Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 5

Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’

Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’

1, 2. Sɛn na awia ma yehu Yehowa tumi a ɔde bɔ ade?

 WOAGYINA gya ho anadwo pɛn bere a awɔw wom? Ebia wode wo nsa kɔɔ gya no ho sɛnea ɛfata na ama wo ho ayɛ wo hyew. Sɛ wokɔɔ gya no ho pii a, anka ɛbɛhyehye wo. Sɛ wokɔɔ akyiri pii nso a, anka mframa nwininwini a ɛrebɔ anadwo no nti, awɔw bɛde wo.

2 Awia te sɛ ogya bi a ɛma yɛn ho yɛ yɛn hyew. Awia wɔ akyirikyiri paa. Efi asaase yi so rekɔ baabi a awia no wɔ no, ɛbɛyɛ kilomita ɔpepem 150 (akwansin ɔpepem 93)! a Sɛ yɛhwɛ baabi a awia no wɔ a yetumi te ne hyew saa no a, ɛkyerɛ sɛ tumi wom paa! Ne nyinaa mu no, ɔkwan a ɛda awia ne asaase ntam no fata paa. Sɛ asaase bɛn awia pii a, anka asaase so nsu nyinaa bɛwe; sɛ ɛkɔɔ akyiri pii nso a, anka asaase so nsu nyinaa bɛdan ice blɔg. Sɛ asaase bɛn awia no pii anaa ɛkɔɔ akyiri pii a, anka yɛrentumi ntena so. Awia boa ma yetumi tena asaase so; ɛma yenya ahoɔden. Nanso, empuw wusiw biara. Awia hyerɛn a ɛyɛ fɛ, na ɛma yɛn ani gye.—Ɔsɛnkafo 11:7.

3. Ɛdɛn na awia ma yehu?

3 Ɛwom sɛ nnipa nkwa gyina awia so de, nanso nnipa dodow no ara mmu awia ade titiriw biara. Enti nneɛma a awia ma yetumi sua fa Yehowa ho no, wɔn de, wɔnhu. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na woyɛɛ hann ne owia.” (Dwom 74:16) Ampa, awia hyɛ Yehowa a ‘ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase’ no anuonyam. (Dwom 19:1; 146:6) Nsoromma bebree a ɛma yehu tumi kɛse a Yehowa de bɔɔ ade no, awia yɛ emu baako pɛ. Ma yɛnhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ wɔ soro ne asaase so no bi, na yɛnhwɛ sɛnea ɛma yehu ne tumi kɛse no.

Yehowa ‘na ɔyɛɛ hann ne owia’

“Momma Mo Ani So Nhwɛ Soro, Na Monhwɛ”

4, 5. Awia ahoɔden ne ne kɛse te sɛn? Nanso yɛde awia toto nsoromma a aka ho a, ɛte sɛn?

4 Sɛnea ebia wunim no, awia yɛ nsoromma. Sɛ wohwɛ awia a, wuhu sɛ ɛso sen nsoromma a yehu no anadwo no, efisɛ awia bɛn yɛn. Awia ahoɔden te sɛn? Ɔhyew a ɛwɔ awia mfinimfini no bɛyɛ digrii Celsius 15,000,000 (digrii Fahrenheit 27,000,000). Sɛ wofa awia no mfinimfini ketewaa bi te sɛ pin ti bɛto asaase yi so a, ɔhyew a ɛwom no nti, sɛ wugyina bɛyɛ kilomita 140 (akwansin 90) mpo a, wobɛhyew! Anibu biara, ahoɔden a efi awia mu ba no, ɛne nuklea bɔmb anaa topae a ɛhye aman mpempem pii ahoɔden yɛ pɛ.

