Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 3

‘Kronkron, Kronkron, Kronkron Ne Yehowa’

‘Kronkron, Kronkron, Kronkron Ne Yehowa’

1, 2. Anisoadehu bɛn na odiyifo Yesaia nyae, na dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

 YESAIA nyaa anisoadehu bi fii Onyankopɔn hɔ. Nea ohui no maa ne ho dwiriw no paa, na Onyankopɔn ho suro bɛhyɛɛ ne mu. Nea ohui no, na ɛyɛ no sɛ ɛyɛ asɛm paa! Enti akyiri yi, Yesaia kyerɛwee sɛ ‘ohuu Yehowa’ ankasa sɛ ɔte N’ahengua kokuroo so. Ná Yehowa ataade ano ayɛ Yerusalem asɔrefie kɛse hɔ ma.—Yesaia 6:1, 2.

2 Yesaia tee biribi, na ɛno nso maa ne ho dwiriw no. Ɔtee sɛ wɔreto dwom denneennen, na ɛmaa asɔrefie no fapem wosowee. Serafim na na wɔreto dwom no. Serafim yɛ abɔfo a wɔwɔ dibea paa. Wɔboom too dwom dɛdɛɛdɛ sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa. N’anuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.” (Yesaia 6:3, 4) Wɔbɔɔ asɛmfua “kronkron” so mprɛnsa wɔ dwom no mu. Wɔyɛɛ saa de sii Yehowa kronkronyɛ so dua, na ɛfata sɛ wɔyɛɛ saa, efisɛ Yehowa kronkronyɛ nni ano. (Adiyisɛm 4:8) Sɛ wokan Bible a, wubehu sɛ wɔasi Yehowa kronkronyɛ so dua bebree. Mmeae pii wɔ Bible mu a, sɛ wuhu Yehowa din a, na woahu “kronkron” anaa “kronkronyɛ” nso.

3. Adwene a nkurɔfo wɔ wɔ Yehowa kronkronyɛ ho no mfata. Enti ɛdɛn na ama nnipa bebree ayɛ?

3 Wei ma yehu sɛ, nneɛma a ehia paa a Yehowa pɛ sɛ yehu fa ne ho no, emu baako ne sɛ ɔyɛ kronkron. Nanso ɛnnɛ, sɛ nnipa bebree te sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron a, wɔmpɛ sɛ wɔbɛn no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebinom te kronkron anaa kronkronyɛ a, nea ɛba wɔn adwenem ne obi a ɔyɛ ne ho sɛ ɔsoro abɔfo anaa obi a obu ne ho ɔtreneeni. Nanso, ɛnyɛ saa na kronkronyɛ kyerɛ. Nkurɔfo a wɔbu wɔn ho sɛ wɔnsɛ hwee no, sɛ wɔhu sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron a, na wɔrepɛ baabi afa; ɛntwe wɔn mmɛn Onyankopɔn. Ebia wɔbenya adwene sɛ, wɔn sɛɛ ne hena na wɔabɛn Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron saa. Wei nti, nnipa pii twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho esiane ne kronkronyɛ nti. Wei yɛ awerɛhow paa, efisɛ yɛreka a, Onyankopɔn kronkronyɛ ne ade a ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma ma yɛbɛn no. Adɛn ntia? Ansa na yebebua saa asɛm no, momma yɛnhwɛ nea kronkronyɛ kyerɛ paa.

Dɛn Ne Kronkronyɛ?

4, 5. (a) Yɛka kronkron anaa “kronkronyɛ” a, ɛkyerɛ sɛn, na dɛn na ɛnkyerɛ? (b) Nneɛma titiriw mmienu bɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ‘ayi ne ho asi nkyɛn’?

