Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUMIƐNSA

Sɛ Aware Reyɛ Agu A

Sɛ Aware Reyɛ Agu A

1, 2. Sɛ ɔhaw wɔ aware bi mu a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wobisa?

WƆ 1988 mu no, na Italiani bea bi a wɔfrɛ no Lucia abotow paa. * Na n’aware regu wɔ mfe du akyi. Na wabɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔne ne kunu besiesie wɔn ntam, nanso anyɛ yiye. Esiane sɛ na wɔn adwene nhyia nti, wɔtetew mu, na na afei ɛsɛ sɛ n’ankasa tete mmabea baanu. Bere a Lucia bu kɔmpɔ hwɛ n’akyi no, ɔka sɛ: “Na migye di sɛ biribiara ntumi mma yɛn aware no nyɛ yiye.”

2 Sɛ wuhyia ɔhaw ahorow wɔ aware mu a, ebia wubetumi ahu sɛnea Lucia te nka no. Ebia ɔhaw wɔ w’aware mu na worebisa wo ho sɛ ebia ebetumi ayɛ yiye anaa. Sɛ ɛte saa a, wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wubesusuw asɛmmisa yi ho: Matie afotu pa a Onyankopɔn de ama wɔ Bible mu na aboa ma aware ayɛ yiye no nyinaa?​—Dwom 119:​105.

3. Ɛwom sɛ awaregu adɔɔso de, nanso wɔka sɛ nnipa pii a wɔagyae aware ne wɔn mmusua te nka dɛn wɔ ho?

3 Sɛ ntawntawdi kɛse wɔ okunu ne ɔyere ntam a, ebia aware no a wobegu no bɛyɛ sɛ ade a ɛyɛ mmerɛw paa sɛ wɔyɛ. Nanso, ɛwom sɛ mmusua a emu apaapae adɔɔso wɔ aman pii mu de, nanso nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ mmarima ne mmea a wɔagyae aware no mu dodow no ara anu wɔn ho sɛ aware no gui. Wɔn mu binom wɔ akwahosan ho haw pii, honam ne adwene mu de, sen wɔn a wɔkɔ so tra hɔ sɛ awarefo no. Basaa a wɔn a wɔagyae aware mma yɛ ne awerɛhow a wodi no taa tra hɔ mfe pii. Awarefo a wɔagyae aware no awofo ne wɔn nnamfo nso hu amane. Na sɛnea Onyankopɔn, aware Hyehyɛfo, no hu tebea no nso ɛ?

4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma?

4 Sɛnea yɛahu dedaw wɔ nhoma yi mu no, Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ aware bɛyɛ nkwa nna nyinaa mu abusuabɔ. (Genesis 2:​24) Ɛnde, dɛn nti na aware pii gu? Ebia engu mpofirim. Mpɛn pii no, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ kɔkɔbɔ da adi. Aware mu ɔhaw nketenkete betumi ayɛ kɛse kosi sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Nanso sɛ wɔde Bible di ɔhaw ahorow yi ho dwuma ntɛm a, ɛremma aware pii ngu.

GYE NOKWASƐM AHOROW TOM

5. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom wɔ aware biara mu?

5 Ade a ɛtɔ mmere bi a ɛde ɔhaw ba ne nneɛma a ntease nnim a ebia awarefo no mu biako anaa baanu nyinaa hwɛ kwan. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho ayɛsɛm, nsɛmma nhoma a agye din, television so dwumadi ne sini ahorow betumi ama obi anya anidaso ne akwanhwɛ a entumi nnya mmamu wɔ asetra ankasa mu. Sɛ saa anidaso ahorow yi amma mu a, obi betumi ate nka sɛ wɔadi no amim, obedi yaw, na wafa abufuw mpo. Nanso, ɔkwan bɛn so na nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ betumi anya anigye wɔ aware mu? Egye mmɔdenbɔ na wɔanya abusuabɔ pa.

6. (a) Aware ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na Bible de ma? (b) Nsɛm a ɛde akasakasa ba aware mu no bi ne dɛn?

