Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dua Kɛse no Ho Ahintasɛm Asekyerɛ

Dua Kɛse no Ho Ahintasɛm Asekyerɛ

Ti Asia

Dua Kɛse no Ho Ahintasɛm Asekyerɛ

1. Dɛn na ɛtoo Ɔhene Nebukadnesar, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔree?

YEHOWA maa Ɔhene Nebukadnesar kwan ma ɔbɛyɛɛ wiase sodifo. Sɛ Babilon hempɔn no, na ɔwɔ ahonyade pii, nnuan pa pii, ne ahemfie kɛse—honam fam biribiara a na ɔpɛ. Nanso wɔbrɛɛ no ase mpofirim. Nebukadnesar bɔɔ dam na ɔyɛɛ n’ade sɛ aboa! Bere a wɔpam no fii ahennuan ho ne ahemfie hɔ no, ɔkɔtraa wuram wee sare sɛ nantwi. Dɛn na ɛkɔfaa amanehunu yi bae? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma eyi ho hia yɛn?—Fa toto Hiob 12:17-19; Ɔsɛnkafo 6:1, 2 ho.

ƆHENE NO KAMFO ƆSOROSORONI NO

2, 3. Dɛn na na Babilon hene pɛ sɛ ne manfo nya, na obuu Ɔsorosoroni Nyankopɔn no dɛn?

2 Bere a Nebukadnesar adammɔ no gyaee akyi pɛɛ no, ɔsoma kɔɔ n’ahemman mu nyinaa ma wɔde nea esii no ho amanneɛbɔ a ɛyɛ nwonwa kɔmae. Yehowa de honhom kaa odiyifo Daniel ma ɔyɛɛ nsɛm a esii no ho kyerɛwtohɔ a edi mu de siei. Nsɛm yi na efi ase: “Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Asomdwoe nnɔɔ mo sõ! Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ me no, ayɛ me fɛ sɛ mɛka makyerɛ. Ne nsɛnkyerɛnne sosoe dɛn ara! Na n’anwonwade yɛ den dɛn ara! N’ahenni yɛ daa ahenni, na ne tumi wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.”—Daniel 4:1-3.

3 Na Nebukadnesar manfo “te asase nyinaa so”—na wiase a Bible kyerɛwtohɔ ka ho asɛm no fã kɛse ara ka n’ahemman ho. Ɔhene no kaa Daniel Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “N’ahenni yɛ daa ahenni.” Hwɛ sɛnea nsɛm yi kamfoo Yehowa wɔ Babilon Ahemman mu nyinaa! Bio nso, na eyi ne ne mprenu so a wɔama Nebukadnesar ahu sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛtra hɔ daa, nea egyina “daa.”—Daniel 2:44.

4. Ɛdefa Nebukadnesar ho no, ɔkwan bɛn so na Yehowa “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” fii ase?

4 “Nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” bɛn na “ɔsorosoro Nyankopɔn” no yɛe? Ɔhene no ankasa suahu a ɔde nsɛm yi kae no na efii ase: “Me, Nebukadnesar, mete me fi dwoodwoo, na me ho ka me ho m’aban mu; na mesõo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.” (Daniel 4:4, 5) Dɛn na Babilon hene no yɛe wɔ ɔdae a ɛhaw n’adwene yi ho?

5. Na Nebukadnesar bu Daniel dɛn, na dɛn ntia?

5 Nebukadnesar frɛfrɛɛ Babilon anyansafo kaa dae no kyerɛɛ wɔn. Nanso wɔantumi anyɛ ho hwee! Wɔantumi ankyerɛ ase koraa. Kyerɛwtohɔ no toaa so sɛ: “Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no kyerɛɛ no.” (Daniel 4:6-8) Na din a wɔde frɛ Daniel wɔ ahemfie hɔ ne Beltesasar, na ebia atoro nyame a ɔhene no frɛɛ no “me nyame” no bɛyɛ Bel anaa Nebo anaa Marduk. Esiane sɛ na Nebukadnesar som anyame pii nti, obuu Daniel sɛ obi a “anyame kronkron honhom” wɔ ne mu. Na esiane Daniel dibea sɛ Babilon anyansafo nyinaa panyin nti, ɔhene no frɛɛ no “kurukyerɛwfo panyin.” (Daniel 2:48; 4:9; fa toto Daniel 1:20 ho.) Nokwarem no, ɔnokwafo Daniel ampo Yehowa som amfa ne ho ankɔhyɛ ntafowayi mu.—Leviticus 19:26; Deuteronomium 18:10-12.

