Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 2

Wubetumi ‘Abɛn Onyankopɔn’ Ampa?

Wubetumi ‘Abɛn Onyankopɔn’ Ampa?

1, 2. (a) Ɛdɛn na nnipa pii bɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye da? Nanso awerɛhyem bɛn na Bible ma yenya? (b) Hena na ɔbɛyɛɛ Abraham adamfo, na adɛn ntia?

 WO DE, fa no sɛ nea ɔbɔɔ soro ne asaase no aka akyerɛ wo sɛ, “Woyɛ m’adamfo.” Anka wobɛte nka sɛn? Ebia nnipa pii bɛka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye da. Ebia wɔbɛka sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani atumi ne Yehowa Nyankopɔn afa adamfo ma ayɛ yiye? Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi abɛn Onyankopɔn.

2 Abraham a ɔtenaa ase tete no tumi ne Onyankopɔn faa adamfo a ɛte saa. Yehowa frɛɛ agya Abraham sɛ “m’adamfo.” (Yesaia 41:8) Ampa, Yehowa faa Abraham adamfo. Nea ɛmaa Yehowa faa Abraham adamfo ne sɛ ‘ogyee Yehowa dii.’ (Yakobo 2:23) Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔsom Yehowa no, ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so afa wɔn adamfo denneennen, na ‘wayi ne dɔ adi akyerɛ’ wɔn. (Deuteronomium 10:15) N’Asɛm Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Yɛhwɛ asɛm yi a, yehu sɛ Yehowa reto nsa afrɛ yɛn, na ɔrehyɛ yɛn bɔ nso.

3. Yehowa reto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ dɛn, na ɛbɔ bɛn na wahyɛ yɛn?

3 Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. Wayɛ krado sɛ ɔbɛfa yɛn adamfo, na n’ani gye ho nso sɛ ɔbɛyɛ saa. Wasan nso ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛbɛn no a, ɔno nso bɛbɛn yɛn. Enti yebetumi ne Yehowa anya ayɔnkofa soronko, kyerɛ sɛ, ‘yɛbɛyɛ Yehowa nnamfo paa.’ (Dwom 25:14) Asɛm a ɛne “wɔyɛ ne nnamfo paa” a epue wɔ Dwom 25:14 no, ɛkyerɛ obi a ɔne ne yɔnko berɛbo ka atirimsɛm.

4. Sɛ yɛka yɔnko berɛbo a, ɔne hena, na ɔkwan bɛn so na Yehowa da no adi sɛ ɔyɛ adamfo a ɔte saa ma wɔn a wɔbɛn no no?

4 Wowɔ yɔnko berɛbo bi a wubetumi aka wo tirim asɛm akyerɛ no anaa? Adamfo a odwen wo ho paa na ɔyɛ yɔnko berɛbo. Enti wutumi de wo werɛ hyɛ ne mu, efisɛ wakyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Sɛ woka biribi a ama w’ani agye kyerɛ no a, nea ɔyɛ no ma w’ani gye kɛse. Sɛ biribi hyɛ wo so na woka kyerɛ no a, ɔyɛ aso tie wo paa, enti ɛma w’awerɛhow so tew. Sɛ ɛba sɛ obiara nte w’ase mpo a, ɔno de ɔte wo ase. Onyankopɔn nso, sɛ wobɛn no a, ɔbɛba abɛyɛ wo yɔnko berɛbo. Wobɛsom bo ama no, obedwen wo ho yiye, na wate wo ase paa. (Dwom 103:14; 1 Petro 5:7) Wubetumi aka wo komam mu asɛm nyinaa akyerɛ no, efisɛ wunim sɛ wɔn a wɔdi no nokware no, ɔno nso di wɔn nokware. (Dwom 18:25) Nyankopɔn adaworoma nti na yetumi fa no adamfo, efisɛ ɔno na abue kwan ama yɛn.

Yehowa Abue Kwan Ama Yɛn

5. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛma yetumi bɛn no?

