Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm

Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm

Ti Abien

Daniel—Nhoma a Wɔredi N’asɛm

1, 2. Ɔkwan bɛn so na wɔredi Daniel nhoma no asɛm, na dɛn nti na wususuw sɛ ɛho hia sɛ wususuw adanse a wodi ma no no ho?

FA NO sɛ wugyina asɛnnibea retie asɛntitiriw bi a wɔredi. Wɔbɔ ɔbarima bi sobo sɛ ɔyɛ ɔdaadaafo. Aban mmaranimfo no ka katee sɛ ɔbarima no di fɔ. Nanso, wonim ɔbarima no sɛ odi nokware daa. So w’ani rennye ho sɛ wobɛte adanse a wodi ma nea wɔredi n’asɛm no?

2 Sɛ yɛka Bible mu nhoma a ɛne Daniel ho asɛm a, woba tebea a ɛte saa mu. Ne kyerɛwfo agye din sɛ obi a odi nokware. Wɔakyerɛ obu kɛse ama nhoma a ne din da so no mfe mpempem pii. Ɛka sɛ ɛyɛ nokware abakɔsɛm, a ne kyerɛwfo ne Daniel, Hebrini diyifo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so ason ne asia A.Y.B. mu no. Bible mmerebu a ɛyɛ nokware kyerɛ sɛ ofii ase kyerɛw nhoma no bɛyɛ 618 A.Y.B. na ɔkyerɛw wiei wɔ afe 536 A.Y.B. mu. Nanso wɔredi nhoma no asɛm. Nhwehwɛmu nhoma ahorow bi kyerɛ anaa ɛka pefee sɛ ɛyɛ atosɛm.

3. Dɛn na The New Encyclopædia Britannica ka wɔ nokware a Daniel nhoma no yɛ ho?

3 Sɛ nhwɛso no, The New Encyclopædia Britannica gye tom sɛ bere bi na wobu Daniel nhoma no sɛ “nokware abakɔsɛm a nokware nkɔmhyɛ wom.” Nanso, Britannica ka sɛ nokwarem no, “wɔkyerɛw [Daniel nhoma] no wɔ saa bere no akyi bere a na ɔman no hyia ɔhaw mu—bere a na wɔtaa Yudafo no denneennen wɔ [Siria Hene] Antiochus IV Epiphanes ase no.” Nhoma no kyerɛ sɛ wɔkyerɛwee wɔ 167 ne 164 A.Y.B. ntam. Nhoma koro yi ara ka sɛ Daniel nhoma no kyerɛwfo nka nea ɛbɛba daakye, na mmom ɔka “abakɔsɛm mu nsɛm a onim sɛ atwam ma ɛbɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛbɛbam daakye” kɛkɛ.

4. Bere bɛn na wofii ase kasa tiaa Daniel nhoma no, na dɛn na ama ɔkasatia a ɛte saa no anya nkɔanim wɔ nnansa yi mfe no mu?

4 Adwene a ɛtete saa no fi he? Kasa a wɔkasa tia Daniel nhoma no nyɛ ade foforo. Nyansapɛfo bi a ne din de Porphyry na ofii ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu tɔnn. Te sɛ Roma Ahemman no mu nnipa pii no, ɔtee nka sɛ Kristosom nkɛntɛnso bɛma asɛm ato no. Ɔkyerɛw nhoma 15 sɛ ɔde bɛsɛe ɔsom “foforo” yi. Ɔde nea ɛto so 12 no kasa tiaa Daniel nhoma no. Porphyry kae sɛ nhoma no yɛ atosɛm a Yudani bi kyerɛwee wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu. Wɔkasa tiaa nhoma no saa ara wɔ afeha a ɛto so 18 ne 19 mu. Sɛnea nhomanimfo ne akyinnyegyefo kyerɛ no—ɛnyɛ nokware sɛ obi betumi ahyɛ nkɔm—nsɛm a ebesisi daakye. Daniel bɛyɛɛ obi a wɔn ani gyee ho kɛse sɛ wɔbɛkasa atia no. Sɛ yɛbɛka a, wodii ɔne ne nhoma no asɛm wɔ asɛnnibea. Akyinnyegyefo kyerɛe sɛ wɔwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Daniel na ɔkyerɛw nhoma no wɔ bere a na Yudafo wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, na mmom obi foforo na ɔyɛɛ saa wɔ mfehaha pii akyi. * Ɔkasatia a ɛte saa buu so araa ma nhoma kyerɛwfo biako kyerɛw nhoma bi a wɔfrɛ no Daniel in the Critics’ Den (Daniel Wɔ Akyinnyegyefo Amoa Mu) de gyee ne ti.

5. Dɛn nti na asɛm a wobisa fa nokware a Daniel nhoma no yɛ ho no ho hia?

5 So adanse bi wɔ nsɛm a akyinnyegyefo no de ahotoso ka no ho? Anaasɛ adanse no di boa ɔkyerɛwfo no? Nsɛntitiriw pii sɔre wɔ ha. Ɛmfa din a tete nhoma yi wɔ nkutoo ho, na mmom yɛn daakye nso. Sɛ Daniel nhoma no ka atosɛm a, ɛnde na bɔhyɛ ahorow a ɛde ma wɔ adesamma daakye ho no yɛ nsɛnhunu kɛkɛ. Nanso, sɛ nokware nkɔmhyɛ ahorow na ɛwom a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu nea eyinom kyerɛ ma yɛn nnɛ. Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, ma yɛnhwehwɛ nsɛm a wɔka tia Daniel no bi mu.