4 Bible ka sɛ Onyankopɔn yɛ kronkron a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔhoahoa ne ho, ɔyɛ ahantan, anaa ɔmfa obiara nyɛ hwee. Mmom no, okyi suban a ɛtete saa. (Mmebusɛm 16:5; Yakobo 4:6) Enti sɛ yɛka “kronkron” a, dɛn paa na ɛkyerɛ? Yɛhwɛ Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no a, asɛm a yenyaa asɛmfua “kronkron” fii mu no, ɛkyerɛ “yi si nkyɛn.” Sɛ yɛde ba ɔsom mu a, “kronkron” kyerɛ biribi a yɛayi afi nneɛma foforo mu asi nkyɛn anaa biribi a yebu no sɛ ɛho tew. Nea kronkron kyerɛ paa baako ne biribi a efĩ ne nkekaawa biara nni ho. Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa yɛ kronkron a ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ ‘wayi ne ho asi nkyɛn,’ anaa nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi, watwe ne ho afi yɛn ho koraa anaa?

5 Daabi, ɛnte saa koraa. Yehowa ne “Israel Kronkronni” no. Ɛwom sɛ na Israelfo no yɛ abɔnefo de, nanso Yehowa kaa sɛ ɔwɔ wɔn mu. (Yesaia 12:6; Hosea 11:9) Enti kronkron a ɔyɛ no nkyerɛ sɛ watwe ne ho afi nnipa ho. Ɛnde, sɛ yɛka sɛ Yehowa ‘ayi ne ho asi nkyɛn’ a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ nneɛma titiriw mmienu. Nea edi kan, wayi ne ho afi abɔde nyinaa ho, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔno nko ara ne Ɔsorosoroni no. Ne ho tew, na efĩ ne nkekaawa ketekete sɛɛ mpo nni ne ho. (Dwom 40:5; 83:18) Nea ɛtɔ so mmienu, Yehowa ayi ne ho afi nneɛma bɔne nyinaa ho koraa, na ɛno yɛ awerɛkyekye paa ma yɛn. Adɛn ntia?

6. Yehowa ne bɔne nni hwee yɛ. Sɛn na saa asɛm no ma yɛn koma tɔ yɛn yam?

6 Wiase a yɛte mu yi, nneɛma a ɛyɛ kronkron paa no, ɛho yɛ na. Biribiara a nnipa yɛ a Onyankopɔn nsa nim no, ɛho agu fĩ ɔkwan bi so; bɔne ne sintɔ wɔ ho. Yɛn nyinaa, ɛsɛ sɛ yɛne bɔne a ɛte yɛn mu no ko. Sɛ yegyaagyaa yɛn ho a, yɛn nyinaa, bɔne betumi adi yɛn so. (Romafo 7:15-25; 1 Korintofo 10:12) Yehowa de, biribi a ɛte saa rentumi nto no da. Ɔno de, ɔne bɔne nni hwee yɛ. Enti bɔne ketekete sei mpo ntumi mma ne ho da. Wei ma yɛn adwene si yɛn pi sɛ Yehowa ne yɛn Agya a ɔfata paa, efisɛ yebetumi de yɛn ho ato no so koraa. Yehowa nte sɛ agyanom a wɔyɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho no. Wɔn mu pii wɔ hɔ a wɔnka nokware, wɔn bra asɛe, na wɔyɛ basabasa. Yehowa de, ɔrenyɛ saa da. Ne kronkronyɛ nti, ɔrentumi nyɛ saa nneɛma yi biara da. Mmere bi wɔ hɔ mpo a, Yehowa de ne kronkronyɛ kaa ntam, na ɛno ma yehu sɛ ntam a ɔka no yɛ nokware turodoo. (Amos 4:2) Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa, ɛnte saa?

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nkɔ nnyaw kronkronyɛ?

7 Yehowa ne ne kronkronyɛ no, ɛte sɛ honam ne ntoma; baako nkɔ nnyaw baako. Wei kyerɛ sɛn? Yɛnyɛ mfatoho yi: Yɛnhwɛ nsɛmfua mmienu yi; “onipa” ne “sintɔ.” Wuntumi nka onipa ho asɛm nnyaw sintɔ. Sintɔ adware yɛn, enti ɛka biribiara a yɛyɛ. Afei yɛnhwɛ nsɛmfua mmienu a ɛsono emu biara. Ɛno ne “Yehowa” ne “kronkron.” Kronkronyɛ wɔ Yehowa mu. Ne biribiara ho tew, ɛtene, na efĩ ne nkekaawa biara nni ho. Enti sɛ yebetumi ahu sɛnea Yehowa te paa a, gye sɛ yehu nea asɛmfua “kronkron” kyerɛ.