6 Wotumi de Bible no di dwuma wɔ asetra mu. Egye tom sɛ anigye wɔ aware mu, nanso ɛde kɔkɔbɔ nso ma sɛ wɔn a wɔware no “ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:​28) Sɛnea wɔaka dedaw no, awarefo baanu no nyinaa nyɛ pɛ na wotumi yɛ bɔne. Ɛsono awarefo no mu biara adwene ne ne nkate ne ne ntetee. Ɛtɔ mmere bi a, awarefo adwene nhyia wɔ sika, mmofra ne nsenom no ho. Adagyew a wonnya nyɛ nneɛma mmom ne ɔbarima ne ɔbea nna ho haw ahorow betumi de ntawntawdi nso aba. * Egye bere na wɔadi nsɛm a ɛtete saa ho dwuma, nanso nya akokoduru! Awarefo dodow no ara tumi gyina ɔhaw ahorow a ɛte saa no ano na wɔhwehwɛ ano aduru a eye a wɔn baanu nyinaa gye tom.

MONKA MO NTAM ASƐM

7, 8. Sɛ awarefo di yaw anaa akasakasa wɔ wɔn ntam a, ɔkwan bɛn na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔmfa so nni ho dwuma?

7 Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya abotare bere a wɔka wɔn yawdi, akasakasa, anaa wɔn nkogudi ho asɛm no. Sɛ anka ɔware bi bɛka no tẽẽ sɛ: “Ɛyɛ me sɛ woante m’ase” no, ebia ɔbɛda ne nkate adi na wasɛe asɛm no. Nnipa pii bɛka sɛ: “Wo nkutoo ho na wudwen,” anaa, “Wonnɔ me.” Esiane sɛ ɔwarefo foforo no mpɛ sɛ obegye akyinnye nti, ebia ommua.

8 Ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so ne sɛ wubetie Bible mu afotu yi: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:​26) Bere a awarefo bi a wɔwɔ anigye aware dii mfe 60 no, wobisaa wɔn nea ama wɔanya aware pa no. Okunu no kae sɛ: “Yesuaa sɛ yɛnna bere a yensiesiee yɛn ntam akasakasa no, ɛmfa ho sɛnea ebia esua no.”

9. (a) Dɛn na wɔda no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ nkɔmmbɔ ho ade a ehia? (b) Dɛn na ɛho hia sɛ ɛsɛ sɛ awarefo yɛ mpɛn pii, sɛ eyi gye akokoduru ne ahobrɛase mpo a?

9 Sɛ okunu ne ɔyere adwene nhyia a, ɛho hia sɛ wɔn mu biara ‘yɛ ntɛm tie, yɛ nyaa kasa, na ɔyɛ nyaa fa abufuw.’ (Yakobo 1:​19) Sɛ awarefo baanu no nyinaa tie yie a, ebia wobehu sɛ ɛho hia sɛ wɔpa wɔn ho kyɛw. (Yakobo 5:​16) Egye ahobrɛase ne akokoduru na woafi wo komam aka sɛ, “Mepa wo kyɛw sɛ mema wudi yaw.” Nanso akasakasa a awarefo siesie wɔ saa kwan yi so no bɛboa wɔn ma wɔanya abusuabɔ a ɛbɛma wɔn ani agye wɔn ho wɔn ho kɛse.

AWARE MU NNA A WƆMFA NKAME WƆN HO

10. Ahobammɔ a Paulo kamfo kyerɛɛ Korinto Kristofo no bɛn na ebetumi afa Kristoni ho nnɛ?

10 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw Korintofo no, “aguamammɔ nti” ɔkamfoo aware kyerɛe. (1 Korintofo 7:2) Ɛnnɛ wiase no asɛe te sɛ tete Korinto, anaa asɛe sen no. Aguamansɛm a wiasefo ka wɔ baguam, wɔn ahosiesie a ɛmfata, ne ahohwisɛm a ɛba nhoma mu, TV so, ne sini mu no nyinaa kanyan aguamammɔ ho akɔnnɔ. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Korintofo a na wɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu sɛ: “Wɔnware; na aware ye sen ɔhyew.”​—1 Korintofo 7:9.

