Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 1

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni!”

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni!”

1, 2. (a) Nsɛm bɛn na wunyae a anka wubebisa Onyankopɔn? (b) Asɛm bɛn na Mose bisaa Onyankopɔn?

 WO DE, fa no sɛ Onyankopɔn ne wo rebɔ nkɔmmɔ! Ɛba wo tirim kɛkɛ mpo sɛ amansan Hene no ne wo rekasa a, ɛno nko ara betumi ama woabɔ hu! Ebia mfiase no, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka bi. Nanso yɛmfa no sɛ woamia w’ani ne no akasa, na ɔno nso ayɛ aso retie wo, na wubisa no asɛm nso a, oyi wo ano. Afei ɔka wo koma to wo yam, na ɔka kyerɛ wo sɛ wubetumi abisa no asɛm biara a wopɛ. Anka asɛm bɛn na wubebisa no?

2 Tete no, ɔbarima bi nyaa hokwan sɛ obebisa Onyankopɔn asɛm. Yɛfrɛ saa barima no Mose. Nanso sɛ wote asɛm a obisaa Onyankopɔn no a, ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa. Wammisa biribi amfa ɔno ara ne ho, wammisa biribi amfa ne daakye ho, na amanehunu a nnipa refa mu mpo, wammisa ho asɛm. Mmom no, nea obisae ne Onyankopɔn din. Ebia wei bɛyɛ wo nwanwa, efisɛ na Mose nim Onyankopɔn din ankasa dedaw. Ɛnde, ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ohu biribi foforo nti na obisaa saa asɛm no. Nokwarem no, ɛno ne asɛm a na ɛho hia paa a na Mose betumi abisa. Mmuae a onyae no fa yɛn nyinaa ho. Ebetumi aboa wo ama woatu anammɔn a ehia a ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn. Adɛn nti na yɛreka saa? Momma yɛnhwɛ nkɔmmɔ a ɛka koma a Onyankopɔn ne Mose bɔe no, na ɛbɛma yɛanya mmuae no.

3, 4. Asɛm bɛn na esisii a ɛmaa Mose ne Onyankopɔn bɔɔ nkɔmmɔ? Nkɔmmɔ a wɔbɔe no, wobɛbɔ no mmua sɛn?

3 Ná Mose adi mfe 80. Saa bere no, na ne nkurɔfo a wɔyɛ Israelfo no akɔyɛ nkoa wɔ Egypt. Ná Mose atu afi wɔn mu akɔtena baabi mfe aduanan. Da koro bi, na ɔrehwɛ n’asebarima nguan, ɛnna ohuu anwanwade bi. Ohui sɛ nwura bi redɛw, nanso na ɛnhyew. Ɛkɔɔ so dɛwee, na na ɛhyerɛn te sɛ kanea a esi bepɔw so. Mose kɔɔ ho kɔhwɛe. Ɔtee sɛ obi rekasa kyerɛ no fi ogya no mu. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne yam hyew no! Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so ne Mose bɔɔ nkɔmmɔ bere tenten. Sɛnea ebia wunim no, ɛhɔ na Onyankopɔn somaa Mose sɛ omfi baabi a ɔte a n’asom adwo no no, na ɔnsan nkɔ Egypt nkogye Israelfo mfi nkoasom mu. Nanso ehu nti, na Mose retwetwe ne ho.—Exodus 3:1-12.

4 Saa bere no, biribiara a na Mose pɛ sɛ obisa Onyankopɔn no, na obetumi abisa. Nanso, wo de hwɛ asɛm a obisaa no: “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na sɛ wobisa me sɛ, ‘Ne din de dɛn?’ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?”—Exodus 3:13.

5, 6. (a) Nokwasɛm bɛn na asɛm a Mose bisae no ma yehu? (b) Onyankopɔn din paa no, ɛdɛn na nkurɔfo ayɛ wɔ ho a ɛyɛ aniwu? (d) Adɛn nti na mfaso wɔ so paa sɛ Onyankopɔn ama nnipa ahu ne din?

