Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba

Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba

Ti Dubiako

Wɔkyerɛ Bere a Mesia No Bɛba

1. Esiane sɛ Yehowa ne Bere Sodifo Kɛse no nti, dɛn na yebetumi anya mu awerɛhyem?

YEHOWA ne Bere Sodifo Kɛse no. Ɔwɔ mmere a ɔde yɛ n’adwuma so tumi. (Asomafo no Nnwuma 1:7) Nsɛm a wakyerɛ sɛ ebesisi wɔ mmere yi mu no nyinaa bɛbam ankasa. Ɛrenni yɛn huammɔ.

2, 3. Nkɔmhyɛ bɛn na Daniel susuw ho, na ahemman bɛn na na edi Babilon so saa bere no?

2 Sɛ́ obi a na ɔde nsiyɛ sua Kyerɛwnsɛm no, na odiyifo Daniel wɔ gyidi sɛ Yehowa betumi akyerɛ bere a nsɛm bi besisi na wama anya mmamu. Nea na ehia Daniel titiriw ne Yerusalem sɛe ho nkɔmhyɛ ahorow no. Na Yeremia akyerɛw nea Onyankopɔn akyerɛ wɔ mfe dodow a kurow kronkron no bɛkɔ so ayɛ amamfo ho no ho asɛm, na Daniel susuw nkɔmhyɛ yi ho yiye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahasweros ba Dario a n’ase fi Media a odii Kaldeafo ahemman so hene no afe a edi kan mu, afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a [Yehowa, NW] asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔson awie odu, Yerusalem amamfõ so no so.”—Daniel 9:1, 2; Yeremia 25:11.

3 Saa bere no na Mediani Dario na odi “Kaldeafo ahemman” so. Na nkɔm a Daniel ahyɛ dedaw bere a na ɔrekyerɛ ɔfasu ho nkyerɛwee no ase no nyaa mmamu ntɛmntɛm. Na Babilon Ahemman no agu. Wɔde maa “Mediafo ne Persiafo” wɔ 539 A.Y.B. mu.—Daniel 5:24-28, 30, 31.

DANIEL DE AHOBRƐASE BƆ YEHOWA MPAE

4. (a) Na dɛn na ehia na ama Onyankopɔn agye wɔn? (b) Ɔkwan bɛn na Daniel faa so kɔɔ Yehowa anim?

4 Daniel hui sɛ na Yerusalem mfe 70 amamfoyɛ no reba n’awiei. Afei dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Na mede m’anim mekyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn, sɛ mede mmuadadi ne atweaatam ne nsõ bɛbɔ no mpae de nkotɔsrɛ ato n’anim. Na mifii ase bɔɔ Yehowa, me Nyankopɔn mpae ka kyerɛɛ no sɛ yɛayɛ bɔne.” (Daniel 9:3, 4, NW) Na koma pa ho hia na Onyankopɔn afi mmɔborohunu mu agye wɔn. (Leviticus 26:31-46; 1 Ahene 8:46-53) Na ehia sɛ wonya gyidi ne ahobrɛase honhom, na wonu wɔn ho koraa wɔ bɔne ahorow a ɛma wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa ne nkoasom mu no ho. Enti Daniel fii ase sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn mpae ama ne manfo abɔnefo no. Wɔ ɔkwan bɛn so? Na ɔbɛyɛ saa denam mmuadadi, awerɛhodi, ne atweaatam a obefura a ɛyɛ ahonu ne koma pa ho sɛnkyerɛnne no so.

5. Dɛn nti na na Daniel betumi anya ahotoso sɛ wɔbɛma Yudafo no asan akɔ wɔn man mu?

5 Na Yeremia nkɔmhyɛ no ama Daniel anya anidaso, efisɛ ɛkyerɛe sɛ ɛrenkyɛ na wɔama Yudafo no asan akɔ wɔn man Yuda mu. (Yeremia 25:12; 29:10) Akyinnye biara nni ho sɛ Daniel nyaa ahotoso sɛ wobegye Yudafo a na wɔabrɛ wɔn ase no efisɛ na ɔbarima bi a ne din de Kores redi tumi dedaw sɛ Persia hene. So na Yesaia nhyɛɛ nkɔm sɛ Kores titiriw na obegyaa Yudafo no ma wɔasan akɔkyekye Yerusalem asi asɔrefie no? (Yesaia 44:28–45:3) Nanso na Daniel nnim sɛnea eyi bɛbam. Enti ɔkɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae.