5 Abɔnefo te sɛ yɛn de, ɛkaa yɛn nko ara a, anka yɛrentumi mmɛn Yehowa da. (Dwom 5:4) Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Nanso Onyankopɔn ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Ampa, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Yesu ‘de ne nkwa bɛyɛɛ agyede de gyee nnipa bebree.’ (Mateo 20:28) Gyidi a yenya wɔ saa agyede afɔre no mu no, ɛno na ɛma yetumi bɛn Onyankopɔn. Esiane sɛ Onyankopɔn “na odii kan dɔɔ yɛn” nti, ɔno na ɔde nneɛma guu akwan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne no bɛfa adamfo.—1 Yohane 4:19.

6, 7. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho asie, anaa obi a yentumi nhu no? (b) Dɛn na Yehowa ayɛ a ama yɛahu sɛnea ɔte?

6 Yehowa ayɛ ade foforo nso ama yɛn: Ɛne sɛ, wama yɛahu sɛnea ɔte. Sɛ nnipa mmienu fa adamfo, na wɔn adamfofa no mu bɛyɛ den a, egyina nneɛma bi so. Ɛne sɛ, obiara behu ne yɔnko yiye, na obiara ani agye ne yɔnko suban ne n’abrabɔ ho. Enti sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho asie a obiara rentumi nhu no a, anka yɛrentumi mmɛn no da. Nanso, Yehowa mfaa ne ho nsiei, mmom ɔpɛ sɛ yehu no. (Yesaia 45:19) Afei nso, nea waka afa ne ho akyerɛ nnipa no, obiara betumi ahu bi. Wɔn a wiase no mfa wɔn nyɛ hwee mpo, wɔbetumi ahu bi.—Mateo 11:25.

Yehowa nam nneɛma a wabɔ ne Bible so ma yehu sɛnea ɔte

7 Dɛn na Yehowa ayɛ a ama yɛahu sɛnea ɔte? Nneɛma a wabɔ ma yehu ne suban a ɔwɔ no bi. Ebi ne ne tumi kɛse, ne nyansa a emu dɔ, ne ne dɔ a enni ano. (Romafo 1:20) Nanso ɛnyɛ nneɛma a Yehowa abɔ nko ara na ɛma yehu sɛnea ɔte. Sɛ yɛreka obi a otumi ne nkurɔfo di nkitaho paa a, Yehowa akyi no, obiara nni hɔ bio. Enti waka ne ho nsɛm bebree wɔ n’Asɛm Bible mu akyerɛ yɛn.

Sɛnea Yehowa Nam Bible So Ama Yɛahu Sɛnea Ɔte

8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible a Yehowa de ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

8 Bible a Yehowa de ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Sɛnea waka ne ho asɛm wɔ Bible mu akyerɛ yɛn no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte ase. Saa a wayɛ no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ yehu no na yɛdɔ no nso. Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛma yetumi bɛn Yehowa. (Dwom 1:1-3) Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa aka ne ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible mu no bi, na ɛbɛka yɛn koma paa.

9. Bible mu nsɛm a ɛma yehu Onyankopɔn suban no, ebi ne sɛn?

9 Nsɛm bebree wɔ Bible mu a ɛma yehu Onyankopɔn suban. Saa nsɛm no bi ni: “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28) Onyankopɔn “tumi sõ.” (Hiob 37:23) “‘Meyɛ ɔnokwafo,’ Yehowa na waka.” (Yeremia 3:12) “Ɔyɛ koma mu nyansafo.” (Hiob 9:4) Ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.” (Exodus 34:6) “O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ.” (Dwom 86:5) Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ ti a edi kan no mu no, ne suban baako bi wɔ hɔ a edi akoten paa. Ɛne sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Onyankopɔn a obiara ne no nsɛ yi, sɛ wudwinnwen ne suban a ɛyɛ fɛ yi ho a, ɛntwe wo mmɛn no anaa?

10, 11. (a) Dɛn na Yehowa de aba n’Asɛm Bible mu a ɛma yehu ne suban yiye? (b) Asɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yetwa sɛnea Onyankopɔn de ne tumi yɛ adwuma ho mfoni?

10 Yehowa aka ne suban ho asɛm akyerɛ yɛn. Ɛno da nkyɛn a, wama yɛahu sɛnea wada ne suban adi akyerɛ nkurɔfo wɔ n’Asɛm Bible mu. Yɛhwɛ nsɛm a ɛte saa wɔ Bible mu a, yetumi de yɛn adwene twa ho mfoni, na ɛboa yɛn ma yehu ne suban ahorow no yiye. Ɛba saa a, ɛma yɛbɛn no. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi.