5 Nea edi kan koraa no, asɛm a Mose bisae no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ din. Wei yɛ nokwasɛm, enti ɛsɛ sɛ yɛfa no asɛnhia. Nanso, nnipa pii mfa no sɛ ɛyɛ asɛm a ɛho hia. Wɔayi Onyankopɔn din paa no afi Bible nkyerɛase pii mu. Wɔde abodin te sɛ “Awurade” ne “Onyankopɔn” na asi anan. Nneɛma a wɔayɛ wɔ nyamesom din mu a ɛyɛ awerɛhow na ɛyɛ aniwu paa no, wei ka ho bi. Wo de hwɛ o, sɛ wuhyia obi a wunnim no a, ɛdɛn ne ade a edi kan a woyɛ? Ɛyɛ a wubisa ne din, ɛnte saa? Sɛ wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn a, saa na ɛsɛ sɛ woyɛ. Ɔnyɛ obi a onni din a ɔmpɛ nnipa a yɛrentumi nhu no, na saa ara nso na ɔnyɛ obi a yɛrentumi nhu sɛnea ɔte. Ɛwom sɛ yentumi mfa yɛn ani nhu no de, nanso ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɔwɔ din nso. Ne din ne Yehowa.

6 Afei nso, bere biara a Onyankopɔn bɛma yɛahu ne din paa no, na anigyesɛm kɛse bi di akyiri. Ɛba saa a, na ɔrefrɛ yɛn sɛ yɛmmra na yemmehu sɛnea ɔte ankasa. Ɔpɛ sɛ yesisi gyinae pa wɔ yɛn asetena mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛn no. Nanso ɛnyɛ ne din Yehowa no nko ara na wabɔ akyerɛ yɛn. Mmom, wama yɛahu Onyankopɔn ko a ɔyɛ no nso.

Nea Onyankopɔn Din Kyerɛ

7. (a) Onyankopɔn din paa no kyerɛ sɛn? (b) Bere a Mose bisaa Onyankopɔn sɛ Ne din de sɛn no, ɛdɛn paa na na ɔpɛ sɛ ohu?

7 Yehowa ankasa na ɔfaa ne din, na ne din no nkyerɛase mu dɔ paa. Edin “Yehowa” kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɔsoro ne asaase so nyinaa, ɔda nsow koraa, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Otumi ma biribiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no nso ba mu, na n’asomfo a wɔyɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho mpo, otumi ma wɔyɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ yedwen wei nyinaa ho a, ɛma yenya obu kɛse ma no. Nanso wei akyi no, Onyankopɔn din no kyerɛ biribi foforo anaa? Yetumi hu sɛ na Mose pɛ sɛ ohu pii ka nea na onim no ho. Nea ɛwom ne sɛ, na Mose nim sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, na na onim Onyankopɔn din nso. Ná nkurɔfo nim Onyankopɔn din no dedaw. Ná nkurɔfo de edin no ayɛ adwuma mfe pii. Yebetumi aka paa sɛ, bere a Mose bisaa Onyankopɔn din no, na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea Onii a edin no da no so te ankasa. Yɛbɛka a, na nea ɔreka ne sɛ: ‘Wo ho asɛm bɛn na sɛ meka kyerɛ wo nkurɔfo Israel a, ɛbɛma wɔagye wo adi, na wɔn adwene asi wɔn pi sɛ wubegye wɔn ampa?’

8, 9. (a) Asɛm a Mose bisaa Yehowa no, mmuae bɛn na ɔde maa no? Mmuae a Yehowa de maa Mose no, sɛnea ebinom kyerɛ ase no, mfomso bɛn na ɛwɔ ho? (b) Asɛm a ɛne “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara” no kyerɛ sɛn?

8 Bere a Yehowa rema Mose mmuae no, ɔkaa ne suban bi a ɛyɛ fɛ ho asɛm. Saa suban no fa nea ne din kyerɛ ho. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.” (Exodus 3:14) Wɔakyerɛ saa asɛm no ase wɔ Bible pii mu sɛ: “Me ne nea mene.” Nanso, Bible nkyerɛase ahorow a edi mu paa no ma yehu sɛ, ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn resi so dua kɛkɛ sɛ ɔwɔ hɔ. Mmom, nea na Yehowa rekyerɛ Mose ne yɛn nyinaa ne sɛ, ‘Ɔbɛyɛ ne ho nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ’ biara sɛnea ɛbɛyɛ a Ne bɔhyɛ bɛba mu. Wɔakyerɛ Exodus 3:14 ase wɔ J. B. Rotherham Bible no mu sɛ: “Mɛyɛ Me Ho sɛnea mepɛ biara.” Ɔbenfo bi a onim Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no yiye kyerɛɛ saa asɛm no mu sɛ: “Asɛm biara a ɛbɛsɔre anaa ɔhaw biara a ɛbɛba no . . . , Onyankopɔn ‘bɛyɛ’ ano aduru.”