6. Nsɛm bɛn na ɛtɔ da bi a wɔka tia Daniel nhoma no mu abakɔsɛm no?

6 Fa sobo a wɔbɔ wɔ The Encyclopedia Americana mu no sɛ nhwɛso: “Wɔakyinkyim tete mmere [te sɛ bere a wɔkɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon] no ho abakɔsɛm mu nsɛm pii” wɔ Daniel nhoma no mu. So ɛyɛ nokware ampa? Ma yensusuw nea wose ɛyɛ mfomso no mu abiɛsa ho mmiako mmiako.

ƆHEMPƆN A WONNIM NO NO

7. (a) Dɛn nti na wɔn a wɔkasa tia Bible no ani gyee Belsasar ho asɛm a Daniel kae no ho bere tenten? (b) Dɛn na ɛbaa adwene a ɛne sɛ Belsasar yɛ bɔsrɛmka kɛkɛ no so?

7 Daniel kyerɛwee sɛ na Belsasar, Nebukadnesar “ba,” redi hene wɔ Babilon bere a wɔko faa kurow no. (Daniel 5:1, 11, 18, 22, 30) Akyinnyegyefo akasa atia asɛm yi bere tenten, efisɛ na Belsasar din nni nhoma biara mu ka Bible no ho. Mmom no, tete abakɔsɛm akyerɛwfo kae sɛ Nabonido a odii Nebukadnesar ade no ne Babilon hene a otwa to. Enti, wɔ 1850 mu no, Ferdinand Hitzig kae sɛ ɛda adi sɛ ɔkyerɛwfo no bɔɔ ne srɛm na ɔkaa kɛkɛ sɛ Belsasar atra ase pɛn. Nanso wunhu sɛ Hitzig peree ne ho kakra wɔ n’adwene a ɔkyerɛe no mu? Anyɛ yiye koraa no, so ɔhene yi din a wɔammɔ koraa—titiriw bere a na wogye tom sɛ wonni abakɔsɛm kyerɛwtohɔ pii—no kyerɛ ankasa sɛ wantra ase da? Sɛnea ɛte no, wotuu dɔte anwenne nketewa bi wɔ tete Babilon kurow Ur a ɛwɔ baabi a nnɛ ɛyɛ Iraq anafo amamfo so wɔ 1854 mu. Na mpae bi a wɔbɔ maa “Bel-sar-ussur, me ba panyin” ka saa cuneiform nsɛm a efi Ɔhene Nabonido hɔ no ho. Akyinnyegyefo mpo gye toom sɛ: Oyi ne Belsasar a na Daniel nhoma no ka ne ho asɛm no.

8. Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ asɛm a Daniel ka faa Belsasar ho sɛ ɔhene a na ɔredi tumi no yɛ nokware?

8 Nanso, akyinnyegyefo no koma antɔ wɔn yam. Obiako a ne din de H. F. Talbot kyerɛwee sɛ: “Eyi nkyerɛ hwee.” Ɔkae sɛ ɔba a wɔka ne ho asɛm wɔ kyerɛwtohɔ no mu no betumi ayɛ abofra bi kɛkɛ, nanso Daniel ka sɛ ɔyɛ ɔhene a ɔredi tumi. Afe biako pɛ akyi wɔ bere a wotintim asɛm a Talbot kae akyi no, wotuu cuneiform abopon pii fii fam a na ɛkyerɛ sɛ Belsasar wɔ akyerɛwfo ne ofie adwumayɛfo. Na ɔnyɛ abofra! Awiei koraa no, abopon foforo maa asɛm no twae, bere a ɛkae sɛ Nabonido fii Babilon mfe pii wɔ bere bi mu no. Abopon yi san kyerɛe sɛ ɔde Babilon “ahenni hyɛɛ” ne ba panyin (Belsasar) nsa wɔ saa mmere no mu. Wɔ saa mmere no mu no, na Belsasar na odi hene—na ɔne ne papa bom di hene. *

9. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ na Daniel kyerɛ sɛ Belsasar yɛ Nebukadnesar ba? (b) Dɛn nti na akyinnyegyefo adi mfomso wɔ ka a wɔka sɛ Daniel nka biribiara a ɛkyerɛ sɛ Nabonido traa ase no ho?

9 Esiane sɛ ansɔ wɔn ani ara nti, akyinnyegyefo no bi nwiinwii sɛ Bible no ka sɛ Belsasar yɛ Nebukadnesar mmom ba, na ɛnyɛ Nabonido ba. Ebinom ka sɛ Daniel nka Nabonido asetra ho hwee mpo. Nanso, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nsɛm abien yi nyinaa nyɛ nokware. Ɛte sɛ nea Nabonido waree Nebukadnesar babea. Ɛno bɛma Belsasar ayɛ Nebukadnesar banana. Hebri ne Aram kasa nni nsɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “nanabarima” anaa “banana”; “ɔba” betumi ayɛ “banana” anaa “aseni” mpo. (Fa toto Mateo 1:1 ho.) Afei nso, Bible kyerɛwtohɔ no boa ma yehu sɛ Belsasar yɛ Nabonido ba. Bere a nsɛm a ɛyɛ hu a wɔkyerɛw guu ɔfasu no ho maa ehu kaa Belsasar a na ne ho yeraw no no, ɔka sɛ ɔbɛma obiara a obetumi akyerɛ nsɛm no ase ayɛ nea ɔto so abiɛsa wɔ ahenni no mu. (Daniel 5:7) Dɛn nti na ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa na ɛnyɛ nea ɔto so abien? Eyi kyerɛ sɛ na ebinom kura dibea a edi kan ne nea ɛto so abien no dedaw. Nokwarem no, saa na asɛm no te—Nabonido ne ne ba Belsasar.