Bible boa yɛn ma yɛtwe bɛn Yehowa

11 Wubetumi akan Bible ahu sɛ Onyankopɔn wɔ ‘ahoɔden pii.’ (Yesaia 40:26) Nanso, sɛ wokan sɛnea Onyankopɔn de Israelfo no faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, ne sɛnea ɔhwɛɛ ɔman no wɔ sare no so mfe 40 no a, wubehu no soronko koraa. Wubetumi atwa mfoni wɔ w’adwenem ahwɛ sɛnea nsu a ɛrebu fa so no mu apae mmienu ma ayɛ sɛ afasu tenteenten wɔ benkum ne nifa. Afei nso, wubetumi atwa ho mfoni sɛ ɔman a wɔn dodow bɛyɛ 3,000,000 nam asaase a ɛso awo so wɔ ɛpo no mfinimfini. (Exodus 14:21; 15:8) Afei de, wubetumi ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne nkurɔfo no ho ban wɔ sare no so. Onyankopɔn maa nsu fii ɔbotan mu maa wɔn. Ɔmaa aduan a ɛte sɛ aba fitaa beguu asaase no so maa wɔn. (Exodus 16:31; Numeri 20:11) Nea Yehowa yɛe yi kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi. Ɛnyɛ sɛ ɔwɔ tumi kɛkɛ, mmom ɔde ne tumi no yɛ adwuma de boa ne nkurɔfo. Onyankopɔn wɔ tumi paa, na ɔyɛ “yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.” Enti sɛ yɛbɔ mpae, na yehu sɛ ne nkyɛn na ɛkɔ a, ɛma yɛn awerɛkyekye paa, ɛnte saa?—Dwom 46:1.

12. Sɛn na Yehowa ka ne ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte ase na yɛahu sɛnea ɔte?

12 Yehowa yɛ Honhom, na wayɛ nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu no yiye. Nnipa de, wɔn a wɔyɛ ahonhom no yentumi nhu wɔn, gye nneɛma a yɛn ani tumi hu nko ara. Sɛ Onyankopɔn ka ne ho asɛm kyerɛ yɛn te sɛ nea ɔreka akyerɛ ahonhom a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase. Ɛbɛyɛ te sɛ nea woreka sɛnea wote, te sɛ ebia wo kɔla anaa biribi a asisi w’anim akyerɛ obi a yɛwoo no onifuraeni. Yehowa nyɛ saa, mmom ɔka ne ho asɛm sɛnea yebetumi ate ase na ama yɛahu sɛnea ɔte. Sɛ ɔreka ne ho asɛm a, ɛtɔ da a, ɔde ne ho toto nneɛma a yenim ho. Otumi ka ne ho asɛm mpo te sɛ nea ɔyɛ nipa. a

13. Asɛm a ɛwɔ Yesaia 40:11 no, mfoni bɛn na ɛma yetwa wɔ yɛn adwenem? Sɛn na saa asɛm no ka wo koma?

13 Hwɛ sɛnea Yesaia 40:11 ka Yehowa ho asɛm. Ɛka sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano, na waturu wɔn wɔ ne kokom.” Bible ma yɛte ase sɛ, Yehowa te sɛ oguanhwɛfo a ɔde ne “basa” ma nguan mma so. Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban, na ɔboa wɔn, ɛnkanka wɔn a wɔnni ahoɔden koraa no. Yebetumi anya ahobammɔ wɔ ne basa a ɛyɛ den no so, efisɛ sɛ yedi nokware ma no a, ɔrenyi n’ani mfi yɛn so da. (Romafo 8:38, 39) Oguanhwɛfo Kɛse no turu nguan mma no wɔ “ne kokom.” Saa asɛm no kyerɛ ataade nguguso a oguanhwɛfo de oguan a yɛawo no foforo hyɛ mu de no bɔ ne bo. Enti wei ma yenya awerɛhyem sɛ yɛda Yehowa koma so, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Sɛ yɛhwɛ wei nyinaa a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn Yehowa.

“Ɔba No Pɛ Sɛ Ɔda No Adi”

14. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu na Yehowa nam ne so ma yehu sɛnea ɔte paa?