DUA KƐSE BI

6, 7. Wobɛkyerɛkyerɛ nea Nebukadnesar hui wɔ ne dae no mu no mu dɛn?

6 Dae a ɛyɛ hu bɛn na Babilon hene no soe? Nebukadnesar kae sɛ: “Na anisoade a mihui me mpa so no ni: Mehwɛe, na hwɛ, dua bi si asase mfinimfini a ɛware tenten. Dua no sõ na ɛyɛ den, na ne tenten kodu ɔsoro, na wohu kodu asase nyinaa ano; ɛso ahaban yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduan wɔ mu ma nnipa nyinaa; wuram mmoa tete ne nwini ase, na wim nnomaa sisi n’abãã so, na ɔhonam nyinaa didi ho.” (Daniel 4:10-12) Wɔkyerɛ sɛ na Nebukadnesar ani gye Lebanon kyeneduru akɛse ho, na ɔkɔhwɛ na ɔmaa wɔde bi baa Babilon sɛ ntaboo. Nanso na onhuu biribi te sɛ dua a ohui wɔ ne dae no mu no da. Na esi beae titiriw bi wɔ “asase mfinimfini,” wohu wɔ asase so nyinaa, na aso aba pii araa ma ɛma ɔhonam nyinaa nya aduan.

7 Na nneɛma pii wɔ dae no mu sen saa, efisɛ Nebukadnesar toaa so sɛ: “Mehwɛe anisoade a mihui me mpa so no mu, na hwɛ, ɔwɛmfo kronkron bi fi soro durui; ɔteɛɛm dennen na ɔkae sɛ: Montow dua no ntwitwa n’abãã; momporow n’ahaban mpansam n’aba; mmoa nguan mfi ase, na nnomaa mfi n’abãã so. Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne mmoa nni asase so nhaban.”—Daniel 4:13-15.

8. Na hena ne “ɔwɛmfo” no?

8 Na Babilonfo wɔ wɔn a wobu wɔn sɛ honhom abɔde pa ne abɔnefo wɔ wɔn nyamesom mu. Nanso na hena ne “ɔwɛmfo” a ofi soro yi? Esiane sɛ ɔfrɛɛ no “kronkron” nti, na ɔyɛ ɔbɔfo pa a ogyina Onyankopɔn ananmu. (Fa toto Dwom 103:20, 21 ho.) Susuw nsɛmmisa a ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw Nebukadnesar no ho! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwa dua yi? Mfaso bɛn na ebefi dunsin a wɔde dade ne kɔbere bɛkyekyere na amfefɛw annyin no mu aba? Nokwarem no, atirimpɔw bɛn na dunsin kɛkɛ bedi ho dwuma?

9. Dɛn na ɔwɛmfo no kae titiriw, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

9 Ɛbɛyɛ sɛ Nebukadnesar ho dwiriw no koraa bere a ɔtee nsɛm a ɔwɛmfo no san kae no: “Ne koma nsakra na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere nson ntwa ne tiri so. Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.” (Daniel 4:16, 17) Dunsin nni onipa koma a ɛbɔ wom. Enti, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi de aboa koma ama dua dunsin? “Mmere nson” no yɛ ahe? Na ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa fa tumidi ho wɔ “nnipa ahenni” mu? Akyinnye biara nni ho sɛ na Nebukadnesar pɛ sɛ ohu.

ƆHENE NO TE ASƐMMƆNE

10. (a) Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, nnua betumi ayɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (b) Dua kɛse no gyina hɔ ma dɛn?