5 Awia sõ papaapa. Enti wode asaase a yɛte so yi mmaako mmaako 1,300,000 hyɛ mu a, ɛbɛkɔ mu ama ebi aka. Yemmisa sɛ, nsoromma nyinaa mu no, awia na ɛyɛ kɛse paa anaa? Daabi, nsoromma ho animdefo kyerɛ sɛ, sɛ wode awia toto nsoromma bi ho a, awia yɛ nkyene a, na ayera mu. Ɔsomafo Paul kyerɛw sɛ “nsoromma mpo, emu biara ne n’anuonyam.” (1 Korintofo 15:41) Ɛnyɛ honhom kronkron na ɛboaa Paul a, anka ɔrentumi nhu saa asɛm yi nkyerɛw. Nsoromma bi wɔ hɔ a ɛsõ paa. Sɛnea ne kɛse te no, sɛ ɛno na ɛwɔ baabi a awia no wɔ a, anka yɛn asaase yi bɛkɔ akɔhyɛ mu. Nsoromma kɛse foforo bi wɔ hɔ. Sɛ ɛno nso wɔ baabi a awia wɔ a, sɛnea ne kɛse te nti, anka ɛbɛka okyinnsoromma anaa planɛt bi a yɛfrɛ no Saturn. Nso Saturn wɔ akyirikyiri paa; ɛmmɛn asaase koraa. Wimhyɛn bi fi asaase so kɔɔ baabi a Saturn wɔ no, na edii mfe nnan ansa na ɛretumi adu hɔ. Sɛ yɛtow tuo a, mmirika a etuo aboba de fi etuo mu no, wimhyɛn no mmirika boro tuo aboba mmirika no so mpɛn 40!

6. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ nnipa rentumi nkan nsoromma dodow a ɛwɔ amansan yi mu?

6 Sɛnea nsoromma sõsõ no, ɛyɛ nwanwa paa. Nanso sɛ yɛreka ne dodow a, ɛno mpo de, ɛboro adwene ne ntease so. Nokwarem no, Bible ka sɛ, sɛnea yɛrentumi nkan “mpoano anwea” no, saa ara nso na yɛrentumi nkan nsoromma dodow. (Yeremia 33:22) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ nsoromma a ɛwɔ hɔ dɔɔso koraa sen nea yebetumi de yɛn ani ahu. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, fa no sɛ obi te sɛ Yeremia yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwɛ wim anadwo akan nsoromma a ɛwɔ hɔ. Ebia anka mpem mmiɛnsa pɛ na obetumi akan, efisɛ anadwo a ewim atew mpo no, nsoromma bɛyɛ mpem mmiɛnsa na nnipa ani betumi ahu. Sɛ wosaw anwea wo nsa ma baako pɛ mpo, na wuyiyi anwea no mmaako mmaako kan a, ɛno nso dodow bɛyɛ mpem mmiɛnsa saa ara. Nanso, nea ɛwom paa ne sɛ, nsoromma a ɛwɔ wim no, ɛdɔɔso koraa sen nea yɛde yɛn ani hu; ɛte sɛ mpoano anwea. b Hena na obetumi akan biribi a ɛdɔɔso saa?

“Ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn”

7. Nsoromma dodow a ɛwɔ yɛn Milky Way nsorommakuw no mu no, wobɛka ho asɛm sɛn? Nsorommakuw dodow a ɛwɔ amansan yi mu no, wobɛka ho asɛm sɛn?

7 Yesaia 40:26 ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hena na ɔbɔɔ weinom nyinaa? Ɔno ne Nea odi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafo; ɔkan wɔn nyinaa, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” Dwom 147:4 ka sɛ: “Onim nsoromma dodow.” “Nsoromma dodow” sɛn na ɛwɔ hɔ? Wei nyɛ asɛmmisa a ɛyɛ mmerɛw. Nsoromma ho animdefo abu akontaa sɛ, nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 na ɛwɔ yɛn Milky Way nsorommakuw no nko ara mu. c Ebinom ka sɛ ne dodow boro saa mpo. Nanso, nsorommakuw bebree na ɛwɔ hɔ, na Milky Way no yɛ emu baako pɛ. Nsorommakuw pii wɔ hɔ a emu nsoromma dɔɔso kyɛn Milky Way de no koraa. Nsorommakuw dodow sɛn na ɛwɔ hɔ? Nkurɔfo a wɔsua nsoromma ho ade ka sɛ, nsorommakuw dodow a ɛwɔ hɔ bɛyɛ ɔpepepee anaa ɔpepepeepee mpo. Sɛ yɛhwɛ nea wɔreka yi a, ɛte sɛ nea nnipa nnim nsorommakuw dodow a ɛwɔ hɔ mpo, na kampɛsɛ wɔatumi ahu nsoromma pepeankoma a ɛwɔ nsorommakuw no nyinaa mu. Nanso Yehowa de, onim ne dodow. Afei nso, ɔno na ɔto nsoromma biara din!

8. (a) Sɛnea Milky Way nsorommakuw no kɛse te no, wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛn? (b) Planɛt ne nsorommakuw no, ebiara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ. Adɛn nti na ɛte saa?

