Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DU

Bere a Abusua no Muni Bi Yare

Bere a Abusua no Muni Bi Yare

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Satan de amanehunu ne ɔyare bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob agyae ne mudi mu?

AKYINNYE biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Hiob ka wɔn a wonyaa abusua asetra a anigye wom no ho. Bible frɛ no ‘nea ɔso sen apueifo nyinaa.’ Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa, wɔn nyinaa dodow yɛ du. Na ɔwɔ nea ɔde hwɛ n’abusua no yiye nso. Nea ɛho hia sen biara no, odii honhom fam dwumadi ahorow anim, na na odwen ne mma gyinabea wɔ Yehowa anim ho. Eyinom nyinaa ma onyaa abusua mu abusuabɔ a emu yɛ den na anigye wom.​—Hiob 1:​1-5.

2 Satan, Yehowa Nyankopɔn tamfo kɛse no, huu Hiob tebea no. Satan a bere nyinaa ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ama Onyankopɔn asomfo agyae wɔn mudi mu no tow hyɛɛ Hiob so denam n’abusua a anigye wom no a ɔsɛee no so. Afei, “ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.” Enti Satan hwɛɛ kwan sɛ ɔde amanehunu ne ɔyare bɛma Hiob agyae ne mudi mu.​—Hiob 2:​6, 7.

3. Nneɛma bɛn na Hiob yare de bae?

3 Bible no nkyerɛ din ko a nnuruyɛfo de frɛ Hiob yare no. Nanso, ɛka nea ɔyare no de bae kyerɛ yɛn. Ne honam dɔɔ mmoawa, na ne honam ani yɛɛ abonabon na ɛporɔwee. Na Hiob anom ne ne ho bɔn. Ɔtee ɛyaw nka. (Hiob 7:5; 19:​17; 30:​17, 30) Bere a Hiob rehu amane no, ɔtraa nsõ mu de fɛre huanee ne ho. (Hiob 2:8) Na wayɛ mmɔbɔ ankasa!

4. Dɛn na ɛto abusua biara wɔ bere ne bere mu?

4 Sɛ ɔyare a emu yɛ den saa ka wo a, wobɛyɛ dɛn? Ɛnnɛ, Satan mma Onyankopɔn nkoa nyare sɛnea ɔyɛɛ Hiob no. Nanso, onipa sintɔ, da biara asetra mu adwennwene, ne tebea a yɛwom a ɛresɛe no nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn abusua mufo bɛyare wɔ bere ne bere mu. Nhyehyɛe ahorow a ebia yɛyɛ de siw ɔyare ano nyinaa akyi no, yɛn nyinaa tumi yare, ɛwom sɛ yɛn mu kakraa bi na wobehu amane sɛnea Hiob hui no de. Sɛ obi yare wɔ yɛn fie a, ebetumi ayɛ asɛnnennen ankasa. Enti momma yɛnhwɛ sɛnea Bible boa yɛn ma yetumi gyina adesamma tamfo a watra hɔ bere nyinaa yi ano.​—Ɔsɛnkafo 9:​11; 2 Timoteo 3:16.

WOTE NKA DƐN WƆ HO?

5. Abusua mufo taa yɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔyare a ɛnkyɛ na agyae ho?

5 Da biara da asetra a ɛyɛ basaa, a nea ɛma ɛba saa mfa ho no, yɛ den bere nyinaa, na ɛyɛ nokware titiriw bere a ɔyare a atra hɔ akyɛ na ɛma ɛba saa no. Ɔyare a ɛnkyɛ na agyae mpo hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow, yegyae nneɛma bi yɛ, na yɛde nneɛma bi bɔ afɔre. Ebia ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔwɔ apɔwmuden yɛ komm na ama ɔyarefo no anya kwan ahome. Ebia ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma ahorow bi kame wɔn ho. Wɔ mmusua dodow no ara mu no, mmofra nkumaa mpo nya ayamhyehye ma wɔn nua anaa ɔwofo bi a ɔyare, ɛwom sɛ ebia ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wɔkae wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wosusuw ne ho de. (Kolosefo 3:​12) Ɛdefa ɔyare a ɛnkyɛ na agyae ho no, mpɛn pii no abusua no yɛ krado sɛ wɔbɛyɛ nea ehia no. Ɛno akyi no, abusua no muni biara bɛhwɛ kwan sɛ sɛ ɔyare a, wobedwen ne ho saa ara.​—Mateo 7:12.