9 Sɛn na Israelfo no tee saa asɛm no ase? Sɛ na akwanside a wɔbehyia ne amanehunu a wɔbɛfa mu no te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, na Yehowa bɛyɛ ne ho nea ehia sɛ ɔyɛ biara na wagye wɔn afi nkoasom mu de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa din no ma wɔnyaa Onyankopɔn mu awerɛhyem. Ɛnnɛ nso, ebetumi ama yɛanya awerɛhyem a ɛte saa ara. (Dwom 9:10) Adɛn nti na yɛreka saa?

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa din ma yehu sɛ ɔno paa ne obi a otumi yɛ ne ho nea ehia sɛ ɔyɛ biara, na ɔno nso ne Agya a obiara ne no nsɛ? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

10 Wo de, yɛnyɛ mfatoho yi: Awofo nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ehia biara na ama wɔatumi ahwɛ wɔn mma. Sɛ ɔwofo sɔre anɔpa a, ɛntɔ ara sɛ ade bɛsa no, na wayɛ nnwuma bebree. Wobɛhwɛ no, na wayɛ ne ho nɛɛse rehwɛ ne ba a ɔyare, wobɛhwɛ na ɔrenoa aduan ama ne ba, wobɛhwɛ na wayɛ ne ho ɔkyerɛkyerɛfo rekyerɛ ne ba ade, wobɛhwɛ na wayɛ ne ho ɔtemmufo redi ne mma mmienu ntam asɛm, ne nea ɛkeka ho. Sɛ awofo pii hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nnwuma yi nyinaa a, ɛyɛ a ehunahuna wɔn. Wɔnim sɛ wɔn mma gye wɔn di paa. Akwadaa de, onim sɛ, sɛ opira a, sɛnea ɛte biara, ne maame anaa ne papa betumi ahwɛ ama ne ho atɔ no. Sɛ ɔne obi reko a, n’awofo betumi apata. Sɛ biribi a ɔde di agorɔ sɛe a, n’awofo betumi ayɛ no yiye ama no. Sɛ ɔnte biribi ase nso a, n’awofo betumi aboa no ama wate ase. Sɛ awofo binom hu sɛ ɛnyɛ biribiara na wɔbetumi ayɛ a, ɛma wɔte nka sɛ wɔnnim hwee. Enti ɛtɔ da a, na wɔn abam abu. Wɔte nka sɛ nneɛma a wɔn mma hwɛ kwan sɛ wɔbetumi ayɛ ama wɔn no, pii wɔ hɔ a, ɛboro wɔn so.

11 Yehowa nso yɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ. Nanso ɔno de, biribiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ a ɔrentumi nyɛ. Enti biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma ne mma a wɔwɔ asaase so nsa aka nea wɔhia biara no, obetumi ayɛ. Enti ne din Yehowa no ma yehu sɛ ɔyɛ Agya a obiara ne no nsɛ. (Yakobo 1:17) Mose ne Israelfo anokwafo a aka no nyinaa sei, ankyɛ koraa na wɔbehui sɛ Yehowa din fata no paa. Sɛnea Yehowa yɛɛ ne ho nea ɔpɛ biara no, Israelfo no hui maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔhui sɛ ɔyɛ ɔko mu Katakyie a obiara ntumi no, ɔyɛ obi a ɔwɔ mframa, nsu, ne nea ɛkeka ho so tumi. Wɔbehui nso sɛ, Yehowa yɛ Mmarahyɛfo a obiara ne no nsɛ, ɔyɛ Ɔtemmufo, otumi yɛ dan plan, ɔma aduan ne nsu, ɔkora ntaade ne mpaboa so na ansɛe, ne nea ɛkeka ho.