“Yehowa Ne Ɔkronkronni No”

8, 9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa boa nnipa a bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho ma yɛyɛ kronkron sɛnea ɛsɛ?

8 Esiane sɛ kronkronyɛ wɔ Yehowa mu nti, yebetumi aka paa sɛ ɔno na kronkronyɛ nyinaa fi no. Yehowa nyɛ pɛsɛmenkominya, enti ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔyɛ kronkron. Oyi ne yam ma afoforo nso yɛ kronkron bi. Wo de hwɛ, bere a Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so ne Mose kasae wɔ nwura bi a na ɛredɛw mu no, esiane sɛ na Yehowa ho wom nti ɛhɔ asaase no mpo bɛyɛɛ kronkron!—Exodus 3:5.

9 Yehowa betumi aboa nnipa a bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho yi ama yɛayɛ kronkron anaa? Aane obetumi aboa yɛn, nanso yɛrentumi nyɛ kronkron te sɛ ɔno. Onyankopɔn de nneɛma guu akwan mu a na ɛbɛma ne man Israel ayɛ “ɔman kronkron.” (Exodus 19:6) Ɔkwan a Onyankopɔn kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa so nsom no no, na ɛbɛma wɔn som ayɛ kronkron, ɛho atew a nkekaawa biara nni ho. Enti wohwɛ Mose Mmara no mu a, wubehu sɛ kronkronyɛ di mu akoten paa. Nokwarem no, wɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ade tratraa bi bɔɔ ɔsɔfopanyin no abotiri anim. Baabi a na ɛbɔ no, sɛ hann tɔ so a na ɛhyerɛn paa ma obiara tumi hu. Asɛm a wɔkyerɛw guu so ne sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni no.” (Exodus 28:36) Enti na Yehowa pɛ sɛ Israelfo no ma wɔn abrabɔ ho tew, na wɔtwe wɔn ho fi efĩ ne nkekaawa biara ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn som bɛda nsow na wɔn abrabɔ ayɛ soronko koraa. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.” (Leviticus 19:2) Sɛ na Israelfo no de Onyankopɔn afotu no bɔ wɔn bra sɛnea nnipa a bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho betumi ayɛ a, na ɛbɛma wɔayɛ kronkron sɛnea ɛsɛ.

10. Sɛ ɛba kronkronyɛ a, nsonsonoe bɛn na na ɛda tete Israelfo no ne aman a na atwa wɔn ho ahyia no ntam?

10 Sɛnea Yehowa sii so dua sɛ Israelfo mma wɔn som nyɛ kronkron no, aman a na atwa wɔn ho ahyia no de, na wɔn som nte saa koraa. Ná saa aman no som abosom. Wɔn anyame a wɔsom wɔn no, na wɔyɛ anyamehunu; na wɔnni hɔ mpo. Wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ anyame a awudisɛm, pɛsɛmenkominya, ne ɔbrasɛe ayɛ wɔn ma. Ná wɔn ho agu fĩ wɔ biribiara mu. Anyame a ɛte saa a nkurɔfo no som wɔn no maa wɔn ho guu fĩ. Enti Yehowa bɔɔ n’asomfo kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonsomfo no ho, na nneɛma fĩ a wɔyɛ wɔ wɔn som mu no, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ bi.—Leviticus 18:24-28; 1 Ahene 11:1, 2.

11. Sɛnea Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ soro no yɛ kronkron no, sɛn na yehu wɔ (a) abɔfo no ho, (b) serafim no ho, ne (d) Yesu ho?

