Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ohoni Kɛse Bi Sɔre ne N’asehwe

Ohoni Kɛse Bi Sɔre ne N’asehwe

Ti Anan

Ohoni Kɛse Bi Sɔre ne N’asehwe

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw tebea bi a ɛbae mfe du wɔ bere a Ɔhene Nebukadnesar de Daniel ne afoforo kɔɔ nnommumfa mu no akyi ho?

NA MFE du atwam fi bere a Ɔhene Nebukadnesar de Daniel ne Yuda “asase no so atumfo” afoforo baa nnommumfa mu wɔ Babilon no. (2 Ahene 24:15) Na aberantewa Daniel resom wɔ ɔhene no ahemfie bere a tebea bi a ɛde ne nkwa too asiane mu sɔree no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn anigye? Efisɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ho a ɔde gye asɛm no mu ma wogye Daniel ne afoforo nkwa nko, na mmom ɛma yehu Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi ahorow a aba nnidiso nnidiso abesi yɛn bere yi so nso.

ƆHEMPƆN BI HYIA ƆHAW A EMU YƐ DEN

2. Bere bɛn na Nebukadnesar soo ne nkɔmhyɛ dae a edi kan no?

2 Odiyifo Daniel kyerɛwee sɛ: “Nebukadnesar ahenni afe a etia abien no, Nebukadnesar sosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.” (Daniel 2:1) Nebukadnesar, Babilon Ahemman no hene na ɔsoo dae no. Na wabɛyɛ wiase sodifo koraa wɔ 607 A.Y.B. mu bere a Yehowa Nyankopɔn ma ɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no. Wɔ Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien (606/605 A.Y.B.) mu no, Onyankopɔn ma ɔsoo dae bi a ɛyɛ hu.

3. Henanom na wɔantumi ankyerɛ ɔhene no dae no ase no, na Nebukadnesar yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

3 Dae yi haw Nebukadnesar araa ma na ontumi nna. Sɛnea ɛte no, ne ho peree no sɛ obehu nea ɛkyerɛ. Nanso na ɔhene tumfoɔ no werɛ afi dae no! Enti ɔfrɛɛ Babilon ntafowayifo, kaberɛkyerefo ne adebisafo, na ɔhyɛe sɛ wɔnka dae no na wɔnkyerɛ ase. Wɔantumi anyɛ. Esiane sɛ wɔantumi anyɛ nti, Nebukadnesar bo fuw araa ma ɔhyɛɛ mmara sɛ “wɔnsɛe Babilon anyansafo nyinaa.” Na mmara yi bɛma Daniel ne ɔbrafo no akɔkasa. Dɛn ntia? Efisɛ na wobu ɔne n’ayɔnkofo Hebrifo baasa no—Hanania, Misael, ne Asaria—sɛ wɔka Babilon anyansafo ho.—Daniel 2:2-14.

DANIEL GYE WƆN

4. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Daniel huu Nebukadnesar dae no mu nsɛm ne ne nkyerɛase? (b) Asɛm bɛn na Daniel kae de daa Yehowa Nyankopɔn ase?

4 Bere a ohuu nea enti a Nebukadnesar hyɛɛ mmara denneennen no, “Daniel kɔe kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔmma no bere na waka nkyerɛase no akyerɛ ɔhene.” Ɔpenee eyi so. Daniel san kɔɔ ne fie, na ɔne ne nnamfo Hebrifo baasa no bɔɔ mpae, srɛɛ “Nyankopɔn hɔ mmɔborohunu, ahintasɛm no ho.” Yehowa yii dae no mu ahintasɛm adi kyerɛɛ Daniel saa anadwo no ara wɔ anisoadehu bi mu. Daniel de anisɔ kae sɛ: “Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no, ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ; oyi nea emu dɔ ne nea ahintaw adi, onim nea ɛwɔ esum mu, na hann ne no te.” Daniel kamfoo Yehowa wɔ nhumu a ɛte saa ho.—Daniel 2:15-23.

5. (a) Bere a na Daniel gyina ɔhene no anim no, ɔkwan bɛn so na ɔhyɛɛ Yehowa anuonyam? (b) Dɛn nti na yɛn ani gye Daniel nkyerɛkyerɛmu no ho nnɛ?

5 Ade kyee no, Daniel kɔɔ Ariok, awɛmfo panyin, a na wɔapaw no sɛ ɔnsɛe Babilon anyansafo no nkyɛn. Bere a Ariok tee sɛ Daniel betumi akyerɛ dae no ase no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Daniel annye anuonyam no amfa, na ɔka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: “Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.” Na ɛnyɛ sɛ Daniel asiesie ne ho sɛ ɔbɛka nea Babilon Ahemman no daakye bɛyɛ nko, na mmom nsɛm a ebesisi wɔ wiase afi Nebukadnesar bere so de abesi yɛn bere yi so ne akyi nso.—Daniel 2:24-30.

DAE NO—WƆKAEE

6, 7. Ɛyɛ dae bɛn na Daniel kaee ɔhene no?