11, 12. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere de ma wɔn ho, na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ su bɛn mu? (b) Sɛ ɛsɛ sɛ wɔde aware mu nna kame wɔn ho kakra a, ɛsɛ sɛ wodi tebea no ho dwuma dɛn?

11 Enti, Bible de ahyɛde ma Kristofo awarefo sɛ: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara.” (1 Korintofo 7:3) Hyɛ no nsow sɛ nea wosi so dua ne ɔma​—ɛnyɛ ogye. Sɛ awarefo no mu biara dwen ɔfoforo no yiyedi ho nkutoo a, na aware mu nna ma akomatɔyam ankasa. Sɛ nhwɛso no, Bible no de ahyɛde ma okununom sɛ wɔne wɔn yerenom “ntra nimdeɛ mu.” (1 Petro 3:7) Eyi yɛ nokware titiriw wɔ aware mu nna mu. Sɛ wɔanyɛ ɔyere brɛbrɛ a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ obenya aware mu ade yi mu anigye.

12 Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ awarefo de aware mu nna kame wɔn ho. Ebetumi aba saa wɔ ɔyere fam bere bi wɔ ɔsram no mu anaa bere a ɔte nka sɛ wabrɛ paa no. (Fa toto Leviticus 18:​19 ho.) Ebia ɔbarima no bɛyɛ saa bere a ɔredi ɔhaw bi a emu yɛ den ho dwuma wɔ adwumam na ɔte nka sɛ wayɛ basaa no. Awarefo betumi adi aware mu nna a wɔde kame wɔn ho kakra no ho dwuma yiye bere a wɔn baanu nyinaa susuw tebea no ho pefee na ‘wɔpene so’ no. (1 Korintofo 7:5) Eyi mma wɔn mu biara nnya adwene a ɛmfata. Nanso, sɛ ɔyere hyɛ da de ne ho kame ne kunu anaa okunu bi hyɛ da sɛ ɔne ne yere nna wɔ ɔdɔ mu a, ebetumi asum ne hokafo no afiri. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔhaw betumi aba aware no mu.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi abɔ mmɔden ama wɔn nsusuwii ho atew?

13 Te sɛ Kristofo nyinaa no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔaware kwati aguamansɛm a ebetumi ama wɔanya akɔnnɔ bɔne. (Kolosefo 3:5) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye nso wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe ho bere a wɔne nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu nyinaa redi nsɛm no. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:​28) Sɛ awarefo de Bible mu afotu a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no di dwuma a, wobetumi akwati sɛ wɔbɛhwe sɔhwɛ mu na wɔasɛe aware. Wobetumi akɔ so anya aware mu abusuabɔ a anigye wom a wobu ɔbarima ne ɔbea nna sɛ akyɛde pa a efi Yehowa, aware Hyehyɛfo, no hɔ.​—Mmebusɛm 5:​15-19.

BIBLE MU ASƐM A WOGYINA SO GYAE AWARE

14. Awerɛhosɛm bɛn na ɛtɔ mmere bi a, esi? Dɛn ntia?

14 Anigyesɛm ne sɛ wɔ Kristofo aware dodow no ara mu no, wobetumi adi ɔhaw biara a ɛsɔre no ho dwuma. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛmma saa. Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ na wɔte wiase bɔne a Satan di so mu nti, aware ahorow bi sɛe du baabi a ebetumi agu. (1 Yohane 5:​19) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo di tebea a emu yɛ den a ɛte saa no ho dwuma?

15. (a) Ade biako pɛ bɛn na Kyerɛwnsɛm ma ho kwan sɛ wotumi gyina so gu aware san ware bio? (b) Dɛn nti na ebinom si gyinae sɛ wonnyae wɔn hokafo a wafi wɔn akyi no?

15 Sɛnea wɔaka wɔ nhoma yi Ti 2 no, aguamammɔ nkutoo na Kyerɛwnsɛm ma obi tumi gyina so gu aware san ware bio. * (Mateo 19:9) Sɛ wowɔ adanse pɔtee a ɛkyerɛ sɛ w’aware mu hokafo afi w’akyi a, ɛnde gyinae bi a ɛyɛ den wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wusi. Wobɛkɔ so aware no anaa wubegyae no aware? Mmara biara nni hɔ. Kristofo bi de afiri wɔn hokafo a wanu ne ho ankasa no na aware a wɔangu no no ayɛ papa. Mmofra no nti afoforo asi gyinae sɛ wongu aware no.