6. Sɛ ɔyare a emu yɛ den a ɛtra hɔ kyɛ ka abusua bi muni a, nneɛma bɛn na wohu sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ wɔ ho?

6 Na sɛ ɔyare no mu yɛ den paa na ɛma nneɛma pii yɛ basaa bere tenten nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyare bi a ɛma obi fã dwudwo bubu abusua no muni bi gu hɔ, ɔyare a ɛma ahopopo ma odi dɛm anaa ɔyare foforo bi ma ogurow nso ɛ? Na sɛ abusua no muni bi nya adwenemyare, te sɛ adammɔ nso ɛ? Nea yɛtaa di kan yɛ wɔ ho ne sɛ yedi ho yaw​—yedi awerɛhow sɛ yɛn dɔfo bi rehu amane dodo. Nanso, ebia yɛbɛyɛ nneɛma foforo wɔ awerɛhodi no akyi. Bere a abusua no mufo hu sɛ obi yare ka wɔn kɛse na atew wɔn ahofadi so no, ebia wɔn bo befuw. Ebia wobebisa wɔn ho sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ba me so?”

7. Dɛn na Hiob yere yɛe wɔ ne yare no ho, na dɛn na ɛda adi sɛ ne werɛ fii?

7 Ɛbɛyɛ sɛ biribi a ɛte saa ara kɔɔ so wɔ Hiob yere adwenem. Kae, na wahwere ne mma dedaw. Bere a saa awerɛhosɛm no sisii no, akyinnye biara nni ho sɛ n’adwene tu frae pii. Awiei koraa no, bere a ohui sɛ ɔyare bɔne bi a ɛyɛ yaw aka ne kunu a bere bi na ɔyɛ hyew na ɔwɔ ahoɔden no, ɛda adi sɛ ne werɛ fii ade titiriw a na ɛho hia sen amanehunu no nyinaa no​—abusuabɔ a na ɔne ne kunu ne Onyankopɔn wɔ no. Bible no ka sɛ: “Na [Hiob] yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”​—Hiob 2:9.

8. Sɛ abusua bi muni yare denneennen a, kyerɛwsɛm bɛn na ɛbɛboa abusua no mufo afoforo ma wɔanya adwempa?

8 Nnipa pii yɛ basaa, wɔn bo fuw mpo, bere a obi foforo yare sakra wɔn asetra koraa no. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni a osusuw tebea no ho no hu sɛ awiei koraa no eyi ma onya hokwan de da nokware a ne dɔ yɛ no adi. Nokware dɔ ‘wɔ abodwokyɛre, ne yam ye, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, na ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.’ (1 Korintofo 13:​4-7) Enti, sɛ anka yɛbɛma nkate a ɛmfata anya yɛn so tumi no, ɛho hia sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de siw saa nkate no ano.​—Mmebusɛm 3:21.

9. Bere a abusua bi muni yare denneennen no, awerɛhyem nsɛm bɛn na ebetumi aboa abusua no mufo afoforo wɔ honhom ne nkate mu?