10. Dɛn nti na nsɛm a Daniel kyerɛw faa Babilon ahemfo ho no kɔ akyiri sen tete abakɔsɛm akyerɛwfo afoforo de?

10 Enti Belsasar din a Daniel bɔe no nyɛ abakɔsɛm a “wɔakyinkyim no” ho adanse. Mmom no, ɛwom sɛ na ɛnyɛ—Babilon abakɔsɛm na Daniel rekyerɛw de—nanso ɔma yehu Babilon ahemman ho nsɛm pii sen tete wiase abakɔsɛm akyerɛwfo te sɛ Herodotus, Xenophon, ne Berossus. Dɛn nti na Daniel tumi kyerɛw nokwasɛm ahorow a wɔanhu ankyerɛw? Efisɛ na ɔwɔ Babilon. Obi a n’ankasa huu nea esisii no na ɔkyerɛw nhoma no, ɛnyɛ ɔdaadaafo bi a ɔtraa ase mfehaha pii akyi.

NA HENA NE MEDIANI DARIO?

11. Sɛnea Daniel kyerɛ no, na hena ne Mediani Dario, na dɛn na wɔaka afa ne ho?

11 Daniel bɔ amanneɛ sɛ bere a wɔko faa Babilon no, ɔhene bi a ne din de ‘Dario a ofi Media’ fii ase dii hene. (Daniel 5:31) Wonnya nhuu Mediani Dario din wɔ wiase nhoma anaa nneɛma a wɔatutu fam ahu mu. Enti, The New Encyclopædia Britannica ka sɛ saa Dario yi “nyɛ onipa ankasa.”

12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkasa tia Bible no hu pii sen sɛ wɔbɛka pen sɛ Mediani Dario antra ase da? (b) Ade biako bɛn na ebetumi ama yɛahu onipa ko a Mediani Dario yɛ, na adanse bɛn na ɛkyerɛ saa?

12 Nhomanimfo bi mpere wɔn ho nka biribi saa. Anyɛ yiye koraa no, akyinnyegyefo kae bere bi sɛ Belsasar nso yɛ ‘bɔsrɛmka.’ Akyinnye biara nni ho sɛ Dario asɛm no nso bɛkyerɛ sɛ nea wɔka no nyɛ nokware. Cuneiform abopon ada no adi dedaw sɛ Persiani Kores amfa abodin “Babilon Hene” ntɛm ara wɔ nkonimdi no akyi. Nhwehwɛmufo biako ka sɛ: “Na onipa ko a okura abodin ‘Babilon Hene’ no hyɛ Kores ase, na ɛnyɛ ɔno ne Kores ankasa.” So Dario betumi ayɛ Mediani ɔbapɔmma bi a ɔwɔ tumi a wogyaw no sɛ ɔnhwɛ Babilon so no ahendin anaa abodin? Ebinom ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Dario ne ɔbarima a wɔfrɛ no Gubaru no. Kores yɛɛ Gubaru amrado wɔ Babilon, na wiase kyerɛwtohɔ ahorow si so dua sɛ ɔde tumi kɛse dii hene. Cuneiform ɔbopon bi ka sɛ ɔpaw amrado nkumaa wɔ Babilon nyinaa. Anigyesɛm ne sɛ Daniel ka sɛ Dario paw amantam ahene 120 ma wodii Babilon ahemman so.—Daniel 6:1.

13. Asɛm a ntease wom bɛn nti na wɔka Mediani Dario ho asɛm wɔ Daniel nhoma no mu nanso wɔnyɛ saa wɔ wiase kyerɛwtohɔ ahorow mu?

13 Ebia yebehu onii ko pɔtee a ɔhene yi yɛ ho adanse ankasa wɔ bere bi akyi. Sɛnea ɛte biara no, wontumi nnyina eyi ho biribi a ɛte sɛ nea fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu nna no adi no so nka sɛ Dario yɛ “bɔsrɛmka,” na Daniel nhoma no nyinaa yɛ atosɛm. Ntease kɛse wom sɛ yebebu Daniel kyerɛwtohɔ no sɛ adanse a ɔde n’ani hui ankasa a ɛka nsɛm kɔ akyiri sen wiase kyerɛwtohɔ ahorow.

YEHOIAKIM AHENNI

14. Dɛn nti na abirabɔ biara nni afe a Daniel ne Yeremia ka sɛ Ɔhene Yehoiakim bedii hene no mu?

14 Daniel 1:1 kenkan sɛ: “Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛka hiaa mu.” Akyinnyegyefo ka sɛ mfomso bi wɔ kyerɛwsɛm yi mu efisɛ ɛte sɛ nea ɛne Yeremia a ɔka sɛ Yehoiakim afe a ɛto so anan yɛ Nebukadnesar afe a edi kan nsɛm nhyia. (Yeremia 25:1; 46:2) So na Daniel reka biribi a ɛne nea Yeremia aka bɔ abira? Sɛ wonya nsɛm pii a, wɔkyerɛkyerɛ asɛm no mu ntɛm ara. Bere a edi kan a Farao Neko yɛɛ Yehoiakim ɔhene wɔ 628 A.Y.B. mu no, Yehoiakim bɛyɛɛ saa Misrifo sodifo no akoa kɛkɛ. Eyi sii bɛyɛ mfe abiɛsa ansa na Nebukadnesar sii n’agya ananmu dii Babilon hene wɔ 624 A.Y.B. mu. Ɛno akyi pɛɛ (wɔ 620 A.Y.B. mu) no, Nebukadnesar ko faa Yuda na ɔyɛɛ Yehoiakim ɔhene a ɔhyɛ Babilon ase. (2 Ahene 23:34; 24:1) Na Yudani a ɔte Babilon bebu Yehoiakim “afe a ɛto so abiɛsa” no sɛ mfe a saa ɔhene no de som Babilon no nea ɛto so abiɛsa. Saa adwene no na Daniel de kyerɛw n’asɛm no. Nanso, Yeremia de adwene a na Yudafo a na wɔte Yerusalem pɛɛ no kurae no na ɛkyerɛwee. Enti, ɔkaa Yehoiakim ahenni ho asɛm sɛ efii ase bere a Farao Neko sii no hene no.