6. Dɛn na Daniel gye toom wɔ mpaebɔ mu?

6 Daniel twee adwene sii Onyankopɔn mmɔborohunu ne n’adɔe so. Ɔde ahobrɛase gye toom sɛ Yudafo no nam atuatew, Yehowa mmara nsɛm a wɔanni so, ne n’adiyifo a wɔantie wɔn no so ayɛ bɔne. ‘Fom a wɔfom nti, Onyankopɔn bɔɔ wɔn hwetee’ ma ɛfatae. Daniel bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne ntia; [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua, na yɛantie [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnantew ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifo no so de sii yɛn anim no mu; na Israel nyinaa atõ wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne ntia.”—Daniel 9:5-11; Exodus 19:5-8; 24:3, 7, 8.

7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nea Yehowa yɛe no teɛ bere a ɔmaa Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu no?

7 Na Onyankopɔn aka nea ebefi asoɔden a Israelfo no bɛyɛ wɔ no so ne apam a na ɔne wɔn ayɛ a wobebu so no mu aba no akyerɛ wɔn. (Leviticus 26:31-33; Deuteronomium 28:15; 31:17) Daniel gye tom sɛ nea Onyankopɔn yɛe no teɛ, na ɔka sɛ: “Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufo a wobuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛse a ebi mmae, wi yi ase nyinaa pɛn, sɛnea ɛbae Yerusalem no, baa yɛn so. Sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsan afi yɛn amumɔyɛ ho, na yɛatiw wo nokware. Enti na [Yehowa, NW] nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no.”—Daniel 9:12-14.

8. Dɛn na Daniel de n’adesrɛ a ɔde too Yehowa anim no gyinaa so?

8 Daniel mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛka sɛ ne manfo nneyɛe no teɛ. Na ɛfata sɛ wɔkɔɔ nnommumfa mu, sɛnea ogye tom ntɛm ara no: “Yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.” (Daniel 9:15) Saa ara nso na na ɛnyɛ nea ehia no ara kwa ne sɛ wɔn amanehunu begyae. Dabi, ɔde n’adesrɛ no gyina Yehowa ankasa anuonyam ne nidi so. Sɛ Onyankopɔn de Yudafo no bɔne firi wɔn na ɔma wɔsan kɔ wɔn man mu a, ɔbɛma ne bɔhyɛ a ɔnam Yeremia so de mae no anya mmamu na ɔbɛtew Ne din kronkron no ho. Daniel srɛ sɛ: “O [Yehowa, NW], sɛ wo trenee nyinaa te no, dan w’abufuw ne w’anibere fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so ɛ! na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti na Yerusalem ne wo man adan ahohorade ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.”—Daniel 9:16.

9. (a) Adesrɛ bɛn na Daniel de wie ne mpaebɔ no? (b) Dɛn na ɛhaw Daniel, nanso ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛɛ obu maa Onyankopɔn din?

9 Daniel toa so bere a ɔbɔ mpae a emu yɛ den yi: “Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfõ no so, wo, [Yehowa, NW] nti. Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’aniwa na hwɛ yɛn amamfõ ne kurow a wɔabɔ wo din wɔ so no, na ɛnyɛ yɛn trenee so na yɛde yɛn nkotɔsrɛ reba w’anim yi, na wo mmɔborohunu bebree nti; [Yehowa, NW], tie, [Yehowa, NW], fa firi, [Yehowa, NW], yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, ma ensiane wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ, wo kurow ne wo man so.” (Daniel 9:17-19) Sɛ Onyankopɔn amfa ne man bɔne amfiri wɔn na ɔma wɔtra nnommumfa mu, na ɔma ne kurow kronkron a ɛne Yerusalem dan amamfõ daa a, so aman ahorow bebu no sɛ Amansan Hene? So ebia wɔrenka sɛ Yehowa antumi annyina Babilon anyame tumi ano? Yiw, wɔbɛbɔ Yehowa din ahohora, na eyi haw Daniel. Wɔ mpɛn 19 a Onyankopɔn din Yehowa pue wɔ Daniel nhoma no mu no, emu 18 pue wɔ mpaebɔ yi mu!

GABRIEL DE AHOƆHARE BA

10. (a) Hena na wɔsomaa no baa Daniel nkyɛn, na dɛn ntia? (b) Dɛn nti na Daniel kaa Gabriel ho asɛm sɛ “ɔbarima”?

