Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso a Enni Huammɔ Ma Awufo

Anidaso a Enni Huammɔ Ma Awufo

ABABAAWA bi a wadi mfe 25 kyerɛwee sɛ: “Wɔ 1981 mu no, kokoram kum ɔbea bi a ɔfaa me yɛɛ ne ba. Ne wu no haw me ne ne babarima no yiye. Ná madi mfe 17, na me nuabarima no nso adi mfe 11. M’ani gyinaa no kɛse. Esiane sɛ na wɔakyerɛ me sɛ ɔkɔ soro nti, mepɛe sɛ mikum me ho na mekɔka ne ho. Ná ɔyɛ m’adamfo paa.”

Ɛte sɛ nea ɛnteɛ koraa sɛ owu betumi afa obi a wodɔ no. Na sɛ ɛba no saa a, wo dɔfo no a wuntumi ne no nkasa, ne no nserew, anaa wonso ne mu bio no ho a wubesusuw no betumi ayɛ den sɛ wubegyina ano. Ka a wɔbɛka akyerɛ wo kɛkɛ sɛ wo dɔfo no kɔ soro no nyi ɛyaw no mfi hɔ.

Nanso, Bible de anidaso a ɛyɛ soronko koraa ma. Sɛnea yɛadi kan ahu no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ wubetumi ne wo dɔfo a wawu no ahyia bio daakye a enni akyiri, a ɛnyɛ sɛ mubehyia wɔ soro baabi a obi nnim sɛnea ɛhɔ te, na mmom asase yi ara so wɔ asomdwoe ne trenee tebea horow mu. Na saa bere no nnipa betumi anya akwahosan a edi mu, na wɔrenwu bio. Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno yɛ adaeso ara kwa!’

Dɛn na ɛbɛma woagye adi sɛ eyi yɛ anidaso a enni huammɔ? Nea ɛbɛyɛ a wubegye bɔhyɛ bi adi no, ɛho behia sɛ wunya ahotoso sɛ nea ɔrehyɛ bɔ no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ, na obetumi ama abam nso. Ɛnde, hena na ɔhyɛ bɔ sɛ awufo bɛsan aba nkwa mu bio no?

Wɔ afe 31 Y.B. mu osutɔ bere mu no, Yesu Kristo de akokoduru hyɛɛ bɔ sɛ: “Sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ ba nkwa mu. Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:21, 28, 29) Yiw, Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ nnipa ɔpepem pii a mprempren wɔawuwu no bɛba nkwa mu bio wɔ asase yi so, na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena so daa wɔ asomdwoe ne paradise tebea horow mu. (Luka 23:43; Yohane 3:16; 17:3; fa too Dwom 37:29 ne Mateo 5:5 ho.) Esiane sɛ Yesu na ɔhyɛɛ bɔ nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ. Nanso so obetumi ama no abam?

Yesu de saa bɔhyɛ no mae no, anni mfe abien na ɔyɛɛ nhwɛso kɛse de kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ obenyan awufo na obetumi nso.

“Lasaro, Fi Bra!”

Ná ɛyɛ awerɛhosɛm. Ná Lasaro yare denneennen. Ne nua mmea baanu, Maria ne Marta, de nkra kɔmaa Yesu a na ɔwɔ Yordan Asubɔnten agya no sɛ: “Awurade, hwɛ! nea wopɛ n’asɛm no yare.” (Yohane 11:3) Ná wonim sɛ Yesu dɔ Lasaro. So na Yesu rempɛ sɛ ɔbɛba abɛhwɛ n’adamfo a ɔyare no? Nea ɛyɛ nwonwa no, sɛ́ anka Yesu bɛkɔ Betania ntɛm ara no, odii nnanu wɔ faako a na ɔwɔ no.—Yohane 11:5, 6.

Wɔde nkra no kɔe akyi no, Lasaro wui. Bere a Lasaro wui no na Yesu nim, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Bere a akyiri yi Yesu duu Betania no, na n’adamfo Lasaro awu ma adi nnannan. (Yohane 11:17, 39) So na Yesu betumi de obi a owui akyɛ saa aba nkwa mu bio?

Bere a Marta, ɔbea a ne ho yɛ hyew no, tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no. (Fa toto Luka 10:38-42 ho.) Bere a n’awerɛhow no kaa Yesu no, ɔmaa no awerɛhyem sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Bere a Marta kaa anidaso a ɔwɔ wɔ daakye owusɔre bi mu ho asɛm no, Yesu ka kyerɛɛ no pefee sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa. Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.”—Yohane 11:20-25.