15. Dɛn nti na nsɛm a wɔka tia bere a wɔka ho asɛm wɔ Daniel 1:1 no nni nnyinaso papa biara?

15 Enti, nea wose ɛyɛ abirabɔ yi si adanse no so dua sɛ Daniel kyerɛw ne nhoma no wɔ Babilon bere a na ɔne ne mfɛfo Yudafo wɔ nnommumfa mu no. Nanso, mfomso foforo bi wɔ asɛm a wɔka tia Daniel nhoma yi mu. Kae sɛ na Daniel nhoma no kyerɛwfo wɔ Yeremia nhoma no bi na ɔtwee adwene sii so mpo. (Daniel 9:2) Sɛ na Daniel nhoma kyerɛwfo yɛ ɔdaadaafo nitefo sɛnea akyinnyegyefo no kyerɛ no a, so anka ɔbɛpɛ sɛ ɔka biribi a ɛbɔ nea Yeremia a wobu no kɛse aka—wɔ ne nhoma no nkyekyem a edi kan pɛɛ mu abira? Dabida!

NKYERƐKYERƐMU A ETU MPƆN

16, 17. Ɔkwan bɛn so na adanse a fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu ama wɔanya foa Daniel kyerɛwtohɔ a ɛfa (a) Nyamesom honi bi a Nebukadnesar yɛe sɛ ne manfo nyinaa nsom no ho no so? (b) Nebukadnesar adansi nnwuma wɔ Babilon a ɔde hoahoaa ne ho no so?

16 Afei ma yɛnnan mfi nsɛm a wɔka de tia nhoma no so nkɔ nea edi ho adanse pa so. Susuw Daniel nhoma no mu nsɛm foforo bi a ɛkyerɛ sɛ na ne kyerɛwfo no nim mmere a ɔkyerɛw ho nsɛm no ho.

17 Tete Babilon ho ahintasɛm a na Daniel nim no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ ne kyerɛwtohɔ no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, Daniel 3:1-6 ka sɛ Nebukadnesar yɛɛ ohoni kɛse bi sɛ nnipa no nyinaa nsom no. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu anya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔhempɔn yi pɛe sɛ ɔma ne manfo de wɔn ho hyɛ ɔmampɛ ne ɔsom mu amanne mu kɛse. Saa ara nso na Daniel kyerɛw Nebukadnesar adansi nnwuma pii a ɔde hoahoaa ne ho no ho asɛm. (Daniel 4:30) Ɛnnɛ bere yi mu na fam tutufo asi so dua sɛ Nebukadnesar ma wosisii adan pii wɔ Babilon ampa. N’ahohoahoa da adi pefee—ɔma wɔkyerɛw ne din guu ntayaa ahorow no so mpo! Wɔn a wɔkasa tia Daniel no ntumi nkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a obi a wose ɔyɛ ɔdaadaafo a ɔtraa ase wɔ Makabiifo bere so (167-63 A.Y.B.) tumi huu adansi nnwuma a ɛte saa—bɛyɛ mfe ahanan akyi, bere tenten ansa na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ma ɛdaa adi.

18. Ɔkwan bɛn so na asɛm a Daniel kyerɛw faa asotwe a egu ahorow a na wɔde ma wɔ Babilon ne Persia nniso ase ho no yɛ nokware turodoo?

18 Daniel nhoma no ma yehu Babilon ne Medo-Persia mmara mu nsonsonoe atitiriw bi nso. Sɛ nhwɛso no, Babilon mmara ma wɔtow Daniel ayɔnkofo baasa no guu ogya a ɛrefram fononoo mu efisɛ wobuu ɔhene no ahyɛde so. Mfe pii akyi no, wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu efisɛ obuu Persia mmara a na etia n’ahonim so. (Daniel 3:6; 6:7-9) Ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ ogya a ɛrefram fononoo ho kyerɛwtohɔ no yɛ anansesɛm, nanso wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu krataa ankasa bi a efi tete Babilon a ɛhyɛ da ka saa kwan a wɔfa so twe nnipa aso yi ho asɛm. Nanso, na Mediafo ne Persiafo bu ogya sɛ ɛyɛ kronkron. Enti wɔde asotwe afoforo a emu yɛ den na na ɛma. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde agyata amoa dii dwuma.

19. Nsonsonoe a ɛda Babilon mmara ne Medo-Persia mmara mu bɛn na Daniel nhoma no da no adi pefee?

19 Nsonsonoe foforo nso da adi. Daniel kyerɛ sɛ Nebukadnesar tumi hyɛ mmara anaa ɔsakra no mpofirim. Na Dario ntumi nyɛ hwee mfa nsakra ‘Mediafo ne Persiafo mmara’—nea na n’ankasa ahyɛ mpo! (Daniel 2:5, 6, 24, 46-49; 3:10, 11, 29; 6:12-16) Abakɔsɛm kyerɛwfo John C. Whitcomb kyerɛw sɛ: “Tete abakɔsɛm si Babilon a ɔhene no wɔ mmara no so tumi ne Medo-Persia a ɔhene no hyɛ mmara no ase ntam nsonsonoe so dua.”