10 Bere a Daniel gu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo Gabriel yi ne ho adi. Ɔka sɛ: “Daniel, afei mafi maba sɛ merebɛma woanya nhumu. Wo nkotɔsrɛ mfiase mu no, asɛm bi fi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, efisɛ wɔdɔ w’asɛm sɛ; enti te asɛm no ase, na hu adehu no mu.” Nanso dɛn nti na Daniel ka ne ho asɛm sɛ “ɔbarima Gabriel”? (Daniel 9:20-23) Bere a Daniel pɛe sɛ ɔte anisoadehu a na wanya dedaw a ɛfa ɔpapo ne odwennini no ho ase no, obi a ɔte “sɛ ɔbarima sɛso” yii ne ho adi kyerɛɛ no. Na ɛyɛ ɔbɔfo Gabriel a na wɔasoma no sɛ ɔmmɛma Daniel nnya nhumu no. (Daniel 8:15-17) Saa ara nso na wɔ Daniel mpaebɔ no akyi no, ɔbɔfo yi baa ne nkyɛn sɛ onipa bɛkasa kyerɛɛ no sɛnea onipa kasa kyerɛ ne yɔnko.

11, 12. (a) Ɛwom sɛ na Yehowa asɔrefie ne afɔremuka nni Babilon de, nanso ɔkwan bɛn so na Yudafo komapafo no kyerɛɛ obu maa afɔre a na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no? (b) Dɛn nti na wɔfrɛɛ Daniel sɛ ‘obi a wɔpɛ n’asɛm yiye’?

11 Gabriel bedu wɔ “anwummere afɔrebɔ bere mu.” Na wɔasɛe Yehowa afɔremuka ne asɔrefie no wɔ Yerusalem, na na Yudafo no yɛ Babilonfo abosonsomfo no nnommum. Enti na Yudafo a wɔwɔ Babilon no mmɔ afɔre mma Onyankopɔn. Nanso, na ɛfata sɛ Yudafo komapafo a wɔwɔ Babilon no kamfo Yehowa na wɔbɔ no mpae wɔ bere a wɔde bɔ afɔre wɔ Mose Mmara ase no mu. Sɛ obi a na ɔwɔ ahofama kɛse ma Onyankopɔn no, na wɔfrɛ Daniel sɛ ‘obi a wɔpɛ n’asɛm yiye.’ Na Yehowa a ɔne “mpaebɔ tiefo” no ani gye ne ho, na ɔsomaa Gabriel ntɛm so sɛ ommebua Daniel gyidi mpaebɔ no.—Dwom 65:2.

12 Bere a mpae a na Daniel bɔ Yehowa no de ne nkwa too asiane mu mpo no, ɔkɔɔ so bɔɔ Onyankopɔn mpae mprɛnsa da biara. (Daniel 6:10, 11) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yehowa pɛ n’asɛm yiye! Wɔ mpaebɔ no akyi no, Onyankopɔn Asɛm a Daniel dwennwenee ho no ma otumi huu Yehowa apɛde. Daniel annyae mpaebɔ na na onim ɔkwan pa a ɔbɛfa so akɔ Yehowa anim na ama watie ne mpaebɔ. Osii Onyankopɔn trenee so dua. (Daniel 9:7, 14, 16) Ɛwom sɛ Daniel atamfo anhu mfomso biara wɔ ne ho de, nanso na onim sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo wɔ Onyankopɔn ani so na ɔkaa ne bɔne kyerɛɛ ntɛm ara.—Daniel 6:4; Romafo 3:23.

“ADAPƐN ADUƆSON” A ƐDE BƆNE BA AWIEI

13, 14. (a) Asɛm a ɛho hia bɛn na Gabriel ka kyerɛɛ Daniel? (b) “Adapɛn aduɔson” no tenten yɛ ahe, na yɛyɛ dɛn hu?

13 Hwɛ mmuae a Daniel a ɔpɛ mpaebɔ no nya! Ɛnyɛ awerɛhyem nko na Yehowa ma onyae sɛ Yudafo no bɛsan akɔ wɔn man mu, na mmom ɔma ohuu biribi a ɛho hia sen saa—pue a Mesia a wɔahyɛ no ho nkɔm no bepue nso. (Genesis 22:17, 18; Yesaia 9:6, 7) Gabriel ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Wɔahyɛ adapɛn [mfepɛn] aduɔson, wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm [odiyifo] ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron. Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.”—Daniel 9:24, 25.