11 Tete Israelfo a na wɔyɛ Yehowa man no, bere a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden paa mpo no, na wɔn kronkronyɛ no nnu Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛwɔ soro no de ho hwee. Abɔfo mpempem a wɔde nokwaredi resom Onyankopɔn no, Bible frɛ wɔn Onyankopɔn “ahotefo mpempem.” (Deuteronomium 33:2; Yuda 14) Onyankopɔn kronkronyɛ a ɛhyerɛn na ɛyɛ fɛ no, wɔn de, wɔtumi da no adi pɛpɛɛpɛ. Wo de, kae serafim a Yesaia huu wɔn wɔ n’anisoadehu no mu no. Dwom a na saa abɔfo ahoɔdenfo no reto no mu nsɛm ma yehu sɛ Yehowa kronkronyɛ a wɔreka ho asɛm wɔ amansan yi mu no, wɔdi mu akoten paa. Nanso, ɔbɔfo bi wɔ hɔ a ɔsen wɔn nyinaa. Ɔno ne Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no. Yesu ne obi a otumi da Yehowa kronkronyɛ adi pɛpɛɛpɛ; n’akyi no, obiara nni hɔ. Enti ɛfata sɛ yɛfrɛ no “Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ.”—Yohane 6:68, 69.

Edin Kronkron, Honhom Kronkron

12, 13. (a) Sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn din yɛ kronkron a, adɛn nti na ɛfata? (b) Adɛn nti na ehia sɛ wɔtew Onyankopɔn din ho?

12 Onyankopɔn din ankasa nso ɛ? Nhoma yi ti 1 mu no, yehui sɛ edin no nyɛ abodin anaa edin bi a ɛda Nyankopɔn so kɛkɛ. Mmom egyina hɔ ma Yehowa Nyankopɔn no ara ne ne suban nyinaa. Ɛno nti na Bible ka sɛ ne din no “yɛ kronkron” no. (Yesaia 57:15) Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi gu Onyankopɔn din ho fĩ a, wɔnkum no. (Leviticus 24:16) Wo de, hwɛ asɛm a Yesu de dii kan wɔ mpaebɔ mu. Ɔkaa sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Sɛ yɛka sɛ yɛatew biribi ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛayi ade no asi nkyɛn sɛ ɛyɛ kronkron, ade a ɛfata sɛ yedi no ni, na efĩ ne nkekaawa biara nni ho. Ɛnde adɛn nti na biribi a ɛyɛ kronkron paa te sɛ Onyankopɔn ankasa din no, ehia sɛ yɛsan tew ho?

13 Nkurɔfo nam atorodi ne dinsɛe so agu Onyankopɔn din kronkron no ho fĩ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Satan kekaa Yehowa ho nsɛm bi a ɛnyɛ nokware wɔ Eden. Na nea ɔrepɛ akyerɛ nyinaa ne sɛ, Yehowa yɛ Sodifo a ɔmfata. (Genesis 3:1-5) Efi saa bere no, Satan a odi wiase bɔne yi so no de asi n’ani so sɛ atosɛm a ɔka faa Onyankopɔn ho no, ɔbɛma atrɛw akɔ baabiara. (Yohane 8:44; 12:31; Adiyisɛm 12:9) Nsɛm a ɔsom ahorow keka fa Onyankopɔn ho no ma nkurɔfo hu no sɛ ɔyɛ obi a odi ne koko so asɛm, ɔmpɛ sɛ yɛbɛn no, na ne tirim yɛ den. Sɛ wɔrekɔ ɔko akokunkum nnipa a, wɔka sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi. Nneɛma a ɛyɛ nwanwa a Onyankopɔn abɔ no, wɔtaa ka sɛ ɛno ara na ɛbae. Momma yɛnka, nkurɔfo asɛe Onyankopɔn din papaapa. Ɛsɛ sɛ yɛtew edin no ho, na ɛsan nya n’anuonyam bio. Yɛrehwɛ kwan sɛ bere bɛso ama Yehowa atew ne din ho afebɔɔ. Ɔnam Ahenni a ne Ba no yɛ so hene no so na ɛbɛyɛ saa. Yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de biara de aboa ama aba mu.