6 Nebukadnesar wɛn n’aso yiye tiee asɛm no bere a Daniel kyerɛkyerɛɛ mu no: “Wo, ɔhene, wohwɛe, na hwɛ, ohoni kɛse bi ni. Ohoni no sõ, na ɛharan hyɛnn; egyina w’anim na ɛho yɛ hu. Ohoni no ni: Ne ti yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asen yɛ kɔbere; n’asrɛ yɛ dade, n’anan mu bi yɛ dade, na emu bi yɛ ɛfa. Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku; ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.”—Daniel 2:31-35.

7 Hwɛ sɛnea Nebukadnesar ani begye sɛ ɔte sɛ Daniel ka dae no kyerɛ no! Nanso twɛn! Sɛ Babilon anyansafo benya wɔn ti adidi mu a, gye sɛ Daniel tumi kyerɛ dae no ase nso. Bere a Daniel rekasa ama ɔne ne Hebrifo nnamfo baasa no, ɔkae sɛ: “Ɔdae no ni, na yɛbɛka ne nkyerɛase nso akyerɛ ɔhene.”—Daniel 2:36.

AHENNI A ƐDA NSOW YIYE

8. (a) Daniel kyerɛe sɛ ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no yɛ hena anaa dɛn ade? (b) Ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no baa bere bɛn?

8 “Wo, ɔhene, woyɛ ahene mu hene a ɔsoro Nyankopɔn de ahenni, tumi, ahoɔden ne anuonyam ama wo, na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: wone sika tiri no.” (Daniel 2:37, 38) Nsɛm yi bɛfaa Nebukadnesar ho bere a Yehowa ma ɔsɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no. Na ɛte saa efisɛ na ahene a wɔde wɔn sii ahengua so wɔ Yerusalem no fi Dawid, Yehowa hene a wasra no abusua mu. Na Yerusalem yɛ Yuda ahenkurow, Onyankopɔn ahenni nsusuwso a egyina Yehowa tumidi wɔ asase so ananmu no. Bere a wɔsɛee saa kurow no wɔ 607 A.Y.B. mu no, saa Onyankopɔn ahenni nsusuwso yi gui. (1 Beresosɛm 29:23; 2 Beresosɛm 36:17-21) Afei na wiase tumi ahorow a ɛbɛba nnidiso nnidiso a ohoni no fã a ɛyɛ fagude yɛ ho mfonini no betumi adi wiase no so a Onyankopɔn ahenni nsusuwso no mfa ne ho nnye mu. Sɛ ti a ɛyɛ sika, fagude a na wonim sɛ ɛsom bo sen biara wɔ tete no, na Nebukadnesar wɔ din sɛ ɔno na ɔsɛee Yerusalem de tuu saa ahenni no gui.—Hwɛ “Ɔhene Kofoni Bi Kyekye Ahemman” a ɛwɔ kratafa 63 no.

9. Na ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no gyina hɔ ma dɛn?

9 Ná Nebukadnesar a odii hene mfe 43 no yɛ ahene abusua bi a edii Babilon Ahemman no so no ti. Na n’asebarima Nabonido ne ne ba panyin, Ewil-Merodak, ka ho. Ahene abusua no san traa hɔ mfe 43 bio kosii sɛ Nabonido ba Belsasar wui wɔ 539 A.Y.B. mu. (2 Ahene 25:27; Daniel 5:30) Enti na dae no mu sika kɔkɔɔ no nnyina hɔ mma Nebukadnesar nkutoo na mmom Babilon ahene abusua no nyinaa.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Nebukadnesar dae no kyerɛe sɛ Babilon Wiase Tumi no rentra hɔ daa? (b) Nkɔm bɛn na odiyifo Yesaia hyɛe wɔ nea obedi Babilon so nkonim no ho? (d) Ɔkwan bɛn so na Medo-Persia ba fam sen Babilon?

10 Daniel ka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: “Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no.” (Daniel 2:39) Ahenni a ohoni no koko ne n’abasa a ɛyɛ dwetɛ yɛ ho mfonini no na ebesi Nebukadnesar ahene abusua no ananmu. Na Yesaia ahyɛ ahenni yi ho nkɔm ato hɔ bɛyɛ mfe 200, na ɔbɔɔ ɛso hene nkonimdifo no din mpo—Kores. (Yesaia 13:1-17; 21:2-9; 44:24–45:7, 13) Na eyi ne Medo-Persia Ahemman no. Ɛwom sɛ Medo-Persia yɛɛ anibuei nneɛma akɛse te sɛ Babilon Ahemman de, nanso wɔde dwetɛ a sika kɔkɔɔ som bo sen no no na egyinaa hɔ maa ahenni a ɛbaa akyiri yi no. Na ɛba fam sen Babilon Wiase Tumi no efisɛ annya din sɛ ɛno na ɛsɛee Yuda, Onyankopɔn ahenni nsusuwso a na n’ahenkurow ne Yerusalem no.