9 Dɛn na wobetumi ayɛ de abɔ abusua bi honhom ne nkate fam yiyedi ho ban bere a wɔn mu biako yare denneennen no? Nokwarem no, ɔyare biara hia ɔhwɛ ne ayaresa pɔtee bi, na ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ nhoma yi bɛkamfo akwan bi a wɔbɛfa so asa obi yare wɔ ayaresabea anaa fie akyerɛ. Nanso, wɔ honhom fam no, Yehowa ‘ma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina hɔ.’ (Dwom 145:​14) Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, Awurade begye no, da bɔne mu. Awurade bɛhwɛ no so na wama no nkwa . . . . Awurade bɛwaw no ɔyarepa so.” (Dwom 41:​1-3) Yehowa kora n’asomfo so wɔ honhom fam, bere a wɔsɔ wɔn hwɛ wɔ nkate fam ma ɛtra sɛnea wɔn ankasa ahoɔden betumi agyina ano mpo no. (2 Korintofo 4:7) Abusua mufo pii a wɔyare denneennen wɔ wɔn afie mu no aka odwontofo no nsɛm yi: “Wɔabrɛ me ase dodo, Awurade, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.”​—Dwom 119:​107.

AYARESA HONHOM

10, 11. (a) Sɛ abusua bi betumi agyina ɔyare ano a, dɛn na ɛho hia? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔbea bi tumi gyinaa ne kunu yare ano?

10 Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi aso?” (Mmebusɛm 18:​14) Awerɛhosɛm betumi ahaw abusua bi honhom ne “onipa honhom” nso. Nanso, “komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:​30) Sɛ ebia abusua bi tumi gyina ɔyare a emu yɛ den ano anaa wontumi nyɛ saa no gyina emufo su anaa honhom so kosi baabi.​—Fa toto Mmebusɛm 17:​22 ho.

11 Na ɛsɛ sɛ Kristoni bea bi gyina mu bere a ɔyare a ɛma obi fã dwudwo maa ne kunu dii dɛm mfe asia pɛ wɔ wɔn aware akyi no. Ɔkae sɛ: “Me kunu kasa yɛɛ basaa yiye, na ɛbɛyɛɛ den yiye sɛ me ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Bere a na mebɔ mmɔden sɛ mɛte asɛm a ontumi nka no yiye ase no, ɛhaw m’adwene paa.” Susuw ɛyaw ne abasamtu a ɛbɛyɛ sɛ ne kunu tee nka no nso ho. Dɛn na awarefo no yɛe? Ɛwom sɛ na Kristofo asafo no mmɛn baabi a wɔte no koraa de, nanso onuawa no nam no nam nhoma afoforo a ahyehyɛde no yii no adi nyinaa ne honhom fam aduan a onyaa daa wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu no so yɛɛ nea obetumi biara de hyɛɛ ne ho den wɔ honhom fam. Eyi ma onyaa honhom fam ahoɔden de hwɛɛ ne kunu kosii sɛ owui wɔ mfe anan akyi.

12. Sɛnea yɛahu wɔ Hiob asɛm no mu no, dɛn na ɛtɔ mmere bi a ɔyarefo no yɛ de boa?

12 Wɔ Hiob asɛm no mu no, nea na ɔyare no mmom na ɔkɔɔ so yɛɛ den. Obisaa ne yere sɛ: “Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa?” (Hiob 2:​10) Ɛnyɛ nwonwa sɛ osuani Yakobo kaa Hiob ho asɛm akyiri yi sɛ boasetɔ ho nhwɛso titiriw! Yɛkenkan wɔ Yakobo 5:​11 sɛ: “Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” Saa ara nso na nnɛ, wɔ tebea pii mu no, abusua no muni a ɔyare no akokoduru aboa afoforo a wɔwɔ fie hɔ ma wɔakura adwempa mu.