20. Belsasar apontow no ho nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Daniel ankasa nim Babilon amammerɛ?

20 Belsasar apontow ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Daniel ti 5 no kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye. Ɛda adi sɛ ɛde anigye a wɔde didii na wɔde nom nsa bebree no na efii ase, efisɛ ɛka bobesa ho asɛm mpɛn pii. (Daniel 5:1, 2, 4) Nokwarem no, apontow a ɛtete saa ho adwini kyerɛ sɛ bobesa nkutoo na wɔnomee. Ɛnde, ɛda adi sɛ na bobesa ho hia yiye wɔ apontow a ɛtete saa ase. Daniel ka nso sɛ na mmea wɔ apontow yi ase—ɔhene no ayefamnom. (Daniel 5:3, 23) Fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu si Babilon ammamerɛ yi so dua. Na Yudafo ne Helafo mpɛ sɛ ɔyerenom bɛka mmarima ho akɔ apontow ase wɔ Makabiifo bere so. Ebia eyi nti na Daniel nhoma a ɛwɔ Hela Septuagint nkyerɛase a edi kan no mu no nka mmea yi ho asɛm no. * Nanso, nea wose ɔyɛ ɔdaadaafo a ɔkyerɛw Daniel nhoma no bɛtra ase wɔ saa Helafo (Greekfo) koro no a wɔyɛɛ Septuagint no mu anaa bere a wɔyɛe no mu!

21. Nkyerɛkyerɛmu a ntease wom paa bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Daniel nim Babilon nnommumfa mu mmere ne amammerɛ yiye?

21 Nsɛm a ɛtete saa yi nti, ɛyɛ nwonwa yiye sɛ Britannica tumi ka sɛ nea na Daniel nhoma no kyerɛwfo nim fa nnommumfa bere no ho no “nni mũ.” Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdaadaafo a ɔtraa ase wɔ mfehaha pii akyi betumi ahu Babilon ne Persia amammerɛ saa? Kae nso sɛ na ahemman abien yi agu dedaadaw ansa na afeha a ɛto so abien A.Y.B. reba. Ɛda adi sɛ na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu biara nni hɔ saa bere no; saa ara nso na saa bere no mu Yudafo anhoahoa wɔn ho sɛ wonim aman foforo amammerɛ ne wɔn abakɔsɛm. Odiyifo Daniel, nea ohuu mmere ne nsɛm a esisii a waka no nkutoo na obetumi akyerɛw Bible nhoma a ne din da so no.

SO ADANSE AFOFORO KYERƐ SƐ DANIEL NHOMA NO YƐ ATOSƐM?

22. Dɛn na akyinnyegyefo ka wɔ baabi a Daniel nhoma no wɔ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no ho?

22 Nsɛm a wɔtaa ka de tia Daniel nhoma no mu biako fa baabi a ɛwɔ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ho. Tete rabifo no kyekyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu abiɛsa: Mmara, Adiyifo, ne Nkyerɛwee. Wɔamfa Daniel anka Adiyifo no ho na mmom Nkyerɛwee no. Akyinnyegyefo ka sɛ eyi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wonnim nhoma no bere a wɔboaboaa adiyifo afoforo nhoma ano no. Wose wɔde kaa Nkyerɛwee no ho efisɛ akyiri yi na wɔboaboaa eyinom ano.

23. Na tete Yudafo no bu Daniel nhoma no dɛn, na yɛyɛ dɛn hu eyi?

23 Nanso, ɛnyɛ Bible nhwehwɛmufo nyinaa na wogye tom sɛ tete rabifo no kyekyɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu katee saa, anaasɛ wɔamfa Daniel anka Adiyifo no ho. Nanso, sɛ rabifo no de Daniel kaa Nkyerɛwee no ho mpo a, so eyi bɛkyerɛ sɛ akyiri yi na wɔkyerɛwee? Dabi. Nhomanimfo a wɔwɔ din aka nea enti a ɛbɛyɛ sɛ wɔamfa Daniel anka Adiyifo no ho. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔyɛɛ saa efisɛ na nhoma no kasa tia wɔn anaasɛ wobuu Daniel ankasa sɛ ɔda nsow wɔ adiyifo foforo ho efisɛ na okura aban dibea wɔ ɔman foforo bi so. Sɛnea ɛte biara no, nea ɛho hia ne sɛ: Na tete Yudafo no bu Daniel nhoma no yiye na na wogye di sɛ ɛka Kyerɛwnsɛm no ho. Afei nso, adanse kyerɛ sɛ wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma ahorow no wiei koraa kyɛe ansa na afeha a ɛto so abien A.Y.B. reba. Wɔamma wɔamfa nea wɔkyerɛw no akyiri yi, a nhoma ahorow bi a wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. ka ho no anka ho.

24. Ɔkwan bɛn so na wɔde Ecclesiasticus nhoma a enni Kyerɛwnsɛm no mu akasa atia Daniel nhoma no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ adwene yi nteɛ?

