Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daakye a Ɛyɛ Nwonwa

Daakye a Ɛyɛ Nwonwa

Ɛrenkyɛ wobeyi Satan ne adaemone no afi hɔ

Satan ne n’adaemone rennaadaa adesamma nkyɛ. Yehowa apam wɔn afi soro dedaw. (Adiyisɛm 12:9) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛsan ayɛ ade atia Satan ne n’adaemone no. Ɔsomafo Yohane kae wɔ anisoadehu bi a efi Onyankopɔn hɔ mu sɛ: “Mihui sɛ ɔbɔfo bi fi soro resian a okura amoa donkudonku no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfe apem. Na ɔtow no kyenee amoa no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano na wantumi ankɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe apem no bɛba awiei.” (Adiyisɛm 20:1-3) Akyiri yi, wɔbɛsɛe Ɔbonsam ne n’adaemone no koraa.—Adiyisɛm 20:10.

Wɔbɛsɛe nnipa abɔnefo a wɔwɔ asase so no nso.—Dwom 37:9, 10; Luka 13:5.

Awufo Bɛtra Ase Bio!

Awufo bɛsan aba nkwa mu wɔ asase so

Bere a wɔayi Satan ne adaemone no afi hɔ akyi no, Yehowa de nhyira pii bɛbrɛ adesamma. Wobɛkae sɛ awufo nni nkwa mu, wɔnte ase. Yesu de owu totoo nna ho—nnahɔɔ a wɔnso dae wom. (Yohane 11:11-14) Ɔyɛɛ saa efisɛ na onim sɛ bere no bɛba a wobenyan wɔn a wɔada wɔ owu mu no aba nkwa mu. Ose: ‘Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’—Yohane 5:28, 29; fa toto Asomafo no Nnwuma 24:15 ho.

Wɔde wɔn bɛsan aba nkwa mu wɔ asase so ha. Sɛ anka wɔde amanneɛbɔ ahorow bɛma sɛ nnipa awuwu no, wɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛka wɔn a wɔde wɔn asan aba nkwa mu no ho asɛm! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛma yɛn adɔfo akwaaba afi adamoa mu!