14. Adɛn nti na yɛfrɛ Onyankopɔn honhom no kronkron, na adɛn nti na obi kasa tia honhom kronkron a, ɛyɛ aniberesɛm paa?

14 Yehowa wɔ biribi foforo nso a ɔnkɔ nnyaw hɔ koraa; ɛno ne honhom kronkron, anaa ne tumi a ɔde yɛ ade. Edin no koraa kyerɛ sɛ ɛyɛ kronkron. (Genesis 1:2) Saa tumi yi, ano yɛ den sen tumi biara, na ɛno na Yehowa de yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu. Biribiara a Onyankopɔn yɛ no, ɛyɛ kronkron, ɛho tew, na efĩ ne nkekaawa biara nni ho. Ɛno nti ɛfata paa sɛ tumi a ɔde yɛ ade no, yɛfrɛ no honhom kronkron anaa honhom a ɛyɛ kronkron. (Luka 11:13; Romafo 1:4) Sɛ onipa bi hyɛ da ko tia Yehowa atirimpɔw a, ɛkyerɛ sɛ waka abususɛm atia honhom kronkron no. Obi yɛ bɔne a ɛte saa a, wɔremfa nkyɛ no da.—Marko 3:29.

Nea Enti a Yehowa Kronkronyɛ Twe Yɛn Bɛn No

15. Yehowa kronkronyɛ nti, sɛ yesuro no a, adɛn nti na ɛfata, na dɛn na saa osuro no kyerɛ?

15 Wei ma yehu nea enti a Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ nnipa suro Onyankopɔn no, efisɛ ɔyɛ kronkron. Ɛho nhwɛso ne asɛm a ɛwɔ Dwom 99:3 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Ma wonyi wo din kɛse no ayɛ, efisɛ ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ kronkron.” Asɛmfua nwanwa no, etumi kyerɛ osuro. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebenya obu kɛse ama Onyankopɔn ne ne din. Ɛyɛ ne kwan so sɛ yebenya obu a ɛte saa ama Onyankopɔn, efisɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kronkron no na yɛhwɛ yɛn ho a, yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu. Ɔyɛ kronkron a efĩ ketekete sɛɛ koraa nni ne ho, na anuonyam adware no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wei ma yɛtwe yɛn ho fi ne ho. Mmom no, sɛ yɛte Onyankopɔn kronkronyɛ no ase yiye a, ɛtwe yɛn bɛn no. Adɛn nti na yɛreka saa?

16. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ade biara a ɛyɛ kronkron no wɔ anuonyam, anaa ɛyɛ fɛ? Ma ɛho nhwɛso. (b) Sɛnea wɔaka Yehowa ho asɛm wɔ anisoadehu mu no, sɛn na esi so dua sɛ ne ho tew, efĩ biara nni ne ho, na ɔhyerɛn?

16 Bible ma yehu sɛ ade a ɛyɛ kronkron biara yɛ fɛ. Yɛhwɛ Yesaia 63:15 a, ɛka sɛ ɔsoro yɛ Onyankopɔn “tenabea kronkron a ɛwɔ anuonyam [anaa, ‘ɛyɛ fɛ,’ ase hɔ asɛm].” Ade a ɛwɔ anuonyam na ɛyɛ fɛ nso de, ɛyɛ a yɛn ani gye ho. Wo de, hwɛ mfoni a ɛwɔ kratafa 33 no. Ɛnyɛ wo fɛ? Dɛn na ɛma ɛyɛ wo fɛ paa? Wo de, hwɛ sɛnea nsu no ani tew. Wutumi hu sɛ mframa a ɛwɔ hɔ mpo efĩ biara nnim. Afei hwɛ sɛnea ewim ayɛ bruu, ne sɛnea ɛhɔ hyerɛn no. Wo de, fa no sɛ saa mfoni yi ara, nsu a ɛwɔ hɔ no, yɛato bɔɔla agu mu, nnua ne abotan a ɛwɔ hɔ nso, nkurɔfo de nkrataa atetare ho basabasa, na wusiw nso ayɛ hɔ kumɔnn. Anka ɛhɔ bɛyɛ yɛn fɛ anaa? Daabi, anka ɛhɔ bɛyɛ yɛn tan mpo. Biribiara a ɛyɛ fɛ, anaa ɛwɔ anuonyam no, ɛho tew, efĩ nni ho, na ɛhyerɛn. Saa ara na Yehowa kronkronyɛ nso te. Enti yɛhwɛ sɛnea wɔaka Yehowa ho asɛm wɔ anisoadehu mu no a, ɛnyɛ nwanwa sɛ ɛyɛ yɛn fɛ na yɛn ani gye ho saa! Yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no, n’anuonyam yɛ fɛ. Ɛhyerɛn te sɛ kanea, ɛte gya te sɛ aboɔden abo, ɛhyerɛn sɛ gya, na ɛte sɛ sika kɔkɔɔ anaa dɛnkyɛmmo a yɛatwiw ho ama ɛretwa yerɛwyerɛw.—Hesekiel 1:25-28; Adiyisɛm 4:2, 3.