8 Sɛ yɛhwɛ sɛnea nsorommakuw no akɛse te a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn paa. Anibu biara, hann tumi twa kilomita 300,000 (akwansin 186,000). Enti sɛ hann de mmirika a ɛte saa fi Milky Way nsorommakuw no ti kɔ ti a, ebegye mfe 100,000. Yɛreka yi nso, nsorommakuw bi sõsõ sen Milky Way nsorommakuw no bam. Bible ka sɛ Yehowa trɛw “ɔsoro” mu te sɛ ntoma. (Dwom 104:2) Ɔno na ɔkyerɛ planɛt ne nsorommakuw no nyinaa kwan. Biribiara a ɛwɔ soro ne asaase so, efi mfuturu so kosi nsorommakuw a ɛsõ paa so no, biribiara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ, efisɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ no saa. (Hiob 38:31-33) Enti nsoromma ho animdefo bi kyerɛ sɛ, sɛnea planɛt ne nsorommakuw biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ no, ɛte sɛ asaw a ɛyɛ fɛ paa! Enti wo de, dwen Onii a ɔbɔɔ weinom nyinaa no ho hwɛ. Wohwɛ tumi kɛse a Onyankopɔn de bɔɔ saa nneɛma yi nyinaa a, ɛmma ne ho nyɛ wo nwanwa anaa?

“Ɔno Na Ɔde Ne Tumi Yɛɛ Asaase”

9, 10. Yɛhwɛ baabi a Yehowa de asaase ato wɔ amansan yi mu a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne tumi ho?

9 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa bɔɔ asaase yi a, biribiara kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ ade. Baabi a ɔde asaase yi ato wɔ amansan kɛse yi mu no, ɛfata paa. Nsoromma ho animdefo binom gye di sɛ nsorommakuw pii wɔ hɔ a, ɛnte sɛ yɛn asaase yi, enti yɛrentumi ntena hɔ. Ɛda adi sɛ yɛn Milky Way nsorommakuw no nso, ɛfã kɛse no ara de, wɔanyɛ sɛ nkwa ntena so. Yɛn Milky Way nsorommakuw no mfinimfini no, nsoromma sam hɔ pii, enti ɛreyɛ ara ni na nsoromma no bi rekɔpem foforo. Hann a ɛwɔ hɔ nso tumi di awu. Milky Way nsorommakuw no anoano no, nneɛma a ɛma yetumi tena nkwa mu no, bebree nni hɔ. Wei nyinaa mu no, baabi a Yehowa de asaase a yɛte so yi ato no, ɛfata paa.

10 Planɛt a yɛfrɛ no Jupiter no sõ paa, ɛwɔ akyirikyiri, nanso ɛbɔ yɛn asaase yi ho ban. Sɛ yɛka yɛn asaase yi mmaako mmaako bɛboro apem bom a, ɛnna ne kɛse bɛyɛ sɛ Jupiter. Esiane Jupiter kɛse nti, ɛtwetwe nneɛma akɛse a ɛnenam wim no bebree. Animdefo ka sɛ, sɛ ɛnyɛ Jupiter a, anka nneɛma a ɛbɛba abɛhwehwe asaase so no, ɛbɛkyɛn nea ɛhwehwe so nnɛ no mmɔho 10,000. Bosome no bɛn yɛn asaase yi paa, na ɛno nso boa yɛn. Bosome yɛ fɛ, na ɛma ewim hyerɛn anadwo. Yɛn asaase yi akyea kakra, na bosome no na ɛma etumi gyina. Sɛnea asaase no akyea kakra no, ɛno na ɛma yenya ɔpɛbere ne nsutɔbere. Weinom nyinaa ma asaase so tena yɛ dɛ.

11. Ewim a ɛhata hɔ yi, sɛn na ɛbɔ asaase ho ban?

11 Biribiara a Yehowa abɔ wɔ asaase so no ma yehu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ ade. Wo de, hwɛ ewim a ɛhata hɔ yi. Ɛbɔ yɛn ho ban. Hann a efi awia no mu ba no, ebi ma yenya apɔwmuden, ebi nso betumi adi yɛn awu. Sɛ hann a etumi di awu no fi awia no mu reba asaase so na ebedu wim a, ɛma mframa pa a yɛhome no dan mframa bi a yɛfrɛ no ozone. Saa ozone no boaboa ano, enti sɛ hann a edi awu no reba asaase so a, na ozone no agye. Enti yɛbɛka a, Onyankopɔn ayɛ kyiniiɛ bi ama asaase no a ɛbɔ ho ban!