10 Bere a Daniel tee dae no, ne ho dwiriw no kakra, na afei ehu kaa no. Esiane sɛ Nebukadnesar hyɛɛ odiyifo no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mu nti, ɔkae sɛ: “Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho. Dua a wuhui a ɛsõ na ɛyɛ den . . . no, ɛne wo, ɔhene a wosõ na woyɛ den na wo kɛseyɛ dɔɔso kodu ɔsoro na wo tumidi du asase ano no.” (Daniel 4:18-22) Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, nnua betumi ayɛ nnipa, atumfo, ne ahenni ho nsɛnkyerɛnne. (Dwom 1:3; Yeremia 17:7, 8; Hesekiel ti 31) Te sɛ Nebukadnesar dae no mu dua kɛse no, na ‘wabɛyɛ obi a ɔso na ɔyɛ den’ sɛ wiase tumi bi hene. Nanso na dua kɛse no gyina hɔ ma ‘tumidi a edu asase ano’ a ɛyɛ nnipa ahenni nyinaa no. Enti ɛyɛ Yehowa amansan tumidi, titiriw wɔ ɛne asase ntam abusuabɔ ho ho mfonini.—Daniel 4:17.

11. Ɔkwan bɛn so na ɔhene no dae no kyerɛe sɛ ɔbɛsakra akɔ tebea a ɛyɛ animguase mu?

11 Na Nebukadnesar bɛsakra akɔ tebea a ɛyɛ animguase mu. Bere a Daniel reka nea ebesi yi no, ɔka kaa ho sɛ: “Na sɛ ɔhene huu ɔwɛmfo kronkron bi sɛ ofi soro durui bɛkae sɛ: Montow dua no nsɛe no, nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne wuram mmoa nnidi nkosi sɛ mmere nson betwa ne tiri so: Ɔhene, nkyerɛase no ni, na ɔsorosoroni hyɛbea a ɛbɛba me wura ɔhene so ni.” (Daniel 4:23, 24) Akyinnye biara nni ho sɛ na ehia akokoduru na waka asɛm a ɛte saa akyerɛ ɔhene tumfoɔ no!

12. Na dɛn na ɛbɛba Nebukadnesar so?

12 Dɛn na na ɛbɛto Nebukadnesar? Hwɛ nea ɔyɛe bere a Daniel kaa eyi kaa ho no: “Wobetu wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa atra, na wɔama woawe wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo, na mmere nson atwa wo ti so, akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.” (Daniel 4:25) Ɛda adi sɛ na Nebukadnesar ahemfie mmapɔmma mpo ‘betu no afi nnipa mu.’ Nanso so na mmoahwɛfo anaa nguanhwɛfo a wɔwɔ ayamhyehye bɛhwɛ no? Dabi, efisɛ na Onyankopɔn ahyɛ sɛ Nebukadnesar ne ‘wuram mmoa bɛtra’ na wawe wura.

13. Dɛn na dua no ho dae no kyerɛe sɛ ɛbɛba Nebukadnesar dibea sɛ wiase sodifo no so?

13 Sɛnea wotwaa dua no kyenee no, saa ara na na wobetu Nebukadnesar afi wiase ahenni so—nanso ɛbɛkɔ akosi bere bi pɛ. Daniel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛ wɔkae sɛ wonnyaw dua no dunsin no, sɛ wunya hu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, w’ahenni begyina ama wo.” (Daniel 4:26) Wɔ Nebukadnesar dae no mu no, wɔmaa dua a wotwae no dunsin traa hɔ, ɛwom sɛ wɔkyekyeree na amfefɛw de. Saa ara na na Babilon hene “dunsin” bɛtra hɔ, ɛwom sɛ wɔkyekyeree na antrɛw “mmere nson” de. Na ne dibea sɛ wiase sodifo no bɛyɛ sɛ dunsin a wɔakyekyere no. Wɔbɛkora so yiye kosi sɛ mmere nson no betwam. Yehowa bɛhwɛ ma obiara renni Nebukadnesar ade sɛ Babilon sodifo koro pɛ wɔ saa bere no mu, ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ ne babarima a wɔfrɛ no Ewil-Merodak hwɛɛ akyi maa no sɛ sodifo de.

14. Dɛn na Daniel hyɛɛ Nebukadnesar nkuran sɛ ɔnyɛ?

14 Esiane nea wɔka siei wɔ Nebukadnesar ho nti, Daniel de akokoduru hyɛe sɛ: “Enti, ɔhene, ma m’afotu nyɛ wo fɛ, na fa trenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafo ayɛyɛ sesa w’amumɔyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiyedi akyɛ.” (Daniel 4:27) Sɛ na Nebukadnesar begyae ne nneyɛe bɔne a ɛne nhyɛso ne ahantan no a, ebia nneɛma bɛsakra ama no. Anyɛ yiye koraa no, bɛyɛ mfe ahanu a na atwam no, na Yehowa asi ne bo sɛ ɔbɛsɛe Asiria ahenkurow Niniwe mu nnipa, nanso wanyɛ efisɛ ɔhene no ne ne manfo sakraa wɔn adwene. (Yona 3:4, 10; Luka 11:32) Na Nebukadnesar ɔhantanni no nso ɛ? So ɔbɛsakra n’akwan?