Sɛnea yɛn ani gye nneɛma a ɛyɛ fɛ ho no, saa na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ade kronkron nso ho

17, 18. (a) Anisoadehu a Yesaia nyae no, mfiase no ɛkaa no sɛn? (b) Sɛn na Yehowa maa serafim bi kɔkyekyee Yesaia werɛ, na nea serafim no yɛe no, na ɛkyerɛ sɛn?

17 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kronkron, na yɛde toto yɛn ho a, ɛsɛ sɛ ɛno ma yenya adwene sɛ yɛnsɛ hwee anaa? Aane. Yehowa de, yɛyɛ dɛn de yɛn ho toto no? Ɛnyɛ yɛn afɛ koraa no no. Ɛsɛ sɛ wei ma yɛtwe yɛn ho fi ne ho anaa? Bere a Yesaia tee sɛ serafim no reka Yehowa kronkronyɛ ho asɛm no, wo de, tie nea ɔkae. “Ɛnna mekae sɛ: ‘Minnue! Mawu awie, efisɛ meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete nkurɔfo a wɔn ano ho ntew mu, ɛnna mede m’ani ahu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!’” (Yesaia 6:5) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa kronkronyɛ a enni ano no maa Yesaia kaee sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo, na ɔtɔ sin paa. Mfiase no, asɛm no bubuu ɔbarima nokwafo no. Nanso, Yehowa hyɛɛ no den.

18 Ntɛm ara na ɔbɔfo bi a ɔka serafim no ho bɛkyekyee odiyifo no werɛ. Dɛn na ɔbɔfo no yɛe de kyekyee ne werɛ? Ɔbɔfo a ɔwɔ tumi no tu kɔɔ afɔremuka no ho kɔfaa ogyasramma, na ɔde kɔkaa Yesaia ano. Wohwɛ nea ɔbɔfo no yɛe no a, ɛbɛyɛ wo sɛ wankyekye Yesaia werɛ, na mmom opiraa no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ na wei yɛ anisoadehu. Enti nea ɛkɔɔ so no nyɛ asɛm paa, mmom ɛkyerɛ biribi foforo koraa. Ná Yesaia yɛ Yudani, enti na onim paa sɛ wɔbɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ da biara de pata bɔne. Enti nea serafim no yɛe no, na ɔde rekae odiyifo Yesaia sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔtɔ sin, na ‘n’ano ho ntew’ de, nso ne ho betumi atew wɔ Onyankopɔn anim. a Ɛwom sɛ na bɔne ne sintɔ wɔ Yesaia ho de, nanso na Yehowa pɛ sɛ obu no sɛ ɔyɛ onipa kronkron. Nanso na ne kronkronyɛ no rento Yehowa de.—Yesaia 6:6, 7.

19. Ɛwom sɛ bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho de, nanso adɛn nti na yebetumi ayɛ kronkron?