11. Bere bɛn na Nebukadnesar ahene abusua no baa awiei?

11 Bɛyɛ mfe 60 wɔ bere a Daniel kyerɛɛ dae no ase akyi no, ohuu Nebukadnesar ahene abusua no awiei. Na Daniel wɔ hɔ saa October 5/6, 539 A.Y.B. anadwo a Medo-Persia asraafo ko faa Babilon a na ɛte sɛ nea wontumi nni so nkonim, na wokum Ɔhene Belsasar no. Bere a Belsasar wui no, dae no mu honi no ti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ—Babilon Ahemman—no gui.

AHENNI BI GYAE NNOMMUM

12. Ɔkwan bɛn so na Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu no nyaa mmara a Kores hyɛe wɔ 537 A.Y.B. mu no so mfaso?

12 Medo-Persia besii Babilon Ahemman no ananmu sɛ wiase tumi wɔ 539 A.Y.B. mu. Mediani Dario a na wadi mfe 62 no na ɔbɛyɛɛ Babilon kurow a wodii so nkonim no sodifo a odi kan. (Daniel 5:30, 31) Ɔne Persiani Kores boom dii Medo-Persia Ahemman no so bere tiaa bi. Bere a Dario wui no, Kores nkutoo bɛyɛɛ Persia Ahemman no hene. Yudafo a na wɔwɔ Babilon no de, Kores ahenni no ma wogyee wɔn fii nnommumfa mu. Wɔ 537 A.Y.B. mu no, Kores hyɛɛ mmara a ɛmaa Yudafo nnommum a wɔwɔ Babilon no san kɔɔ wɔn man mu kɔkyekyee Yerusalem sii Yehowa asɔrefie no bio. Nanso, wɔansan amfa Onyankopɔn ahenni nsusuwso no ansi hɔ wɔ Yuda ne Yerusalem.—2 Beresosɛm 36:22, 23; Esra 1:1-2:2a.

13. Dɛn na na Nebukadnesar dae no mu ohoni no koko ne n’abasa a ɛyɛ dwetɛ no yɛ ho mfonini?

13 Na dae no mu ohoni no koko ne n’abasa a ɛyɛ dwetɛ no yɛ Persia ahene a Kores Ɔkɛseɛ no na odi kan no ho mfonini. Saa ahene abusua no traa hɔ bɛboro mfe 200. Wɔkyerɛ sɛ Kores wui bere a na ɔredi ako wɔ 530 A.Y.B. mu. Anyɛ yiye koraa no, ahene bɛyɛ 12 a wɔbae wɔ n’akyi bɛtraa Persia Ahemman no ahengua so no mu 2 boaa Yehowa nkurɔfo a wapaw wɔn no. Wɔn mu biako ne (Persiani) Dario I, na nea ɔka ho ne Artasasta I.

14, 15. Mmoa bɛn na Dario Ɔkɛseɛ no ne Artasasta I de maa Yudafo no?

14 Dario I ne Persia ahene a wɔbae wɔ Kores Ɔkɛseɛ no akyi no mu nea ɔto so abiɛsa. Ebetumi aba sɛ baanu a na wodi n’anim no ne Cambyses II, ne ne nua Bardiya (anaasɛ ebia Magus a ɔperee ahenni no a wɔfrɛ no Gaumata). Eduu bere a Dario I, a wɔsan frɛ no Dario Ɔkɛseɛ bɛtra ahengua no so wɔ 521 A.Y.B. mu no, na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsan si Yerusalem asɔrefie no. Bere a Dario huu nhoma a Kores mmara no wom wɔ ɔman no kyerɛwtohɔ akorae wɔ Ahmeta no, ɛnyɛ ɔdan no nkutoo na ɔmaa kwan sɛ wɔnsan nsi wɔ 520 A.Y.B. mu. Ɔsan yii ahene foto mu sika mae sɛ wɔmfa nsi asɔrefie no.—Esra 6:1-12.

15 Persia hene a odi hɔ a ɔboa maa Yudafo no san kɔɔ wɔn man mu ne Artasasta I a obedii ne papa Ahasweros (Xerxes I) ade wɔ 475 A.Y.B. mu no. Wɔtoo Artasasta din sɛ Longimanus efisɛ na ne nsa nifa ware sen ne nsa benkum. Wɔ n’ahenni afe a ɛto so 20 mu, wɔ 455 A.Y.B. mu no, ɔpaw ne nsahyɛfo Yudani Nehemia sɛ Yuda amrado maa no ahyɛde sɛ ɔnsan nkosi Yerusalem afasu. Saa ade yi na efii ‘mfepɛn aduɔson’ a wɔka ho asɛm wɔ Daniel ti 9 no ase na ɛkyerɛɛ bere a Mesia, anaa Kristo, Yesu Nasareni no bepue ne bere a obewu.—Daniel 9:24-27; Nehemia 1:1; 2:1-18.

