Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 1

‘Ne Tumi Yɛ Hu’

‘Ne Tumi Yɛ Hu’

Saa ɔfã yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible mu nsɛm bi a edi adanse sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade, tumi a ɔde sɛe ade, tumi a ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban, ne tumi a ɔde siesie nneɛma a asɛe. Sɛ yehu sɛnea Yehowa Nyankopɔn a ‘ne tumi yɛ hu’ no de “n’ahoɔden pii” no yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya akokoduru ne anidaso.—Yesaia 40:26.

IN THIS SECTION

TI 4

“Yehowa . . . Tumi Sõ”

Onyankopɔn tumi nti, ɛsɛ sɛ yesuro no anaa? Yebetumi aka sɛ aane, na yebetumi nso aka sɛ daabi.

TI 5

Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’

Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, efi awia so besi aserewa a ɔyɛ ketewa paa so no, ne nyinaa betumi ama yɛasua ne ho ade bi a ehia.

TI 6

Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”

Ɛdɛn na ɛma “asomdwoe Nyankopɔn no” di ako?

TI 7

Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ akwan mmienu so, nanso baako ho hia koraa kyɛn baako.

TI 8

Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’

Yehowa ama nokware som so dedaw. Ɛdɛn na ɔbɛyɛ no foforo daakye?

TI 9

“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”

Ɛdɛn na Yesu Kristo anwanwade ne ne nkyerɛkyerɛ ma yehu fa Yehowa ho?

TI 10

‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No

Wowɔ tumi bebree koraa a wunnim. Wobɛyɛ dɛn de saa tumi no ayɛ adwuma yiye?