12. Sɛnea na Mose bu Yehowa ne sɛnea Farao nso bu no no, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

12 Onyankopɔn din paa no, wama nnipa ahu, na waka ne ho asɛm a ɛyɛ anigye nso akyerɛ yɛn. Wayɛ nneɛma bi mpo de akyerɛ sɛ asɛm biara a ɔka fa ne ho no yɛ nokware. Biribiara kyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yehu no. Ɛdɛn na yɛn nso yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yehu no? Ná Mose pɛ sɛ ohu Onyankopɔn. Sɛnea na Mose ani abere sɛ obehu Yehowa no, ɛma ohuu nea ehia sɛ ɔyɛ wɔ n’asetenam, na ɛno na ɛboaa no ma ɔbɛn ne soro Agya no paa. (Numeri 12:6-8; Hebrifo 11:27) Awerɛhosɛm ne sɛ, Mose bere so no, nnipa kakraa bi na na wɔpɛ sɛ wɔhu Yehowa. Bere a Mose bɔɔ Yehowa din kyerɛɛ Egypt hene Farao no, n’ahantan nti ɔkaa sɛ: “Hena ne Yehowa?” (Exodus 5:2) Asɛm a Farao bisae no nkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ohu Yehowa yiye. Mmom no, na ɔrebu Israel Nyankopɔn no animtiaa. Nea na ɔreka ara ne sɛ Yehowa nyɛ obiara. Ɛnnɛ, saa na nnipa bebree te. Wei nti, wɔnhu nokwasɛm bi a ɛho hia paa no. Saa nokwasɛm no ne sɛ, Yehowa ne Awurade Tumfoɔ no.

Awurade Tumfoɔ Yehowa

13, 14. (a) Adɛn nti na Yehowa wɔ abodin pii wɔ Bible mu? N’abodin no bi ne sɛn? (Hwɛ  adaka a ɛwɔ kratafa 14 no.) (b) Adɛn nti na Yehowa nko ara na ɔfata sɛ yɛfrɛ no “Awurade Tumfo”?

13 Yehowa tumi yɛ ne ho nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara, ɛno nti na ɔwɔ abodin pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. Yɛrentumi mfa n’abodin ahorow no nsesa ne din paa no. Mmom n’abodin no ma yehu nea ne din no kyerɛ ho nsɛm pii. Ɛho nhwɛso bi ni. Yɛfrɛ Nyankopɔn “Awurade Tumfo Yehowa.” (2 Samuel 7:22) Saa abodin yi korɔn paa, na epue mpɛn pii wɔ Bible mu. Ɛma yehu Yehowa dibea. Ɛne sɛ, ɔno nko ara na ɔfata sɛ odi ɔsoro ne asaase nyinaa so tumi. Yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.

14 Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no; obiara ne no nsɛ. Adiyisɛm 4:11 ka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛbae na wobɔe.” Yehowa akyi no, obiara nni hɔ a yebetumi aka asɛm a ɛte saa afa ne ho. Biribiara a ɛwɔ soro ne asaase so fi Yehowa! Yehowa ne Awurade Tumfoɔ no, na ɔno na ɔbɔɔ biribiara. Enti yebetumi aka sɛ, ɔno paa na ɔfata sɛ yɛde nidi, tumi, ne anuonyam ma no.

15. Adɛn nti na yɛfrɛ Yehowa “mmeresanten Hene”?

15 Abodin foforo bi nso wɔ hɔ a Yehowa nko ara na yebetumi de afrɛ no. Ɛno ne “mmeresanten Hene.” (1 Timoteo 1:17; Adiyisɛm 15:3) Saa abodin no kyerɛ sɛn? Nnipa de, yɛn adwene sua, enti ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase sɛ Yehowa te hɔ daa. Nanso, nea ɛwom ne sɛ Yehowa nni mfiase na ɔrennya awiei nso da. Dwom 90:2 ka sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.” Yehowa nni ahyɛase; ɔwɔ hɔ bere nyinaa. Enti sɛ yɛfrɛ no “Nea Ne Nna Akyɛ” a, edi sa. Ansa na biribiara a ɛwɔ soro ne asaase so reba no, na Onyankopɔn wɔ hɔ dedaadaw! (Daniel 7:9, 13, 22) Wohwɛ nea yɛaka yi a, hena paa na obetumi aka sɛ ɛmfata sɛ yɛfrɛ Yehowa sɛ Awurade Tumfoɔ?

16, 17. (a) Adɛn nti na yentumi mfa yɛn ani nhu Yehowa? Na adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa? (b) Ɛwom sɛ yenhu Yehowa na yentumi mfa yɛn nsa nka no, nanso adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔwɔ hɔ paa?

16 Sɛnea na Farao nnye ntom sɛ Onyankopɔn yɛ Awurade Tumfoɔ no, saa ara na ɛnnɛ nso ebinom nnye ntom. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ nnipa a yɛtɔ sin de, nneɛma a yɛde yɛn ani hu no, ɛno na yɛde yɛn werɛ hyem. Yentumi nhu Awurade Tumfoɔ no. Ɔyɛ honhom, enti nnipa ntumi mfa wɔn ani nhu no. (Yohane 4:24) Yɛde ɛno koraa to nkyɛn a, yɛyɛ honam ne mogya, enti sɛ yɛbɛn baabi a Yehowa Nyankopɔn wɔ a, nea ebesi no renyɛ papa. Yehowa ankasa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Worentumi nhu m’anim, efisɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”—Exodus 33:20; Yohane 1:18.