Bere a Yesu duu ɔboda no ho no, ɔhyɛe sɛ wonyi ɔbo a ɛwɔ ano no mfi hɔ. Afei, bere a ɔbɔɔ mpae denneennen no, ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!”—Yohane 11:38-43.

Obiara de n’ani kɔɔ ɔboda no so. Afei, biribi fi sum no mu puei. Ná ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Yesu hyɛe sɛ: “Monsan no na momma ɔnkɔ.” Ntama a aka no sansan guu fam. Yiw, na ɛyɛ Lasaro, ɔbarima a wawu nnannan no!—Yohane 11:44.

So Esii Ampa?

Kyerɛwtohɔ a ɛfa Lasaro a wonyan no ho no wɔ Yohane Asɛmpa mu sɛ abakɔsɛm mu asɛm a esii ankasa. Emu nsɛm no kɔ akyiri araa ma entumi mma sɛ ɛyɛ anansesɛm kɛkɛ. Gye a obi begye ho kyim no kyerɛ sɛ onnye Bible mu anwonwade nyinaa, a Yesu Kristo ankasa wusɔre ka ho no nni. Na Yesu wusɔre a obi nnye ntom no kyerɛ Kristofo gyidi nyinaa a onnye ntom.—1 Korintofo 15:13-15.

Nokwarem no, sɛ wugye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo den sɛ wubegye owusɔre no adi. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Obi betumi ama wɔakyere ne nsamansew agu video afiri so na ne wu akyi no, wɔate ne nne ankasa sɛ ɔrekyerɛkyerɛ nea wɔnyɛ n’agyapade no mu ma n’abusuafo ne ne nnamfo ahu. Mfe ɔha a atwam ni a, anka wontumi nsusuw biribi a ɛte saa ho. Na wɔn a ɛnnɛ wɔtete wiase mmeae a ɛwɔ akyirikyiri fam no, dwumadi a wɔkyere gu video afiri so no yɛ ade a wontumi nte ase araa ma ɛyɛ wɔn sɛ anwonwade. Sɛ nnipa betumi de nyansahu mu nnyinasosɛm ahorow a Ɔbɔadeɛ no na ɔde sii hɔ adi dwuma ama yɛahu obi atie ne nsɛm bio sɛɛ a, so ɛnsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no tumi yɛ nea ɛsen saa koraa? Ɛnde, so ntease nnim sɛ Onii a ɔbɔɔ nkwa no betumi asan abɔ bio?

Anwonwade a Yesu yɛ maa Lasaro san baa nkwa mu bio no ma wonyaa ɔno Yesu ne owusɔre no mu gyidi kɛse. (Yohane 11:41, 42; 12:9-11, 17-19) Wɔ ɔkwan a ɛka koma so no, ɛsan da ɔpɛ a Yehowa ne ne Ba no wɔ sɛ wobenyan awufo adi.

‘Onyankopɔn Ani Begyina’

Nea Yesu yɛe wɔ Lasaro wu no ho no kyerɛ tema a Onyankopɔn Ba no wɔ. Ayamhyehye kɛse a ɔdaa no adi saa bere no kyerɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ obenyan awufo. Yɛkenkan sɛ: “Bere a Maria duu baabi a Yesu wɔ na n’ani bɔɔ no so no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.’ Bere a afei Yesu hui sɛ ɔresu na Yudafo a wɔkaa ne ho bae no nso resu no, osii apini na ne ho yeraw no; na ɔkae sɛ: ‘Ɛhe na mode no toe?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, bra bɛhwɛ.’ Yesu sui. Ɛnna Yudafo no fii ase kae sɛ: ‘Monhwɛ sɛnea na ɔpɛ n’asɛm fa!’”—Yohane 11:32-36.

Nsɛm abiɛsa na ɛkyerɛ wɔ ha sɛ na Yesu wɔ mmɔborohunu a efi komam: “osii apini,” “ne ho yeraw no,” na ‘osui.’ Nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ kyerɛwtohɔ a ɛka koma yi mu no kyerɛ sɛ Yesu adamfo a ɔdɔ no, Lasaro wu, ne Lasaro nuabea no su a ohui no kaa no araa ma nusu guu no. *

Nea ɛyɛ nwonwa kɛse ne sɛ na Yesu adi kan anyan nnipa baanu aba nkwa mu. Na na wayɛ n’adwene koraa sɛ obenyan Lasaro nso. (Yohane 11:11, 23, 25) Nanso, ‘osui.’ Enti nyan a Yesu benyan nnipa aba nkwa mu bio no nyɛ adeyɛ bi kɛkɛ. Ayamhyehye ne tema a ɔdaa no adi saa bere no kyerɛ pefee sɛ ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu mpokyerɛ no afi hɔ.