16. Bere bɛn na Medo-Persia Wiase Tumi no gui, na egui wɔ ɔhene bɛn bere so?

16 Ahene baasia a wɔbae wɔ Artasasta I akyi bɛtraa Persia Ahemman no ahengua so no mu nea otwa to ne Dario III. N’ahenni gui mpofirim wɔ 331 A.Y.B. mu bere a odii nkogu kɛse wɔ Alexander Ɔkɛseɛ nsam wɔ Gaugamela, tete Niniwe no. Nkogudi yi maa Medo-Persia Wiase Tumi a Nebukadnesar dae no mu ohoni no fã a ɛyɛ dwetɛ yɛ ho mfonini no gui. Na tumi a ɛbɛba no korɔn wɔ akwan bi so, nanso na ɛba fam wɔ akwan foforo so. Eyi da adi pefee bere a yetie nkyerɛkyerɛmu a Daniel kɔ so de ma wɔ Nebukadnesar dae no ho no.

AHENNI BI—ƐTRƐW KƆ AKYIRI NANSO ƐBA FAM

17-19. (a) Wiase tumi bɛn na na afuru ne asrɛ a ɛyɛ dwetɛ no yɛ ho mfonini, na n’ahenni trɛw koduu he? (b) Na hena ne Alexander III? (d) Ɔkwan bɛn so na Hela bɛyɛɛ kasa a na wɔka wɔ amanaman mu, na na ɛfata yiye ma dɛn?

17 Daniel ka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ ohoni kɛse no afuru ne n’asrɛ yɛ “ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so.” (Daniel 2:32, 39) Na ahenni a ɛto so abiɛsa yi bɛba wɔ Babilon ne Medo-Persia akyi. Esiane sɛ kɔbere nsom bo sɛ dwetɛ nti, wiase tumi foforo yi bɛyɛ nea ɛba fam sen Medo-Persia efisɛ wɔamfa hokwan te sɛ Yehowa nkurɔfo a wogyee wɔn no anhyɛ no anuonyam. Nanso, na ahenni a ɛte sɛ dwetɛ no ‘bedi asase nyinaa so,’ a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛtrɛw akɔ akyiri asen Babilon anaa Medo-Persia. Nokwasɛm bɛn na abakɔsɛm da no adi wɔ wiase tumi yi ho?

18 Bere a onuonyampɛfo Alexander III bɛtraa Makedonia ahengua so wɔ 336 A.Y.B. mu a na wadi mfe 20 no, ofii ase ko dii aman pii so. Esiane sɛ odii nkonim wɔ n’akodi mu nti, wɔbɛfrɛɛ no Alexander Ɔkɛseɛ. Bere a odii nkonim toatoaa so no, ɔkɔɔ so ko kɔɔ Persia ahemman no mu. Bere a odii Dario III so nkonim wɔ Gaugamela wɔ 331 A.Y.B. mu no, Persia Ahemman no fii ase gui na Alexander kyekyee Hela ahemman sɛ wiase tumi foforo.

19 Bere a Alexander dii nkonim wɔ Gaugamela akyi no, ɔkɔko faa Persiafo nhenkurow a ɛne Babilon, Susan, Persepolis, ne Ahmeta. Bere a odii Persia Ahemman no fã a aka so nkonim wiei no, ɔtrɛw ne nkonimdi mu kɔɔ India atɔe fam. Ɔkyekyee Helafo atubraman wɔ nsase a odii so nkonim no so. Enti, Hela kasa ne amammerɛ trɛw wɔ ahemman no mu nyinaa. Nokwarem no, Hela Ahemman no bɛyɛɛ kɛse sen ebiara a edii n’anim no. Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, kɔbere ahemman no ‘dii wiase nyinaa so.’ Ade biako a efii mu bae ne sɛ Hela kasa (Koine) bɛyɛɛ nea wɔka wɔ amanaman mu. Esiane sɛ na wotumi de kyerɛkyerɛ nsɛm mu pɛpɛɛpɛ nti, ɛbɛyɛɛ nea ɛfata kɛse sɛ wɔde kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na wɔde trɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu.

20. Dɛn na ɛbaa Hela Ahemman no so wɔ Alexander Ɔkɛseɛ wu no akyi?

20 Alexander Ɔkɛseɛ no traa ase mfe awotwe pɛ sɛ wiase sodifo. Ɛwom sɛ na Alexander a na wadi mfe 32 no nnyinii de, nanso ɔyaree wɔ apontow bi akyi, na bere tiaa bi akyi no owui wɔ June 13, 323 A.Y.B. mu. Bere bi akyi no, wɔkyekyɛɛ n’ahemman kɛse no mu anan, na n’asafohene no mu biara dii biako so. Enti ahenni anan fii ahemman kɛse biako mu bae, na akyiri yi Roma Ahemman betwiw faa so. Wiase tumi a ɛte sɛ kɔbere no kɔɔ so traa hɔ besii 30 A.Y.B. yi ara mu, bere a awiei koraa no Roma dii ahenni anan yi mu nea etwa to—Ptolemy ahene abusua a na edi tumi wɔ Misraim no—so nkonim no.

AHENNI A EBUBU ADE YAM NO

21. Daniel kaa “ahenni a ɛto so anan” no ho asɛm dɛn?

21 Daniel toaa ne nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ dae no mu ohoni no ho so sɛ: “Na ahenni a ɛto so anan [a ɛbae wɔ Babilon, Medo-Persia, ne Hela akyi] no bɛyɛ den sɛ dade; na sɛnea dade bubu na ɛyam ade nyinaa no, sɛ dade a ɛbobɔ ade ara na ebebubu na abobɔ ɛno nyinaa.” (Daniel 2:40) Wiase tumi yi ahoɔden ne sɛnea etumi bubu ade no bɛma ayɛ te sɛ dade—ɛyɛ den sen ahemman a wɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, anaa kɔbere gyinaa hɔ mae no. Na tumi a ɛte saa ne Roma Ahemman no.