17 Ɛnsɛ sɛ saa asɛm yi yɛ yɛn nwanwa. Bere bi, Mose huu Yehowa anuonyam ketewaa bi. Ɛno mpo no, ɛnyɛ Yehowa ankasa na Mose huu no, mmom ɛyɛ ɔbɔfo bi a Yehowa somaa no. Ɛdɛn na esii? Ɛmaa Mose anim ‘hyerɛn’ kosii bere bi. Ná Israelfo no suro mpo sɛ wɔbɛma wɔn ti so ahwɛ Mose anim. (Exodus 33:21-23; 34:5-7, 29, 30) Enti yebetumi aka paa sɛ, onipa biara nni hɔ a, obetumi de n’ani ahwɛ Awurade Tumfoɔ no ankasa wɔ n’anuonyam nyinaa mu! Esiane sɛ yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Yehowa na yɛrentumi mfa yɛn nsa nka no nti, yɛbɛka sɛ onni hɔ anaa? Daabi, yɛrentumi nka saa. Nneɛma pii wɔ hɔ a, yentumi nhu, nanso yegye di sɛ ɛwɔ hɔ. Saa nneɛma no bi ne mframa, anyinam ahoɔden, ne yɛn nsusuwii. Afei nso, Yehowa te hɔ daa; mfe ɔpepepem pii twam mpo a, ɔte nea ɔte! Sɛ yɛreka obi a ɔwɔ hɔ paa a, ɛyɛ Yehowa; nneɛma a yetumi de yɛn nsa ka ne nea yɛde yɛn ani hu mpo mma. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, saa nneɛma no de, ade rekye a ade resa nyinaa, na ɛresɛe. (Mateo 6:19) Ɛsɛ sɛ yebu Yehowa sɛ ɔyɛ biribi a enni hɔ anaa ɔyɛ tumi bi kɛkɛ anaa biribi a yenhu ne bɔberɛ anaa n’adeban anaa? Momma yɛnhwɛ.

Onyankopɔn Wɔ Suban

18. Anisoadehu bɛn na Hesekiel nyae? “Ateasefo” nnan no a wɔbɛn Yehowa no, wɔn anim no gyina hɔ ma dɛn?

18 Ɛwom sɛ yentumi nhu Onyankopɔn, nanso nsɛm a ɛyɛ nwanwa bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea ɛkɔ so wɔ ɔsoro ho nsɛm kakra. Yebehu wei ho nhwɛso baako wɔ Hesekiel ti a edi kan. Hesekiel nyaa anisoadehu bi, na na ɛfa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no ho. Ohuu teaseɛnam kɛse bi wɔ soro. Ade a ohui a na ɛyɛ nwanwa paa ne abɔfo ahoɔdenfo a na wɔatwa Yehowa ho ahyia no. (Hesekiel 1:4-10) Saa “ateasefo” yi bɛn Yehowa, na sɛnea wɔte no ma yehu biribi titiriw fa Onyankopɔn a wɔsom no no ho. Wɔn mu biara wɔ anim nnan—nantwi anim, gyata anim, ɔkɔre anim, ne onipa anim. Ɛda adi sɛ anim nnan no gyina hɔ ma Yehowa suban atitiriw a ɛma yehu ne nipaban no, na ɛno na ɛma Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne suban yɛ fɛ saa.—Adiyisɛm 4:6-8, 10.

19. Anim nnan a edidi so yi, ebiara gyina hɔ ma dɛn? (a) Nantwi anim (b) Gyata anim (d) Ɔkɔre anim ne (e) Onipa anim.

19 Bible taa de nantwi gyina hɔ ma tumi, na ɛyɛ ne kwan so, efisɛ ɔyɛ aboa a ne ho yɛ den paa. Wɔtaa de gyata nso gyina hɔ ma atɛntrenee, efisɛ ehia sɛ obi nya akokoduru ansa na watumi abu atɛntrenee, na akokoduru nso de, gyata wɔ bi paa. Ɔkɔre yɛ anomaa bi a n’ani hu ade kɔ akyiri paa. Sɛ ade ketekete wɔ akyirikyiri sɛ dɛn mpo a, otumi hu. Enti ɔkɔre anim no gyina ma Onyankopɔn nyansa a ɛma ɔhwɛ ade kɔ akyiri paa no. Onipa anim no nso ɛ? Onipa de, Onyankopɔn bɔɔ no wɔ ne suban so, enti onipa nko ara na Onyankopɔn suban titiriw a ɛne ɔdɔ no, otumi da bi adi. (Genesis 1:26) Yehowa suban a ɛne tumi, atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ no, wɔtaa kaa ho asɛm paa wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, enti yebetumi aka sɛ ɛno ne Onyankopɔn suban atitiriw.

20. Ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ ebia Yehowa suban asesa anaa? Adɛn nti na wubua saa?

20 Efi bere a Bible kaa Onyankopɔn suban ho asɛm no, akyɛ paa. Enti ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ ebia wasesa anaa? Daabi, Onyankopɔn suban nsesa. Waka akyerɛ yɛn sɛ: “Mene Yehowa; mensakra.” (Malaki 3:6) Yehowa de, ɛnyɛ sɛ biribi baa ne tirim ara na wasesa n’adwene. Mmom nea ebesi biara no, sɛnea odi ho dwuma no ma yehu sɛ ɔyɛ Agya pa. Asɛm biara a ebesi no, ɔhwɛ ne suban atitiriw no, na ɔde nea ɛfata paa no adi ho dwuma. Onyankopɔn suban nyinaa, nea edi mu akoten ne ɔdɔ. Yehu Onyankopɔn dɔ wɔ biribiara a ɔyɛ mu. Ɔde ne tumi, n’atɛntrenee, ne ne nyansa yɛ adwuma wɔ ɔdɔ mu. Nokwasɛm ne sɛ, Bible no ka biribi a ɛyɛ soronko koraa wɔ Onyankopɔn suban a ɛne ɔdɔ ho. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Hyɛ no nsow sɛ ɛnka sɛ Onyankopɔn ɔdɔ. Mmom no, ɛka sɛ Onyankopɔn ne dɔ. Ɔdɔ ne ne suban titiriw, na ɛno na ɛkanyan no ma ɔyɛ nea ɔyɛ biara.

“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn Ni!”

21. Sɛ yehu Yehowa suban yiye a, yɛbɛte nka sɛn?

21 Ebia woahu pɛn sɛ akwadaa bi de ne nsa rekyerɛ ne papa so na ɔde anigye reka akyerɛ ne nnamfo sɛ, “Me papa ni.” Onyankopɔn asomfo nso, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Yehowa yɛ yɛn agya. Bible ahyɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a nnipa a wɔsom Yehowa nokwarem bɛteɛm aka sɛ: “Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn ni!” (Yesaia 25:8, 9) Sɛ wuhu Yehowa suban yiye a, wubehu sɛ wowɔ Papa bi a obiara ne no nsɛ.

22, 23. Bible no ka yɛn soro Agya no ho asɛm sɛn? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔpɛ sɛ yɛbɛn no?

22 Nyamesomfo ne nyansapɛfo kyerɛkyerɛ sɛ yɛn Agya Yehowa nni tema, yɛn asɛm mfa ne ho, na ɔne yɛn ntam ware. Nanso ɛnyɛ saa na ɔte. Onyankopɔn a onni tema de, ɛnyɛ ade a obiara ani begye ho sɛ ɔbɛbɛn no. Nanso Bible nka yɛn soro Agya no ho asɛm sɛ saa na ɔte. Mmom Bible frɛ no “anigye Nyankopɔn no.” (1 Timoteo 1:11) Yehowa tumi di yaw, na n’ani nso tumi gye. Bere bi, akwankyerɛ a Yehowa de maa nnipa ne abɔfo sɛ wɔnni so mma ensi wɔn yiye no, wɔbuu so. Na Bible ka sɛ: “Odii awerɛhow wɔ ne komam.” (Genesis 6:6; Dwom 78:41) Nanso, sɛ yɛde n’Asɛm Bible no bɔ yɛn bra a, yɛma ne ‘koma tɔ ne yam.’—Mmebusɛm 27:11.

23 Yɛn Agya no pɛ sɛ yɛbɛn no. N’Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnhwehwɛ Onyankopɔn, na yɛmpɛ n’akyi kwan denneennen nkosi sɛ yebehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.’ (Asomafo Nnwuma 17:27) Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa dasani atumi abɛn Awurade Tumfoɔ no, ɔsoro ne asaase wura no?