13. Ntotoho bɛn na ɛnsɛ sɛ abusua bi a obi yare denneennen wom no yɛ?

13 Wɔn a ɛsɛ sɛ wodi ɔyare a ɛwɔ abusua no mu ho dwuma mu dodow no ara gye tom sɛ mfiase no na ɛtaa yɛ den ma abusua no mufo sɛ wobegye nokwasɛm ahorow no atom. Wɔka nso sɛ ɔkwan a obi fa so hwɛ tebea no nso ho hia yiye paa. Nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ nea wɔyɛ wɔ fie hɔ daa mu no betumi ayɛ den mfiase no. Nanso sɛ obi bɔ mmɔden ankasa a, obetumi agyina tebea foforo ano. Bere a yɛyɛ saa no, ɛho nhia sɛ yɛde yɛn nsɛm tebea toto afoforo a wonni ɔyarefo wɔ wɔn abusua mu de ho, susuw sɛ wɔn ho atɔ wɔn wɔ asetra mu na ‘ɛyɛ asisisɛm!’ Nokwarem no, obiara nnim nnosoa a ɛso afoforo ankasa. Kristofo nyinaa nya awerɛkyekye wɔ Yesu nsɛm yi mu: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”​—Mateo 11:28.

NNEƐMA A ƐHO HIA A WƆDE BEDI KAN

14. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nneɛma a ɛho hia no adi kan?

14 Ɛdefa ɔyare a emu yɛ den ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ abusua no bɛkae nsɛm a efi honhom mu yi: “Agyinatufo pii mu na ebegyina.” (Mmebusɛm 15:​22) So abusua no mufo betumi ahyia asusuw tebea a ɔyare no de aba no ho? Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔde mpaebɔ bɛyɛ saa na wɔadan akɔ Onyankopɔn Asɛm so de ahwehwɛ akwankyerɛ. (Dwom 25:4) Dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa mu? Aduyɛ, sikasɛm, ne abusua ho nsɛm wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Hena titiriw na ɔbɛhwɛ no? Ɔkwan bɛn so na abusua no betumi ayɛ biako de aboa ma wahwɛ no? Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe ahorow a wɔbɛyɛ no bɛka abusua no muni biara? Ɔkwan bɛn so na wobedi nea wɔayi no asi hɔ sɛ ɔnhwɛ ɔyarefo no honhom fam ahiade ne ahiade afoforo ho dwuma?

15. Mmoa bɛn na Yehowa de ma mmusua a obi yare denneennen wom no?

15 Yɛn komam a yefi bɔ mpae de srɛ Yehowa akwankyerɛ, n’Asɛm ho a yedwen, ne akokoduru a yɛde fa ɔkwan a Bible kyerɛ yɛn so no taa ma yenya nhyira horow a yɛnhwɛ kwan koraa. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na abusua no muni bi a ɔyare no yare begyae kakra. Nanso yɛn ho a yɛde to Yehowa so ma tebea biara yɛ papa sen biara. (Dwom 55:​22) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wo, Awurade, w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”​—Dwom 94:​18, 19; hwɛ Dwom 63:​6-8 nso.

MMOFRA NO A YƐBƐBOA WƆN

Sɛ abusua no bom yɛ ade a, wobetumi adi ɔhaw ahorow ho dwuma

16, 17. Nsɛm bɛn na yebetumi aka bere a yɛne mmofra nkumaa resusuw wɔn nua bi yare ho no?

16 Ɔyare a emu yɛ den betumi ayɛ ɔhaw ama abusua no mu mmofra no. Ɛho hia sɛ awofo boa mmofra no ma wohu nneɛma a ɛho abehia no ne nea wobetumi ayɛ de aboa. Sɛ ɔyarefo no yɛ abofra a, ɛsɛ sɛ wɔboa ne nuanom ma wohu sɛ bere pii a wɔde hwɛ no no nkyerɛ sɛ wɔnnɔ mmofra a aka no kɛse. Sɛ anka awofo bɛma abufuw anaa nitan asɔre no, wobetumi aboa mmofra a aka no ma wɔne wɔn ho anya abusuabɔ a emu yɛ den adodɔ wɔn ho ankasa bere a wɔde biakoyɛ di tebea a ɔyare no de ba ho dwuma no.