12. Sɛ yɛhwɛ sɛnea nsu di akɔneaba no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no ho?

12 Ewim a ɛhata hɔ yi ma yenya mframa a yehia wɔ asaase so. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan yɛ nneɛma foforo pii ma yetumi tena asaase so. Ade baako a ɛyɛ nwanwa a ɛno nso kɔ so wɔ wim ne nsu a edi akɔneaba no. Afe biara, ɛpo mu nsu a awia no ma ɛdan tutuw kɔ soro no, sɛ ɛtaa faako a, anka asaase a ebegye no, ne tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne sɛnea emu dɔ no, ebiara bɛboro kilomita 400,000 (akwansin 100,000). Sɛ nsu a adan tutuw no kɔ wim a, ɛdan mununkum, na mframa de mununkum no di akɔneaba wɔ wim. Afei, nsu a ɛso asɔne ama emu atew no, ɛsan tɔ begu asaase so. Ebi yɛ sukyerɛmma, ebi yɛ asukɔtweaa, na ɛma yenya nsu. Nea ɛkɔ so no, ɛte sɛ nea Ɔsɛnkafo 1:7 ka no pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Nsubɔnten nyinaa tene kogu po mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba bio.” Yehowa nko ara na obetumi ama nsu adi akɔneaba saa.

13. Sɛn na asaase ne ɛso afifide ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ tumi?

13 Baabi a yehu nneɛma a nkwa wom biara no, yehu Ɔbɔadeɛ no tumi. Wo de hwɛ, yɛwɔ nnua akɛse a ne tenten boro aborosan a ɛtoa so 30 ne afifide nketenkete a ɛsam ɛpo ase. Mframa pa a yɛhome no, saa nnua ne afifide nketenkete no na ɛma yenya dodow no ara. Wei nyinaa ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade ampa. Afei nso, nsonsono ne mmoawammoawa ne nneɛma bi wɔ asaase mu a ɛboa ma nnua nyin kama. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ asaase anaa dɔte wɔ ahoɔden a ɛde bɔ aduan.—Genesis 4:12, ase hɔ asɛm.

14. Ahoɔden a ɛwɔ atɔm ketekete mu no, ɛte sɛn?

14 Yebetumi aka paa sɛ, Yehowa na “ɔde ne tumi yɛɛ asaase.” (Yeremia 10:12) Nneɛma nketenkete paa mpo ma yehu Onyankopɔn tumi. Sɛ yɛhwɛ atɔm sei a, yɛkeka ɔpepem baako bom a, ne kɛse nnu onipa ti nwi baako mpo. Nanso nneɛma nketenkete a ɛwɔ atɔm mu no, ahoɔden wom paa. Enti yetumi de yɛ bɔmb.

“Nea Ɛhome Nyinaa”

15. Bere a Yehowa kaa mmoa akɛse ho asɛm no, na dɛn na ɔrekyerɛ Hiob?

15 Mmoa pii a yehu wɔn wɔ asaase so no, ɛno nso yɛ ade foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade. Dwom 148 ma yehu nneɛma pii a eyi Yehowa ayɛ, na nkyekyɛm 10 no ka sɛ “wuram mmoa ne afieboa nyinaa” nso ka ho. Bere bi, Yehowa kaa gyata, wuram afurum, ɛkoɔ, Behemot (anaa susono), ne Lewiatan (ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ dɛnkyɛm) ho asɛm kyerɛɛ Hiob. Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔpɛ sɛ nnipa hu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔsuro Ɔbɔadeɛ no. Ɛdɛn na na Yehowa pɛ sɛ Hiob hu? Sɛ onipa suro mmoa akɛse a wɔn ho yɛ hu a wɔntumi nnwudwo wɔn yi a, ɛnde sɛn na ɛsɛ sɛ ɔte nka wɔ onii a ɔbɔɔ saa mmoa no ho?—Hiob, ti 38-41.