14 Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ Yehowa Dɔba Yesu na Yehowa nam ne so ama yɛahu sɛnea ɔte paa. Yesu akyi no, obiara nni hɔ a obetumi ama yɛahu Onyankopɔn adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Obiara nso nni hɔ a obetumi aka Yehowa ho asɛm ama yɛahu no yiye sɛnea Yesu yɛe no. Ade yi, Yehowa ne N’abakan no tenaa mfe bebree ansa na wɔrebɔ abɔfo ne nneɛma a ɛwɔ wim ne asaase so. (Kolosefo 1:15) Ná Yesu nim Yehowa yiye. Ɛno nti na otumi kaa sɛ: “Obiara nnim onipa ko a Ɔba no yɛ, gye Agya no, na obiara nnim onipa ko a Agya no yɛ, gye Ɔba no, ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.” (Luka 10:22) Bere a Yesu baa asaase so bɛyɛɛ nipa no, ɔfaa akwan titiriw mmienu so na ɛma yehuu sɛnea n’Agya te.

15, 16. Akwan mmienu bɛn na Yesu faa so ma yehuu sɛnea n’Agya te?

15 Nea edi kan, Yesu nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yehu sɛnea n’Agya te. Sɛnea Yesu kaa Yehowa ho asɛm no ka yɛn koma paa. Wo de, yɛnhwɛ ɛho nhwɛso. Yesu pɛ sɛ yehu sɛ Onyankopɔn wɔ mmɔborɔhunu, na abɔnefo a wɔanu wɔn ho no, ɔsan gye wɔn ba ne nkyɛn. Enti ɔde Yehowa totoo papa bi a bɔnefakyɛ wɔ ne mu ho. Papa no ba fii fie kɔbɔɔ ahuhubra, na bere a ɔresan aba fie a papa no ani bɔɔ ne so no, otuu mmirika kohyiaa ne ba no yɛɛ no atuu, na ɔfew n’ano. (Luka 15:11-24) Yesu ma yehu nso sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ‘ɔtwe’ nnipa komapafo ba ne nkyɛn, efisɛ ɔdɔ wɔn mu biara. (Yohane 6:44) Akasanoma a ɔyɛ aboa ketewa mpo, sɛ ɔtɔ fam a, Yehowa hu. Yesu kaa sɛ: “Munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29, 31) Onyankopɔn a odwen yɛn ho sei de, obiara pɛ sɛ ɔbɛn no.

16 Nea ɛtɔ so mmienu, Yesu nhwɛso ma yehu sɛnea Yehowa te. Yesu daa n’Agya suban adi pɛpɛɛpɛ, enti otumi kaa sɛ: “Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.” (Yohane 14:9) Enti sɛ yɛkenkan Yesu ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu, na yehu sɛnea ɔyɛɛ n’ade ne sɛnea ɔne nkurɔfo tenae a, na akɔyɛ sɛ Agya no ara na yɛahu no no. Nea Yesu bɛyɛe a ɛma yehu sɛnea Yehowa te no, ɔkwan foforo biara nni hɔ a Yehowa bɛfa so ama yɛahu no yiye akyɛn ɛno. Adɛn nti na yɛreka saa?

17. Nea Yehowa ayɛ a ɛbɛma yɛahu no yiye no, mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛkyerɛ mu?

17 Wo de, yɛnyɛ mfatoho bi: Fa no sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ ayamye mu kyerɛ obi. Ebia wode nsɛm na ɛbɛkyerɛkyerɛ mu. Nanso sɛ wuhu obi a ɔreda ayamye adi a, wubetumi de wo nsa akyerɛ ne so na waka sɛ, “Sɛ yɛka ayamye a, nea ɛkyerɛ ankasa ni.” Ɛba saa a, ɛbɛma onipa no ahu ade a yɛfrɛ no ayamye ankasa na wate ase yiye. Yehowa nso ayɛ biribi a ɛte saa a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea ɔte paa. Yehowa de nsɛm akyerɛ sɛnea ɔte. Ɛnna wasan afa nea ne Ba no yɛe so ama yɛahu no yiye. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn da ne suban adi paa a, yɛnhwɛ Yesu. Nea Nsɛmpa no ka fa Yesu ho no, ɛte sɛ nea Yehowa nam so reka sɛ: “Sei na mete.” Ɛdɛn na Bible ka fa Yesu ho bere a na ɔwɔ asaase so no?

18. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa tumi, atɛntrenee, ne nyansa adi?

18 Onyankopɔn suban atitiriw nnan no, Yesu daa no adi kama. Ná ɔwɔ yare, ɔkɔm, ne owu mpo so tumi. Nanso Yesu de, ɔnte sɛ nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya a wɔde wɔn tumi yɛ nea wɔpɛ no. Enti wamfa ne tumi a ɔde yɛ anwanwade no anyɛ nea ɔno ara pɛ, na wamfa ansisi nkurɔfo nso da. (Mateo 4:2-4) Ná Yesu dɔ atɛntrenee. Ɛno nti, bere a ohui sɛ aguadifo asisifo rebu nkurɔfo fa so no, ne bo fuw wɔn. (Mateo 21:12, 13) Afei nso, wanyɛ nyiyim antia ahiafo ne mmɔborɔwafo. Ɔboaa nkurɔfo a wɔte saa no ma ‘wonyaa ɔhome.’ (Mateo 11:4, 5, 28-30) Ná Yesu ‘sen Solomon,’ na na nyansa a ɛwɔ ne nkyerɛkyerɛ mu de, yɛnka. (Mateo 12:42) Nanso Yesu amfa ne nyansa anhoahoa ne ho da. Nnipa a nkurɔfo mfa wɔn nyɛ hwee mpo, Yesu nkyerɛkyerɛ kaa wɔn koma, efisɛ na emu da hɔ, na ɛnyɛ den sɛ obiara bɛte ase, na wode bɔ wo bra nso a, ɛboa wo.

19, 20. (a) Ɛdɛn na ɛma ɔdɔ a Yesu daa no adi no yɛ krabɛhwɛ? (b) Sɛ yɛrekenkan nea Yesu bɛyɛe na yɛredwinnwen ho a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

19 Sɛnea Yesu daa ɔdɔ adi no, na ɛyɛ krabɛhwɛ. Bere a ɔreyɛ asɛmpaka adwuma no, ɔkyerɛɛ ne dɔ wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, onyaa tema ne ayamhyehye maa nnipa. Sɛ ohu sɛ nkurɔfo rehu amane a, na ne nsono gu gya mu. Ayamhyehye a na ɔwɔ ma nnipa no kaa ne koma ma ɔboaa nkurɔfo mpɛn pii. (Mateo 14:14) Yesu ayamhyehye nti, ɔsaa ayarefo yare, na ɔmaa nnipa a ɔkɔm de wɔn aduan dii. Nanso ɔyɛɛ biribi a ehia kyɛn weinom koraa de kyerɛe sɛ ɔwɔ ayamhyehye paa. Ɛdɛn na ɔyɛe? Ɔboaa nkurɔfo ma wɔbehuu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho, ɔboaa wɔn ma wɔgye toom, ɛnna ɔboaa wɔn maa wɔn ani begyee ho. Ahenni no nko ara na ɛde nhyira bɛbrɛ nnipa afebɔɔ. (Marko 6:34; Luka 4:43) Ade a Yesu yɛ de kyerɛɛ ne dɔ paa ne sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa nnipa. Wei yɛ ɔdɔ a ɛso bi nni.—Yohane 15:13.

20 Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ mpanyin, nkwadaa, ne nnipa ahorow ahorow nyinaa bi baa Yesu nkyɛn. Efisɛ na ɔpɛ nnipa, na na ɔwɔ tema nso. (Marko 10:13-16) Sɛ yɛrekenkan nea Yesu bɛyɛe, na yɛredwinnwen ho a, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ, nea Yesu bɛyɛe no na ama yɛahu sɛnea n’Agya te paa.—Hebrifo 1:3.

Nhoma a Ebetumi Aboa Yɛn

21, 22. Dɛn na yɛbɛyɛ de ahwehwɛ Yehowa, na ɛdɛn na ɛwɔ nhoma yi mu a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa?