22. Ɔkwan bɛn so na na Roma Ahemman no te sɛ dade?

22 Roma bubuu Hela Ahemman no na ɛyam no, na etwiw faa Medo-Persia ne Babilon wiase tumi no nkae so. Esiane sɛ ankyerɛ obu amma Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo bɔɔ ho dawuru no nti, ekum no wɔ asɛndua so wɔ 33 Y.B. mu. Nea ɛbɛyɛ na Roma agu nokware Kristosom no, ɛtaa Yesu asuafo no. Afei nso, Romafo no sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no wɔ 70 Y.B. mu.

23, 24. Wɔ Roma Ahemman no akyi no, dɛn na ohoni no anan yɛ ho mfonini?

23 Ɛnyɛ Roma Ahemman no nkutoo na Nebukadnesar dae no mu ohoni no anan a ɛyɛ dade no yɛ ho mfonini, na mmom amammui tumi a efii mu bae no nso. Susuw nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 17:10 yi ho: “Ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.” Bere a ɔsomafo Yohane kyerɛw nsɛm yi no, na Romafo no atwa no asu akɔto Patmo supɔw so. Na ahene anaa wiase tumi anum a agu no ne Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, ne Hela. Na nea ɛto so asia—Roma Ahemman no—da so di tumi. Nanso na ɛno nso begu, na ɔhene a ɔto so ason no befi nsase a Roma ko fae no biako so. Na ɛbɛyɛ wiase tumi bɛn?

24 Bere bi na Britania yɛ Roma Ahemman no fã a ɛwɔ kusuu fam atɔe. Nanso, ebeduu afe 1763 mu no, na abɛyɛ Britania Ahemman—Britania a edii po ason so no. Ebeduu 1776 no na Amerika nsase a edi so no mu 13 akyerɛ sɛ wɔretew wɔn ho na ama wɔakyekye United States, Amerika. Nanso, mfe bi akyi no, Britania ne United States bɛyɛɛ ayɔnkofo wɔ ɔko ne asomdwoe bere mu. Enti, Anglo-Amerika a aka abom no bae sɛ Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so ason. Te sɛ Roma Ahemman no, ayɛ ‘den sɛ dade,’ na ne tumidi yɛ den sɛ dade. Enti ohoni no anan a ɛyɛ dade no gyina hɔ ma Roma Ahemman no ne Anglo-Amerika wiase tumi a aka abom no.

NKABOM A EMU NYƐ DEN

25. Dɛn na Daniel ka faa ohoni no anan ne n’anansoaa ho?

25 Afei Daniel ka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: “Na sɛ wuhuu anan ne anansoaa a emu bi yɛ ɔnwemfo fa na emu bi yɛ dade no, ɛbɛyɛ ahenni a emu apaapae, nso dade denyɛ no bɛtra mu, sɛnea wuhui sɛ dɔte afrafra dade no mu no. Na anansoaa a emu bi yɛ dade na ebi yɛ ɛfa no, ahenni no fã bi bɛyɛ den, na emu bi bɛyɛ mmerɛw; na sɛ wuhuu dɔte sɛ afrafra dade no, nnipa no bedi afra, wɔn asefo mu, na wɔremfomfam wɔn ho, sɛnea dade nnya ɛfa mu afraye no.”—Daniel 2:41-43.

26. Bere bɛn na ahenni a anan ne anansoaa no yɛ ho mfonini no bae?

26 Wiase tumi ahorow a aba nnidiso nnidiso a Nebukadnesar dae no mu ohoni no afã horow yɛ ho mfonini no fii ase fii ne ti no so de besi ne nan ase. Ntease wom sɛ anan ne anansoaa a ɛyɛ ‘dɔte a afrafra dade’ no bɛyɛ nnipa nniso a etwa to a ɛbɛtra hɔ wɔ “awiei bere” no mu ho mfonini.—Daniel 12:4.

27. (a) Tebea bɛn na anan ne anansoaa a ɛyɛ dɔte ne dade a adi afra no yɛ ho mfonini? (b) Dɛn na ohoni no anansoaa du no yɛ ho mfonini?

27 Wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase no, na Britania Ahemman no di asase so nnipa nkyem anan mu biako so. Na Europa ahemman afoforo nso di nnipa ɔpepem pii so. Nanso, Wiase Ko I maa aman akuwakuw besii ahemman ahorow no ananmu. Wiase Ko II akyi no, eyi nyaa nkɔanim. Bere a ɔman ho dɔ san nyaa nkɔanim no, wiase aman no dodow kɔɔ anim yiye. Na ohoni no anansoaa du no gyina hɔ ma tumi ne nniso horow a ɛte saa a ɛwɔ hɔ nyinaa, efisɛ ɛtɔ bere bi a Bible no de akontaahyɛde du gyina hɔ ma biribi a edi mu wɔ asase so.—Fa toto Exodus 34:28; Mateo 25:1; Adiyisɛm 2:10 ho.