14 Na eyi yɛ asɛmpa ankasa! Na ɛnyɛ sɛ wɔbɛsan akyekye Yerusalem na wɔasan asom wɔ asɔrefie foforo no mu nko, na mmom na “obirɛmpɔn a wɔasra no” no bepue wɔ bere pɔtee bi mu nso. Eyi bɛba wɔ “adapɛn aduɔson” mu. Esiane sɛ Gabriel mmɔ nnafua din nti, adapɛn yi nyɛ adapɛn a emu biara yɛ nnanson a ɛbɛyɛ nnafua 490—afe ne asram anan pɛ. Nkɔm a ɔhyɛe sɛ wɔbɛsan akyekye Yerusalem a ɛwɔ “mmorɔn ne afasu” no kyɛ sen saa. Adapɛn no yɛ mfepɛn. Nnɛyi nkyerɛase ahorow bi kyerɛ sɛ dapɛn biara bɛyɛ mfe ason. Sɛ nhwɛso no, “mfepɛn aduɔson” yɛ sɛnea wɔkyerɛɛ ase wɔ Daniel 9:24 ho asɛm bi a ɛwɔ Tanakh—The Holy Scriptures a Jewish Publication Society yɛe no mu. An American Translation kenkan sɛ: “Wɔahyɛ mfepɛn aduɔson ama wo man ne wo kurow kronkron no.” Nsɛm a ɛte saa pue wɔ Moffatt ne Rotherham nkyerɛase no mu.

15. Wɔakyekyɛ “adapɛn aduɔson” no mu ayɛ no mmere abiɛsa bɛn, na na bere bɛna ne efii ase?

15 Sɛnea ɔbɔfo no nsɛm kyerɛ no, wɔbɛkyekyɛ “adapɛn aduɔson” no mu ayɛ no mmere abiɛsa: (1) “adapɛn ason,” (2) “adapɛn aduosia abien,” ne (3) dapɛn biako. Ɛno bɛyɛ mfe 49, mfe 434, ne mfe 7—a ne nyinaa ka bom yɛ mfe 490. Anigyesɛm ne sɛ The Revised English Bible no kenkan sɛ: “Wɔahyɛ mfe aduɔson ahorow ason ama wo nkurɔfo ne wo kurow kronkron no.” Wɔ Yudafo mfe 70 nnommumfa ne amanehunu wɔ Babilon akyi no, na wobenya Onyankopɔn anim dom soronko bi mfe 490, anaa mfe 70 ahorow 7. Na ebefi ase afi “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem” no so. Eyi bɛyɛ bere bɛn?

“ADAPƐN ADUƆSON” NO FI ASE

16. Sɛnea Kores mmara no kyerɛe no, atirimpɔw bɛn nti na ɔmaa Yudafo no san kɔɔ wɔn man mu?

16 Ɛfata sɛ yɛhyɛ nsɛntitiriw abiɛsa a efii “adapɛn aduɔson” no ase nsow. Nea edi kan no sii 537 A.Y.B. bere a Kores hyɛɛ mmara sɛ Yudafo nsan nkɔ wɔn man mu no. Ɛkenkan sɛ: “Sɛ Persia hene Kores se ni: Asase so ahenni nyinaa na [Yehowa, NW], ɔsoro Nyankopɔn, de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na onkosi [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem. Na obiara a waka baabiara a wakɔsoɛ hɔ hɔho no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne afide ne mmoa ɛne ayamyi ade a wɔde bɛma Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.” (Esra 1:2-4) Ɛda adi pefee sɛ na mmara yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma wɔasan asi asɔrefie—‘Yehowa fi’—no asi ne kan sibea.

17. Dɛn na krataa a wɔde maa Esra no kae wɔ nea enti a ɔkɔɔ Yerusalem no ho?

17 Asɛm a ɛto so abien no sii wɔ Persia Hene Artasasta (Xerxes I ba Artasasta Longimanus) ahenni afe a ɛto so ason mu. Saa bere no na nhoma kyerɛwfo Esra de asram anan tuu kwan fii Babilon kɔɔ Yerusalem. Na okura krataa titiriw bi a efi ɔhene no hɔ, nanso amma no kwan sɛ ɔnsan nkyekye Yerusalem. Mmom no na ahyɛde a wɔde ama Esra ara ne sɛ ‘onsiesie Yehowa fie no fɛfɛɛfɛ.’ Ɛno nti na krataa no kaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, anwinne kronkron, awi, bobesa, ngo, ne nkyene a wɔde bɛboa ɔsom wɔ asɔrefie hɔ, ne wɔn a wɔsom wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔma wotua tow ho asɛm no.—Esra 7:6-27.