16. (a) Nneɛma a ama ebinom agyae wɔn ahokafo a wɔyɛ bɔne no bi ne dɛn? (b) Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm si gyinae sɛ obegyae aware anaa onnyae a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi kasa tia ne gyinaesi no?

16 Nanso, ebia na bɔne no akɔfa nyinsɛn anaa ɔbarima ne ɔbea nna mu yare bi aba. Anaasɛ ebia na ɛho hia sɛ wɔbɔ mmofra ho ban fi ɔwofo mmonnaatofo ho. Ɛda adi pefee sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho ansa na woasi gyinae. Nanso, sɛ wote sɛ w’aware mu hokafo afi w’akyi na ɛno akyi no wufi ase ne no da a, wonam saayɛ so kyerɛ sɛ wode afiri wo hokafo no na wopɛ sɛ mokɔ so ware. Afei de wunni hwee wɔ Kyerɛwnsɛm mu a wubetumi agyina so agu aware no atumi asan aware bio. Ɛnsɛ sɛ obiara de ne ho hyehyɛ nsɛm no mu na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wo gyinae a ɛsɛ sɛ wusi, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia wo gyinae no bere a woasi no. Nea ebefi wo gyinaesi no mu aba no bɛda w’ankasa so. “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”​—Galatifo 6:5.

NEA WOTUMI GYINA SO TETEW AWARE MU

17. Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ a, anohyeto bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ ntetewmu ne awaregyae ho?

17 So tebea ahorow bi wɔ hɔ a ebetumi ama afata sɛ obi ne n’aware mu hokafo bɛtetew mu anaa wobegyae aware bere a onii no mmɔɔ aguaman mpo no? Yiw, nanso wɔ asɛm a ɛte saa mu no, Kristoni nni hokwan sɛ ɔne obi foforo kɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware. (Mateo 5:​32) Ɛwom sɛ Bible no ma ntetewmu a ɛte saa ho kwan de, nanso ɛka sɛ nea ɔkɔ no ‘nnware, anyɛ saa a, ɔnsan ne ne hokafo no nkɔbom.’ (1 Korintofo 7:​11) Tebea a emu yɛ den paa a ebetumi ama ayɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔtetew aware mu no bi ne dɛn?

18, 19. Tebea horow a emu yɛ den paa a ebia ɛbɛma ɔwarefo bi asusuw sɛ ɛfata sɛ ɔhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu anaa ogyae aware, ɛwom mpo sɛ ontumi nsan nware, no bi ne dɛn?

18 Wiɛ, ebia abusua no bedi hia esiane okunu no anihaw ne ne subammɔne nti. * Ebia ɔde abusua no sika tow kyakya anaa ɔde tua nnubɔne anaa nsa a ontumi nnyae nom ho ka. Bible no ka sɛ: “Sɛ obi nhwɛ . . . ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Sɛ onipa a ɔte saa no ansakra n’akwan, na ebia ɔfa ne yere sika de tua ne nnebɔne no ho ka a, ebia ne yere no bɛpɛ sɛ ɔhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu de bɔ ɔne ne mma yiyedi ho ban.

19 Wobetumi asusuw mmara kwan so adeyɛ a ɛte saa no nso ho bere a obi hwe ne hokafo pasaa, na ebia ɔyɛ saa mpɛn pii ma n’akwahosan ne ne nkwa mpo bɛda asiane mu no. Afei nso, sɛ obi bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛhyɛ n’aware mu hokafo ma wabu Onyankopɔn mmara ahorow so wɔ ɔkwan bi so a, ɔhokafo a ɔwɔ saa tebea no mu no nso betumi asusuw ntetewmu ho, titiriw sɛ nneɛma adu baabi a ne honhom mu yiyedi da asiane mu a. Ɔhokafo a ɔwɔ asiane a ɛte saa mu no betumi asi gyinae sɛ ɔkwan biako pɛ a ɔbɛfa so ‘atie Onyankopɔn asen nnipa’ ne sɛ ɔbɛhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu.​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

20. (a) Sɛ abusua bi mu paapae a, dɛn na nnamfo ne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ? (b) Ɛnsɛ sɛ awarefo de nea Bible ka wɔ ntetewmu ne awaregyae ho yɛ anoyi a wɔde yɛ dɛn?