28, 29. (a) Sɛnea Daniel kyerɛe no, na dɔte no gyina hɔ ma dɛn? (b) Dɛn na yebetumi aka afa dade ne dɔte a adi afra no ho?

28 Mprempren a yɛwɔ “awiei bere” no mu no, yɛadu ohoni no anan no so. Nniso ahorow a wɔde ohoni no anan ne anansoaa a ɛyɛ dade ne ɛfa a afrafra no yɛ ho mfonini no bi yɛ den—ɛyɛ katabaako anaa kankabi. Afoforo te sɛ dɔte. Wɔ ɔkwan bɛn so? Daniel de dɔte totoo ‘nnipa asefo’ ho. (Daniel 2:43) Ɛwom sɛ dɔte a wɔde yɛɛ nnipa asefo nyɛ den de, nanso wɔama ahenni horow a akyɛ a ɛte sɛ dade atie nnipa mpapahwekwa a wɔpɛ sɛ wɔka nea wɔpɛ kyerɛ nniso horow a edi wɔn so tumi no mpɛn pii. (Hiob 10:9) Nanso katabaako nniso ne nnipa mpapahwekwa no ntumi nyɛ biako—sɛnea dade ne dɔte ntumi mfra no. Bere a ohoni no bebubu no, na wiase no mu apaapae wɔ amammui fam ankasa!

29 So anan ne anansoaa no mu mpaapaemu no bɛma ohoni no nyinaa abubu? Dɛn na ɛbɛba ohoni no so?

AWIEI A ƐYƐ NWONWA!

30. Ka Nebukadnesar dae no awiei ho asɛm.

30 Susuw dae no awiei ho. Daniel ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Wode hwɛ ara kosii sɛ ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku; ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.”—Daniel 2:34, 35.

31, 32. Nkɔm bɛn na wɔhyɛe wɔ Nebukadnesar dae no fã a etwa to no ho?

31 Bere a nkɔmhyɛ no rekyerɛkyerɛ mu no, ɛtoaa so sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa. Ɛno nti wuhui sɛ ɔbo a nsa anka tew fii bepɔw no ho, na ebebubuu dade, kɔbere, ɛfa, dwetɛ ne sika no dukuduku. Onyankopɔn kɛse no akyerɛ ɔhene nea daakye ɛbɛba, na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware.”—Daniel 2:44, 45.

32 Bere a Nebukadnesar hui sɛ wɔakae ne dae no na wɔakyerɛ ase no, ogye toom sɛ Daniel Nyankopɔn no nkutoo ne “ahene wura ne nea oyi ahintasɛm adi.” Afei nso, ɔhene no maa Daniel ne ne Hebrifo ayɔnkofo baasa no dibea akɛse. (Daniel 2:46-49) Ɛnde, dɛn na Daniel ‘nkyerɛase a ɛyɛ nokware’ no kyerɛ ma ɛnnɛ bere yi?

‘BEPƆW BI YƐ ASASE SO MA’

33. “Bepɔw” bɛn na wɔtew “ɔbo” no fii ho, ɛyɛ bere bɛn, na wɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so?

33 Bere a “amanaman no bere” baa awiei wɔ October 1914 mu no, “ɔsoro Nyankopɔn” no de ɔsoro Ahenni no sii hɔ denam ne Ba Yesu Kristo a ɔde no traa ahengua so sɛ “Ahene mu hene ne awuranom mu awurade” no so. * (Luka 21:24; Adiyisɛm 12:1-5; 19:16) Enti, ɛnam Onyankopɔn tumi so na ɛnyɛ nnipa nsa na wɔde tew “ɔbo” a ɛyɛ Mesia Ahenni no fii Yehowa amansan tumidi “bepɔw” no ho. Wɔde ahenni yi ama Yesu Kristo a Onyankopɔn ama no nkwa a owu nnim no. (Romafo 6:9; 1 Timoteo 6:15, 16) Enti, wɔrennyaw ‘yɛn Awurade Nyankopɔn ne Kristo ahenni’—Yehowa amansan tumidi ho mfonini —mma obi foforo biara. Ebegyina daa.—Adiyisɛm 11:15.

34. Ɔkwan bɛn so na wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ “ahene no nna no mu”?

34 Wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ “ahene no nna no mu.” (Daniel 2:44) Na eyinom nyɛ ahene a ohoni no anansoaa du no yɛ wɔn ho mfonini no nkutoo, na mmom wɔn a n’afã a ɛyɛ dade, kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne no nso. Ɛwom sɛ Babilon, Persia, Hela, ne Roma ahemman no agu sɛ wiase tumi de, nanso na n’afa horow da so ara wɔ hɔ wɔ 1914 mu. Saa bere no na Turkey Ottoman Ahemman no di Babilon asase so, na nniso horow di tumi wɔ Persia (Iran) ne Hela ne Roma, Italy.