18. Asɛm bɛn na ɛhaw Nehemia, na ɛyɛɛ dɛn na Ɔhene Artasasta tee?

18 Asɛm a ɛto so abiɛsa no sii wɔ mfe 13 akyi wɔ Persia Hene Artasasta afe a ɛto so 20 mu. Saa bere no na Nehemia som sɛ ne nsahyɛfo wɔ “Susan aban” mu. Na nkaefo a wɔsan fii Babilon bae no akyekye Yerusalem akodu baabi. Nanso na nneɛma nkɔ yiye. Nehemia tee sɛ “Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.” Eyi haw no yiye, na odii awerɛhow. Bere a wobisaa Nehemia nea enti a odi awerɛhow no, obuae sɛ: “Ɔhene tiri nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofõ na wɔde ogya ahyew n’apon no.”—Nehemia 1:1-3; 2:1-3.

19. (a) Bere a Ɔhene Artasasta bisaa Nehemia nea ɔhwehwɛ no, dɛn na odii kan yɛe? (b) Dɛn na Nehemia bisae, na dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ onim nea Onyankopɔn yɛe wɔ asɛm no mu?

19 Nehemia ho kyerɛwtohɔ no toa so ka sɛ: “Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.” Artasasta ani gyee asɛm a Nehemia de too n’anim yi ho, na odii nea ɔsan bisae no ho dwuma: “Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda, ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede mɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no.” Nehemia huu nea Yehowa yɛe wɔ eyi nyinaa mu no na ɔkae sɛ: “Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.”—Nehemia 2:4-8.

20. (a) Bere bɛn na asɛm a wɔkae sɛ “wɔnsan nkyekye Yerusalem” no fii ase? (b) Bere bɛn na “adapɛn aduɔson” no fii ase, na ɛbaa awiei bere bɛn? (d) Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ bere a wɔkae sɛ “adapɛn aduɔson” no befi ase ne bere a ɛbɛba awiei no ne saa bere no pɛpɛɛpɛ?

20 Ɛwom sɛ wɔmaa no kwan wɔ ɔsram Nisan mu wɔ Artasasta ahenni afe a ɛto so 20 mfiase de, nanso asram bi twaam ansa na “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem” no fii ase. Eyi sii bere a Nehemia duu Yerusalem na ofii adwuma no ase no. Esra akwantu no dii asram anan, nanso na Susan wɔ Babilon apuei fam kilomita bɛboro 322 ma enti na ɛne Yerusalem ntam kwan ware yiye. Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ Nehemia duu Yerusalem wɔ ɛrekɔ Artasasta afe a ɛto so 20 awiei anaasɛ 455 A.Y.B. Saa bere no na “adapɛn aduɔson” anaa mfe 490 a na wɔahyɛ ho nkɔm no fii ase. Na ɛbɛba awiei wɔ 36 Y.B. awiei mu hɔ.—Hwɛ “Bere Bɛn na Artasasta Fii Ase Dii Hene?” a ɛwɔ kratafa 197 no.

“OBIRƐMPƆN A WƆASRA NO” YI NE HO ADI

21. (a) Na dɛn na wɔbɛyɛ wɔ “adapɛn ason” a edi kan no mu, na wɔbɛyɛ eyi wɔ tebea horow bɛn mu? (b) Na afe bɛn na Mesia no bepue, na dɛn na Luka Asɛmpa no ka sɛ esii saa bere no?

21 Edii mfe ahe ansa na wɔresan akyekye Yerusalem ankasa? Na wɔbɛsan akyekye kurow no wɔ “ahohiahia bere mu” esiane Yudafo no ankasa ntam nsɛnnennen ne ɔsɔretia a na efi Samariafo ne afoforo hɔ nti. Ɛda adi sɛ ebeduu bɛyɛ 406 A.Y.B. no, na wɔawie adwuma no sɛnea ɛsɛ wɔ—“adapɛn ason” anaa mfe 49 mu. (Daniel 9:25) Na bere a ɛyɛ adapɛn 62 anaa mfe 434 bɛba wɔ ɛno akyi. Na Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ akyɛ no bepue wɔ saa bere no akyi. Sɛ yɛkan mfe 483 (49 ne 434) fi 455 A.Y.B. a, ɛde yɛn ba 29 Y.B. mu. Dɛn na esii saa bere no? Asɛmpa no kyerɛwfo Luka ka kyerɛ yɛn sɛ: “Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so a Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene . . . no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so. Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔne fafiri mu.” Saa bere no na “nnipa no rehwɛ” Mesia no kwan.—Luka 3:1-3, 15, NW.

22. Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ Mesia a wɔahyɛ no ho nkɔm no?