24 Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wogyina nhoma a wɔkyerɛw no akyiri yi a wɔapo no mu biako so kasa tia Daniel nhoma no. Ɛda adi sɛ wɔkyerɛw Ecclesiasticus nhoma a enni Kyerɛwnsɛm mu no a Jesus Ben Sirach kyerɛwee no bɛyɛ 180 A.Y.B. Akyinnyegyefo taa ka sɛ Daniel nka atreneefo pii a wɔn din wɔ nhoma no mu no ho. Wosusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wonnim Daniel saa bere no. Nhomanimfo pii gye asɛm yi tom. Nanso susuw eyi ho hwɛ: Nhoma koro no ara mmɔ Esra ne Mordekai (a na wɔn baanu nyinaa yɛ nnipa a na wɔwɔ din pa wɔ nnommumfa no akyi Yudafo no mu), Ɔhene pa Yehosafat; ne ɔbarima treneeni Hiob din; Samuel nkutoo na ɛbɔ ne din wɔ atemmufo no nyinaa mu. * Esiane sɛ wɔammɔ nnipa a wɔte saa din wɔ nsɛm a ɛnyɛ obiara na ne din wom a epuei wɔ wiasefo nhoma mu nti, so ɛsɛ sɛ yɛbɔ ne nyinaa gu sɛ wɔn nyinaa antra ase da? Ntease biara nni saa adwene no mu.

ADANSE A WIASE NO DI MA DANIEL

25. (a) Ɔkwan bɛn so na Josephus dii adanse sɛ Daniel kyerɛwtohɔ no yɛ nokware? (b) Ɔkwan bɛn so na Josephus kyerɛwtohɔ a ɛfa Alexander Ɔkɛseɛ ne Daniel nhoma no ho ne abakɔsɛm a wonim no hyia? (Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛto so abien no.) (d) Ɔkwan bɛn so na kasa ho adanse foa nea Daniel nhoma ka no so? (Hwɛ kratafa 26.)

25 Ma yɛnnan nkɔ nea edi ho adanse pa so. Wɔaka sɛ wonnii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma biara ho adanse yiye te sɛ Daniel de no. Ɛho mfatoho ni: Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus di adanse sɛ ɛyɛ nokware. Ɔka sɛ Alexander Ɔkɛseɛ baa Yerusalem bere a na ɔne Persiafo reko wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. no mu, na asɔfo no de Daniel nhoma no bi kyerɛɛ no. Alexander ankasa kae sɛ Daniel nkɔmhyɛ no mu nsɛm a wɔde kyerɛɛ no no fa ɔne Persia ntam ɔko no ho. * Sɛ yɛhwɛ nea akyinnyegyefo ka a, na eyi bɛyɛ mfe ɔha aduonum ansa na wɔkyerɛw nhoma a wose ɛyɛ “atosɛm” no. Nokwarem no, akyinnyegyefo akasa atia Josephus wɔ asɛm yi ho. Wɔkasa tia no nso sɛ waka sɛ Daniel nhoma no mu nkɔmhyɛ ahorow bi nyaa mmamu. Nanso, sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Joseph D. Wilson kae no, “ɛbɛyɛ sɛ na [Josephus] nim pii wɔ asɛm no ho sen akyinnyegyefo a wɔwɔ wiase nyinaa.”

26. Ɔkwan bɛn so na Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no asi so dua sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware?

26 Wɔsan sii so dua sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware bere a wohuu Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no wɔ Qumran abodan mu wɔ Israel no. Anwonwasɛm ne sɛ wohuu Daniel nhoma mmɔbowee no ne emu asinasin bi wɔ nneɛma a wohui wɔ 1952 mu no mu. Wɔkyerɛw nea akyɛ sen biara no wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. awiei mu hɔ. Enti, na wonim Daniel nhoma no yiye na nnipa pii bu no dedaw wɔ saa bere no mu tɔnn. The Zondervan Pictorial Encyclopedia of the Bible ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wogye tom mprempren sɛ wɔankyerɛw Daniel nhoma no wɔ Makabiifo bere so, sɛ wotumi kyerɛ nkutoo sɛ wontumi mfa bere tiaa a ɛda bere a wɔkyerɛw Daniel nhoma no ne bere a wohuu bi wɔ Makabiifo asɔre nhomakorabea no nkyerɛw nhoma no a.”

27. Adanse a akyɛ sen biara bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Daniel yɛ onipa ankasa a wonim no yiye wɔ Babilon nnommumfa no mu?

27 Nanso, Daniel nhoma no ho adanse a ɛyɛ nokware na akyɛ sen saa wɔ hɔ. Nnipa a wɔtraa ase wɔ Daniel bere so no mu biako ne odiyifo Hesekiel. Ɔno nso somee sɛ odiyifo wɔ Babilon nnommumfa no mu. Hesekiel nhoma no bɔ Daniel din mpɛn pii. (Hesekiel 14:14, 20; 28:3) Eyinom kyerɛ sɛ wɔ Daniel ankasa nkwa nna mu wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. no na wonim no yiye dedaw sɛ ɔtreneeni ne onyansafo, a ɛfata sɛ wɔbɔ no din ka Noa ne Hiob a na wosuro Onyankopɔn no ho.

ADANSE A ƐSEN BIARA

28, 29. (a) Adanse a edi mu sen biara bɛn na ɛkyerɛ sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye Yesu adanse no tom?

28 Nanso, awiei koraa no, ma yensusuw nokware a Daniel nhoma no yɛ ho ɔdansefo a ɔsen biara no ho—ɛnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo. Bere a Yesu reka nna a edi akyiri no ho asɛm no, ɔtwee adwene sii “odiyifo Daniel” ne Daniel nkɔmhyɛ no biako so.—Mateo 24:15; Daniel 11:31; 12:11.