Ayamhyehye a Yesu daa no adi bere a ɔrebenyan Lasaro no daa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi owu mpokyerɛ no afi hɔ

Esiane sɛ Yesu yɛ ‘Yehowa Nyankopɔn su sɛso pɛpɛɛpɛ’ nti, ɛfata sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya no nso bɛyɛ saa ara. (Hebrifo 1:3) Ɔnokwafo Hiob kaa ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ obenyan awufo ho asɛm sɛ: “Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio? . . . Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Hiob 14:14, 15) Ɛha yi no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “w’ani begyina” no kyerɛ akwanhwɛ ne ɔpɛ a emu yɛ den a Onyankopɔn wɔ. (Genesis 31:30; Dwom 84:2) Ɛda adi pefee sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa de anigye hwɛ owusɔre no kwan.

So yebetumi agye owusɔre bɔhyɛ no adi ankasa? Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne ne Ba no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma aba, na wobetumi ama abam nso. Dɛn na eyi kyerɛ ma wo? Ɛkyerɛ sɛ wubetumi ne w’adɔfo a wɔawuwu ahyia bio wɔ asase yi ara so, wɔ tebea soronko koraa mu!

Yehowa Nyankopɔn, a mfiase no ɔde adesamma too turo fɛfɛ mu no ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de Paradise aba asase so wɔ Ne soro Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo a mprempren wahyɛ no anuonyam nsa no ase. (Genesis 2:7-9; Mateo 6:10; Luka 23:42, 43) Wɔ saa Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no mu no, adesamma abusua no benya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa, a ɔyare biara nhaw wɔn. (Adiyisɛm 21:1-4; fa toto Hiob 33:25; Yesaia 35:5-7 ho.) Nitan, abusua mu nyiyim, ɔmanko, ne sikasɛm mu ahokyere nyinaa nso befi hɔ. Ɛyɛ asase a wɔatew so sɛɛ so na Yehowa Nyankopɔn nam Yesu Kristo so benyan awufo abɛtena.

Owusɔre no a egyina Kristo Yesu agyede afɔrebɔ so no de anigye bɛbrɛ amanaman nyinaa

Ɛno ne anidaso a seesei Kristoni bea a yɛkaa ne ho asɛm wɔ ɔfã yi mfiase no wɔ. Ne maame wu akyi mfe pii no, Yehowa Adansefo boaa no ma osuaa Bible no yiye. Ɔka sɛ: “Bere a misuaa owusɔre anidaso no ho ade no, misui. Ɛyɛɛ me anigye sɛ mihui sɛ mɛsan ahu me maame bio.”

Sɛ wo nso w’ani gyina sɛ wobɛsan ahu wo dɔfo bi bio a, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua sɛnea wubetumi ama anidaso a enni huammɔ yi ayɛ w’ankasa wo de. Dɛn nti na wonhwehwɛ wɔn wɔ Ahenni Asa bi a ɛbɛn wo so, anaa womfa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 32 a ɛsɛ nkyerɛw nkɔ faako a ɛbɛn wo.

^ nky. 20 Hela asɛmfua ma “osii apini” no fi adeyɛ asɛm (em·bri·maʹo·mai) a ɛkyerɛ sɛ biribi bɛyɛ obi yaw anaa ɛbɛma ne werɛ ahow yiye mu. Bible nhomanimfo bi ka sɛ: “Ɛha no nea ebetumi akyerɛ ara ne sɛ saa nkate a emu yɛ den no hyɛɛ Yesu so araa ma ahomegu fii Ne komam bae prɛko pɛ.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ne ho yeraw no” no fi Hela asɛmfua (ta·rasʹso) a ɛkyerɛ basaayɛ mu. Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ no, ɛkyerɛ “obi nsono mu a etwa no, . . . ɛyaw anaa awerɛhow a ɛka obi.” Asɛm “sui” no fi Hela adeyɛ asɛm (da·kryʹo) a ɛkyerɛ “sɛ nusu begu obi, obesu a ɔnteɛteɛm” mu.