22 Na Yohane nyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Nanso Yohane kaa nea ohui wɔ Yesu Nasareni no asubɔ wɔ 29 Y.B. twabere mu ho no ho asɛm sɛ: “Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtraa no so. Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.” (Yohane 1:32-34) Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no ɔbɛyɛɛ Nea Wasra No—Mesia anaa Kristo. Ɛno akyi pɛɛ no, Yohane suani Andrea hyiaa Yesu a wɔasra no no, na afei ɔka kyerɛɛ Simon Petro sɛ: “Yɛahu Mesia no.” (Yohane 1:41) Enti, “obirɛmpɔn a wɔasra no” no puee bere ano pɛpɛɛpɛ—wɔ adapɛn 69 awiei!

NSƐM A ESISII WƆ DAPƐN A ETWA TO NO MU

23. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ “obirɛmpɔn a wɔasra no” no wu, na bere bɛn na eyi besi?

23 Na dɛn na wɔbɛyɛ wɔ dapɛn a ɛto so 70 no mu? Gabriel kae sɛ wɔahyɛ bere a ɛyɛ “adapɛn aduɔson” no “sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne odiyifo ano na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea.” Sɛ wɔbɛyɛ eyi a, na ɛsɛ sɛ “obirɛmpɔn a wɔasra no” no wu. Bere bɛn? Gabriel kae sɛ: “Adapɛn aduosia abien no akyi no, wobetwa Mesia no akyene a ɛrenka no hwee. . . . Na ɛsɛ sɛ ɔma apam no tra hɔ dapɛn biako ma nnipa pii; na ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdema agyae wɔ dapɛn no fã mu.” (Daniel 9:26a, 27a, NW) Na bere a emu yɛ den no bɛba wɔ “dapɛn no fã” mu, kyerɛ sɛ, mfepɛn a etwa to no mfinimfini.

24, 25. (a) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, bere bɛn na Kristo wui, na dɛn na ne wu ne ne wusɔre ma ɛbaa awiei? (b) Dɛn na Yesu wu no tumi yɛe?

24 Yesu Kristo fii ne baguam som adwuma no ase wɔ 29 Y.B. awiei mu hɔ, na edii mfe abiɛsa ne fã. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, ‘wotwaa’ Kristo ‘kyenee’ wɔ 33 Y.B. mfiase bere a owui wɔ asɛndua so na ɔde ne desani nkwa mae sɛ agyede maa adesamma no. (Yesaia 53:8; Mateo 20:28) Bere a Yesu a wanyan afi awufo mu no de ne desani nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no bo kɔmaa Onyankopɔn wɔ soro no, na enhia bio sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre na wɔde ayɛyɛde ma sɛnea na Mmara no hwehwɛ no. Ɛwom sɛ Yudafo asɔfo no kɔɔ so bɔɔ afɔre kosii sɛ wɔsɛee Yerusalem asɔrefie no wɔ 70 Y.B. mu de, nanso na saa afɔrebɔ ahorow no nsɔ Onyankopɔn ani bio. Na wɔde afɔrebɔ a eye sen ɛno, nea wɔrensan mmɔ bio da, asi ananmu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Kristo] bɔɔ bɔne ho afɔre prɛko . . . Efisɛ ɔnam afɔrebɔ biako so ma wɔn a wɔretew wɔn ho no ayɛ pɛ de kosi daa.”—Hebrifo 10:12, 14, NW.

25 Ɛwom sɛ bɔne ne owu kɔ so haw adesamma de, nanso twa a wotwaa Yesu kyenee wɔ owu mu ne ne wusɔre a ɔnam so kɔtraa soro no maa nkɔmhyɛ nyaa mmamu. ‘Ɛma wowiee mmarato, ɛmaa bɔne wiee du, ɛpataa amumɔyɛ, na ɛde trenee bae.’ Na Onyankopɔn ayi Mmara apam a ɛma ɛdaa adi sɛ Yudafo no yɛ abɔnefo na ebuu wɔn fɔ no afi hɔ. (Romafo 5:12, 19, 20; Galatifo 3:13, 19; Efesofo 2:15; Kolosefo 2:13, 14) Afei de wobetumi de nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho no bɔne afiri wɔn, na wobetumi de ho asotwe akyɛ wɔn. Ɛdenam Mesia no afɔrebɔ no so no, wobetumi asiesie wɔn a wɔda gyidi adi no ne Onyankopɔn ntam. Na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya Onyankopɔn akyɛde a ɛne “daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”—Romafo 3:21-26; 6:22, 23; 1 Yohane 2:1, 2.

26. (a) Ɛwom sɛ na wɔayi Mmara apam no afi hɔ de, nanso apam bɛn ‘na wɔma ɛtraa hɔ dapɛn biako’? (b) Dɛn na esii wɔ dapɛn a ɛto so 70 no awiei?