29 Afei sɛ ɛyɛ nokware sɛ wɔkyerɛw nhoma no wɔ Makabiifo bere so sɛnea akyinnyegyefo ka no a, ɛnde ɛsɛ sɛ nneɛma abien mu biako yɛ nokware. Ɛne sɛ atosɛm yi daadaa Yesu anaasɛ wanka nea Mateo kae sɛ ɔkae no. Emu biara rentumi nyɛ nokware. Sɛ yentumi mfa yɛn ho nto Mateo Asɛmpa no so a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ho ato Bible no afã a aka no so? Sɛ yeyi saa asɛm no fi Kyerɛw Kronkron no mu a, nsɛm a edi hɔ bɛn na yebeyi afi mu? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ . . . nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Enti, sɛ na Daniel yɛ ɔdaadaafo a, ɛnde na Paulo nso yɛ bi! So wobetumi adaadaa Yesu? Dabida. Na ɔte ase wɔ soro bere a wɔkyerɛw Daniel nhoma no. Yesu kaa mpo sɛ: “Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.” (Yohane 8:58) Wɔ nnipa a wɔatra ase pɛn nyinaa mu no, Yesu ne obi a ɔfata sen biara sɛ yebisa nokware a Daniel nhoma no yɛ ho asɛm fi ne hɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ yebisa. Sɛnea yɛahu no, n’adanse no mu da hɔ pefee.

30. Ɔkwan bɛn so na Yesu san kyerɛe sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware?

30 Yesu san ma ɛdaa adi sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware wɔ bere a na wɔrebɔ no asu no mu. Afei ɔbɛyɛɛ Mesia maa Daniel nhoma no mu mfepɛn 69 ho nkɔmhyɛ no nyaa mmamu. (Daniel 9:25, 26; hwɛ nhoma yi Ti 11.) Sɛ ka a wɔka sɛ akyiri yi na wɔkyerɛw Daniel nhoma no yɛ nokware mpo a, na Daniel nhoma no kyerɛwfo nim nsɛm a ebesisi akyiri yi bɛyɛ mfe 200. Nokwarem no, Onyankopɔn mfa ne honhom nka ɔdaadaafo bi ma ɔmfa obi din nhyɛ nkɔm ahorow a ɛyɛ nokware. Dabi, nnipa a wodi Onyankopɔn nokware fi koma nyinaa mu gye Yesu adanse no tom. Sɛ anka wiase abenfo ne akyinnyegyefo nyinaa ka bom kasa tia Daniel mpo a, Yesu adanse no bɛkyerɛ sɛ nea wɔka no nyɛ nokware, efisɛ ɔne “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo.”—Adiyisɛm 3:14.

31. Dɛn nti na nnipa a wɔkasa tia Bible no mu pii nnye nni ara sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware?

31 Saa adanse yi mpo nsɔ Bible akyinnyegyefo pii ani. Sɛ obi susuw asɛm yi ho fefeefe a, nea obetumi aka ara ne sɛ adanse dodow biara nni hɔ a ɛbɛma wɔagye adi. Oxford Sukuupɔn no kyerɛkyerɛfo bi kyerɛwee sɛ: “Mpɛn dodow a ebinom kura kan adwene sɛ ‘tumi bi a ɛkorɔn sen onipa de ntumi nhyɛ nkɔm’ no, mfaso biara remma so sɛ wode anoyi kɛkɛ bɛma.” Enti adwene a ɛmfata a wokura no fura wɔn ani. Nanso ɛno na wɔapaw—ne nea wɔhwere.

32. Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebehu bere a yebesua Daniel nhoma no?

32 Na wo nso ɛ? Sɛ wutumi hu sɛ biribiara nni hɔ a wubegyina so aka sɛ Daniel nhoma no nyɛ nokware a, ɛnde na woayɛ krado sɛ wubehu biribi a ɛyɛ anigye. Wubehu sɛ Daniel nhoma no mu abasɛm ne nkɔmhyɛ no yɛ anigye. Nea ɛho hia kɛse no, wubehu sɛ ti biara ma wo gyidi yɛ kɛse. Worennu wo ho da sɛ wutie Daniel nkɔmhyɛ no yiye!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Akyinnyegyefo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ atosɛm a wose ɛka no ase denam ka a wɔka sɛ ɔkyerɛwfo no faa Daniel din na ɔde kyerɛwee te sɛ nea nkurɔfo de din a ɛnyɛ wɔn ankasa de kyerɛw tete nhoma ahorow bi a enni Bible mu no. Nanso, Bible ɔkasatiafo bi, Ferdinand Hitzig kae sɛ: “Yentumi nka sɛ obi [nhoma kyerɛwfo] foforo na ɔkyerɛw Daniel nhoma no. Ne saa nti, nea yɛbɛka ne sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka, na n’adwene ne sɛ ɔbɛdaadaa wɔn a wobedi kan akenkan no, ɛwom sɛ wɔn yiyedi nti na ɔyɛɛ saa de.”

^ nky. 8 Bere a Babilon hwee ase no, na Nabonido nni hɔ. Enti, wɔkaa Belsasar ho asɛm sɛ ɔne ɔhene saa bere no ma ɛfatae. Nea akyinnyegyefo tumi ka ara ne sɛ wiase no kyerɛwtohɔ mfa abodin ɔhene mfrɛ Belsasar. Nanso, tete adanse kyerɛ sɛ saa bere no na wobetumi afrɛ amrado mpo sɛ ɔhene.

^ nky. 20 Hebri kasa ho ɔbenfo C. F. Keil kyerɛw faa Daniel 5:3 ho sɛ: “Makedoniafo, Helafo, ne Romafo amammerɛ nti, LXX. no ammɔ mmea no din wɔ ha ne nkyekyem 23 nso.”