DAE NO MMAMU A EDI KAN

15. (a) Su bɛn na Nebukadnesar kɔɔ so daa no adi? (b) Dɛn na nkyerɛwee ahorow da no adi wɔ Nebukadnesar nneyɛe ho?

15 Nebukadnesar kɔɔ so yɛɛ ahantan. Bere a ɔnenam n’ahemfie aban so asram 12 wɔ ne dua ho dae no akyi no, ɔhoahoaa ne sɛ: “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” (Daniel 4:28-30) Nimrod na ɔkyekyee Babilon (Babel) nanso Nebukadnesar na ɔma enyaa anuonyam. (Genesis 10:8-10) Ɔhoahoa ne ho wɔ ne cuneiform nkyerɛwee biako mu sɛ: “Nebukadnesar, Babilon Hene, nea ɔsan kyekyee Esagila ne Ezida, Nabopolassar ba ne me. . . . Memaa Esagila ne Babilon ho afasu yɛɛ den paa, na memaa din a m’ahenni wɔ traa hɔ daa.” (Archaeology and the Bible, a George A. Barton kyerɛwee, 1949, nkratafa 478-9) Nkyerɛwee foforo ka asɔredan 20 a osiesiei anaa ɔsan sii ho asɛm. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Babilon bɛyɛɛ tete wiase nkurow a ɛyɛ fɛ paa no mu biako wɔ Nebukadnesar ahenni mu. Ɔntaa nka n’akodi ho asɛm wɔ n’ankasa kyerɛwtohɔ ahorow mu, na mmom ɔkyerɛw n’adansi nnwuma ne Babilon anyame a n’ani kuu wɔn ho ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ Nebukadnesar na ɔyɛɛ Babilon Abansoro Turo a ɛyɛ Tete Wiase no Anwonwade Ason no mu biako no.”

16. Ɔkwan bɛn so na na wɔrebɛbrɛ Nebukadnesar ase?

16 Ɛwom sɛ Nebukadnesar ɔhantanni no hoahoaa ne ho de, nanso na wɔrebɛbrɛ n’ase. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Asɛm no da so wɔ ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam; na wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa akɔtra, na wɔama woawe wura sɛ anantwi na mmere nson atwa wo ti so, de akosi sɛ wubehu sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.”—Daniel 4:31, 32.

17. Dɛn na ɛtoo Nebukadnesar ɔhantanni no, na tebea bɛn na ɔkɔɔ mu wɔ bere tiaa bi akyi?

17 Nebukadnesar bɔɔ dam ntɛm ara. Wɔpam no fii nnipa mu, na ɔwee nwura “sɛ anantwi.” Bere a na ɔne mmoa te wuram no, ɛda adi sɛ na ɔnte paradise sare so kɛkɛ a ɔregye mframa pa da biara. Wɔ nnɛyi Iraq a Babilon amamfo wɔ no, wim yɛ hyew kodu 50°celsius wɔ ahohuru bere mu na awɔw ba denneennen wɔ awɔw bere mu. Esiane sɛ na obiara nhwɛ Nebukadnesar na ɔte petee mu nti, ne ti nhwi a na atwa mpɛsɛ no yɛe sɛ ɔkɔre ntakra, na n’awerɛw a na ommubu no yɛe sɛ nnomaa de. (Daniel 4:33) Hwɛ sɛnea wɔbrɛɛ wiase sodifo ɔhantanni yi ase!