17 Sɛ awofo ka asɛm a ɛbɛka mmofra nkumaa koma a, wɔbɛyɛ tebea no ho biribi ntɛm sen sɛ wɔde ɔyare no ho nkyerɛkyerɛmu tenten anaa nea asete yɛ den bɛma. Enti wobetumi ama wɔahu nea ɛreyɛ abusua no muni a ɔyare no ho biribi. Sɛ mmofra a wɔwɔ apɔwmuden no hu sɛnea ɔyare no asiw ɔyarefo no kwan ma ontumi nyɛ nneɛma a wɔn ankasa bu no adewa no mu pii a, ɛda adi sɛ wobenya ‘onuadɔ ne ayamhyehye’ kɛse.​—1 Petro 3:8.

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa mmofra a wɔanyinyin ma wɔahu ɔhaw ahorow a ɔyare de ba no, na ɔkwan bɛn so na eyi ho betumi aba wɔn mfaso?

18 Ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra a wɔanyinyin ma wohu sɛ tebea bi a emu yɛ den asɔre, na ɛhwehwɛ sɛ abusua no muni biara de biribi bɔ afɔre. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ awofo tua nnuruyɛfo ne aduyɛ ho ka nti, ebia wontumi mma mmofra a aka no nneɛma sɛnea wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ. Mmofra no bo befuw wɔ eyi ho na wɔate nka sɛ wɔde nneɛma kame wɔn? Anaa wɔbɛte tebea no ase na wɔafi wɔn pɛ mu de nneɛma abɔ afɔre sɛnea tebea no hwehwɛ? Pii gyina ɔkwan a wɔfa so susuw asɛm no ho ne honhom a wɔma ɛtra abusua no mu no so. Nokwarem no, wɔ mmusua pii mu no, abusua no muni bi yare aboa atete mmofra ma wɔadi Paulo afotu yi akyi: “Munnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho. Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.”​—Filipifo 2:​3, 4.

SƐNEA ƐSƐ SƐ WOBU AYARESA

19, 20. (a) Asɛyɛde ahorow bɛn na mmusua ti di ho dwuma bere a abusua no muni bi yare no? (b) Ɛwom sɛ Bible no nyɛ aduyɛ nhoma de, nanso ɔkwan bɛn so na ɛde akwankyerɛ ma wɔ ɔyare ho dwuma a wodi ho?

19 Kristofo a wɔkari pɛ mpow ayaresa mpɛn dodow a emmu Onyankopɔn mmara so no. Sɛ wɔn busuani bi yare a, wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa na ama ɔyarefo no ho atɔ no. Nanso, ebia na aduyɛ ho nsusuwii a abirabɔ wom wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkari hwɛ. Bio nso, nyarewa foforo reda adi wɔ nnansa yi mfe mu, na wonni akwan a nnipa dodow no ara gye tom a wɔfa so sa emu pii. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wobehu ɔyare pɔtee no ankasa. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ?

20 Ɛwom sɛ na Bible kyerɛwfo biako yɛ oduruyɛfo na ɔsomafo de aduyɛ ho afotu pa maa n’adamfo Timoteo de, nanso abrabɔ ne honhom fam akwankyerɛ na Kyerɛwnsɛm no de ma, ɛnyɛ aduyɛ nhoma. (Kolosefo 4:​14; 1 Timoteo 5:​23) Enti, ɛdefa ayaresa ho nsɛm ho no, ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua ti si wɔn ankasa gyinae ahorow a ɛkari pɛ. Ebia wɔbɛte nka sɛ ɛho hia sɛ wonya ayaresa no ho adwenkyerɛ a ɛboro biako. (Fa toto Mmebusɛm 18:​17 ho.) Ɛda adi sɛ wɔbɛpɛ sɛ wonya mmoa a eye paa ma wɔn busuani a ɔyare no, na wɔn mu dodow no ara hwehwɛ eyi fi ayaresabea nnuruyɛfo hɔ. Ebinom te nka sɛ ayaresa foforo te sɛ abibiduru ye ma wɔn kɛse. Eyi nso yɛ obi ankasa gyinaesi. Nanso, sɛ Kristofo redi akwahosan ho haw ahorow ho dwuma a, wɔkɔ so ma ‘Onyankopɔn asɛm yɛ wɔn nan ase kanea ne wɔn kwan so hann.’ (Dwom 119:​105) Wɔkɔ so di akwankyerɛ a wɔde ama wɔn wɔ Bible mu no akyi. (Yesaia 55:​8, 9) Enti, wɔkwati ɔyare ho nhwehwɛmu a ahonhonsɛmdi wom ne ayaresa a ebu Bible mu nnyinasosɛm ahorow so.​—Dwom 36:9; Asomafo no Nnwuma 15:​28, 29; Adiyisɛm 21:8.