20 Wɔ nsɛm a emu yɛ den a ɔwarefo bi hyia fi ne hokafo hɔ nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ nea ne ho nni asɛm no sɛ ɔne ne hokafo no ntetew aware no mu anaa ɔne no ntra. Ɛwom sɛ ne nnamfo ne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi de mmoa ne afotu a egyina Bible so ama de, nanso eyinom rentumi nhu okunu ne ɔyere ntam nsɛm nyinaa mu. Yehowa nkutoo na obetumi ahu. Nokwarem no, sɛ ɔyere Kristoni de nsɛm a enni nnyinaso yi ne ho fi aware mu a, na onni Onyankopɔn aware nhyehyɛe no ni. Nanso sɛ ɔwɔ tebea a ɛyɛ hu paa mu, na osi gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ ntetewmu a, ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia no. Asɛnkoro no ara na yebetumi aka afa okunu Kristoni a ɔhwehwɛ ntetewmu no ho. “Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn asɛnni agua no anim.”​—Romafo 14:10.

SƐNEA WOSIESIEE AWARE BI A NA ASƐE

21. Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible mu afotu a ɛfa aware ho no tumi yɛ adwuma?

21 Bere a Lucia a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ne ne kunu tetew mu akyi asram abiɛsa no, ohyiaa Yehowa Adansefo na ofii ase ne wɔn suaa Bible no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa pii sɛ Bible no de me haw no ano aduru a etumi yɛ adwuma maa me. Dapɛn biako pɛ adesua akyi no, minyaa ɔpɛ ntɛm ara sɛ me ne me kunu bɛka abom. Ɛnnɛ metumi aka sɛ Yehowa nim sɛnea osiesie aware a ɔhaw wom efisɛ ne nkyerɛkyerɛ boa awarefo ma wohu sɛnea wobenya obu ama wɔn ho. Ɛnyɛ nokware sɛ Yehowa Adansefo de mpaapaemu ba mmusua mu sɛnea ebinom ka no. Wɔ me fam no, wɔmaa biakoyɛ baa m’abusua mu.” Lucia suaa sɛnea ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ n’asetra mu.

22. Dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo nyinaa nya mu ahotoso?

22 Ɛnyɛ Lucia nkutoo na wanya saa suahu yi. Ɛsɛ sɛ aware yɛ nhyira na ɛnyɛ adesoa. Ne saa nti, Yehowa de aware ho afotu ho nhoma a eye paa a wɔakyerɛw ama​—N’asɛm a ɛsom bo no. Bible no tumi ma ‘ayemfo hu nyansa.’ (Dwom 19:​7-11) Asiesie aware pii a na ɛreyɛ agu na ama afoforo pii a na ɔhaw ahorow a emu yɛ den wom ayɛ papa. Ɛmmra sɛ awarefo nyinaa benya aware ho afotu a Yehowa Nyankopɔn de ma no mu ahotoso a edi mũ. Ɛyɛ adwuma ankasa!

^ nky. 1 Wɔasesa edin no.

^ nky. 6 Wɔaka eyinom bi ho asɛm dedaw wɔ nhoma yi mu.

^ nky. 15 Bible asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “aguamammɔ” no fa awaresɛe, mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da, mmoa a wɔne wɔn da, ne nna mu nneɛma foforo a ɛmfata a wɔhyɛ da de awode yɛ no ho.

^ nky. 18 Eyi nkyerɛ sɛ sɛ okunu no kura adwempa, nanso nneɛma a ontumi nyɛ ho hwee te sɛ ɔyare anaa adwuma a onnya nti ontumi nhwɛ n’abusua a, ne yere betumi ahwehwɛ ntetewmu.