18. Wɔ mmere nson no mu no, dɛn na ɛbaa Babilon ahengua no so?

18 Wɔ Nebukadnesar dae no mu no, wotwaa dua kɛse no na wɔkyekyeree ne dunsin no na amfefɛw annyin ankɔ soro mmere nson. Saa ara na “wotuu [Nebukadnesar] fii n’ahengua no so” bere a Yehowa ma ɔbɔɔ dam no. (Daniel 5:20) Nokwarem no, eyi maa ɔhene no koma a ɛyɛ onipa de no sakra yɛɛ nantwi de. Nanso, Onyankopɔn koraa Nebukadnesar ahengua no so maa no kosii sɛ mmere nson no baa awiei. Bere a Ewil-Merodak dii hene bere tiaa bi no, Daniel dii “Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.” N’ayɔnkofo Hebrifo baasa no kɔɔ so nyaa saa ɔmantam no sohwɛ mu kyɛfa. (Daniel 1:11-19; 2:48, 49; 3:30) Nnommum baanan no twɛn sɛ wɔde Nebukadnesar bɛsan asi ahengua no so sɛ ɔhene a n’adwene mu da hɔ a wahu sɛ “ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ.”

NEBUKADNESAR SAN BƐTRA N’AHENGUA SO

19. Bere a Yehowa maa Nebukadnesar dam no gyaee no, dɛn na Babilon hene no behui?

19 Yehowa maa Nebukadnesar dam no gyaee wɔ mmere nson no awiei. Afei bere a ɔhene no regye Ɔsorosoroni no atom no, ɔkae sɛ: “Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daa no miyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so; na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?” (Daniel 4:34, 35) Yiw, Nebukadnesar behui sɛ Ɔsorosoroni no yɛ Amansan Hene wɔ nnipa ahenni mu.

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na dade a wɔde kyekyeree dae no mu dunsin no a wɔsanee no te sɛ nea ɛtoo Nebukadnesar no? (b) Dɛn na Nebukadnesar hui, na so eyi ma ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo?

20 Bere a Nebukadnesar san bɛtraa n’ahengua so no, na ɛte sɛ nea wɔayi dade a wɔde kyekyeree dae no mu dunsin no. Ɔkaa n’ahengua a ɔsan bɛtraa so no ho asɛm sɛ: “Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinafo ne m’abirɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahengua so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.” (Daniel 4:36) Sɛ na ahemfie mmapɔmma no bi abu ɔhene no animtiaa a, afei wofi ahobrɛase mu de ‘ahopere kɔpɛɛ’ no.

21 Hwɛ “nsɛnkyerɛnne ne anwonwade” ara a na Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ayɛ! Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Babilon hene a na wasan abɛtra n’ahengua so no kae sɛ: “Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.” (Daniel 4:2, 37) Nanso, eyi a Nebukadnesar hui no amma wammɛyɛ Yehowa somfo a ɔyɛ Amanaman muni.

SO WIASE NO DE ADANSE BI MA?

22. Ebinom kyerɛ sɛ Nebukadnesar adammɔ no yɛ ɔyare bɛn, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ nea ɛma ɔbɔɔ dam no ho?

22 Ebinom ka sɛ Nebukadnesar adammɔ no yɛ adwenemyare bi a ɛma obi te nka sɛ wadan lycanthropy (pataku). Aduyɛ ho nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “LYCANTHROPY . . . fi [lyʹkos], lupus, pataku; [anʹthro·pos], homo, onipa, mu. Na wɔde din yi frɛ ɔyare a ɛka nnipa a wogye di sɛ wɔadan aboa bi, a wosuasua saa aboa no su ne ne nneyɛe no. Saa nnipa yi taa bu wɔn ho sɛ wɔadan mpataku, akraman, anaa nnyinammoa; ɛtɔ da bi nso a wɔdan anantwi sɛnea ɛbae wɔ Nebukadnesar fam no.” (Dictionnaire des sciences médicales, par une société de médicins et de chirurgiens, Paris, 1818, Po 29, kratafa 246) Ɔyare yi ho nsɛnkyerɛnne te sɛ tebea a Nebukadnesar kɔɔ mu no. Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛe sɛ ɔbɛbɔ dam nti, yentumi nka no pefee sɛ ɛyɛ ɔyare pɔtee bi a wonim.