35. Bere bɛn na “ɔbo” no bɛbɔ ohoni no, na wobebubu ohoni no akodu he?

35 Ɛrenkyɛ Onyankopɔn soro Ahenni bɛbɔ sɛnkyerɛnne kwan so ohoni no anan. Enti ahenni a ɛyɛ ho mfonini no nyinaa bebubu asinasin ma asa. Nokwarem no, saa “ɔbo” no bɛbɔ ohoni no denneennen araa ma ayam no dukuduku, na Onyankopɔn ahum mframa apra akɔ te sɛ awiporowbea ntɛtɛwa wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu. (Adiyisɛm 16:14, 16) Afei, Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nniso bepɔw a ɛbɛka “asase nyinaa” te sɛ ɔbo a ɛdanee bepɔw na ɛyɛɛ asase so ma no.—Daniel 2:35.

36. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Mesia Ahenni no yɛ nniso a ebegyina?

36 Ɛwom sɛ Mesia Ahenni no wɔ soro de, nanso ɛbɛtrɛw ne tumidi mu aba yɛn okyinnsoromma yi so ma ayɛ nhyira ama asase so asoɔmmerɛfo nyinaa. Saa nniso a ebegyina no ‘rensɛe da,’ na “wɔrennyaw . . . mma ɔman foforo bi.” Esiane sɛ ɛnte sɛ sodifo a wɔyɛ nnipa a wowu ahenni nti, “ebegyina daa,” ɛbɛtra hɔ daa. (Daniel 2:44) Ɛmmra sɛ wubenya hokwan ayɛ wɔn a ebedi wɔn so no mu biako daa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 33 Hwɛ nhoma yi Ti 6.

DƐN NA WUHUI?

• Wiase tumi ahorow bɛn na Nebukadnesar dae no mu ohoni kɛse no afã horow yɛ ho mfonini?

• Wiase tebea bɛn na anan ne anansoaa du a ɛyɛ dɔte ne dade a adi afra no yɛ ho mfonini?

• Bere bɛn na wɔtew “ɔbo” no fii “bepɔw” no ho, na wɔtew fii bepɔw bɛn ho?

• Bere bɛn na “ɔbo” no bɛbɔ ohoni no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 63-67]

ƆHENE KOFONI BI KYEKYE AHEMMAN

BABILON hene ba ne n’asraafo kunkum Misrifo asraafo dɔm a Farao Neko da wɔn ano no pasaa wɔ Karkemis, wɔ Siria. Misrifo a wɔadi nkogu no guan kɔ kesee fam de wɔn ani kyerɛ Misraim, na Babilonfo no taa wɔn. Nanso nkra bi a efi Babilon bae no ma ɔheneba nkonimdifo no san n’akyi. Na asɛm no ne sɛ ne papa, Nabopolassar, awu. Nebukadnesar san kɔ ne kurom ntɛm ara kɔtra ahengua a ne papa agyaw no so bere a ɔde asɛyɛde no hyɛ n’asafohene nsa sɛ wɔmfa nnommum ne asade no mmra no.

Enti Nebukadnesar bɛtraa Babilon ahengua so wɔ 624 A.Y.B. mu, na ɔbɛyɛɛ Babilon Ahemman Foforo no sodifo a ɔto so abien. Wɔ n’ahenni a edii mfe 43 no mu no, ogyee nsase a bere bi na Asiria Wiase Tumi no di so no, na ɔtrɛw n’ahemman no mu, ko faa Siria a na ɛwɔ atifi fam ne Palestina a na ɛwɔ atɔe fam besii Misraim ahye so.​—Hwɛ asase mfonini no.

Wɔ Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so anan (620 A.Y.B.) mu no, ɔde Yuda kaa n’ahenni ho. (2 Ahene 24:1) Mfe abiɛsa akyi no, Yudafo atuatew maa Babilon bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. Nebukadnesar faa Yehoiakin, Daniel, ne afoforo nnommum de wɔn kɔɔ Babilon. Ɔhene no de Yehowa asɔrefie nnwinne bi nso kɔe. Ɔyɛɛ Yehoiakin papa nua, Sedekia, Yuda hene a ɔhyɛ n’ase.​—2 Ahene 24:​2-17; Daniel 1:​6, 7.

Bere bi akyi no, Sedekia nso tew atua, na ɔde ne ho kɔbɔɔ Misraim. Nebukadnesar san bɛtow hyɛɛ Yerusalem so, na wɔ 607 A.Y.B. mu no obubuu n’afasu, hyew asɔrefie no, na ɔsɛee kurow no. Okunkum Sedekia mma nyinaa, na afei ɔbobɔɔ Sedekia ani de no bɔɔ dua mu na ama ɔde no akɔ Babilon sɛ ɔdeduani. Nebukadnesar faa nnipa no dodow no ara nnommum de asɔrefie hɔ nnwinne a aka no nyinaa kɔɔ Babilon. “Saa na wotuu Yuda fii wɔn asase so.”​—2 Ahene 24:​18–25:21.