19 Ɛnnɛ nso Yehowa betumi abu yɛn nnipa kronkron. Wo de hwɛ, afɔre a na wɔbɔ wɔ Yerusalem afɔremuka no so nyinaa, na egyina hɔ ma biribi kɛse a ɛbɛba daakye. Ɛno ne afɔre baako pɛ a ewie pɛyɛ anaa edi mu a Yesu Kristo bɔɔ no afe 33 Y.B. mu no. (Hebrifo 9:11-14) Enti sɛ yenu yɛn ho paa wɔ yɛn bɔne ho, na yɛtwe yɛn ho fi ɔkwammɔne a yɛnam so ho, na yenya Yesu afɔre no mu gyidi a, wɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (1 Yohane 2:2) Ɛba saa a, yɛn nso, Onyankopɔn bebu yɛn sɛ yɛn ho tew. Enti ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.’” (1 Petro 1:16) Hyɛ no nsow sɛ Yehowa anka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron te sɛ ɔno. Yehowa renka sɛ yɛnyɛ biribi a ɛboro yɛn so da. (Dwom 103:13, 14) Mmom, nea enti a Yehowa ka sɛ yɛnyɛ kronkron ne sɛ, ɔno yɛ kronkron. ‘Yɛyɛ ne mma a ɔdɔ yɛn,’ enti yɛn bɔne ne yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yɛpɛ sɛ yesuasua no kodu baabi a yebetumi. (Efesofo 5:1) Enti sɛ yebetumi ayɛ kronkron a, ɛnyɛ da koro asɛm, na mmom ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa. Enti sɛ yɛyere yɛn ho ma yɛne Onyankopɔn ntam yɛ papa a, ade rekye a, ade resa nyinaa, na yɛn “ahotew” anaa yɛn kronkronyɛ ‘redi mu.’—2 Korintofo 7:1.

20. (a) Sɛ yehu sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no betumi abu yɛn nnipa kronkron a, mfaso bɛn na yebenya? (b) Bere a Yesaia hui sɛ wɔde ne bɔne akyɛ no no, ɛboaa no sɛn?

20 Yehowa pɛ adetrenee ne ade kronkron. Okyi bɔne. (Habakuk 1:13) Nanso ɔntan yɛn. Sɛ yekyi bɔne te sɛ Yehowa, na yɛdɔ papa, na yɛyere yɛn ho di Kristo Yesu anammɔn akyi a, Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (Amos 5:15; 1 Petro 2:21) Sɛ yehu sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no betumi abu yɛn nnipa kronkron a, ebetumi ama yɛn koma atɔ yɛn yam paa. Kae sɛ, mfiase no, Yehowa kronkronyɛ no maa Yesaia kaee sɛ ɔyɛ onipa a ne ho ntew. Ɔteɛɛm sɛ: “Minnue!” Nanso bere a ohui sɛ wɔde ne bɔne akyɛ no no, n’ani gyei. Bere a Yehowa kaa sɛ ɔrepɛ obi asoma no ama wakɔyɛ adwuma bi no, na Yesaia nnim adwuma koro, nanso ntɛm ara na ogyee so sɛ ɔbɛkɔ. Ɔkaa sɛ: “Mini! Soma me!”—Yesaia 6:5-8.

21. Dɛn na yebetumi agyina so anya ahotoso sɛ yebetumi ayɛ kronkron?

21 Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, na ɔde suban pa duaa yɛn mu, na yetumi sua ne ho ade te ase. (Genesis 1:26) Yɛn nyinaa, obiara betumi ayɛ nipa kronkron. Sɛ da biara yɛreyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ kronkron a, Yehowa ani begye, na ɔbɛboa yɛn. Bere a yegu so reyɛ saa no nyinaa na yɛrebɛn yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no paa. Afei nso, sɛ yɛresua Yehowa suban ho ade wɔ nhoma yi ti a edidi so no mu a, yebehu nneɛma pii a ɛbɛma yɛabɛn no!

a Asɛm a ɛne ‘ano a ɛho ntew’ no, ɛfata efisɛ Bible ka “ano” a, ɛtaa kyerɛ kasa. Bɔne a nnipa a yɛtɔ sin nyinaa yɛ no, ne kɛse no ara fi yɛn anom kasa.—Mmebusɛm 10:19; Yakobo 3:2, 6.