asomafo Nnwuma 18:1-11, 18-22.

    Dɛn na Asomafo Nnwuma 18:9, 10 da no adi fa Yesu ankasa ho a ɔde gye mu kyerɛ asɛnka adwuma no kwan no ho, na ahotoso bɛn na ɛno ma yenya nnɛ? (Mat. 28:20)

Adesua 111

Abofra a Ɔdae

  1. Wohwɛ mfonini no a, hena ne abofra a ɔda fam hɔ no, na dɛn na ɛyɛɛ no?

  2. Dɛn na Paulo yɛe bere a ohui sɛ abofra no awu no?

  3. Ɛhefa na na Paulo, Timoteo, ne wɔn a wɔne wɔn nam no rekɔ, na bere a wogyinaa Mileto no dɛn na esii?

  4. Kɔkɔbɔ bɛn na odiyifo Agabo de maa Paulo, na ɔkwan bɛn so na nea odiyifo no kae no baam pɛpɛɛpɛ?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 20:7-38.

    1. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn ‘ho afi nnipa nyinaa mogya ho,’ sɛnea Paulo nsɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 20:26, 27 kyerɛ no? (Hes. 33:8; Aso. 18:6, 7)

    2. (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘so nokwasɛm no mu sɛnea wɔakyerɛ’ bere a wɔrekyerɛkyerɛ no? (Aso. 20:17, 29, 30; Tito 1:7-9; 2 Tim. 1:13)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 26:24-32.

    Ɔkwan bɛn so na Paulo de Romani a ɔyɛ no dii n’asɛnka adwuma a Yesu de hyɛɛ ne nsa no ho dwuma? (Aso. 9:15; 16:37, 38; 25:11, 12; 26:32; Luka 21:12, 13)

Adesua 112

Hyɛn no Bɔ wɔ Supɔw Bi So

  1. Dɛn na ɛbaa hyɛn a Paulo te mu no so bere a wotwaa Kreta supɔw no ho no?

  2. Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hyɛn no mu no?

  3. Ɛyɛɛ dɛn na hyɛn no bubui?

  4. Akwankyerɛ bɛn na ɔsraani panyin no de mae, na nnipa baahe na woduu mpoano dwoodwoo?

  5. Dɛn ne supɔw a wogyinaa so no din, na dɛn na wɔyɛɛ Paulo bere a wim yɛɛ yiye no?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 27:1-44.

    Sɛ yɛkenkan Paulo Roma akwantu no ho nsɛm a, ɔkwan bɛn so na ɛma ahotoso a yɛwɔ sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware no mu yɛ den? (Aso. 27:16-19, 27-32; Luka 1:3; 2 Tim. 3:16, 17)

  2. Kenkan Asomafo Nnwuma 28:1-14.

    Sɛ Malta sotefo a wɔyɛ abosonsomfo mpo nyaa atenka yɛɛ Paulo ne n’ahokafo a wɔwɔ hyɛn a abɔ no mu “adɔe a ɛnka” a, atenka bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya de yɛ ade ma afoforo; na ne titiriw no, wɔ tebea bɛn mu? (Aso. 28:1, 2; Heb. 13:1, 2; 1 Pet. 4:9)

Adesua 113

Paulo wɔ Roma

  1. Henanom na Paulo dii wɔn adanse bere a na ɔyɛ deduani wɔ Roma no?

  2. Wohwɛ mfonini no a, hena na wabɛsra Paulo a ɔte pon ho no, na dɛn na ɔreyɛ ama Paulo?

  3. Hena ne Epafradito, na ɔresan akɔ Filipi no dɛn na ɔde kɔe?

  4. Adɛn nti na Paulo kyerɛw krataa kɔma n’adamfo pa Filemon?

  5. Dɛn na Paulo yɛe bere a wogyaa no no, na dɛn na ɛtoo no akyiri yi?

  6. Hena na Yehowa nam no so kyerɛw Bible nhoma horow a etwa to no, na dɛn na Adiyisɛm nhoma no ka ho asɛm?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Asomafo Nnwuma 28:16-31 ne Filipifo 1:13.

    Dɛn na Paulo de ne bere yɛe bere a ɔyɛ deduani wɔ Roma no, na nkɛntɛnso bɛn na ne gyidi a enhinhim no nyae wɔ Kristofo asafo no so? (Aso. 28:23, 30; Filip. 1:14)

  2. Kenkan Filipifo 2:19-30.

    Nsɛm a ɛda anisɔ adi bɛn na Paulo ka faa Timoteo ne Epafradito ho, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo nhwɛso no? (Filip. 2:20, 22, 25, 29, 30; 1 Kor. 16:18; 1 Tes. 5:12, 13)

  3. Kenkan Filemon 1-25.

    1. (a) Dɛn so na Paulo gyina hyɛɛ Filemon nkuran sɛ ɔnyɛ nea ɛfata, na ɔkwan bɛn so na eyi yɛ nhwɛso ma mpanyimfo nnɛ? (Filem. 9; 2 Kor. 8:8; Gal. 5:13)