16. Wohwɛ nnomaa a Yehowa abɔ no bi a, ɛdɛn na ɛyɛ wo nwanwa paa wɔ wɔn ho?

16 Dwom 148:10 nso ka “ntakraboa” ho asɛm. Wo de, hwɛ ntakraboa ahorow ahorow bebree a ɛwɔ wiase! Yehowa kaa sohori ho asɛm kyerɛɛ Hiob. Ɔkaa sɛ “ɔserew ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so.” Sohori yɛ anomaa a ontu; ne tenten yɛ mita 2.5 (anammɔn nwɔtwe). Nanso otumi tu mmirika kilomita 65 (akwansin 40) dɔnhwerew biara, na sɛ ɔtwe ne nan mu baako biara a, otumi twa mita 4.5 (anammɔn 15)! (Hiob 39:13, 18) Yɛnhwɛ anomaa bi nso a yɛfrɛ no albatross. Daa wobɛhwɛ no, na watu nam ɛpo so. Saa anomaa yi tu fãã, kyerɛ sɛ, ɔmmɔ ne ntaban mu, na sɛ ɔtrɛw n’ataban mu a, ne tenten bɛyɛ mita 3 (bɛyɛ anammɔn 11). Otumi kyinkyin wim nnɔnhwerew pii a ɔmmɔ ne ntaban mu. Fa no toto aserewa ho hwɛ. Aserewa ne anomaa a osua koraa wɔ wiase; ne tenten yɛ sɛntimita 5 pɛ. Anibu baako biara otumi bɔ ne ntaban mu mpɛn 80! Saa anomaa fɛfɛɛfɛ yi, otu a otumi gyina faako wɔ wim te sɛ helikopta, na otu a, otumi de n’akyi kɔ mpo.

17. Bonsu, ne kɛse te sɛn? Sɛ yɛhwɛ mmoa a Yehowa abɔ a, ɛka yɛn sɛn?

17 Dwom 148:7 ka sɛ ‘mmoa a ɛwɔ po mu’ mpo yi Yehowa ayɛ. Wo de, yɛnhwɛ bonsu. Nkurɔfo kyerɛ sɛ ɔno ne aboa a ɔsõ paa wɔ wiase. Aboa kɛse yi te “subun mu,” na ne tenten bɛyɛ mita 30 (anammɔn 100), anaa nea ɛboro saa. Ne mu duru bɛyɛ sɛ asono akɛse 30. Ne tɛkrɛma nko ara mu duru te sɛ ɔsono. Ne koma te sɛ kar ketewa. Simma baako biara, bonsu koma bɔ mpɛn 9 pɛ. Nanso, sɛ yɛhwɛ aserewa a, simma baako biara, ne koma bɔ bɛyɛ mpɛn 1,200. Bonsu ntini a mogya fa mu no, baako so paa; akwadaa betumi awea wom mpo. Momma yɛnka, nneɛma a Yehowa abɔ no, ɛka yɛn koma ma yɛka asɛm a wɔde wiee Nnwom nhoma no bi. Ɛka sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.”—Dwom 150:6.

Yehowa Tumi a Ɔde Bɔ Ade No, Ɛdɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?

18, 19. Nneɛma a nkwa wom a Yehowa abɔ no, ne dodow te sɛn? Ɛdɛn na nneɛma a wabɔ no ma yehu fa ne tumi ho?

18 Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu? Yɛhwɛ nneɛma ahorow ahorow bebree a Yehowa abɔ a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Odwontofo bi kaa sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso! . . . Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.” (Dwom 104:24) Saa asɛm yi yɛ nokware turodoo! Abɔde mu nyansapɛfo ahu sɛ abɔde a nkwa wom ahorow ahorow bɛboro ɔpepem baako na ɛwɔ wiase, nanso ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛboro saa koraa. Ɛtɔ da a obi a ɔyɛ mfoni hu sɛ n’apɔ asa; ɔtwe a ɛmma. Nanso, Yehowa de, ne nimdeɛ ne ne nyansa a ɔde yɛ nneɛma ahorow ahorow no, ɛnsa da; obetumi ayɛ biribi foforo da biara.

19 Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no ma yehu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi yɛn so. Yehowa nko ara na yebetumi afrɛ no “Ɔbɔadeɛ,” efisɛ ɔno na ɔbɔɔ biribiara. Yehowa Ba a ɔwoo no koro no, bere a wɔrebɔ ade no, na ɔyɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” Nanso ɔno mpo, Bible nkaa wɔ baabiara da sɛ ɔno nso yɛ Ɔbɔadeɛ. (Mmebusɛm 8:30; Mateo 19:4) Mmom, Bible ka sɛ ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Ɛnam sɛ Yehowa na ɔbɔɔ biribiara nti, ɔno nko ara na ɔfata sɛ odi biribiara so.—Romafo 1:20; Adiyisɛm 4:11.