23. Adanse bɛn na wiase no wɔ a esi so dua sɛ Nebukadnesar bɔɔ dam?

23 Nhomanimfo John E. Goldingay ka nneɛma bi a ɛte sɛ Nebukadnesar adammɔ no ne ne gyae ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛ: “Cuneiform nkyerɛwee asinasin bi ka adwenemyare bi a Nebukadnesar nyae, ne ebia po a wɔpoo no ne Babilon a ofii ho asɛm.” Goldingay twe adwene si nhoma bi a ne din de “The Babylonian Job” (Babilon Hiob) so ka sɛ “edi adanse sɛ Onyankopɔn twee n’aso, ɔyaree, wɔbrɛɛ no ase, ɔhwehwɛɛ dae bi a ɛyɛ hu asekyerɛ, wɔtow no kyenee sɛ dua, wɔpam no fii fie, ɔwee sare, n’adwene sɛee, ɔyɛɛ te sɛ nantwi, Marduk ma nsu tɔ guu no so, n’awerɛw sɛee, ne ho fuwii, wɔde no bɔɔ duam, na afei wɔsan no de no sii n’ahengua so na ɔkamfoo onyame no wɔ ho.”

MMERE NSON A ƐFA YƐN HO

24. (a) Dua kɛse no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (b) Dɛn na wosiw no kwan mmere nson, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

24 Nebukadnesar yɛ wiase tumi ho sɛnkyerɛnne sɛnea dua kɛse no yɛ no. Nanso kae sɛ na dua no gyina hɔ ma ahenni ne tumidi a ɛkorɔn koraa sen Babilon hene de no. Ɛyɛ Yehowa, “ɔsoro Hene,” no amansan tumidi a ebedi asase so titiriw ho sɛnkyerɛnne. Ansa na Babilonfo resɛe Yerusalem no, na ahenni no wɔ saa kurow no so, baabi a Dawid ne n’adedifo traa “[Yehowa, NW] agua” a ɛkyerɛ tumi a Onyankopɔn wɔ wɔ asase so so no. (1 Beresosɛm 29:23) Onyankopɔn ankasa ma wotuu saa tumidi no gui kyekyeree wɔ 607 A.Y.B. mu bere a ɔmaa Nebukadnesar sɛee Yerusalem no. Wosiw ɔsoro tumidi a ɛnam Dawid asefo ahenni so bedi asase so no kwan mmere nson. Na mmere nson no tenten yɛ ahe? Bere bɛn na efii ase na dɛn na ɛde baa awiei?

25, 26. (a) Wɔ Nebukadnesar fam no, na “mmere nson” no tenten yɛ ahe, na dɛn nti na wubua saa? (b) Wɔ mmamu kɛse no mu no, bere bɛn na “mmere nson” no fii ase, na efii ase wɔ ɔkwan bɛn so?

25 Bere a Nebukadnesar bɔɔ dam no, “ne nhwi fuwii sɛ ɔkɔre ntakra, na n’awerɛw yɛe sɛ nnomaa de.” (Daniel 4:33) Eyi dii bɛboro nnanson anaa adapɛn ason. Nkyerɛase ahorow kenkan sɛ “mmere nson,” na nkyerɛase afoforo ka sɛ “mmere (pɔtee) a wɔahyɛ” anaa “mmere.” (Daniel 4:16, 23, 25, 32) Tete Hela (Septuagint) no kenkan sɛ “mfe ason.” Afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus buu “mmere nson” no sɛ “mfe ason.” (Antiquities of the Jews, Nhoma a Ɛto so 10, Ti 10, nkyekyem 6) Na Hebri kasa ho nimdefo bi bu “mmere” yi sɛ “mfe.” An American Translation, Today’s English Version, na James Moffatt nkyerɛase no kyerɛɛ ase sɛ “mfe ason.”

26 Ɛda adi sɛ Nebukadnesar “mmere nson” no yɛ mfe ason. Wɔ nkɔmhyɛ mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, afe yɛ nnafua 360, anaa asram 12 a emu biara yɛ nnafua 30. (Fa toto Adiyisɛm 12:6, 14 ho.) Enti, na ɔhene no “mmere nson” anaa mfe ason no yɛ nnafua 360 ahorow 7, anaasɛ nnafua 2,520. Na ne dae no mmamu kɛse no nso ɛ? Nkɔmhyɛ no mu “mmere nson” no kyɛ sen nnafua 2,520. Yesu nsɛm yi kyerɛe sɛ ɛte saa: “Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.” (Luka 21:24) Wofii ‘ntiatiaso’ no ase wɔ 607 A.Y.B. mu bere a wɔsɛee Yerusalem na Onyankopɔn ahenni nsusuwso no gyaee tumidi wɔ Yuda no. Bere bɛn na ntiatiaso no bɛba awiei? Ɛyɛ ‘bere a wɔbɛhyɛ nneɛma nyinaa ananmu,’ bere a Onyankopɔn tumidi nam sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a ɛne Onyankopɔn Ahenni no so bɛda adi wɔ asase so no.—Asomafo no Nnwuma 3:21.