    2. (b) Dɛn na ɛwɔ Paulo nsɛm a ɛwɔ Filemon 13, 14 no mu a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ obu ma afoforo a wɔwɔ asafo no mu no ahonim? (1 Kor. 8:7, 13; 10:31-33)

  4. Kenkan 2 Timoteo 4:7-9.

    Te sɛ ɔsomafo Paulo no, adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ sɛ yedi nokware kosi ase a, Yehowa bɛma yɛn akatua? (Mat. 24:13; Heb. 6:10)

Adesua 114

Bɔne Nyinaa Awiei

  1. Adɛn nti na Bible no ka ɔsoro apɔnkɔ ho asɛm?

  2. Wɔfrɛ ɔko a Onyankopɔn ne abɔnefo bɛko wɔ asase so no dɛn, na saa ɔko no atirimpɔw ne dɛn?

  3. Yehu fi mfonini no mu sɛ hena na obedi anim wɔ ɔko no mu, na adɛn nti na ɔhyɛ ahenkyɛw, na dɛn na n’afoa no kyerɛ?

  4. Sɛ yɛsan kɔhwɛ Adesua 10, 15 ne 33 no a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo?

  5. Ɔkwan bɛn so na Adesua 36 ne 76 da no adi sɛ sɛ mpo abɔnefo ka sɛ wɔsom Onyankopɔn a, ɔbɛsɛe wɔn?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Adiyisɛm 19:11-16.

    1. (a) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ Yesu Kristo na ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so? (Adi. 1:5; 3:14; 19:11; Yes. 11:4)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu atade nguguso a wɔde abɔ mogya mu no si so dua sɛ obedi nkonim korakora? (Adi. 14:18-20; 19:13; Yes. 63:1-6)

    3. (d) Henanom na wɔbɛka dɔm a wobedi Yesu akyi bere a watra ne pɔnkɔ fitaa so no ho? (Adi. 12:7; 19:14; Mat. 25:31, 32)

Adesua 115

Paradise Foforo wɔ Asase So

  1. Tebea horow bɛn na Bible da no adi sɛ yebenya wɔ Paradise asase so?

  2. Bɔhyɛ bɛn na Bible de ma wɔn a wɔbɛtra Paradise no?

  3. Bere bɛn na Yesu bɛhwɛ ma nsakrae fɛfɛ yi aba?

  4. Bere a Yesu wɔ asase so no, dɛn na ɔyɛe de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no?

  5. Sɛ Yesu ne ne mfɛfo ahene fi soro di asase so a, dɛn na wɔbɛhwɛ ma aba?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Adiyisɛm 5:9, 10.

    Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wobedi tumi wɔ Mfirihyia Apem no mu no bɛyɛ ahemfo ne asɔfo a wɔwɔ tema ne mmɔborohunu? (Efe. 4:20-24; 1 Pet. 1:7; 3:8; 5:6-10)

  2. Kenkan Adiyisɛm 14:1-3.

    Agya no din ne Oguammaa no din a wɔakyerɛw wɔ 144,000 no moma so no gyina hɔ ma dɛn? (1 Kor. 3:23; 2 Tim. 2:19; Adi. 3:12)

Adesua 116

Sɛnea Yɛbɛyɛ Atra Ase Daa

  1. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra ase daa a, dɛn na ɛho hia sɛ yehu?

  2. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu ho ade sɛnea abeawa ketewa no ne ne nnamfonom reyɛ wɔ mfonini no mu no?

  3. Nhoma foforo bɛn na wuhu wɔ mfonini no mu no, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtaa kenkan?

  4. Wɔ Yehowa ne Yesu ho asɛm a yebesua akyi no, dɛn bio na ɛho hia na ama yɛanya daa nkwa?

  5. Dɛn asuade na yenya wɔ Adesua 69?

  6. Dɛn na nhwɛso pa a abofra Samuel yɛe wɔ Adesua 55 no mu no kyerɛ?

  7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Yesu Kristo nhwɛso no akyi, na sɛ yedi akyi a, dɛn na yebetumi ayɛ daakye?

Nsɛmmisa foforo:

  1. Kenkan Yohane 17:3.

    Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a yebenya no nkyerɛ nokwasɛm kɛkɛ a yɛbɛkyere agu yɛn tirim? (Mat. 7:21; Yak. 2:18-20; 1 Yoh. 2:17)

  2. Kenkan Dwom 145:1-21.

    1. (a) Nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ no bi ne dɛn? (Dw. 145:8-11; Adi. 4:11)

    2. (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa “ye ma nnipa nyinaa,” na adɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi twe yɛn bɛn no kɛse? (Dw. 145:9; Mat. 5:43-45)

    3. (d) Sɛ yɛdɔ Yehowa wɔ yɛn koma mu a, dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛayɛ? (Dw. 119:171, 172, 175; 145:11, 12, 21)