26 Enti Yehowa nam wu a Kristo wuu 33 Y.B. so yii Mmara apam no fii hɔ. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ ɛsɛ sɛ Mesia no “ma apam no tra hɔ dapɛn biako ma nnipa pii”? Efisɛ ɔmaa Abraham apam no traa hɔ. Onyankopɔn maa Abraham asefo a wɔyɛ Hebrifo nyaa saa apam no mu nhyira horow no kosii sɛ dapɛn a ɛto so 70 no baa awiei. Nanso wɔ “adapɛn aduɔson” no awiei wɔ 36 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro kaa asɛm no kyerɛɛ Italiani komapafo Kornelio, ne fiefo, ne Amanaman mufo afoforo. Na efi saa da no, wofii ase kaa asɛmpa no wɔ amanaman mufo mu.—Asomafo no Nnwuma 3:25, 26; 10:1-48; Galatifo 3:8, 9, 14.

27. “Kronkron mu Kronkronbea” bɛn na wɔsraa no no, na wɔ ɔkwan bɛn so?

27 Nkɔmhyɛ no san ka siei sɛ wɔbɛsra “Kronkron mu Kronkronbea” no. Eyi nkyerɛ sɛ wɔbɛsra Yerusalem asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea anaasɛ mpiakyiri no. Asɛm “Kronkron mu Kronkronbea” no kyerɛ Onyankopɔn soro trabea. Ɛhɔ na Yesu de ne desani afɔrebɔ no bo maa N’agya. Yesu asubɔ wɔ 29 Y.B. no ma wɔsraa saa ɔsoro honhom trabea a asase so ntamadan no ne asɔrefie a ɛbaa akyiri yi mu Kronkron mu Kronkronbea no gyina hɔ ma no anaa wɔtew ho.—Hebrifo 9:11, 12.

ONYANKOPƆN SII NKƆMHYƐ NO SO DUA

28. Dɛn na ‘anisoadehu ne odiyifo a wɔbɛsɔ n’ano’ no kyerɛ?

28 Mesia no ho nkɔm a ɔbɔfo Gabriel hyɛe no nso kae sɛ ‘wɔbɛsɔ anisoadehu ne odiyifo ano.’ Eyi kyerɛe sɛ Onyankopɔn begye nkɔmhyɛ asɛm biara a wɔka siei wɔ Mesia no ho—nea ɔnam n’afɔrebɔ so yɛe nyinaa, ne wusɔre, ne ho adi a okoyii wɔ soro ne nsɛm foforo a esisii wɔ dapɛn a ɛto so 70 no mu—no atom, ebenya mmamu, na wobetumi de ho ato so. Wɔbɛsɔ anisoadehu no ano, ɛbɛfa Mesia no nkutoo ho. Ɛnam ɔno ne adwuma a Onyankopɔn nam no so yɛe no so na enya mmamu. Ɛnam Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no nkutoo so na yebetumi anya anisoadehu no nkyerɛase a ɛteɛ. Biribi foforo biara nni hɔ a ɛbɛma yɛahu nea ɛkyerɛ.

29. Na dɛn na ɛbɛba Yerusalem a wɔasan akyekye no so, na dɛn ntia?

29 Na Gabriel ahyɛ nkɔm dedaw sɛ wɔbɛsan akyekye Yerusalem. Afei ɔhyɛ saa kurow a wɔsan kyekyee no ne n’asɔrefie no sɛe ho nkɔm sɛ: “Obirɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfõyɛ a wɔahyɛ no pintinn. . . . Na amamfõyɛ akyide no atifi na ɔsɛefo bɛba, na ɛbɛkɔ so akosi sɛ ɔsɛe pasaa a wɔahyɛ no pintinn behwie agu amamfõyɛfo no so.” (Daniel 9:26b, 27b) Ɛwom sɛ na ɔsɛe yi bɛba wɔ “adapɛn aduɔson” no akyi de, nanso nsɛm a esisii wɔ “dapɛn” a etwa to no mu, bere a Yudafo no poo Kristo na wɔma wokum no no na na ɛde bɛba.—Mateo 23:37, 38.