21, 22. Ɔkwan bɛn so na ɔbea bi a ɔwɔ Asia susuw Bible mu nnyinasosɛm bi ho, na ɔkwan bɛn so na na gyinae a osii no teɛ wɔ ne tebea no mu?

21 Susuw ababaa bi a ɔwɔ Asia asɛm no ho. Bere a ofii ase huu Bible ho nsɛm esiane adesua a ɔne Yehowa Adansefo mu biako yɛe nti akyi bere tiaa bi no, n’awo bere annu na ɔwoo abeawa bi a ne mu duru yɛ gram 1,470. Ɔbea no dii awerɛhow bere a oduruyɛfo bi ka kyerɛɛ no sɛ abofra no bɛto ape na ontumi nnantew da no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa akokoaa no nkɔma ahyehyɛde bi na wɔnhwɛ no. Na ne kunu nhu nea ɔbɛyɛ wɔ asɛm no ho. Na hena na obetumi adan akɔ ne nkyɛn?

22 Ɔka sɛ: “Mekae sɛ misua fii Bible no mu sɛ ‘Awurade agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.’” (Dwom 127:3) Osii gyinae sɛ ɔde “agyapade” yi bɛkɔ fie akɔhwɛ no. Na nneɛma yɛ den mfiase no, nanso mmoa a ɔbea no nnamfo a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ mu no de maa no no nti, otumi hwɛɛ abofra no na ɔde mmoa soronko a ohia no maa no. Mfe dumien akyi no, na abofra no kɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so na onya ɛhɔnom mmofra fekubɔ mu anigye. Ɛna no ka sɛ: “Mede aseda kɛse mae sɛ Bible mu nnyinasosɛm ahorow kanyan me ma meyɛɛ nea ɛteɛ no. Bible no boaa me ma mitumi kuraa ahonim pa mu wɔ Yehowa Nyankopɔn anim na manni yaw a anka me werɛ remfi da me nkwa nna a aka nyinaa no.”

23. Awerɛkyekye bɛn na Bible no de ma obi a ɔyare ne wɔn a wɔhwɛ no no?

23 Ɔyare rentra hɔ daa nyinaa. Odiyifo Yesaia kaa bere bi a “obiara renka sɛ: ‘Meyare’” ho asɛm. (Yesaia 33:​24, NW) Saa bɔhyɛ no bɛbam wɔ wiase foforo a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu. Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, ɔyare ne owu bɛkɔ so atra hɔ. Anigyesɛm ne sɛ Onyankopɔn Asɛm ma yɛn akwankyerɛ ne mmoa. Abrabɔ ho mmara titiriw a Bible de ma no ntwam da, na eye kyɛn nnipa a wɔnyɛ pɛ adwenkyerɛ a ɛsakra bere nyinaa no. Enti, onipa a ɔyɛ onyansafo ne odwontofo a ɔkyerɛw asɛm yi yɛ adwene: “Awurade mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. Awurade adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. . . . Awurade atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. . . . Ɛsodi mu wɔ akatua pii.”​—Dwom 19:​7, 9, 11.