^ nky. 24 Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛte sɛ nea mmarima ne mmea anokwafo din a honhom maa ɔsomafo Paulo bobɔe wɔ Hebrifo ti 11 no twe adwene si nsɛm a esisii a wɔakyerɛw wɔ Daniel nhoma no mu so. (Daniel 6:16-24; Hebrifo 11:32, 33) Nanso, ɔsomafo no nso ammɔ obiara din. Afoforo pii a Yesaia, Yeremia, ne Hesekiel ka ho din nka ho, nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔantra ase da.

^ nky. 25 Abakɔsɛm akyerɛwfo bi aka sɛ eyi bɛkyerɛ nea enti a Alexander yii ayamye kɛse adi kyerɛɛ Yudafo a na wɔayɛ Persiafo nnamfo akyɛ no. Saa bere no na Alexander retu sa asɛe Persia nnamfo nyinaa.

DƐN NA WUHUI?

• Dɛn na wɔabɔ Daniel nhoma no sobo wɔ ho?

• Dɛn nti na nsɛm a akyinnyegyefo ka tia Daniel nhoma no nni nnyinaso papa biara?

• Adanse bɛn na esi so dua sɛ Daniel kyerɛwtohɔ no yɛ nokware?

• Adanse a edi mu sen biara bɛn na ɛkyerɛ sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 26 adaka]

Kasa Ho Asɛm No

WƆKYERƐW Daniel nhoma no wiei bɛyɛ 536 A.Y.B. Wɔkyerɛw wɔ Hebri ne Aram kasa mu, na Hela ne Persia nsɛmfua kakra wom. Wɔntaa mfa kasa horow nkyerɛw nhoma biako, nanso na wotumi de kyerɛw Kyerɛwnsɛm. Wɔkyerɛw Bible nhoma a ɛne Esra nso wɔ Hebri ne Aram kasa mu. Nanso, akyinnyegyefo bi ka sɛ Daniel nhoma no kyerɛwfo de kasa ahorow yi dii dwuma wɔ ɔkwan bi a ɛkyerɛ sɛ ɔkyerɛw wɔ 536 A.Y.B. akyi so. Wɔafa okyinnyegyefo bi asɛm aka mpɛn pii sɛ Hela nsɛmfua a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no kyerɛ sɛ akyiri yi koraa na wɔkyerɛwee. Ɔka sɛ Hebri a ɛwom no si so dua sɛ akyiri yi na wɔkyerɛwee, na anyɛ yiye koraa no Aram a ɛwom no foa saa bere no so​—afeha a ɛto so abien A.Y.B. yi ara mu mpo.

Nanso, ɛnyɛ kasa ho animdefo nyinaa na wogye tom. Animdefo bi ka sɛ Hebri kasa a wɔde kyerɛw Daniel nhoma no te sɛ nea wɔde kyerɛw Hesekiel ne Esra no ara pɛ, na ɛnte sɛ nea wohu wɔ nhoma a enni Kyerɛwnsɛm mu te sɛ Ecclesiasticus a ɛbaa akyiri yi mu no. Ɛdefa Aram kasa a Daniel de dii dwuma ho no, susuw nhoma abien a wohui wɔ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no mu ho. Wɔkyerɛw ɛno nso wɔ Aram kasa mu, na bere no yɛ efi afeha a edi kan no mu kosi nea ɛto so abien A.Y.B. mu​—bere tiaa bi wɔ nea wose ɛyɛ Daniel nnaadaasɛm no akyi. Nanso nhomanimfo ahu nsonsonoe kɛse bi wɔ Aram kasa a wohu wɔ nhoma yi mu ne nea wohu wɔ Daniel mu no mu. Enti, ebinom ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no mfehaha pii sen bere a wɔn a wɔkasa tia no kyerɛ sɛ wɔkyerɛwee.

Na Hela nsɛmfua a “ɛhaw adwene” a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no nso ɛ? Wɔahu sɛ eyi bi yɛ Persia na ɛnyɛ Hela nsɛmfua koraa! Nsɛmfua a wɔda so susuw sɛ ɛyɛ Hela nsɛmfua no yɛ nneɛma abiɛsa a wɔde bɔ nnwom din. So nsɛmfua abiɛsa a ɛwom yi kyerɛ ankasa sɛ ɛsɛ sɛ wɔka sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no akyiri yi? Dabida. Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu sɛ na Helafo amammerɛ wɔ nkɛntɛnso mfehaha pii ansa na Hela bɛyɛɛ wiase nyinaa tumi. Bio nso, sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. bere a na Helafo amammerɛ atrɛw wɔ baabiara no mu a, so anka wɔde Hela nsɛmfua abiɛsa pɛ na ɛbɛhyɛ mu? Dabida. Ɛda adi sɛ anka ɛbɛyɛ pii. Enti kasa a wɔde kyerɛw Daniel nhoma no foa so sɛ ɛyɛ nokware ankasa.

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 12]

[Kratafa 20 mfonini ahorow]

(Ase hɔ) Babilon asɔredan mu anwenne bɔ Ɔhene Nabonido ne ne ba Belsasar din

(Atifi hɔ) Nebukadnesar adansi nnwuma a ɔde hoahoaa ne ho no ho nsɛm wɔ nkyerɛwee yi mu

[Kratafa 21 mfonini]

Sɛnea Nabonido Beresosɛm kyerɛ no, Kores asraafo hyɛn Babilon a wɔne wɔn anko

[Kratafa 22 mfonini ahorow]

(Nifa so) “Verse Account of Nabonidus” bɔ amanneɛ sɛ Nabonido de ahenni no maa n’abakan

(Benkum so) Babilonfo kyerɛwtohɔ a ɛfa Yuda a Nebukadnesar ko fae no ho