30. Sɛnea abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na nea Bere Sodifo Kɛse no hyɛe no nyaa mmamu?

30 Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ Roma asraafo a na Siria Amrado Cestius Gallus da wɔn ano betwaa Yerusalem ho hyiae wɔ 66 Y.B. mu. Ɛwom sɛ Yudafo no ne wɔn koe de, nanso Roma asraafo a na wokurakura abosonsom agyiraehyɛde ahorow no hyɛn kurow no mu fii ase tutuu asɔrefie ɔfasu no ase wɔ kusuu fam. Ɛhɔ a na wogyina no ma wɔyɛɛ “akyide” a na ebetumi de ɔsɛe pasaa aba. (Mateo 24:15, 16) Wɔ 70 Y.B. mu no, Romafo a Ɔsahene Titus da wɔn ano no bae te sɛ “nyirisramso,” na wɔbɛsɛee kurow no ne n’asɔrefie no. Biribiara ansiw wɔn kwan, efisɛ na Onyankopɔn—‘ahyɛ’—eyi ato hɔ. Na Bere Sodifo Kɛse, Yehowa, asan ama n’asɛm abam!

DƐN NA WUHUI?

• Bere a na mfe 70 Yerusalem amamfõyɛ no reba awiei no, adesrɛ bɛn na Daniel de too Yehowa anim?

• Na “adapɛn aduɔson” no tenten yɛ ahe, na bere bɛn na efii ase na ɛbaa awiei bere bɛn?

• Bere bɛn na “obirɛmpɔn a wɔasra no” no puei, na bere a emu yɛ den bɛn mu na ‘wotwaa no kyenee’?

• Apam bɛn na wɔma ‘ɛtraa hɔ dapɛn biako maa nnipa pii’?

• Dɛn na esii wɔ “adapɛn aduɔson” no akyi?

bere bɛn na efii ase?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 197 adaka/mfonini]

Bere Bɛn na Artasasta Fii Ase Dii Hene?

ABAKƆSƐM akyerɛwfo adwene nhyia wɔ afe a Persia Hene Artasasta fii ase dii hene no ho. Ebinom ka sɛ obedii hene wɔ afe 465 A.Y.B. mu, efisɛ ne papa, Xerxes, fii ase dii hene wɔ 486 A.Y.B. mu, na owui wɔ n’ahenni afe a ɛto so 21 mu. Nanso, adanse a edi mũ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Artasasta traa ahengua no so wɔ 475 A.Y.B. mu na n’ahenni afe a edi kan fii ase 474 A.Y.B.

Nkyerɛwee ne adwini a wotutu fii tete Persia ahenkurow Persepolis mu kyerɛ sɛ Xerxes ne ne papa Dario I boom dii hene. Sɛ wɔboom dii hene mfe 10, na Dario wui wɔ 486 A.Y.B. akyi no Xerxes nkutoo dii hene mfe 11 a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ Artasasta ahenni afe a edi kan bɛyɛ 474 A.Y.B.

Adanse foforo fa Atene Sahene Themistocles a odii Xerxes asraafo so nkonim wɔ 480 A.Y.B. mu ho. Akyiri yi ɔhweree Helafo no anim dom na wɔbɔɔ no sobo sɛ otutu ɔman no ase. Themistocles guan kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ Persia ahemfie, faako a wogyee no fɛw so no. Sɛnea Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Thucydides kyerɛ no, eyi sii bere a Artasasta “bɛtraa ahengua no so nkyɛe no.” Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Diodorus Siculus ka sɛ Themistocles wui wɔ 471 A.Y.B. mu. Esiane sɛ Themistocles srɛe sɛ wɔmma ɔmfa afe biako nsua Persia kasa ansa na wakohu Ɔhene Artasasta nti, ɛbɛyɛ sɛ wannu Asia Kumaa wɔ 473 A.Y.B. akyi. Jerome Chronicle of Eusebius gye saa bere no tom. Esiane sɛ Themistocles beduu Asia 473 A.Y.B. bere a na Artasasta “bɛtraa ahengua no so nkyɛe” nti, Germanni nhomanimfo Ernst Hengstenberg kae wɔ ne nhoma Christology of the Old Testament no mu sɛ Artasasta fii ase dii hene wɔ 474 A.Y.B. mu sɛnea afoforo ka no. Ɔka kaa ho sɛ: “Artasasta afe aduonu yɛ afe 455 ansa na wɔrewo Kristo.”

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini ahorow wɔ kratafa 188, 189]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

“ADAPƐN ADUƆSON”

455 A.Y.B. 406 A.Y.B. 29 Y.B. 33 Y.B. 36 Y.B.

“Asɛm a ɛka sɛ Yerusalem” Mesia Wotwa Mesia “Adapɛn

wɔnsan nkyekye a wɔsan no pue no kyene aduɔson”

Yerusalem” kyekyee no no awiei

adapɛn 7 adapɛn 62 dapɛn 1

mfe 49 mfe 434 mfe 7

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 180]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 193]