20. Sɛ Bible ka sɛ bere a Yehowa bɔɔ asaase so nneɛma wiei no, ɔhomee a, ɛkyerɛ sɛn?

20 Tumi a Yehowa wɔ no, ɔmfa mmɔ ade bio anaa? Bible ka sɛ ɛda a ɛtɔ so nsia a Yehowa bɔɔ nneɛma nyinaa wiei no, “da a ɛto so ason no, ofii ase home fii ne nnwuma a ɔreyɛ nyinaa ho.” (Genesis 2:2) Ɔsomafo Paul kyerɛe sɛ saa “da” a ɛtɔ so nson yi tenten yɛ mfe mpempem pii, efisɛ bere a ɛda no hyɛɛ ase no, edii mfe mpempem pii ansa na wɔrewo Paul, nanso ne bere so mpo, na ɛda a ɛtɔ so nson no mmaa awiei. (Hebrifo 4:3-6) Sɛ Bible ka sɛ Yehowa ‘homee’ a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa gyaee adwuma yɛ anaa? Daabi, wannyae. (Dwom 92:4; Yohane 5:17) Home a ɔhomee no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, wammɔ nneɛma wɔ asaase so bio. Nanso, adwuma a ɔreyɛ ama n’atirimpɔw aba mu no de, ogu so; onnyaee. Adwuma a watoa so ayɛ no, ebi ne Kyerɛw Kronkron no a ɔde ne honhom kyerɛɛ nkurɔfo kwan ma wɔkyerɛwee no. Ade foforo a wayɛ nso ne nea Bible frɛ no “abɔde foforo” no. Yebesusuw ɛno ho wɔ nhoma yi Ti 19.—2 Korintofo 5:17.

21. Nnipa anokwafo a wɔbɛtena ase daa no, sɛn na Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no bɛboa wɔn?

21 Sɛ ɛda a Yehowa de rehome no ba awiei a, obetumi aka sɛ ne nnwuma a wayɛ wɔ asaase so no nyinaa ‘ye paa,’ sɛnea ɔkaa wɔ adebɔ da a ɛtɔ so nsia no awiei no. (Genesis 1:31) Sɛ ɛda a Yehowa de rehome no ba awiei a, ne tumi a enni ano a ɔde bɔ ade no, sɛ ɔde bɛbɔ ade bio oo, sɛ ɔremfa mmɔ bio oo, ɛno de, yennim. Nea yenim ne sɛ, nea ɔde saa tumi no bɛyɛ biara no, yɛn ani begye ho paa. Esiane sɛ yɛbɛtena ase daa nti, yɛnam nneɛma a Yehowa abɔ so besua ne ho ade pii. (Ɔsɛnkafo 3:11) Bere a yegu so resua yɛn Bɔfo Kɛse no ho ade no, na obu ne nidi a yɛwɔ ma no no reyɛ kɛse. Wei bɛma yɛabɛn no yiye.

a Nea ɛbɛma woahu kwantenten a ɛda awia ne asaase ntam no, hwɛ mfatoho yi: Sɛ wode kar retwa saa kwan no, na sɛ da biara wode nnɔnhwerew 24 twa kwan no bi, na dɔnhwerew biara wutwa kilomita 160 (akwansin 100) mpo a, wode bɛboro mfe ɔha na ebetwa awie!

b Ebinom kyerɛ sɛ, bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo a na wɔte ase saa bere no de afiri bi a yɛfrɛ no telescope hwɛɛ wim, anyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahu sɛ nsoromma dɔɔso saa? Nanso, wɔn asɛm no nni nnyinaso biara, efisɛ wɔka saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa a ɔma wɔkyerɛw Bible no, wɔn werɛ afi sɛ ɔno na ɔma wɔkyerɛw saa asɛm no.—2 Timoteo 3:16.

c Wo de, hwɛ bere a ebegye na wode akan nsoromma ɔpepepem 100 pɛ. Sɛ wutumi de anibu baako kan nsoromma baako, na woyɛ saa nnɔnhwerew 24 da biara a, ebegye wo mfe 3,171!