27. Dɛn nti na wobɛka sɛ “mmere nson” a efii ase 607 A.Y.B. no amma awiei wɔ nnafua 2,520 akyi?

27 Sɛ yɛkan nnafua 2,520 fi bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu a, ɛde yɛn bɛba abesi 600 A.Y.B., afe a ɛnkyerɛ biribi titiriw biara wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Bere a na Yudafo a wɔagye wɔn no asan kɔ Yuda wɔ 537 A.Y.B. mu mpo no, na Yehowa tumidi nna adi wɔ asase so. Na ɛte saa, efisɛ wɔansi Serubabel a na obedi Dawid ahengua no ɔhene na mmom wɔyɛɛ no amrado kɛkɛ wɔ Yuda a na Persia di so tumi no.

28. (a) Nnyinasode bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ nnafua 2,520 a ɛyɛ nkɔmhyɛ mu “mmere nson” no ho? (b) Na nkɔmhyɛ mu “mmere nson” no yɛ ahe, na efii ase bere bɛn, na ɛbaa awiei bere bɛn?

28 Esiane sɛ “mmere nson” no yɛ nkɔmhyɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasode di nnafua 2,520 no ho dwuma: ‘Da koro nyɛ afe.’ Wɔada nnyinasode yi adi wɔ Yerusalem a Babilonfo betwaa ho hyiae no mu. (Hesekiel 4:6, 7; fa toto Numeri 14:34 ho.) Enti “mmere nson” a Amanaman mufo tumi ahorow no dii asase so a Onyankopɔn Ahenni amfa ne ho annye mu no yɛ mfe 2,520. Efii ase bere a wɔsɛee Yuda ne Yerusalem pasaa wɔ ɔsram a ɛto so ason (Tishri 15) mu wɔ 607 A.Y.B. (2 Ahene 25:8, 9, 25, 26) Efi saa bere no besi 1 A.Y.B. no yɛ mfe 606. Mfe 1,914 a aka no fi saa bere no besi 1914 Y.B. Enti, “mmere nson” anaa mfe 2,520 no baa awiei Tishri 15, anaa October 4/5, 1914 Y.B.

29. Hena ne “nnipa mu hobrɛasefo no,” na dɛn na Yehowa yɛe de no sii ahengua so?

29 Saa afe no, “amanaman no bere” baa awiei, na Onyankopɔn de ahenni maa “nnipa mu hobrɛasefo”—Yesu Kristo—a atamfo buu no abomfiaa araa ma wɔma wobɔɔ no asɛnduam mpo no. (Daniel 4:17) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa de Mesia Hene no asi ahengua so no, ɔsan sɛnkyerɛnne kwan so dade ne kɔbere mpokyerɛ a na wɔde akyekyere “dunsin” a ɛyɛ n’ankasa tumidi no. Ɔsorosoroni Nyankopɔn no nam saa kwan no so maa ahenni “dubaa” fifii sɛ Onyankopɔn tumidi a ɛbɛda adi wɔ asase so denam ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Dawid Ɔdedifo a ɔsen biara, Yesu Kristo nsa no so. (Yesaia 11:1, 2; Hiob 14:7-9; Hesekiel 21:27) Hwɛ aseda ara a yɛde ma Yehowa wɔ nhyira a afi mu aba yi ne dua kɛse no ho ahintasɛm a wɔakyerɛ ase no ho!

DƐN NA WUHUI?

• Na Nebukadnesar dae no mu dua kɛse no yɛ dɛn ho mfonini?

• Dɛn na ɛtoo Nebukadnesar wɔ dua ho dae a ɔsoe no mmamu a edi kan no mu?

• Bere a Nebukadnesar huu ne dae no mmamu no, dɛn na ogye toom?

• Wɔ dae no mu dua no ho nkɔmhyɛ mmamu kɛse mu no, “mmere nson” no tenten yɛ ahe, na efii ase bere bɛn, na ɛbaa awiei bere bɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 83]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 91]