Nebukadnesar dii Tiro nso so nkonim denam kurow no a otwaa ho hyiae so​—ntua a edii mfe 13. Wɔ ntua no mu no, n’asraafo no dade kyɛw worɔworɔɔ wɔn atifi ma wɔn ‘atifi popae,’ na nneɛma a wɔsoae de yɛɛ ade a wɔde twaa kurow no ho hyiae no maa wɔn mmati “ho worɔworɔwee.” (Hesekiel 29:18) Awiei koraa no, Babilon asraafo no faa Tiro.

Ɛda adi sɛ na Babilon hene no nim mpasuatwa yiye. Nhwehwɛmu nhoma ahorow bi, titiriw Babilonfo de, nso ka sɛ na ɔyɛ ɔhene a odi asɛntrenee. Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka pefee sɛ na Nebukadnesar di asɛntrenee de, nanso odiyifo Yeremia kae sɛ ɛwom sɛ na Sedekia atew atua mpo de, nanso sɛ ‘ofi adi kɔ Babel hene mmapɔmma nkyɛn’ a, ɔne no renni no atirimɔden so. (Yeremia 38:​17, 18) Yerusalem sɛe akyi no, Nebukadnesar kyerɛɛ obu maa Yeremia. Ɛdefa Yeremia ho no, ɔhene no hyɛe sɛ: “Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ́ no bɔne biara. Na sɛnea ɔbɛka akyerɛ wo no, saa ara na yɛ ma no.”​—Yeremia 39:​11, 12; 40:​1-4.

Sɛ ɔman sohwɛfo no, Nebukadnesar huu Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no​—Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego —a wɔn Hebrifo din ne Hanania, Misael, ne Asaria no su ne wɔn dom akyɛde ahorow ntɛm ara. Enti ɔhene no maa wɔn dibea wɔ n’ahenni mu.​—Daniel 1:​6, 7, 19-21; 2:49.

Babilonfo nyame Marduk titiriw na Nebukadnesar som no. Ɔhene no kyerɛe sɛ ne nkonimdi no nyinaa fi Marduk. Osii asɔredan pii maa Marduk ne Babilon anyame foforo pii wɔ Babilon na osiesiee mu fɛfɛɛfɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ohyiraa sika kɔkɔɔ honi kɛse a ɔde sii Dura tataw so no so maa Marduk. Ɛda adi sɛ Nebukadnesar de ne ho too adebisa so kɛse wɔ n’akodi ho nhyehyɛe mu.

Nebukadnesar de anigye kɛse siesiee Babilon, saa bere no mu kurow a na n’afasu yɛ den sen biara no. Bere a Nebukadnesar wiee kurow no fasu kɛse a ɛbɔ ho abien a ne papa na ofii ase no, ɔmaa n’ahenkurow no ­bɛyɛɛ te sɛ nea wontumi nko mfa. Ɔhene no siesiee ahemfie dedaw bi a na ɛwɔ kurow no mfinimfini no, na osii ahohuru bere mu ahemfie wɔ bɛyɛ kilomita abien wɔ atifi fam. Sɛnea ɛbɛyɛ na Nebukadnesar ama ne yere Mediani, a na n’ani gyina ne kurom mmepɔw ne kwae no anya nea ɔhwehwɛ no, wɔkyerɛ sɛ ɔyɛɛ abansoro so turo​—wɔka sɛ ɛyɛ tete wiase no mu anwonwade ason no mu biako.

Da koro bi a ɔhene no retu mpase wɔ Babilon ahemfie no, ɔhoahoaa ne ho sɛ: “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” Bere a “asɛm no da so wɔ ɔhene anom no,” ɔbɔɔ dam. Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, Nebukadnesar amfata sɛ odi hene mfe ason, na ɔwee wura. Saa bere no baa awiei no, wɔsan de ahenni no maa Nebukadnesar na odii hene kosii sɛ owui wɔ 582 A.Y.B. mu.​—Daniel 4:​30-36.

DƐN NA WUHUI?

Dɛn na yebetumi aka afa Nebukadnesar ho sɛ

• obi a onim mpasuatwa?

• ɔman sohwɛfo?

• Marduk somfo?

• ɔdansifo?

[Asase mfonini]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

BABILON AHEMMAN

PO KƆKƆƆ

Yerusalem

Eufrate Asubɔnten

Tigris Asubɔnten

Niniwe

Susan

Babilon

Ur

[Mfonini]

Babilon, kurow a na n’afasu yɛ den sen biara wɔ ne bere so

[Mfonini]

Na ɔtweaseɛ yɛ Marduk agyiraehyɛde

[Mfonini]

Babilon abansoro so turo a agye din no

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 56]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

DANIEL NKƆMHYƐ NO MU WIASE TUMI AHOROW

Ohoni kɛse no (Daniel 2:31-45)

BABILON fi 607 A.Y.B.

MEDO-PERSIA fi 539 A.Y.B.

HELA fi 331 A.Y.B.

ROMA fi 30 A.Y.B.

ANGLO-AMERIKA WIASE TUMI fi 1763 Y.B.

WIASE A AMAMMUISƐM APAAPAE MU wɔ awiei bere no mu

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 47]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 58]