21 Sɛnea Yehowa aka ne ho asɛm pefee wɔ n’Asɛm Bible mu no ma yehu paa sɛ ɔpɛ sɛ yɛbɛn no. Nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ kyenkyen ara a yɛne no mfa adamfo. Yɛn na ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛhwehwɛ Yehowa ‘bere a yebehu no no.’ (Yesaia 55:6) Nea yɛbɛyɛ de ahwehwɛ Yehowa no, ebi ne sɛ ne suban ne sɛnea ɔyɛ n’ade a ɛwɔ Bible mu no, yebehu no yiye. Nhoma a worekenkan yi, yɛayɛ sɛ ɛmmoa wo na hu Yehowa suban ne sɛnea ɔyɛ n’ade.

22 Wubehu sɛ yɛakyekyɛ nhoma yi mu ayɛ no afã horow. Ɔfã biara ka Yehowa suban atitiriw nnan no baako ho asɛm. Suban atitiriw nnan no ne: tumi, atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ. Sɛ yɛrefi ɔfã biara ase a, yɛbɛkyerɛkyerɛ Yehowa suban a yɛrebɛka ho asɛm no mu tiawa. Afei, ti a edidi so wɔ saa ɔfã hɔ no, emu kakra kyerɛ akwan a Yehowa fa so da saa suban no adi. Ɔfã biara nso, eti bi wɔ hɔ a ɛbɛkyerɛ sɛnea Yesu nso da saa suban no adi. Eti bi nso wɔ ɔfã no mu a ɛkyerɛ sɛnea yɛn nso yebetumi ada saa suban no adi wɔ yɛn asetenam.

23, 24. (a) Asɛm a yɛato din “Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho” no, ne botae ne sɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛ yedwinnwen nneɛma ho a, ɛma yɛbɛn Onyankopɔn paa?

23 Efi eti mmienu yi so rekɔ no, yɛde asɛm bi a yɛato din “Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho” aka ho. Ɛho nhwɛso ne  adaka a ɛwɔ kratafa 24 no. Kyerɛwnsɛm ne nsɛmmisa a ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ ne botae ne sɛ yɛde bɛyɛ eti no mu ntimu. Mmom no, ne botae ne sɛ ɛbɛboa wo ama woasusuw asɛm no afã foforo a ɛho hia ho. Wobɛyɛ dɛn na wode asɛm a yɛato din “Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho” no ayɛ adwuma yiye? Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ hɔ no, bue na to wo bo ase kenkan no yiye. Afei asɛmmisa a ɛka kyerɛwsɛm no ho no, susuw ho, na dwinnwen mmuae no ho. Ebia ɛho behia sɛ woyɛ nhwehwɛmu ka ho. Wubetumi abisa wo ho nsɛm foforo aka ho. Ebi ne sɛ: ‘Ɛdɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho? Sɛn na asɛm yi betumi aboa me wɔ m’abrabɔ mu? Mɛyɛ dɛn de asɛm yi aboa nkurɔfo?’

24 Sɛ yedwinnwen nneɛma ho saa a, ebetumi aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa paa. Adɛn ntia? Bible ma yehu sɛ yɛn koma na yɛde dwinnwen nneɛma ho. (Dwom 19:14) Sɛ yesua Onyankopɔn ho ade, na yedwinnwen ho nya ho anisɔ a, asɛm no sian kɔ yɛn komam. Ɛba saa a, ɛka sɛnea yedwen nneɛma ho ne sɛnea yɛte nka. Afei, epusuw yɛn ma yɛde asɛm no yɛ adwuma. Ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse, na saa ɔdɔ no ka yɛn koma ma yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa a ɔyɛ yɛn Adamfo paa no ani. (1 Yohane 5:3) Sɛ yebetumi ne Yehowa afa adamfo a ɛte saa a, gye sɛ yehu ne suban ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Nanso, momma yenni kan nhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kronkron. Ɛno ne ade a ɛwɔ Onyankopɔn ho a enti yɛpɛ sɛ yɛbɛn no.

a Ɛho nhwɛso ni. Bible ka sɛ Onyankopɔn wɔ animdua, ani, aso, ɛhwene, ano, nsa, ne ɛnan. (Dwom 18:15; 27:8; 44:3; Yesaia 60:13; Mateo 4:4; 1 Petro 3:12) Weinom nyinaa yɛ ntotoho, enti ɛnsɛ sɛ yɛfa no traa saa. Ɛte sɛ nea Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “Ɔbotan” anaa “ɔkyɛm” no ara pɛ.—Deuteronomium 32:4; Dwom 84:11.